Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • hf ɔfã 5 afã 1-2
  • Sɛnea Mobɛma Asomdwoe Atena Mo ne Abusuafo Ntam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Mobɛma Asomdwoe Atena Mo ne Abusuafo Ntam
  • W’abusua Betumi Anya Anigye
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1 NYA W’ABUSUAFO HO ADWEMPA
  • 2 FA WO NAN SI FAM
  • Munni Mo Ho Nokware
    W’abusua Betumi Anya Anigye
  • Wopɛ Aware Mu Anigye a, Ma Onyankopɔn Mmoa Wo
    W’abusua Betumi Anya Anigye
  • Sɛnea Wobɛkyerɛ Obu Ama Wo Hokafo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Sɛnea Mubesiesie Mo Ntam Nsɛmnsɛm
    W’abusua Betumi Anya Anigye
Hwɛ Pii Ka Ho
W’abusua Betumi Anya Anigye
hf ɔfã 5 afã 1-2
Ɔbaa bi renoa aduane, na ɔkwan a ɔrefa so anoa aduane no n’asebea ani nnye ho

ƆFÃ 5

Sɛnea Mobɛma Asomdwoe Atena Mo ne Abusuafo Ntam

“Monhyɛ . . . ayamye, ahobrɛase, . . . odwo, ne abodwokyɛre.”​—Kolosefo 3:12

Woware a na woanya abusua foforo. Ɛno nso nkyerɛ sɛ wo ne w’awofo atwa abusua mu. Wo maame ne wo papa de, bere nyinaa ɛsɛ sɛ wodɔ wɔn na wudi wɔn ni, nanso sɛ wunya ware a, na wo yere anaa wo kunu abɛyɛ obi a ne ho hia wo sen biara. Ɛnyɛ w’abusuafo nyinaa na ebia wɔbɛte wo ase. Nanso Bible afotu betumi aboa wo ma woahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ na asomdwoe atena wo ne w’abusuafo ntam, na bere koro no ara nso woahwɛ ama anigye atena w’aware mu.

1 NYA W’ABUSUAFO HO ADWEMPA

Awarefo akɔsra wɔn awofo

NEA BIBLE NO KA: “Di wo papa ne wo maame ni.” (Efesofo 6:2) Woanyin sɛ dɛn mpo a, ɛsɛ sɛ wudi w’awofo ni. Mma wo werɛ mmfi sɛ wo kunu anaa wo yere nso wɔ agya ne ɛna a ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn. “Ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw.” Enti sɛ wo yere anaa wo kunu ka kɔ n’abusuafo ho a, ɛmma no nyɛ wo yaw.​—1 Korintofo 13:4; Galatifo 5:26.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Nhããhãã w’ani nkeka nsɛm bi te sɛ, “W’abusuafo mfa me nyɛ hwee” anaa “Biribiara a mɛyɛ no, wo maame ani nsɔ”

  • Bɔ mmɔden hwɛ sɛ wubehu nea enti a wo kunu anaa wo yere ka kɔ n’awofo ho no anaa

2 FA WO NAN SI FAM

NEA BIBLE NO KA: “Ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔfam ne yere ho na wɔayɛ ɔhonam koro.” (Genesis 2:24) Sɛ woware a, ebia w’awofo adwene bɛyɛ wɔn sɛ woda so ara hyɛ wɔn ase, enti anhwɛ a wɔde wɔn ho bɛhyehyɛ w’awaresɛm mu.

Enti wo ne wo yere anaa wo kunu ntena ase nhwɛ nea mopɛ sɛ mo awofo yɛ ne nea mompɛ sɛ wɔyɛ, na mo ne wɔn nka ho asɛm bɔkɔɔ. Momma biribiara mu nna hɔ pefee, nanso monhwɛ na moammu wɔn animtiaa. (Mmebusɛm 15:1) Ahobrɛase, odwo, ne abodwokyɛre bɛboa ma mo ne abusuafo ntam ayɛ kama na moakɔ so ‘atena ɔdɔ mu.’​—Efesofo 4:2.

Obi ne ne yere resusuw asɛm bi ho; wɔakɔkyɛ wɔn awofo ade

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Sɛ abusuafo de wɔn ho gyigye mo nsɛm mu na w’ani nnye ho a, pɛ bere pa na wo ne wo yere anaa wo kunu nka ho asɛm asomdwoe mu

  • Sɛ moresusuw nsɛm a ɛte saa ho a, monhwɛ sɛ mo adwene behyia

BƆ MMƆDEN TE WƆN ASE

Sɛ wote w’awofo ase na wuhu nea enti a wɔpɛ sɛ wohu w’aware mu nsɛm a, ɛbɛboa paa. W’awofo de wɔn ho hyehyɛ mo awaresɛm mu a, adwemmɔne biara nni akyi. Wodwen mo ho ntia. Sɛ w’awofo da dwen ho paa sɛ woate wo ho na wonhyɛ wɔn ase bio a, ɛyɛ den sɛ wɔbɛte ase. Ɛbɛyɛ wɔn sɛ wopɛ sɛ wo ne wɔn twa abusua mu. Wode Bible afotu yɛ adwuma na wo ne wo hokafo ne w’awofo susuw nsɛm ho a, ɛbɛma woadi w’awofo ni a worentoto w’aware ase.

BISA WO HO SƐ . . .

  • Adɛn nti na m’awofo pɛ sɛ wohu nea ɛrekɔ so wɔ m’aware mu?

  • Mɛyɛ dɛn adi m’awofo ni, na bere koro no ara makyerɛ sɛ me hokafo ne obi a ne ho hia me paa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena