panitan/stock.adobe.com
Yesu Betu Ohia Ase
Bere a Yesu wɔ asaase so no, na ɔdɔ nnipa paa, ɛnkanka ne ahiafo ne wɔn a na wɔreteetee. (Mateo 9:36) Ɔde ne nkwa mpo too hɔ maa nnipa. (Mateo 20:28; Yohane 15:13) Seesei Yesu na odi Onyankopɔn Ahenni no so hene, na ɛrenkyɛ koraa, ɔbɛsan ayɛ biribi kɛse ama yɛn de akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn. Ɛne sɛ, ɔde ne tumi betu ohia ase afi wiase.
Anwensɛm bi wɔ Bible mu a ɛma yehu nea Yesu bɛyɛ. Ɛne sɛ:
“Ma onni mmoa ɔman no mu mmɔborɔwafo; ma ontwitwa nnye ohiani mma.”—Dwom 72:4.
Nea Yesu ayɛ ama yɛn dedaw ne nea ɔbɛyɛ ama yɛn daakye no, wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ w’ani sɔ? Ade baako a wubetumi ayɛ ne sɛ, wubesua “Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no” ho ade pii. Ɛno na Yesu bɛkaa ho asɛm wɔ asaase so. (Luka 4:43) Kenkan asɛm a yɛato din “Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?”