Amusiei Soronko Bi
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ ECUADOR HƆ
AMUSIEI soronko bi—el cementerio de los probres (Ahiafo Amusiei) wɔ Ibarra kurow a ɛwɔ Ecuador ahenkurow Quito atifi fam no mu. Dɛn na ɛma ɛyɛ soronko? Wonyaa mfonini ahorow a wɔayɛ no akɛse wɔ ɔfasu a wɔato atwa ho ahyia no ho no fii Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow mu tee!a Mfonini a ɛwɔ mfinimfini no yɛ ɔsomafo Yohane de, na efi Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! nhoma no kratafa 7 mu. Wɔ Yohane atifi no, wɔakyerɛw kyerɛwsɛm a edi so yi wɔ Spania kasa mu sɛ: “Onyankopɔn Ahenni yɛ trenee ne asomdwoe ne anigye. Romafo 14:17.” Nea ɛwɔ ne nifa so no yɛ asɛm a ɛwɔ Mateo 11:28 a wɔfa fii New World Translation mu: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome.” Akyinnye biara nni ho sɛ saa amusiei fasu yi twe nnipa adwene kɔ Onyankopɔn Asɛm so.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛnea mmara hwehwɛ no, ɛsɛ sɛ obi bisa hokwan ansa na watintim nsɛm a efi Ɔwɛn Aban Asafo nhoma mu anaa wahwɛ emu mfonini so ayɛ bi, na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɛyɛ Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania dea.