Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwex asɛm 10
  • Ná Wɔn Adwene Yɛ Wɔn Sɛ Ɔno Ne Ɔsɔfo No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ná Wɔn Adwene Yɛ Wɔn Sɛ Ɔno Ne Ɔsɔfo No
  • Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wohu Nokware no Wɔ Beae a Wɔnhwɛ Kwan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Mfaso a Aba Trɔk So Adansedi So Wɔ Wiase Nyinaa
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • Wiase Nsɛm—Middle East
    Nyan!—2015
  • Amusiei Soronko Bi
    Nyan!—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
ijwex asɛm 10
Mmarima mmienu bi ne Ɔdansefo bi rekasa wɔ baabi a ɛbɛn amusiei. Baako de ne nsa akyerɛ nnipa bi a wogyinagyina funu adaka ho so.

Ná Wɔn Adwene Yɛ Wɔn Sɛ Ɔno Ne Ɔsɔfo No

Osman ne ne yere ne wɔn babea te Chile. Da koro bi, na wɔde trɔk redi adanse wɔ baabi a ɛbɛn amusiei bi. Ankyɛ koraa na wohuu sɛ nnipadɔm bi a wɔato santen rekosie funu de nnwom ne twene reba amusiei hɔ. Bere a wohuu Osman no, na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ, ɔno ne asɔre no sɔfo no. Enti wɔbɛyɛɛ no atuu ka kyerɛɛ no sɛ, “Oh, Sɔfo, yɛda wo ase paa sɛ woabedu ntɛm, na yɛrehwɛ wo kwan denneennen!”

Osman yɛɛ biara sɛ ɔbɛma wɔahu sɛ, ɛnyɛ ɔno ne ɔsɔfo no, nanso dede no nti, wɔante nea ɔreka no. Wowuraa amusiei no mu no, ankyɛ biara na nkurɔfo no bi san ba bɛka kyerɛɛ Osman sɛ, “Sɔfo, wo ara na yɛretwɛn wo.”

Saa bere no, na ɛhɔ ayɛ dinn kakra, enti Osman kyerɛɛ wɔn nipa kõ a ɔyɛ ne nea enti a na ogyina hɔ. Bere a nkurɔfo no hui sɛ ɛnyɛ ɔno ne ɔsɔfo no, wɔn bo fuwii paa, efisɛ ɔsɔfo no adi wɔn huammɔ. Wobisaa Osman sɛ, “Yɛsrɛ wo, wubetumi abɛka Bible mu asɛm kakra akyerɛ nkurɔfo no ama yɛn?” Osman penee so.

Bere a Osman ne wɔn nam kwan so no, obisaa wɔn nea wawu no ho asɛm kakra. Afei ɔhwɛɛ kyerɛwnsɛm a obetumi akenkan akyerɛ nkurɔfo no. Woduu baabi a wobesie amu no, Osman maa nnipa a wɔwɔ hɔ no huu sɛ ɔyɛ Yehowa Danseni, na adwuma a ɔyɛ ne sɛ, ɔka asɛmpa kyerɛ nkurɔfo.

Afei ɔkenkan Adiyisɛm 21:3, 4 ne Yohane 5:28, 29 kyerɛɛ wɔn, na ɔma wohuu sɛ, na ɛnyɛ nea Onyankopɔn pɛ ne sɛ nnipa bewu. Ɔsan ma wohuu sɛ, ɛrenkyɛ Onyankopɔn benyan awufo, na wobenya kwan atena ase daa. Osman wiei no, wɔn a wogyinagyina hɔ no mu pii bɛyɛɛ no atuu. Afei wɔka kyerɛɛ no sɛ “Yɛda w’ase sɛ waka asɛmpa a efi Yehowa hɔ akyerɛ yɛn.” Ofii hɔ no, ɔsan kogyinaa trɔk no ho.

Wowiee ayi no, wɔn a wɔbaa ayi no mu pii baa Osman ne n’abusua no nkyɛn wɔ trɔk no ho bebisabisaa wɔn Bible mu nsɛm. Wei ma wɔbɔɔ nkɔmmɔ kyɛe. Wɔrefi hɔ akɔ no, woyiyii nhoma pii fii trɔk no mu de kɔe.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena