Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mrt asɛm 109
  • Yesu Bɛma Nsɛmmɔnedi Nyinaa Agyae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Bɛma Nsɛmmɔnedi Nyinaa Agyae
  • Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Betu Ohia Ase
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Yesu Bɛma Akokoakoko Agyae
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Hena Na Wubetumi De Wo Ho Ato No So?—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • So Nsɛmmɔnedi Yɛ Asiane Ankasa Ma Wo?
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Nsɛm Foforo a Wubenya
mrt asɛm 109
Awuraa bi nam baabi. Obiara nka ne ho, na wahu sɛ nipabɔnefo bi redi no ntɛntɛ. Wafa ne fon refrɛ obi sɛ ɔmmɛboa no.

alfa27/stock.adobe.com

Yesu Bɛma Nsɛmmɔnedi Nyinaa Agyae

Sɛ nkurɔfo sisi obi anaa wɔdi no bɔne a, ɛyaw a ɔfa mu no, Yesu te ase paa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɔno ankasa, nkurɔfo de bi adi no pɛn. Ɔbaa asaase so no, nkurɔfo twaa asɛm too no so, wɔboroo no, wɔfaa kwammɔne so dii n’asɛm, wɔbuu no fɔ bere mpo a na ɔnyɛɛ bɔne biara, na wɔkum no yayaayaw. Ɛwom sɛ na bɔne biara nni ne ho, nanso ofii ne pɛ mu de ne nkwa bɔɔ afɔre maa yɛn, na ɔde yɛɛ ‘agyede de gyee nnipa bebree.’ (Mateo 20:28; Yohane 15:13) Seesei Yesu na odi Onyankopɔn Ahenni no so hene, na ɛrenkyɛ koraa, obeyi nsisi ne ntɛnkyea nyinaa afi wiase. Ɛba saa a, nsɛmmɔnedi a ɛde nsɛmmɔnedi, akyi bɛyera koraa.—Yesaia 42:3.

Sɛ Yesu keka ne ho a, wiase bɛyɛ sɛn? Bible ka sɛ:

  • “Aka kakraa bi na nnebɔneyɛfo nni hɔ bio; wobɛhwehwɛ wɔn tenabea, nanso worenhu wɔn. Ahobrɛasefo na asaase no bɛyɛ wɔn dea, na wobegye wɔn ani wɔ asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:10, 11.

Nea Yesu ayɛ ama yɛn dedaw ne nea ɔbɛyɛ ama yɛn daakye no, wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ w’ani sɔ? Ade baako a wubetumi ayɛ ne sɛ, wubesua “Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no” ho ade pii. Ɛno na Yesu bɛkaa ho asɛm wɔ asaase so. (Luka 4:43) Kenkan asɛm a yɛato din “Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena