Ɔtɛn—Ɛyɛ Afrika Nnome?
Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Nigeria hɔ
NÁ AFEI ara na yɛatu akɔ akuraa bi ase wɔ Afrika Atɔe fam. Ná kwae birentuw atwa yɛn ho ahyia. Awiabere bi, me yere hyɛnee yɛn pia mu na ɔteɛɛm sɛ: “Akekawere wɔ ha!”
Aboa no tu fii yɛn pia mu kɔɔ aguaree hɔ. Mefaa kankyee a akoekoeboa aduru wom no dii n’akyi kaa pon no too mu. Mantumi anhu nea aboa no fae. Mpofirim ara, otu faa m’anim. Ɔreba me so! Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛbɔ no ahwe fam nanso me nsa to fom no. Otu kɔɔ mfɛnsere no ano. Nkantankantan no sii no kwan. Aboa no kosii so.
Migyenee m’ani de aduru a wɔde kum akoekoeboa no pii guu no so. Mpɛn pii no, sɛ wode kyerɛ akoekoeboa biara so hwie gu ne so a, ekum no ntɛm ara. Ná ɛnte saa wɔ aboa yi ho. Otu nenam aguaree hɔ.
Ade yi yɛ den! Ná mewɔ awerɛhyem sɛ aduru a wɔde kum akoekoeboa no bɛyɛ n’adwuma na ɛnkyɛ aboa no bɛba fam. Nanso wantɔ fam. Bere a osii fam bio no, mede aduru no guu ne so ne mprenu so. Ɔsan tui bio.
Aboa nwonwaso bɛn ni? Aduru no a mede guu ne so tee mprenu kaa ho no kum no.
Mehyɛɛ m’ahwehwɛniwa na mehwɛɛ aboa no yiye. Ná ɔso sen nwansena, ɛwom sɛ na ɔnso te sɛ akekawere de. N’ataban no beabea so wɔ n’akyi a ɛma ɔyɛ teaa sen aboa biara kɛkɛ. Biribi te sɛ paneɛ wɔ n’ano.
Meka kyerɛɛ me yere sɛ: “Eyi nyɛ akekawere. Ɛyɛ ɔtɛn.”
Nea esii no twee m’adwene sii sɛnea ɛyɛ den sɛ wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛtɔre mmoa yi ase afi beae a wɔwɔ wɔ Afrika a ne kɛse bɛyɛ ahinanan kilomita ɔpepem 11.7, beae a ɛso sen United States. Dɛn nti na nkurɔfo pɛ sɛ wɔtɔre wɔn ase? Wɔbɔ wɔn sobo ahorow abiɛsa. Sobo a edi kan:
Wɔnom Mogya
Ɔtɛn abusua ahorow 22 na ɛwɔ hɔ. Wɔn nyinaa wɔ Afrika Sahara anafo fam. Anini ne abere nyinaa nom abɔde a wɔwɔ akyi berɛmo mogya, na sɛ wɔka pɛnkoro pɛ a, wɔtwe mogya a emu duru sen wɔn ankasa mpɛn abiɛsa.
Wɔnom mmoa horow a wɔwe wura pii mogya—wɔn a wofi Afrika ne amannɔne de nyinaa. Wɔka nnipa nso. Wɔka kɔ mu de twe mogya, na wɔn ano yɛ yaw yiye. Ɛyɛ hene na bere koro no ara ɛyɛ yaw. Ɛma honam ani soa.
Ɔtɛn yɛ mmoa a wɔn ho akokwaw wɔ wɔn adwuma ho. Wɔnsɛe bere ntu nnenam wo ti ho. Wotumi tu kɔ obi so te sɛ korabo, na wogyina prɛko pɛ, si n’anim din ma ɔnte wɔn nka. Wotumi yɛ te sɛ awifo; ɛtɔ mmere bi a wonte sɛ wɔawia wo mogya kosi sɛ wɔbɛkɔ ansa—a nea aka ama wo ara ne sɛ wobɛhwɛ pira a woapira no.
Wɔtaa kɔ honam a hwee nkata so so. (Ɛte sɛ nea wɔpɛ me kɔn akyi no!) Nanso ɛtɔ mmere bi a, wɔforo trɔsa nan anaa ataade soro nsa ansa na wɔatwe mogya afi mogya ntini mu. Anaasɛ sɛ wɔpɛ a, wotumi ka fa ataade mu—ɛno nyɛ ade a ɛyɛ den ma akoekoeboa a obetumi atu bɛnkoro nhoma a ɛyɛ den mpo mu tokuru no.
