Mmofra Bisa Sɛ
Dɛn na Ɛma Apontow Bi Yɛ Anigye Ankasa?
Fa ✔ to dwumadi bi a wohwɛ kwan paa wɔ apontow bi ase ho wɔ ase hɔ.
○ adidi
○ asaw
○ agodi ahorow
○ nnamfo foforo a wubenya
○ nnamfo dedaw a wubehyia wɔn
○ biribi foforo ․․․․․
MMABUN pii ani gye ho sɛ wɔbɛbɔ fekuw, na mfomso biara nni ho. Bible no mpo ka apontow ho asɛm pa.
So ná wunim?
● Ná Hiob mmabarima no tow pon.—Hiob 1:4.
● Yesu kɔɔ ayeforohyia bi ase.—Yohane 2:1-11.
● Kristofo a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu ne afoforo nyaa fekubɔ wɔ wɔn afie mu.—Asomafo Nnwuma 2:46, 47.
Akyinnye biara nni ho sɛ wo nnamfo a wo ne wɔn bɛbɔ fekuw yɛ anigye. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, nea efi apontow bi mu ba no nyɛ anigye.
ASƐM A ESII ANKASA “Wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmra apontow bi a obiara tumi kɔ bi a na wɔbɛyɛ wɔ aberante bi a n’awofo atu kwan fie. Misii gyinae sɛ merenkɔ, na ɛyɛ me anigye sɛ meyɛɛ saa! Adekyee no, metee sɛ nnipa pii nom mmosa wɔ ase ma ebinom bowee. Mmerante baasa mpo de, ade tɔɔ wɔn so. Ntɔkwaw mpo sii hɔ maa polisifo ba bɛpam obiara.”—Janelle.
ASUADE Yɛ ɛho nhyehyɛe nyinaa yiye! Sɛ́ ebia woretow pon anaa wɔato nsa afrɛ wo no, hwɛ sɛ wubenya nsɛmmisa a ɛwɔ kratafa a edi hɔ no ho mmuae anaa. Saa kwan no so no, sɛ apontow no ba awiei a, bere biara a wobɛkae no, w’ani begye paa—wo werɛ renhow wɔ biribiara ho.
NEA ƐBOAA EBINOM
“Bere a m’adamfo too pon bi no, ná ne maame nim baabiara a obiara wɔ. Mekɔɔ kar no ho mpo sɛ merekɔfa m’atade nguguso no, obisaa me baabi a merekɔ. So na ɔreyɛ ade ama atra so? Ebia ɛte saa. Nanso, mamma anhaw me efisɛ mihui sɛ eye sɛ menya ahobammɔ sen sɛ mɛkɔ ɔhaw bi mu na akyiri yi manu me ho.”—Kim.
“Makɔ apontow pii a biribiara kɔɔ so yiye ase, na misusuw sɛ nea ɛma ɛbaa saa ne sɛ, na nnipa ahorow a ɛsono mfe a wɔadi wɔ hɔ bi. Nea ɛka ho no, wɔn a wɔretow pon no yɛɛ agodi a ɛyɛ anigye ho nhyehyɛe, enti amma obiara anantenantew kwa a na onya biribi nnyigye n’ani.”—Andrea.
Wubetumi ahu “Mmofra Bisa Sɛ” ho nsɛm a ɛba bere nyinaa no wɔ intanɛt so wɔ www.watchtower.org/ype
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 27, 28]
“Nnipa bi wɔ hɔ a wɔyɛ nnamfo pa, na ebinom nso wɔ hɔ a wɔyɛ ‘nyaatwom.’ Sɛ apontow bi bɛkɔ yiye a, nea ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne sɛ wobɛhwɛ apaw nnipa a wɔfata.”
“Makɔ apontow ahorow a biribiara kɔɔ yiye wɔ ase a wɔhwɛ ma wɔde mmara yɛɛ adwuma ma enti esiw ɔhaw biara a anka ebetumi asɔre ano. Ɛmaa apontow no ase yɛɛ anika ne anigye pii.”
[Mfonini]
Nicole
Andrew
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 27]
● Ɛhefo na wɔbɛba bi, na nnipa dodow ahe na wɔbɛba?
“Misusuw sɛ ɛsɛ sɛ woto nsa frɛ nnipa a wunim wɔn ankasa. Ɛnsɛ sɛ woto nsa frɛ obiara anaa woka kyerɛ wɔn a wɔbɛba no sɛ wɔmfa wɔn nnamfonom nso mmra.”—Renee.
“Sɛ woansusuw nnipa dodow a wobɛto nsa afrɛ wɔn no ho yiye a, nneɛma betumi agye nsam. Woto nsa frɛ nnipa 20, na wɔn nso to nsa frɛ nnipa 10, na nnipa 10 no nso to nsa frɛ afoforo . . . Mahu bi da!” —Colette.
“Ɛnyɛ den sɛ apontow a nnipa pii ba ase no begye nsam. Misusuw sɛ eye sɛ wobɛfrɛ nnipa kakraa bi.”—Alexis.
“Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no, ebewie no bɔne.”—MMEBUSƐM 13:20
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 27, 28]
● Dɛn na wohwɛ a ɛbɛkɔ so wɔ hɔ?
“Sɛ wo na woretow pon no na nneɛma bɔne kɔ so wɔ ase a, ɛmma afoforo nhu wo yiye”—Bridget.
“Sɛ woyɛ ahwɛyiye sɛnea ɛsɛ a, obiara ani begye wɔ apontow no ase. Ne nyinaa gyina nhumu a wode bedi dwuma no so.”—Seth.
ASƐM A ESII ANKASA “Mewɔ adamfo bi a waka akyerɛ me sɛ ɔrento nsa mfrɛ me mma n’apontow ase efisɛ onim sɛ m’awofo bebisa no nsɛm te sɛ, Henanom na wɔbɛba bi? Bere bɛn na mobɛpɔn? Ɔka sɛ ɔmpɛ sɛ obi de n’ani bedi n’akyi saa. Eyi kyerɛ sɛ asɛm wɔ ne ho! Sɛ n’ani nnye ho sɛ wobebisa no nsɛm afa n’apontow ho a, ɛnde minnye nni sɛ n’apontow yɛ nea mɛpɛ sɛ mekɔ bi!”—Ellen.
“Sɛ moredidi oo, morenom oo, moreyɛ biribi foforo biara oo, monyɛ ne nyinaa mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.”—1 KORINTOFO 10:31
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 27, 28]
● Sɛ w’ani nnye nneɛma a ɛrekɔ so no ho a, dɛn na wobɛyɛ?
“Mewɔ ɔkwan a mefa so de tetew me ho. Bere biara a mɛkɔ apontow bi ase no, mefrɛ m’awofo na meka bere a medu fie ho asɛm kyerɛ wɔn. Sɛ mefrɛ wɔn a, wobisa me sɛ biribiara rekɔ yiye anaa. Sɛ meka sɛ ɛnkɔ yiye a, ɛno yɛ sɛnkyerɛnne a wɔfa so de kae me nnwuma a ehia sɛ meyɛ wɔ fie nyinaa. Me ne wɔn kasa wɔ fon no so wie a, meka kyerɛ me nnamfo no sɛ m’awofo pɛ sɛ meba fie ntɛm, enti ɛsɛ sɛ mekɔ.”—Therese.
ASƐM A ESII ANKASA “Wɔ apontow bi ase no, mmarimaa baanu a wɔntoo nsa mfrɛɛ wɔn baa hɔ, ná wonim wɔn mu biako sɛ ɔnom nnubɔne. Ná ɛyɛ den ma me paa sɛ mesi gyinae, nanso mefrɛɛ me papa sɛ ɔmmɛfa me.”—Mary
“Onitefo ne nea ohu mmusu na ɔde ne ho hintaw, na ogyimfo de, ɔfa mu, na onya ho asotwe.”—MMEBUSƐM 22:3
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 28]
● Hena na ɔbɛhwɛ apontow no so?
“Sɛ nnipa a wɔn ho akokwaw wɔ hɔ a wɔbɛhwɛ ma biribiara akɔ yiye a, ebetumi aboa ma apontow no akɔ so fɛfɛɛfɛ.”—Mark.
“Kan no, sɛ m’awofo ka me ho wɔ apontow bi ase a, na mefɛre. Nanso seesei mahu sɛ sɛ wɔwɔ hɔ a, wɔhwɛ sɛnea ɛbɛyɛ a nneɛma rennye nsam. W’awofo a wɔwɔ hɔ bi no nkyerɛ sɛ morentumi nnye mo ani.”—Laura.
“Munkura ahonim pa mu.”—1 PETRO 3:16
[Adaka wɔ kratafa 28]
DƐN NTI NA WUMMISA W’AWOFO?
Bisa w’awofo ma wɔnka apontow ahorow a na wɔn ani gye ho bere a na wɔyɛ mmabun no ho asɛm nkyerɛ wo. Sɛ wɔrenya saa hokwan no bio a, dɛn na anka wɔbɛsesa wɔ pon bi a wɔtowee no ho anaa nea wɔtoo nsa frɛɛ wɔn ma wɔkɔɔ bi no ho?
WOREYƐ APONTOW BI HO NHYEHYƐE?
Ka ho asɛm kyerɛ w’awofo, na susuw nea edidi so yi ho yiye . . .
1. Wɔn a wobɛto nsa afrɛ wɔn
2. Nnipa dodow a wɔbɛba ase
3. Beae a wɔbɛtow pon no
4. Nea ɔbɛhwɛ apontow no so
5. Agodi a ɛbɛba ase—g11-E 12.
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 26]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
YƐTO NSA FRƐ WO!