AspctStyle/stock.adobe.com
Yesu Bɛma Akokoakoko Agyae
Yesu wɔ asaase so no, na ɔdɔ nnipa paa. Ná ɔdɔ nnipa ara ma ɔde ne nkwa mpo too hɔ maa yɛn. (Mateo 20:28; Yohane 15:13) Seesei Yesu na odi Onyankopɔn Ahenni no so hene, na ɛrenkyɛ koraa, ɔbɛsan ayɛ biribi kɛse bi ama yɛn de akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn. Ɛne sɛ, ɔde ne tumi bɛma ‘akodi agyae wɔ asaase nyinaa so.’—Dwom 46:9.
Nea Yesu bɛyɛ ama yɛn no, hwɛ sɛnea Bible ka ho asɛm:
“Obegye ohiani a osu frɛ no, ne mmɔborɔwa ne nea onni boafo nso. Ɔbrɛfo ne ohiani asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ, na obegye ahiafo nkwa. Obegye wɔn afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.”—Dwom 72:12-14.
Nea Yesu ayɛ ama yɛn dedaw ne nea ɔbɛyɛ ama yɛn daakye no, wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ w’ani sɔ? Ade baako a wubetumi ayɛ ne sɛ, wubesua “Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no” ho ade pii. Ɛno na Yesu bɛkaa ho asɛm wɔ asaase so. (Luka 4:43) Kenkan asɛm a yɛato din “Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?”