Nkurɔfo ka ɔtɛn ho asɛm sɛ ɛnyɛ sɛ wɔn ho yɛ hare nko na mmom wɔyɛ anifere nso. Bere bi a mebɔɔ mmɔden sɛ mede akoekoeboa aduru bekum biako no, otu kɔɔ me pia mu kohintawee m’asuguare ataade mu. Nnaanu akyi, bere a mehyɛɛ ataade no, ɔkaa me mprenu! Bere foforo nso, ɔtɛn kohintaw wɔ me yere sika kotoku mu. Ɔfaa sika kotoku no kɔɔ adwumayɛbea bi, na bere a ɔde ne nsa hyɛɛ mu no, aboa no kaa ne nsa. Afei otu kyinkyin faa adan no mu ma hooyɛ baa adwumayɛfo no mu. Obiara gyaee adwuma bɔɔ mmɔden sɛ obehugyaw no.
Enti sobo a edi kan a etia ɔtɛn ne sɛ ɔde n’ano yayaw no keka twe mogya. Sobo a ɛto so abien:
Okum Mmoa
Ɔtɛn ahorow bi wɔ hɔ a wɔma yare bi a ɔyare mmoawa nketewa bi a wɔfrɛ wɔn trypanosomes na wɔde ba. Sɛ ɔtɛn no twe aboa bi a ɔwɔ ɔyare no bi mogya a, ɔmene mogya a ɔyare mmoawa no bi wom no. Eyinom nyin na wɔdɔre wɔ aboa no mu. Sɛ aboa no ka aboa foforo bi a, ɔyare mmoawa no bi fi aboa no mu kɔ aboa no mogya mu.
Ɔyare no ne trypanosomiasis. Wɔfrɛ nea ɛyɛ mmoa no nagana. Nagana ɔyare mmoawa no tumi nyin wɔ mmoa a wofi Afrika no pii mogya mu, titiriw, ɔtwe, ɛkoɔ, batafo, adowa, wansane, ne kɔkɔte. Ɔyare mmoawa no nkum saa mmoa yi.
Nanso ɔyare mmoawa no sɛe ayɛmmoa a womfi Afrika—yoma, akraman, mfurum, mpapo, apɔnkɔ, mfurumpɔnkɔ, anantwi, mprako ne nguanten. Sɛnea National Geographic nsɛmma nhoma kyerɛ no, nagana kum ayɛmmoa ɔpepem abiɛsa afe biara.
Wɔn a wɔka ayɛmmoa, te sɛ Masaifo a wɔwɔ Afrika Apuei fam no asua sɛnea wɔbɛkwati mmeae horow a ɔtɛn dɔɔso wɔ hɔ no, nanso ɔpɛ ne sare a wonnya ma ɛtɔ da bi a eyi ntumi nyɛ yiye. Wɔ ɔpɛ bi a esii nnansa yi ara mu no, aboa no maa mmusua anan a wɔkaa wɔn ayɛmmoa 600 boom no hweree emu biako da biara. Lesalon, abusua no mu panyin biako, kae sɛ: “Yɛn Masaifo yɛ akokodurufo. Yɛde peaw kum gyata, na yegyina ɛkoɔ a n’ani abere anim. Yekum ɔprammire na yɛne ɔsono a ne bo afuw de si ani. Na orkimbai [ɔtɛn] nso ɛ? Yentumi nyɛ no hwee.”
Nnuru wɔ hɔ a wɔde kõ nagana, nanso nniso ahorow no bi ma ho kwan bere a oduruyɛfo a ɔhwɛ mmoa de ho akwankyerɛ ma wɔ hɔ no nkutoo. Ntease wɔ ɛno mu, efisɛ ɛnyɛ pira nko na aduru no a wɔmfa mma nwie no pira mmoa no na mmom ɛma wobenya ɔyare mmoawa a nnuru ntumi wɔn. Ebetumi ayɛ den ama obi a ɔkã ayɛmmoa wɔ wura mu sɛ obenya oduruyɛfo a ɔhwɛ mmoa ma wabɛhwɛ n’aboa a ɔrewu no ntɛm.
Akyinnye biara nni sobo abien a edi kan a etia ɔtɛn no ho—ɔnom mogya na ɔtrɛw ɔyare a ekum mmoa mu. Nanso ebi ka ho. Sobo a ɛto so abiɛsa:
Okum Nnipa
Nagana trypanosome nyɛ nnipa. Nanso ɔtɛn de trypanosome foforo bi fi nipa mu kɔ nipa mu. Wɔfrɛ saa trypanosomiasis yi tɔnkomda. Nsusuw sɛ obi a tɔnkomda ayɛ no no da pii nko. Ɔyare no nyɛ ahodwo nna. Apɔw mu mmerɛwyɛ, ɔbrɛ nka a wɔte, ne atiridii a emu nyɛ den na ɛde fi ase. Ɛno akyi na nkotɔ, atiridii a emu yɛ den, yaw a wɔte no apɔw so, ahonhon, ne berɛbo ne ɔkatwo a ɛhon. Awiei koraa no, bere a ɔyare mmoawa no kɔ nkate nkwaadɔm atitiriw no mu no, ɔyarefo no nya adwenemyare, otwa, mmumtɔ, na owu.
Wɔ afeha yi mfiase mu no, tɔnkomda a ɛpae gui yɛɛ Afrika asasepɔn no pasaa. Wɔ 1902 ne 1905 ntam no, ɔyare no kum nnipa a wɔbɛn Lake Victoria ho bɛyɛ 30,000. Mfe dudu a edi hɔ no mu no, ɔyare no trɛw kɔɔ Cameroon, Ghana, ne Nigeria. Wɔ nkuraase pii mu no, ɛkaa nnipa no mu nkyekyem abiɛsa mu biako, na ɛma ɛho behiae sɛ wotu nnipa pii fi asubon mu. Ayarehwɛfo kuw a wokyinkyin, hwɛɛ nnipa ɔpehaha pii. Ɛkɔɔ so kosii 1930 mfe no mu ansa na ɔyaredɔm no ase retu koraa.
Ɛnnɛ, ɔyare no ka nnipa bɛyɛ 25,000 afe biara. Sɛnea Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde kyerɛ no, nnipa bɛboro ɔpepem 50 a wɔwɔ aman 36 a ɛwɔ Sahara anafo fam no da asiane a ebetumi ama wɔanya ɔyare no bi mu. Ɛwom sɛ tɔnkomda tumi kum nnipa bere a wɔnko yare no de, nanso ɛho nnuru wɔ hɔ. Nnansa yi ara wɔyɛɛ aduru foforo bi a wɔfrɛ no eflornithine a wɔde kõ ɔyare no—aduru a ɛte saa a wɔayɛ a edi kan wɔ mfirihyia 40 mu.
Nnipa ne ɔtɛn ne ɔyare a ɛde ba no adi ako bere tenten. Wɔ 1907 mu no, Winston Churchill kyerɛw ɔsatu a wɔde betu ɔtɛn ase ho asɛm sɛ: “Wɔrenwene atena papa bi afa ne ho a wonhu no mmɔbɔ.” Sɛ yebu kɔmpɔ a, ɛda adi sɛ na tokuru deda Churchill “atena papa” no mu. Foundations of Parasitology nhoma no ka sɛ: “Ɛde besi nnɛ no, mfirihyia 80 a wɔde retɔre ɔtɛn ase no ntumi mmrɛɛ wɔn ase.”
Asɛm a Wɔde Gye Ne Ti
Amerika anwensɛm kyerɛwfo Ogden Nash kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn de Ne nyansa na ɛbɔɔ aboa no, na afei ne werɛ fii sɛ ɔbɛkyerɛ yɛn nea enti a ɔbɔɔ no.” Bere a ɛyɛ nokware sɛ Yehowa Nyankopɔn ne nneɛma nyinaa Bɔfo no, ɛnyɛ nokware da sɛ ɔyɛ ɔwerɛfifo. Ɔma yɛn ankasa yɛ nneɛma pii mu nhwehwɛmu. Ɛnde ɔtɛn nso ɛ? Biribi wɔ hɔ a yɛbɛka de agye nea asɛ ɔyɛ aboa bɔne yi ti?
Gyama asɛm a emu yɛ den a yebetumi aka de agye ne ti ne sɛ, dwuma a odi wɔ kum a okum ayɛmmoa mu no aboa ama wɔakora Afrika wuram mmoa so. Nsase pii wɔ Afrika a ɛne nsase a sare wɔ so wɔ United States atɔe fam di nsɛ—asase no ankasa tumi wowaw ɛso afieboa. Nanso esiane ɔtɛn nti, trypanosomes a entumi nkum wuram mmoa a wɔwe sare no, kum afieboa.
Nnipa pii gye di sɛ sɛ ɛnyɛ ɔtɛn a, anka ayɛmmoa abesi wuram mmoa a wɔakora wɔn so wɔ Afrika no ananmu dedaadaw. Willie van Niekerk a odi nkurɔfo anim kɔhwehwɛ wuram mmoa a wɔakora wɔn so wɔ Botswana baabi no kae sɛ: “Mebɔ ɔtɛn aba so. Tɔre ɔtɛn ase, na ayɛmmoa besi wɔn ananmu, ayɛmmoa na wɔsɛe Afrika, wɔafuntum Afrika ama ayɛ asasebonin kɛse biako.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔtra hɔ.”
Nokwarem no, ɛnyɛ obiara na ɔpene ɛno so. Obi a ne mma anaa ne mmoa yare trypanosomiasis no rente asɛm yi ase da. Saa ara nso na ɛrennan wɔn a wɔka sɛ Afrika hia ayɛmmoa nam no ti.
Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ pii da so ara wɔ hɔ a yebesua afa dwuma a ɔtɛn di wɔ abɔde mu no ho. Ɛwom sɛ ɛte sɛ nea sobo a wɔbɔ no no mu yɛ den de, nanso ebia ɛbɛyɛ ahopere sɛ yebebu atɛn.
Bere a yɛreka aboa yi ho asɛm no, biako atu aba ɔdan no mu. Twɛn ma menhwɛ sɛ ɛnyɛ ɔtɛn anaa.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 13]
Ɔtɛn: ©Martin Dohrn, The National Audubon Society Collection/PR