Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 4 kr. 16-kr. 17 nky. 2
  • Abufuw Maa Obi Kum Nipa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abufuw Maa Obi Kum Nipa
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anuanom A Na Ɛsono Wɔn Mu Biara Suban
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Ɔba Pa, ne Ɔba Bɔne
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Afɔrebɔ A Ɛsɔ Ani A Yɛde Bɛma Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 4 kr. 16-kr. 17 nky. 2
Afɔre a Habel rebɔ no ama Kain bo afuw

ADESUA 4

Abufuw Maa Obi Kum Nipa

Bere a Adam ne Hawa fii Eden turom hɔ no, akyiri yi, wɔwoo mma bebree. Wɔn ba a odi kan no, yɛfrɛ no Kain. Nea ɔto so mmienu no nso de Habel. Ná Habel hwɛ nguan, ɛnna Kain nso yɛ afuw.

Da koro bi, Kain ne Habel bɔɔ afɔre maa Yehowa. Yɛka afɔre a, wunim ade ko? Ɛyɛ ade a obi de kyɛ Onyankopɔn. Yehowa ani sɔɔ Habel afɔre no, nanso Kain afɔre no de, Yehowa ani ansɔ. Ɛmaa Kain bo fuwii paa. Yehowa ka kyerɛɛ Kain sɛ abufuw no betumi ama wayɛ bɔne. Nanso Kain antie.

Mmom, Kain ka kyerɛɛ Habel sɛ: ‘Kogya me afuw mu.’ Bere a wɔn nko ara wɔ wuram hɔ no, Kain tow hyɛɛ ne nua no so kum no. Dɛn na Yehowa yɛe? Yehowa twee Kain aso; ɔpamoo no fii n’abusuafo nkyɛn kɔɔ akyirikyiri asaase so. Kain annya kwan amma n’akyi bio.

Kain rebɛn Habel wɔ afuw mu

Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm no mu? Sɛ nneɛma ankɔ sɛnea yɛpɛ a, yɛn bo betumi afuw. Nanso sɛ yehu sɛ abufuw no reyɛ kɛse, anaa obi hu na otu yɛn fo sɛ yennyae a, ɛsɛ sɛ yegyae ntɛm na yɛankɔyɛ bɔne.

Ná Habel dɔ Yehowa. Habel yɛɛ adepa, enti Yehowa bɛkae no daa. Sɛ Onyankopɔn yɛ asaase paradise a, obenyan Habel ama wabɛtena ase bio.

“Di kan ne wo nua no nkosiesie mo ntam; afei san bra na bɛbɔ w’afɔre.”—Mateo 5:24

Nsɛmmisa: Adam ne Hawa mma mmienu a wɔdi kan no, na yɛfrɛ wɔn sɛn? Adɛn nti na Kain kum ne nua?

Genesis 4:1-12; Hebrifo 11:4; 1 Yohane 3:11, 12

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena