-
Ɔhaw A Ɛma Yenya AnidasoƆwɛn-Aban—2011 | July 1
-
-
Ɔhaw A Ɛma Yenya Anidaso
“Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.”—2 TIMOTEO 3:1.
SO WOATE—anaasɛ woahu—sɛ awerɛhosɛm bi a ɛte sɛ nea edidi so yi asi pɛn?
● Owuyare bi akunkum nnipa pii.
● Aduankɔm akunkum nnipa ɔpepem pii.
● Asasewosow akunkum nnipa ɔpepem pii, na asan asɛe nnipa pii afie.
Wɔ kratafa ahorow a edidi so yi mu no, wobɛkenkan aniberesɛm a ɛtete saa ho asɛm. Wobɛsan ahu sɛ, Bible no kaa nea ebesisi wɔ bere a wɔfrɛ no “nna a edi akyiri” no ho asɛm too hɔ.a
Nanso ɛnyɛ nsɛm yi atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma woagye atom sɛ yɛte wiase bɔne mu. Ɛda adi sɛ woankasa wunim saa nokwasɛm yi. Mmom wɔasiesie nsɛm yi sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya anidaso. Ɛbɛma yɛahu sɛ nkɔmhyɛ ahorow asia yi a anya ne mammu no kyerɛ sɛ ɛrenkyɛ, “nna a edi akyiri” no bɛba awiei. Yebesusuw nsɛm a nkurɔfo ka de bɔ adanse yi gu, ne nea enti a yebetumi agye adi sɛ bere pa da yɛn anim no ho wɔ nsɛm a edidi so yi mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a Onyankopɔn ama tebea bɔne yi ho kwan a, hwɛ asɛm “Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Bɔne ne Amanehunu Kɔ So?” a ɛwɔ kratafa 16 kosi 17 no mu.
-
-
Nkɔmhyɛ 1. AsasewosowƆwɛn-Aban—2011 | July 1
-
-
Nkɔmhyɛ 1. Asasewosow
“Asasewosow akɛse bɛba.”—LUKA 21:11.
● Woyii Winnie a wadi bɛyɛ afe ne fã no fii afabo mu wɔ Haiti. TV adwumakuw bi mufo a na wɔde asiane a asi no ho amanneɛbɔ rema no tee sɛ ɔrepene wɔ afabo no mu. Onyaa ne ti didii mu, nanso n’awofo de, wowui.
DƐN NA ADANSE AHOROW NO MA YEHU? Bere a asasewosow a ano yɛ den paa sii wɔ Haiti wɔ January 2010 mu no, wɔkyerɛ sɛ nnipa bɛboro 300,000 na wɔhweree wɔn nkwa. Nnipa afoforo bɛyɛ ɔpepem 1.3 nso afie sɛee prɛko pɛ. Ɛwom sɛ asasewosow a esii wɔ Haiti no ano ɛyɛ den de, nanso ɛnyɛ Haiti nkutoo na ebi asi saa pɛn. Anyɛ yiye koraa no, wɔ April 2009 ne April 2010 ntam no, asasewosow akɛse bɛyɛ 18 na esisii wɔ wiase nyinaa.
NSƐM BƐN NA NKURƆFO TAA DE YI WƆN HO ANO? Ɛnyɛ asasewosow pii na ɛresisi; na mmom mfiridwuma a anya nkɔanim nti na ɛma yɛte ho nsɛm pii sen tetefo no.
SO ƐTƆ ASOM? Susuw nokwasɛm yi ho hwɛ: Bible no nka asasewosow dodow a ɛbɛba awiei mmere no mu ho asɛm. Nanso, ɛka sɛ “asasewosow akɛse” bɛba “mmeaemmeae,” na eyi ka nneɛma a ɛma yehu sɛ yɛte bere a ɛho hia wɔ abakɔsɛm mu no mu.—Marko 13:8; Luka 21:11.
WUSUSUW HO DƐN? So worehu asasewosow akɛse sɛnea Bible hyɛɛ ho nkɔm no?
Ɛnyɛ asasewosow nkutoo na ɛma yehu sɛ yɛte nna a edi akyiri no mu. Nkɔmhyɛ afoforo nso renya mmamu nnɛ. Ma yensusuw nea ɛto so abien no ho.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]
“Yɛn a yɛyɛ asase ho animdefo frɛ no asasewosow akɛse. Na nnipa a aka no nso frɛ no asasewosow a eye hu.”—KEN HUDNUT, U.S. ASOƐE A ƐHWƐ ASASE HO NSƐM SO.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 4]
© William Daniels/Panos Pictures
-
-
Nkɔmhyɛ 2. AduankɔmƆwɛn-Aban—2011 | July 1
-
-
Nkɔmhyɛ 2. Aduankɔm
“Aduankɔm bɛba.”—MARKO 13:8.
● Owura bi kɔbɔɔ ne ho aguaa wɔ akuraa bi ase wɔ Quaratadji a ɛwɔ Niger. Esiane ɔkɔm no nti, ne maame nua mma, ne nuabarimanom, ne ne nuabeanom nso fi akyirikyiri guan baa saa kuro no so. Nanso, na saa ɔbarima yi nkutoo da kɛtɛ so wɔ fam. Dɛn nti na aka ne nkutoo? Sidi a ɔyɛ akuraa no ase hɔ hene no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “ɔbarima yi nni nea ɔne n’abusua bedi ma enti ontumi nhwɛ wɔn anim mpo.”
DƐN NA ADANSE AHOROW NO MA YEHU? Wɔ wiase nyinaa no, sɛ woyi nnipa 7 biara si hɔ a, wɔn mu 1 nnya aduan a obedi ma aso no da koro. Wɔ Afrika Sahara anafo fam no, tebea no nye koraa. Nnipa 3 mu 1 na bere nyinaa wonnya aduan a wobedi. Bere a saa akontaabu yi wɔ w’adwenem no, susuw abusua bi a agya, ɛna, ne abofra kumaa wom no ho hwɛ. Sɛ aduan a wɔwɔ no bɛso wɔn mu baanu pɛ a, ɛnde wɔn mu hena na ɔbɛda kɔm? Agya no? ɛna no? anaa abofra kumaa no? Eyi ne gyinae a ɛsɛ sɛ mmusua a wɔte saa no sisi da biara da.
NSƐM BƐN NA NKURƆFO TAA DE YI WƆN HO ANO? Asase no ma nnɔbae a ebetumi aso obiara. Nea ehia ara ne sɛ nnipa de asase so nneɛma bedi dwuma yiye.
SO ƐTƆ ASOM? Nokwarem no, bere biara nni hɔ a akuafo atumi atwa nnɔbae de akɔ mmeae ahorow wɔ abakɔsɛm mu sen saa bere yi. Ɛsɛ sɛ anka aban ahorow no tumi yɛ aduan a wonya fi asase mu no ho nhyehyɛe pa de tu ɔkɔm ase. Nanso bere tenten a wɔde abɔ mmɔden sɛ wobetu ɔkɔm ase no nkosii hwee.
WUSUSUW HO DƐN? So asɛm a ɛwɔ Marko 13:8 no renya ne mmamu? Ɛmfa ho sɛ woanya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu no, so aduankɔm da so ara yɛ nnipa pii haw wɔ wiase nyinaa?
Mpɛn pii no, asasewosow ne aduankɔm di kan sisi ansa na ɔhaw ahorow a efi nna a edi akyiri ho sɛnkyerɛnne ahorow a aka no atoa so.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
“Sɛ mmofra a wonya mpafe, ayamtu, ne nyarewa ahorow no mu nkyekyɛm abiɛsa nyaa aduan pa dii a, anka worenwu.”—ANN M. VENEMAN, A KAN NA ƆDA AMANAMAN NKABOM MMOFRA FOTO NO ANO.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 5]
© Paul Lowe/Panos Pictures
-
-
Nkɔmhyɛ 3. ƆyareƆwɛn-Aban—2011 | July 1
-
-
Nkɔmhyɛ 3. Ɔyare
“Yare bɔne bɛbɔ . . . nnipa pii.”—LUKA 21:11, Contemporary English Version.
● Bonzali a ɔyɛ apɔwmuden dwumayɛni bi a ɔwɔ Afrika man a ɔko asɛe hɔ no yɛɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛhwɛ ne kuromfo bi a wotu agude wɔ asase ase a na Marburg yare rekunkum wɔn no.a Ná wɔato mpanyimfo a wɔwɔ kuro kɛse mu no nkra sɛ wɔmmra mmɛboa no, nanso wannya mmuae biara. Asram anan akyi no, mpanyimfo no bae sɛ wɔrebɛboa no, nanso na Bonzali awu. Onyaa Marburg yare no bi fii adwumayɛfo a ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsa wɔn yare no hɔ.
DƐN NA ADANSE AHOROW NO MA YEHU? Yare bi te sɛ mpafe, ayamtu, HIV/AIDS, nsamanwaw, ne atiridiinini ka nyarewa a ɛyɛ hu a ɛhaw adesamma no ho. Nnansa yi, nyarewa ahorow anum a yɛabobɔ din yi akunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 10.7. Wɔ ɔkwan foforo so no, anibu abiɛsa biara mu no, yare no kum onipa biako.
NSƐM BƐN NA NKURƆFO TAA DE YI WƆN HO ANO? Nnipa dodow a wɔwɔ wiase no dɔ ara na ɛredɔɔso, enti na yehu nyarewa pii no. Na ebetumi asan nnipa pii.
SO ƐTƆ ASOM? Nnipa adɔɔso wɔ wiase paa. Saa ara nso na nnipa anya nkɔanim wɔ sɛnea wotumi hu yare, wɔsɔw ano, na wɔsa mu. Ɛnde sɛnea ntease wom no, so ɛnsɛ sɛ nyarewa a ɛrehaw adesamma no so tew koraa? Nanso, ade foforo koraa na yehu.
WUSUSUW HO DƐN? So yare bɔne rehaw nnipa sɛnea Bible hyɛɛ nkɔm no?
Asasewosow, aduankɔm, ne nyarewa nyɛ nnipa na mmom ɛyɛ tebea a ɛhaw nnipa ɔpepem pii. Nnipa dodow no ara hu amane wɔ wɔn mfɛfo nsam—wɔn mu pii wɔ hɔ a, wɔn a ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn ho ban no mmom na edi wɔn awu. Hyɛ nea Bible nkɔmhyɛ ka sɛ ebesi no nsow.
[Ase hɔ asɛm]
a Marburg yɛ yare bi a ɛte sɛ Ebola.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
“Ɛyɛ hu sɛ gyata anaa biribi foforo bedi wo nam, nanso saa ara na ɛte bere a aboawa bi a ne ho yɛ hu hyɛ wo mu na odi wo nam na wuhu sɛ nnipa a wɔatwa wo ho ahyia nso rehu amane saa ara no.”—NSANYARE HO ƆBENFO MICHAEL OSTERHOLM.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 6]
© William Daniels/Panos Pictures
-
-
Nkɔmhyɛ 4. Nnipa A Wonni TemaƆwɛn-Aban—2011 | July 1
-
-
Nkɔmhyɛ 4. Nnipa A Wonni Tema
“Nnipa rennya . . . tema mma wɔn mmusua.”—2 TIMOTEO 3:1-3, God’s Word Bible.
● Chris yɛ adwuma ma kuw bi a wɔboa wɔn a wɔyɛ wɔn basabasa wɔ afie mu wɔ North Wales. Chris ka sɛ, “Mekae awuraa bi a ɔbaa m’adwumam a minim no, na bere a ɔbae no na wɔahwe no araa ma mantumi anhu no. Mmea binom ahaw araa ma wontumi mpagyaw wɔn ti mpo na wɔahwɛ w’anim.”
DƐN NA ADANSE AHOROW NO MA YEHU? Wɔ Afrika man bi so no, wɔto mmea bɛyɛ 3 biara mu 1 mmonnaa wɔ ne mmofraase. Nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ saa ɔman no mu ma ɛbɛdaa adi sɛ, mmarima 3 biara mu 1 susuw sɛ mfomso nni ho sɛ wɔbɛhwe wɔn yerenom. Nanso, ɛnnyɛ mmea nko na wɔyɛ wɔn basabasa wɔ afie mu. Wɔ Canada sɛ nhwɛso no, ɛrekame ayɛ sɛ, mmarima 10 biara mu 3 ahokafo hwe wɔn anaa wɔyɛ wɔn basabasa.
NSƐM BƐN NA NKURƆFO TAA DE YI WƆN HO ANO? Wɔyɛ nkurɔfo basabasa wɔ afie mu daa. Nanso afei na adwene aba so.
SO ƐTƆ ASOM? Nnansa yi na wɔaka basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ afie mu ho nsɛm pii. Nanso, so ka a wɔka ho nsɛm pii no ama ɛso atew? Dabi, ɛnte saa koraa. Wɔnna tema adi wɔ mmeae pii.
WUSUSUW HO DƐN? So 2 Timoteo 3:1-3 renya mmamu? So nnipa pii ntumi nna tema a anka ɛsɛ sɛ wofi wɔn pɛ mu da no adi kyerɛ wɔn mmusua no?
Nkɔmhyɛ a ɛto so anum yi a wuhu sɛ ɛrenya mmamu no fa yɛn fie, asase yi ho. Susuw nea Bible ka fa asɛm yi ho hwɛ.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]
“Wɔka sɛ basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ afie mu no yɛ bɔne a wodi wɔ nnipa asetena mu a wɔntaa mmɔ ho amanneɛ koraa. Sɛ yɛkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ansa na ɔbea bi bɛbɔ polisifo amanneɛ sɛ ne hokafo ahwe no no, na wɔahwe no bɛyɛ mpɛn 35 dedaw.”—WALES ADWUMAKUW BI A WƆBOA WƆN A WƆYƐ WƆN BASABASA WƆ AFIE MU NO KASAMAFO.
-
-
Nkɔmhyɛ 5. Wɔresɛe Asase NoƆwɛn-Aban—2011 | July 1
-
-
Nkɔmhyɛ 5. Wɔresɛe Asase No
‘[Onyankopɔn bɛsɛe] wɔn a wɔresɛe asase no.’—ADIYISƐM 11:18.
● Owura Pirri twa abɛ wɔ Kpor a ɛwɔ Nigeria. Fango pii a ehwie guu Niger Asubɔnten no mu no sɛee n’adwuma. Ɔka sɛ, “Akunkum yɛn mpataa, asɛe yɛn honam ani, na asɛe yɛn asuten nso. Seesei minni nea mede bɛhwe me ho.”
DƐN NA ADANSE AHOROW NO MA YEHU? Animdefo bi ka sɛ, afe biara, nwura pii a emu duru bɛyɛ tɔn ɔpepem 6.5 na ɛtene kɔ po mu. Wobu akontaa sɛ nwura no mu fã yɛ rɔba a ebegye mfe pii ansa na aporɔw. Asase a wɔresɛe no akyi no, nnipa de anibere refom asase so nneɛma. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, egye bɛyɛ afe ne fã ansa na asase atumi asiesie ne ho. Australia atesɛm krataa bi a wɔfrɛ no Sydney Morning Herald bɔ amanneɛ sɛ, “Sɛ nnipa kɔ so dɔɔso na wɔkɔ so fom asase so nneɛma saa a, yebehia asase biako aka nea yɛte so yi ho wɔ afe 2035 mu.”
