Ɛdɛn Na Ɛbɛto Nyamesom?—Hwɛ Nea Bible Ka
Nyamesom ama wo nsa asi fam anaa? Anaasɛ, sɛ wote nyamesom ho asɛm a, na biribi reyɛ ayɛ wo? Ɛwom sɛ nyamesom ayɛ nneɛma pa ama ɔmanfo ne ankorankoro bi de, nanso adi nnipa awu paa nso. Nhoma bi ka sɛ: “Akokoakoko a wɔakunkum nnipa wom paa no, emu bi fi mente-me-ho-ase a ɛsɔre wɔ ɔsom ahorow ntam.” (Encyclopedia of Religion and War) Mpɛn pii no, nyamesom mpanyimfo no de wɔn nkyerɛkyerɛ kamfo nea amanyɔkuw bi de asi wɔn ani so sɛ wɔbɛyɛ sen sɛ wɔde Onyankopɔn Asɛm bɛkyerɛkyerɛ wɔn asɔremma. Afei nso, ɔsom ahorow no bi wɔ hɔ a, sɛ wɔn mpanyimfo no bi feefee mmofra, wɔto nkurɔfo mmonnaa, anaa wɔbɔ korɔn wɔ sikasɛm mu a, na ɔsom no mu mpanyimfo no ayɛ kata-so-mua-mua-so.
Sɛ ɔsom ahorow ama wo nsa asi fam a, ɛnde ebia wubebisa wo ho sɛ, sɛn na Onyankopɔn nso hu ɔsom ahorow no? Esiane nea ɔsom ahorow dodow no ara ayɛ nti, Bible ma yehu sɛ, Onyankopɔn mpene wɔn som no so. Nkɔmhyɛ ahorow bi wɔ Bible mu a ɛma yehu nea Onyankopɔn de bɛba nyamesom so. Bible ka nsɛm bi wɔ sɛnkyerɛnne kwan so de kyerɛ biribi a ebi nsii da a Onyankopɔn de bɛba ɔsom ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa so nnansa yi ara.
Ɛdɛn na Bible aka sɛ ɛbɛto nyamesom?
Nkɔmhyɛ: Bible mu nhoma a ɛne Adiyisɛm no ka tuutuuni bea bi a ne din de “Babilon Kɛse” ho asɛm. Ɛka sɛ tuutuuni yi te akekaboa kɔkɔɔ bi so. Nanso akyiri yi, akekaboa no betwa ne ho atow ahyɛ tuutuuni no so na wakum no.—Adiyisɛm 17:3, 5, 16.
Nea ɛkyerɛ: Tuutuuni a wɔfrɛ no Babilon Kɛse no gyina hɔ ma atorosom nyinaa; ɛkyerɛ ɔsom ahorow a Onyankopɔn nnye ntom.a Akekaboa kɔkɔɔ no gyina hɔ ma Amanaman Nkabom (UN).b Tuutuuni a ɔte akekaboa kɔkɔɔ no so no, nea ɛkyerɛ ne sɛ, atorosom ayere ne ho ara sɛ ebepiapia Amanaman Nkabom no ama ayɛ nea ɔpɛ. Tuutuuni no a akekaboa no kum no no kyerɛ sɛ, Amanaman Nkabom no ne aman a ɛtaa Amanaman Nkabom no akyi no bɛtow ahyɛ atorosom a ɛwɔ wiase yi mu nyinaa so, na wɔasɛe wɔn. Wei bɛyɛ ɔsɛe pasaa a ebi nsii da.
Sɛn na wɔbɛsɛe atorosom?
Nkɔmhyɛ: “Mmɛn du a wuhui no, ne afei akekaboa no, eyinom bɛtan tuutuuni no na wɔayɛ no pasaa na . . . wɔde ogya ahyew no dwerɛbee. Onyankopɔn na ɔde hyɛɛ wɔn komam [kyerɛ sɛ, wiase akannifo no komam] sɛ wɔmma ne nsusuwii mmra mu, yiw, sɛ wɔnyɛ adwenkoro mfa wɔn ahenni mma akekaboa no . . . Ɛno nti na da koro pɛ, ne haw bɛba no, kyerɛ sɛ, owu ne awerɛhow ne ɔkɔm. Na wɔde ogya bɛhyew no dwerɛbee, efisɛ Yehowac Nyankopɔn a obuu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfo.”—Adiyisɛm 17:16, 17; 18:8.
Nea ɛkyerɛ: Onyankopɔn de “ne nsusuwii” bɛhyɛ aman a ɛwɔ wiase no komam. Ɔbɛma wɔde “wɔn ahenni,” anaa tumi a wɔn mu biara di wɔ ne man so no ama Amanaman Nkabom no. Afei Amanaman Nkabom no a anya tumi foforo no bɛsɛe atorosom wɔ wiase baabiara. Saa asɛm a ebesi yi bɛma nnipa pii ho adwiriw wɔn. Ɛbɛyɛ wɔn sɛ nea ɔsɛe no sii “da koro pɛ,” efisɛ ebesi mpofirim a obiara nhwɛ kwan, na ɛbɛba awiei ntɛm nso.—Adiyisɛm 18:21.
Adɛn nti na Onyankopɔn bɛsɛe atorosom?
Nkɔmhyɛ: “Ne bɔne no aboaboa ano akodu soro, na Onyankopɔn akae ne nneɛma bɔne no.”—Adiyisɛm 18:5.
Nea ɛkyerɛ: Mfe ɔhaha pii a atwam no, atorosom ayɛ nneɛma bɔne pii. “Ne bɔne” a wayɛ a enti Onyankopɔn aka sɛ ɔbɛsɛe no no bi na edidi so yi:
Ɛde ne ho awurawura amanyɔsɛm mu. Yesu Kristo ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ mma wɔmmfa wɔn ho nnwurawura amanyɔsɛm mu. Ɔkaa sɛ, Onyankopɔn Ahenni a ɛyɛ aban a ɛwɔ soro no, ɛno mmom na wɔmfa wɔn werɛ nhyɛ mu, efisɛ ɛbɛba abeyi nnipa aban ahorow afi hɔ.d (Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10; Yohane 6:15; 18:36) Nanso, nea atorosom reyɛ mmom ne sɛ, ɛrekyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛ wɔmfa wɔn ho nwurawura amanyɔsɛm mu. Esiane sɛ atorosom de wɔn ho awurawura amanyɔsɛm mu fee nti, enni Onyankopɔn nokware. Ɛno nti, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu no ka Babilon Kɛse no ho asɛm sɛ “abɔ aguaman.” Enti ɛfata sɛ nkɔmhyɛ no frɛɛ no “tuutuuni kɛse.”—Adiyisɛm 17:1, 2; Yakobo 4:4.
Awudisɛm. Bible ka sɛ, “wɔn a wɔakunkum wɔn asaase so no nyinaa,” efi atorosom. (Adiyisɛm 18:24) Ɔsom bebree no ara nkyerɛkyerɛ wɔn asɔremma sɛ wɔnhwehwɛ asomdwoe. Ɔsom ahorow bi mpo de, akokoakoko a ɛkɔ so no, wɔn na wɔhyɛ akyi, na wɔpiapia nkurɔfo ma wɔdi amumɔyɛsɛm.
Adifudepɛ. Atorosom apɛ ‘ahonyade asum hɔ a ɔmfɛre ho,’ kyerɛ sɛ, wafa kwammɔne so anya ne ho. (Adiyisɛm 17:4; 18:7) Ɔsom ahorow bebree nam wɔn tumi ne wɔn ho a wɔde ahyehyɛ amanyɔsɛm mu so anya wɔn ho sei ara tam. Sɛnea wɔyɛ adifudepɛ no, Onyankopɔn ani nnye ho koraa.—Tito 1:7.
Atosɛm. Nneɛma a Bible kasa tia no, ɛno na atorosom kyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔyɛ.e Esiane sɛ atorosom na ɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔyɛ nneɛma bebree a Onyankopɔn ani nnye ho no nti, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma mu no frɛ atorosom sɛ, “asaase so akyiwade maame.”—Adiyisɛm 17:5; 18:23.
