ADESUA ASƐM 29
DWOM 87 Bra! Benya Ahotɔ
Sɛ Wopɛ Sɛ Wutu Afoforo Fo a, Wobɛyɛ No Sɛn?
“M’ani bɛba wo so, na matu wo fo.”—DW. 32:8.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Sɛnea yebetu afoforo fo ma akɔ yiye.
1. Hena na ɛsɛ sɛ otu afoforo fo, na adɛn ntia?
W’ANI gye ho sɛ wubetu afoforo fo anaa? Ebinom ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ saa. Ebinom nso de, ɛyɛ a wɔsuro anaa ɛyɛ den ma wɔn. Sɛ yɛpɛ oo, sɛ yɛmpɛ oo, ɛwom ara a, ebehia sɛ yɛn mu biara tu afoforo fo. Adɛn ntia? Efisɛ, Yesu kaa sɛ ɔdɔ a yebeyi no adi akyerɛ yɛn ho yɛn ho no, ɛno na ɛbɛma nkurɔfo ahu sɛ yɛyɛ n’akyidifo anokwafo. (Yoh. 13:35) Ade baako a yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom ne sɛ, wɔhia afotu a yɛde bɛma wɔn. Bible ka sɛ “adamfo a otu fo a ɔmfa biribiara nsie no ma adamfofa yɛ dɛ.”—Mmeb. 27:9.
2. Dɛn na ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo tumi yɛ, na adɛn ntia? (Adaka a yɛato din “Afotu a Wɔde Ma Wɔ Nnawɔtwe Mfinimfini Adesua Ase” no, hwɛ ɛno nso.)
2 Asafo mu mpanyimfo paa na ɛsɛ sɛ wɔtumi de afotu pa ma afoforo. Yehowa nam Yesu so apaw saa mmarima yi sɛ wɔnhwɛ asafo no so. (1 Pet. 5:2, 3) Ɔkwan baako a wɔfa so yɛ saa ne sɛ, wɔde Bible mu afotu ma asafo no bere a wɔrema ɔkasa. Afei nso, wɔde afotu ma ankorankoro ne wɔn a wɔatwe wɔn ho afi asafo no ho no. Mpanyimfo ne yɛn a yɛaka nyinaa, yɛbɛyɛ dɛn de afotu pa ama afoforo?
3. (a) Yɛbɛyɛ dɛn asua sɛnea yɛde afotu pa bɛma afoforo? (Yesaia 9:6; adaka a yɛato din “Sɛ Woretu Afoforo Fo a, Suasua Yesu” no, hwɛ ɛno nso.) (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?
3 Sɛnea Bible mu nnipa ahorow bi de afotu mae no, sɛ yesuasua a, ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea yɛde afotu pa bɛma afoforo. Wei mu no, Yesu paa na ɛsɛ sɛ yesuasua no. N’abodin no baako ne “Ɔfotufo Nwonwafo.” (Kenkan Yesaia 9:6.) Adesua yi mu no, sɛ obi rebɛhwehwɛ afotu afi yɛn hɔ a, yɛbɛhwɛ nea yebetumi ayɛ. Afei nso, sɛ yɛn ara yehu sɛ obi hia afotu, nso ɔno ara ntuu anammɔn mmaa yɛn nkyɛn a, ɛno nso, yɛbɛhwɛ nea yebetumi ayɛ. Ɛno akyi no, yɛbɛhwɛ nea enti a ɛho hia sɛ yɛpɛ bere pa a yɛde betu fo, ne ɔkwan pa a yɛbɛfa so ayɛ saa.
BERE A OBI REBƐHWEHWƐ AFOTU AFI YƐN HƆ
4-5. Sɛ obi rebɛhwehwɛ afotu afi yɛn hɔ a, asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yedi kan bisa yɛn ho? Ma ho nhwɛso.
4 Sɛ obi rebɛhwehwɛ afotu afi yɛn hɔ a, anhwɛ a ɛbɛyɛ yɛn dɛ sɛ wanya yɛn mu ahotoso na waba yɛn nkyɛn. Enti ɛhɔ ara, ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ yɛmpɛ biribi nka nkyerɛ no. Nanso, ɛsɛ sɛ yedi kan bisa yɛn ho sɛ, ‘Me na mefata sɛ mede afotu a ɛte saa ma?’ Ɛtɔ da a, sɛ anka yebetu no fo no, nea yebetumi ayɛ de aboa no paa ne sɛ yɛbɛhwehwɛ obi a ɔwɔ n’asɛm no ho nimdeɛ na yɛama wakɔ ne nkyɛn.
5 Yɛbɛyɛ nhwɛso a, fa no sɛ w’adamfo bi yare paa. Ɔka kyerɛɛ wo sɛ wahwehwɛ mu ahu akwan bi a obetumi afa so anya ayaresa. Afei ɔrebisa wo sɛ, wohwɛ a, emu nea ɛwɔ he na ɛbɛboa no paa. Ebia wote nka paa sɛ, baako bi bɛboa no paa, nanso wonyɛ dɔkta anaa wunni ne yare no ho nimdeɛ. Sɛ saa a, ɛnde nea wubetumi ayɛ de aboa no paa ne sɛ wobɛboa no ma wanya dɔkta anaa obi a ɔwɔ ne yare no ho nimdeɛ.
6. Adɛn nti na ebia ɛbɛfata sɛ yɛtwentwɛn so ansa na yɛde afotu ama obi?
6 Sɛ obi bɛhwehwɛ afotu fi yɛn hɔ, na yɛte nka sɛ yɛn na yɛfata sɛ yɛde afotu no ma no mpo a, ebia yebetumi atwentwɛn so kakra ansa. Adɛn ntia? Mmebusɛm 15:28 ka sɛ “ɔtreneeni koma dwen ansa na ama mmuae.” Na sɛ ɛyɛ yɛn sɛ yenim nea yɛbɛka nso ɛ? Sɛ saa mpo a, ebia ebehia sɛ yegye bere yɛ nhwehwɛmu, yɛbɔ mpae, na yedwinnwen nea yɛbɛka ho. Yɛyɛ saa a, yebetumi anya ahotoso paa sɛ afotu a yɛde bɛma onii no ne Yehowa adwene hyia. Wo de, yɛnhwɛ odiyifo Natan.
7. Nea odiyifo Natan yɛe no, dɛn na wusua fi mu?
7 Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ odiyifo Natan sɛ ɔpɛ sɛ osi asɔrefie ma Yehowa. Ɛhɔ ara na Natan ka kyerɛɛ no sɛ onkosi. Nanso anka ɛsɛ sɛ Natan di kan bisa Yehowa. Adɛn ntia? Efisɛ ɛnyɛ Dawid na na Yehowa pɛ sɛ osi asɔrefie no. (1 Be. 17:1-4) Wei ma yehu sɛ, sɛ obi bɛhwehwɛ afotu fi yɛn hɔ a, ɛnsɛ sɛ ‘yɛpere yɛn ho kasa.’—Yak. 1:19.
8. Ade foforo bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye bere a yɛretu obi fo no?
8 Sɛ yɛretu obi fo a, ade foforo nti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye ni: Afotu a yɛde bɛma onii no, sɛ amma wansi gyinae pa na ɛkɔfa nsunsuanso bɔne bi ba a, ebia ɛho asodi no bi bɛba abɛda yɛn so. Enti, ansa na yebetu obi fo no, ɛho hia paa sɛ yedwen ho kɔ akyiri.
BERE A OBI NTUU ANAMMƆN MMAA YƐN NKYƐN SƐ ƆREBƐHWEHWƐ AFOTU
9. Ansa na mpanyimfo betu obi fo no, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔhu? (Galatifo 6:1)
9 Ɛtɔ da a, sɛ onua anaa onuawa bi “di mfomso” a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo de afotu ma no. (Kenkan Galatifo 6:1.) Ebia na obi resisi gyinae bi a akyiri yi ebetumi ama wakɔyɛ bɔne kɛse. Mpanyimfo no botae ne sɛ wɔbɛboa obi a ɔte saa ma wakɔ so anantew nkwa kwan no so. (Yak. 5:19, 20) Nanso sɛ mpanyimfo no afotu bɛkɔ yiye a, ɛsɛ sɛ wɔdi kan hu ampa ara sɛ onii no adi mfomso. Yehowa ama yɛn mu biara kwan sɛ yɛmfa yɛn ahonim nsisi gyinae. (Rom. 14:1-4) Nanso sɛ mpanyimfo no ahu sɛ onua bi afom ampa na wɔpɛ sɛ wɔtu no fo a, wɔbɛyɛ no sɛn?
10-12. Sɛ mpanyimfo no ara tu anammɔn sɛ wɔrekotu obi fo a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ? Fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu. (Hwɛ mfoni no nso.)
10 Ɛnyɛ mmerɛw sɛ mpanyimfo no ara betu anammɔn sɛ wɔrekotu obi fo. Adɛn ntia? Ɔsomafo Paul kaa sɛ obi betumi adi mfomso ansa na n’ani aba ne ho so. Enti ɛsɛ sɛ mpanyimfo no di kan siesie onii no adwene ansa na wɔatu no fo.
11 Afotu a yɛn ara yetu anammɔn de kɔma obi no, ɛte sɛ nea yɛpɛ sɛ yedua ade wɔ asaase a ɛso yɛ den so. Ansa na okuafo bedua aba no, odi kan funtum asaase no. Wei ma asaase no yɛ mmerɛw sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi adua aba no. Afei sɛ odua aba no wie a, ogugu so nsu sɛnea ɛbɛyɛ a ebenyin. Mpanyimfo nso, ansa na wɔbetu anammɔn de afotu akɔma obi no, yɛbɛka a, ɛsɛ sɛ wɔfuntum asaase no, anaa wɔsiesie onii no adwene. Ɛno nti, ɔpanyin no bɛhwehwɛ bere pa, na wama onua no awerɛhyem sɛ odwen ne ho, na ɔbɛpɛ sɛ ɔne no susuw asɛm bi ho. Sɛ afoforo nim ɔpanyin bi sɛ ɔdɔ anuanom na odwen wɔn ho a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔbetie n’afotu.
12 Nkɔmmɔbɔ no mu no, ɔpanyin no betumi aka akyerɛ no sɛ yɛn nyinaa di mfomso, enti ɛwom ara a ebehia sɛ wɔtu yɛn mu biara fo. Ɔpanyin no reyɛ saa nyinaa na ɔde resiesie onii no adwene. (Rom. 3:23) Ɛsɛ sɛ ɔpanyin no to ne bo ase ne no kasa wɔ obu so, na ɔde Kyerɛwnsɛm no boa no ma ohu no pefee sɛ wadi mfomso. Sɛ onua no gye tom sɛ wadi mfomso a, afei de, ɔpanyin no betumi “adua aba” no, kyerɛ sɛ, nea ehia sɛ onii no yɛ de siesie mfomso no, ɔpanyin no bɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ no. Awiei koraa no, ɔpanyin no “gugu aba no so nsu,” kyerɛ sɛ, ofi ne komam kamfo onua no na ɔne no bom bɔ mpae.—Yak. 5:15.
Sɛ yɛn ara yetu anammɔn sɛ yɛde afotu rekɔma obi a, ɛsɛ sɛ yɛda ɔdɔ adi na yɛma ɛyɛ mmerɛw ma onii no sɛ obegye atom (Hwɛ nkyekyɛm 10-12)
13. Sɛ mpanyimfo de afotu rema obi a, wɔbɛyɛ dɛn aboa no ama wate ase?
13 Ɛtɔ da a, ɛsono nea ɔfotufo no pɛ sɛ ɔkyerɛ, ɛnna ɛsono sɛnea nea ɔretie no nso te ase. Dɛn na mpanyimfo betumi ayɛ na biribi a ɛte saa ansi? Wɔbetumi afa kwan bi so abisabisa onii no nsɛm bi a ɛbɛboa wɔn ma wɔahu sɛ aba a ɛwɔ afotu no mu no, wate ase anaa. (Ɔsɛnk. 12:11) Sɛnea obeyiyi nsɛmmisa no ano no, ɛbɛboa ɔfotufo no ma wahu sɛ afotu a ɔde maa no no, wate ase a.
BERE PA A YƐDE BETU FO NE ƆKWAN PA A YƐBƐFA SO AYƐ SAA
14. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛde abufuw tu afoforo fo?
14 Sintɔ wɔn yɛn mu biara ho, enti ɛnyɛ dɛn ara a yɛbɛka biribi anaa yɛbɛyɛ biribi ma ahaw afoforo. (Kol. 3:13) Bible ka sɛ, ɛtɔ da a, obi betumi ayɛ ade ma ahyɛ yɛn abufuw. (Efe. 4:26) Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa abufuw antu fo. Adɛn ntia? Efisɛ “onipa abufuw nna Onyankopɔn trenee adi.” (Yak. 1:20) Sɛ yɛde abufuw tu fo a, anhwɛ a yɛbɛsɛe asɛm no koraa. Wei nkyerɛ sɛ, sɛ obi hyɛ yɛn abufuw a sɛnea yɛte nka no, ɛnsɛ sɛ yɛne no ka ho asɛm. Nanso sɛ yɛtwɛn ma yɛn bo dwo a, yebetumi ne no akasa kama. Hiob fotufo Elihu ayɛ wei ho nhwɛso fɛfɛɛfɛ ama yɛn. Momma yɛnhwɛ.
15. Dɛn na yesua fi Elihu nhwɛso no mu? (Hwɛ mfoni no nso.)
15 Hiob nnamfo gyamserefo no kekaa nsɛm bebree guu Hiob so nna pii, na ɔno nso bɔɔ mmɔden sɛ obeyi ne ho ano. Saa bere no nyinaa na Elihu retie. Elihu nyaa ayamhyehye maa Hiob. Nanso bere a Hiob kekaa nsɛm bi a ɛnyɛ nokware faa Yehowa ho na ɔpɛ sɛ obu ne ho bem no, Elihu bo fuw no paa. Ne nyinaa mu no, Elihu twɛn ma eduu ne so ansa na ɔrekasa; bere a ɔrekasa akyerɛ Hiob no nso, ɔde obu ne nidi maa no. (Hiob 32:2; 33:1-7) Elihu nhwɛso no ma yenya asuade titiriw bi: Sɛ yɛpɛ sɛ yetu obi fo a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ no bere pa mu, kyerɛ sɛ, bere a yɛn bo mfuwii. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛyɛ no ɔkwan pa so, kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyɛ no ɔdɔ ne obu so.—Ɔsɛnk. 3:1, 7.
Mfiase no, ɛwom sɛ Elihu bo fuw Hiob, nanso bere a ɔretu no fo no, ɔyɛɛ no odwo ne obu so (Hwɛ nkyekyɛm 15)
KƆ SO TU AFOFORO FO NA WO NSO TIE AFOTU
16. Dɛn na wusua fi Dwom 32:8 mu?
16 Kyerɛwnsɛm a adesua yi gyina so no ka sɛ ‘Yehowa ani bɛba yɛn so, na watu yɛn fo.’ (Kenkan Dwom 32:8.) Wei kyerɛ sɛ, ɔbɛkɔ so aboa yɛn. Ɛnyɛ sɛ otu yɛn fo kɛkɛ, na mmom ɔboa yɛn nso ma yɛde afotu no yɛ adwuma. Wei yɛ nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ yesuasua. Sɛ ehia sɛ yetu afoforo fo a, momma yensuasua Yehowa na yɛnkɔ so nhyɛ wɔn nkuran. Afei nso, mmoa biara a wɔhia na ama wɔatumi asisi gyinae pa no, momma yɛmfa mma wɔn.
17. Asafo mu mpanyimfo a wɔde Bible mu afotu ma yɛn no, yebetumi de wɔn atoto dɛn ho? Kyerɛkyerɛ mu. (Yesaia 32:1, 2)
17 Saa bere yi paa na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tu afoforo fo na yɛn nso yetie afotu. (2 Tim. 3:1) Asafo mu mpanyimfo a wɔde Bible mu afotu ma yɛn no, ‘wɔte sɛ asaase a ɛso awo so nsuten.’ (Kenkan Yesaia 32:1, 2.) Yɛn nnamfo a wɔnim nea ɛbɛyɛ yɛn asom dɛ, nso wɔka nea ehia sɛ yɛte kyerɛ yɛn no, wɔn nsɛm no som bo te sɛ “sika kɔkɔɔ aduaba a egu dwetɛ anwenne mu.” (Mmeb. 25:11) Momma yɛn nyinaa nkɔ so nsua sɛnea yɛde afotu pa bɛma afoforo, na yɛn nso yɛnkɔ so ntie afotu.
DWOM 109 Momfa Mo Koma Nyinaa Nnɔ Anuanom