NSƐM BƐN NA NKURƆFO TAA DE YI WƆN HO ANO? Nnipa tumi siesie nneɛma. Yebetumi asiw ɔhaw ahorow yi kwan de abɔ asase no ho ban.
SO ƐTƆ ASOM? Nkurɔfo pii a wɔyɛ adwumaden ne akuw ahorow atwe adwene asi nneɛma a ɛrekɔ so wɔ asase yi so so. Nanso, wɔda so ara resɛe asase so nneɛma pii.
WUSUSUW HO DƐN? So ɛho hia sɛ Onyankopɔn de ne ho gye nsɛm mu de siesie asase a wɔresɛe no no—sɛnea wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ no?
Nkɔmhyɛ ahorow anum a yɛasusuw ho akyi no, Bible no kaa nneɛma pa a ɛbɛkɔ so wɔ nna a edi akyiri mu no nso ho asɛm siei. Susuw nhwɛso biako ho hwɛ wɔ nkɔmhyɛ a ɛto so asia no mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]
“Mete nka sɛ mede paradise a mewɔ no akɔsesa sumina a awuduru ahyɛ so ma.”—ERIN TAMBER, ƆTE GULF COAST, UNITED STATES. NÁ ƆREKA ƆHAW A EFII FANGO A EHWIE GUU PO MU WƆ MEXICO WƆ AFE 2010 MU NO HO ASƐM.
[Adaka wɔ kratafa 8]
So Efi Onyankopɔn?
So yebetumi abɔ Onyankopɔn sobo sɛ tebea bɔne a ɛwɔ hɔ nnɛ no fi no esiane sɛ ɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Bible mu no nti? So ɔno na ɔma yehu amane? Wubetumi anya nsɛmmisa yi ho mmuae a ɛka koma wɔ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no ti 11.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 8]
U.S. Coast Guard photo
-
-
Nkɔmhyɛ 6. Wiase Nyinaa Asɛnka AdwumaƆwɛn-Aban—2011 | July 1
-
-
Nkɔmhyɛ 6. Wiase Nyinaa Asɛnka Adwuma
“Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse.”—MATEO 24:14.
● Vaiatea te kurow bi a atew ne ho wɔ Pacific supɔw bi a ɛwɔ Tuamotu Nsupɔw no so. Ɛwom sɛ nsupɔw bɛyɛ 80 na atwa Tuamotu ho ahyia de, nanso nnipa bɛyɛ 16,000 pɛ na wɔte beae a ne kɛse bɛyɛ akwansin 310,000 no. Ne nyinaa akyi no, Yehowa Adansefo akodi Vaiatea ne nkurow a ɛbemmɛn hɔ no mufo adanse. Dɛn ntia? Efisɛ Adansefo no pɛ sɛ wɔka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa kyerɛ nnipa nyinaa—ɛmfa ho baabi a wɔte.
DƐN NA ADANSE AHOROW NO MA YEHU? Ahenni ho asɛm no adu wiase afanan nyinaa. Wɔ afe 2010 nkutoo mu no, Yehowa Adansefo de nnɔnhwerew bɛboro ɔpepepem 1.6 na ɛkaa asɛmpa no wɔ nsase 236 so. Sɛ yɛkyekyem pɛpɛɛpɛ a, Ɔdansefo biara de simma 30 ka asɛm no da biara da. Bɛboro mfe du a atwam ni no, wɔayɛ Bible-adesua nhoma, na wɔakyekyɛ bɛboro ɔpepepem 20.
NSƐM BƐN NA NKURƆFO TAA DE YI WƆN HO ANO? Wɔde mfe mpempem pii na aka Bible mu asɛm.
SO ƐTƆ ASOM? Nokwarem no, nnipa pii na aka Bible mu asɛm. Nanso, pii de nna kakraa bi na aka asɛm no wɔ beae ketewaa bi. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Yehowa Adansefo rebɔ asɛm no ho dawuru ama nnipa ɔpepem pii ate wɔ wiase nyinaa. Yehowa Adansefo akɔ so akura wɔn asɛnka adwuma no mu denneennen ɛmfa ho sɛ atumfoɔ ne ahyehyɛde ahorow a wɔn tirim yɛ den de ɔsɔretia a ano yɛ den aba wɔn so no.a (Marko 13:13) Bio nso, wontua Yehowa Adansefo ka wɔ asɛm a wɔka no ho. Mmom, wotu wɔn ho ma de wɔn bere yɛ adwuma, na wɔde wɔn nhoma no nso ma kwa. Wofi wɔn pɛ mu yi ntoboa de tua adwuma a wɔyɛ no ho ka.
WUSUSUW HO DƐN? So wɔreka “ahenni ho asɛmpa” no wɔ wiase nyinaa? So nkɔmhyɛ yi a ɛrenya mmamu no kyerɛ sɛ bere pa bi da yɛn anim?
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ video ahorow abiɛsa yi, “Faithful Under Trials,” “Purple Triangles,” ne “Jehovah’s Witnesses Stand Firm Against Nazi Assault” a Yehowa Adansefo de ma afoforo no.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]
“Bere tenten a Yehowa ma ho kwan no, yɛbɛkɔ so de nsi ayɛ nea yebetumi biara akɔ nkurɔfo nkyɛn akɔka Ahenni no ho asɛmpa akyerɛ wɔn.”—2010 YEARBOOK OF JEHOVAH’S WITNESSES.
-
-
Bere Pa Da Yɛn Anim!Ɔwɛn-Aban—2011 | July 1
-
-
Bere Pa Da Yɛn Anim!
“Aka kakraa bi na ɔdebɔneyɛfo nni hɔ bio, na wohwehwɛ ne tenabea a, na onni hɔ . . . Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—DWOM 37:10, 11.
W’ANI begye sɛ wubehu nkɔmhyɛ a yɛaka ho asɛm yi mmamu? Akyinnye biara nni ho sɛ w’ani begye ho. Adanse a edi mũ wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ, ɛbɛba mu.
Nsɛm a yɛadi kan asusuw ho no aka Bible nkɔmhyɛ ahorow bi a ɛma yehu pefee sɛ yɛte “nna a edi akyiri” no mu ho asɛm. (2 Timoteo 3:1-5) Onyankopɔn de ne honhom na ɛkaa Bible akyerɛwfo no ma wɔkaa nsɛm yi too hɔ, na ama yɛanya anidaso. (Romafo 15:4) Nkɔmhyɛ ahorow a ɛrenya mmamu no kyerɛ sɛ ɛrenkyɛ, ɔhaw ahorow a yɛrehyia seesei no bɛba awiei.
Dɛn na ebedi awiei bere no akyi aba? Onyankopɔn Ahenni bedi adesamma nyinaa so. (Mateo 6:9) Susuw nea Bible ka sɛ ɛbɛkɔ so wɔ asase so saa bere no ho hwɛ:
● Aduankɔm befi hɔ. “Asase no so nnɔbae bɛdɔɔso; ebebu so akodu mmepɔw atifi.”—Dwom 72:16.
● Yare befi hɔ. “Ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’”—Yesaia 33:24.
● Asase no bɛyɛ foforo. “Sare ne asase kesee ani begye, na asase pradada bedi ahurusi na apae sɛ nhwiren.”—Yesaia 35:1.
Eyi yɛ Bible mu nkɔmhyɛ a ɛhyɛ nkuran a ɛrenkyɛ ɛbɛbam no kakraa bi. Dɛn nti na wummisa Yehowa Adansefo mma wɔnkyerɛ wo nea enti a wogye di paa sɛ bere pa da yɛn anim no?—w11-E 05/1.
-