Onyankopɔn bɛsɛe ɔsom ahorow nyinaa anaa?
Daabi. Adiyisɛm nhoma no ka nnipa bi a wɔfi wiase nyinaa ho asɛm, na ɛfrɛ wɔn “nnipakuw kɛse.” (Adiyisɛm 7:9) Ɛka saa nnipakuw kɛse no ho asɛm sɛ ‘wɔhyehyɛ ntaade tenten fitaa,’ kyerɛ sɛ, wɔsom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. Saa nkurɔfo yi benya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohiahia kɛse” no mu. Ahohiahia kɛse no yɛ bere a Bible ka sɛ wɔbɛsɛe atorosom ne Onyankopɔn atamfo a aka nyinaa. (Adiyisɛm 7:13, 14; 19:11, 19-21) Nnipakuw kɛse a wɔhyehyɛ ntaade tenten fitaa no yɛ nokwaresom mufo, na saa som no na ɛbɛtena hɔ daa.f
Sɛ wɔresɛe atorosom a, nnipakuw kɛse bi a wɔsom Onyankopɔn nokwarem benya wɔn ti adidi mu
Sɛ wɔsɛe atorosom a, ɛbɛka wo sɛn?
Nneɛma bɔne a nyamesom ayɛ no, sɛ woba behu sɛ Onyankopɔn ani nnye ho a, ɛbɛma woanya asomdwoe. Ebetumi ama woanya anidaso sɛ nneɛma bɛyɛ yiye daakye, efisɛ wubehu sɛ ɛrenkyɛ, Onyankopɔn beyi ɔsom biara a egu ne din ho fĩ na ɛma nnipa hu amane no nyinaa afi hɔ.
Nya awerɛhyem nso sɛ, ɔkwan bi wɔ hɔ a yɛfa so som Onyankopɔn ma ɛsɔ n’ani. Bible ka sɛ, “nokware asomfo bɛsom Agya no honhom ne nokware mu, na nnipa a wɔte saa nso na Agya no rehwehwɛ ama wɔasom no.” (Yohane 4:23) Onyankopɔn ka kyerɛ saa nkurɔfo no sɛ: “Mumfi [Babilon Kɛse no] mu, me man, sɛ mompɛ sɛ munya ne bɔne no mu kyɛfa na munya ne haw no bi a.” (Adiyisɛm 18:4, 5) Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn reto nsa afrɛ nkurɔfo sɛ wɔmmɛsom no nokware mu. (1 Timoteo 2:3, 4) Wahyɛ wɔn a wɔbɛba abɛsom no nokware mu no nyinaa bɔ sɛ, ɔbɛma wɔatena ase daa.—1 Yohane 2:17.
a Sɛ wopɛ sɛ wuhu nneɛma nnan a ɛbɛboa wo ama woahu nea Babilon Kɛse gyina hɔ ma a, kenkan asɛm a yɛato din, “Dɛn Ne Babilon Kɛse?”
b Sɛ wopɛ sɛ wuhu nneɛma nsia a ɛbɛboa wo ama woahu nea akekaboa yi gyina hɔ ma a, kenkan asɛm a yɛato din, “Dɛn Ne Akekaboa Kɔkɔɔ a Adiyisɛm Ti 17 Ka Ne Ho Asɛm No?”
c Yehowa yɛ Onyankopɔn din. (Dwom 83:18) Hwɛ asɛm a yɛato din, “Hena Ne Yehowa?”
d Sɛ wopɛ sɛ wuhu wei ho nsɛm pii a, hwɛ video a yɛato din, Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?
e Sɛ wopɛ wei ho nhwɛso a, hwɛ adaka a yɛato din, “Ɔsom Ahorow a Wɔfrɛ Wɔn Ho ‘Kristofo’ No, Ebi Ka Babilon Kɛse No Ho Anaa?”
f Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea Bible betumi aboa wo ama woahu ɔsom a ɛyɛ nokwaresom a, kenkan asɛm a yɛato din, “Mɛyɛ Dɛn Ahu Nokware Som?”