Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwwd asɛm 1
  • Nnuaba Ho Ntuboa—Sɛnea Wotumi Dannan Wɔn Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnuaba Ho Ntuboa—Sɛnea Wotumi Dannan Wɔn Ho
  • Wɔbɔe Anaa?
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔtɛn—Ɛyɛ Afrika Nnome?
    Nyan!—1996
  • Anwansena a Wɔhaw Adwene No So Wɔn Ho Hia Sen Sɛnea Wususuw?
    Nyan!—1996
  • Munnsuro Wɔn!
    ‘Momfa Anigye Nto Dwom’ Mma Yehowa
  • Munnsuro Wɔn!
    To Dwom Ma Yehowa
Hwɛ Pii Ka Ho
Wɔbɔe Anaa?
ijwwd asɛm 1
Nnuaba ho atuboa

WƆBƆE ANAA?

Nnuaba Ho Ntuboa—Sɛnea Wotumi Dannan Wɔn Ho

Yɛn nyinaa nim sɛ ɛnyɛ mmerɛw sɛ wubenya ntuboa abɔ wɔn. Esiane sɛ mmoa yi ho yɛ hare pa ara nti sɛ worepɛ wɔn akyere wɔn a ɛnna fam koraa.

Nyansahufo ahu sɛ ntuboa yi bi a wɔtaa sisi nnuaba ho no de, wotumi dannan wɔn ho te sɛ wimhyɛn a asraafo de di ako. Anibu baako ntam no, ntuboa yi tumi dannan wɔn ho mpɛn pii. Ɔbenfo Michael Dickinson kaa sɛ: “Sɛ wɔwo aboa yi foforo koraa a, otumi tu yiye. Ɛte sɛ nea wode abofra a wɔawo no foforo koraa atena wimhyɛn a asraafo de di ako mu, na abofra no atumi atu wimhyɛn no.”

Sɛnea ntuboa yi tu na wɔdannan wɔn ho no, nhwehwɛmufo atwa ho mfoni. Wohui sɛ anibu biara mu no, ntuboa yi tumi bɔ wɔn ntaban mu mpɛn 200. Nanso sɛ asiane bi reba na ɔpɛ sɛ oguan a, nea ehia ara ne sɛ ɔbɛbɔ n’ataban mu baako pɛ de adan ne ho.

Sɛ asiane bi reba a, edi bere tenten ahe ansa na aboa yi ayɛ ho biribi? Nhwehwɛmufo ahu sɛ ansa na wubebu w’ani baako no, na ɔkɔ dedaadaw. Dickinson kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Nea ɛbɛyɛ na ntuboa yi ahu baabi a asiane bi refi ba ne ɔkwampa a ɛsɛ sɛ wɔfa so guan no, wobu akontaa ntɛmntɛm hu baabi a ɛsɛ sɛ wɔfa ntɛmpa ara.”

Sɛnea saa aboa yi adwene ketekete tumi yɛ adwuma no, abenfo dwen ho a, wɔnte ase.

Nnuaba ho ntuboa tu a, wotumi dannan wɔn ho de wɔn ani kyerɛ baabiara

Sɛ asiane bi reba a, wobɛbɔ w’ani ate no, na nnuaba ho ntuboa yi adan wɔn ho kɔ dedaadaw

Wususuw ho sɛn? Sɛnea nnuaba ho ntuboa tumi dannan wɔn ho no, ɛno ara na ɛbae, anaa obi na ɔbɔe?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena