So “Ankorankoro Som” ne Mmuae No?
BERE A NYAMESOM AHYEHYƐDE rehwere emu nnipadɔm no, ɛnyɛ nwonwa sɛ nkurɔfo pii bɛtew wɔn ankasa asɔre. Ɛnde nsɛmmisa a ɛsɔre no ne sɛ, So saa a obi bɛyɛ no betumi adi ne honhom fam ahiade ahorow ho dwuma? So “ankorankoro som” ne mmuae no?
Sɛ yebebua nsɛmmisa yi a, ɛsɛ sɛ yedi kan de akyɛde a ɛsen biara a nnipa wɔ no mu biako, yɛn ‘adwene tumi’ susuw ho hwɛ sɛ ebia ankorankoro som betumi ayɛ nea asɛm nni ho wɔ nhwehwɛmu a yɛbɛyɛ no mu.—Romafo 12:1.
Obi a osusuw nneɛma ho yiye po biribi a ɛbɔ ne ho abira. Nanso ankorankoro som ho nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ Sweden no daa no adi sɛ nkurɔfo a wɔntaa “nsusuw asɛm ho yiye (na wɔka nsɛm a ɛbɔ abira) taa ka asetra atirimpɔw ne adebɔ mu nyansapɛ ho nsɛm bom de yɛ wɔn ankasa nyansapɛ.”
Sɛ nhwɛso no, wɔn a wɔfrɛ wɔn ho sɛ “Kristofo wɔ wɔn ankasa ani so” no mu ɔha mu 2 pɛ na wɔka mpo sɛ Yesu yɛ abakɔsɛm mu nnipa. Nanso, wɔkaa gyidi a wɔwɔ wɔ obi a owu ma wɔsan wo no bio ho asɛm mpɛn pii. Enti entumi nyɛ yiye sɛ obi bɛfrɛ no ho sɛ Yesu Kristo kyidini na bere koro no ara wapo n’asetra ne ne nkyerɛkyerɛ—na mpo wagye nkyerɛkyerɛ a ɛne Kristo de bɔ abira koraa atoma
Yɛn adwene tumi no nso po nneɛma hunu a ntease nnim a wontumi nkyerɛkyerɛ mu. Nanso bere a wobisaa wɔn sɛ ebia wogye “Onyankopɔn anaa nyamesu bi di anaa” no, nnipa a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu dodow no ara buae sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ biribi a ɛte saa wɔ hɔ.” Wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu biako kae sɛ: “Migye tumi a ɛboro nnipa de so di nanso ɛnyɛ biribi a ɛwɔ Nyamesu.” Wɔn a na wogye Onyankopɔn di ampa no tee nka sɛ “onni wɔn asetra so tumi pii biara.” Enti amanneɛbɔ no kyerɛkyerɛɛ ankorankoro som mu sɛ “wiase nsusuwii basaa bi a emu nna hɔ,” na ɛka de wiei bere a ɛfaa nsɛm no mu biako a na obiara nim kae sɛ: “Migye biribi di nanso mintumi nhu dekode.”
Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ ankorankoro som ho wɔ Canada no daa biribi a ɛte saa ara adi. Nsɛmma nhoma Alberta Report ka sɛ: “Seesei ɛkame ayɛ sɛ yehu sɛnea gyidi no kɔ soro kodu wɔ biribiara a yetumi susuw ho mu, nanso aba anaa ntease papa biara nnim. Afei sɛ yɛbɔ mmɔden susuw dwuma pɔtee a ankorankoro gyidi yi di wɔ nkurɔfo asetram no ho a, yehu sɛ akwankyerɛ ankasa biara nni mu. Abrabɔ mu tumi biara nnim. Enti wɔn gyidi no nkosi hwee.” Nsɛmma nhoma no ka “anyame a wɔakyekyɛ wɔn mu nketenkete” ho asɛm efisɛ wɔn a wokura saa gyidi no “boaboaa gyidi ahorow a ɛte saa ano nkakrankakra fii atetesɛm gyidikasɛm mu.” So wususuw sɛ eyi yɛ ntease pa a wɔde nyamesom gyidi gyina so—na mpo wɔde nya daakye ho anidaso—wɔ nsusuwii hunu a emu nna hɔ yi ho?
Hia a Yehia Fekubɔ
Nyamesom mu gyidifo fi bere tenten na akyerɛ fekubɔ, onuayɛ, ne biakoyɛ ho anisɔ. (Asomafo no Nnwuma 2:42, 46) Nanso esiane sɛ ankorankoro som—gyina onipa biako so nti—ɔkwan bɛn so na ebetumi adi saa ahiade yi ho dwuma?
So ɛnyɛ ankorankoro som a “ɛsono obiara ne n’asɔre” no na ɛkabom yɛ nyamesom ahorow a nkurɔfo wom no? Alberta Report ka sɛ: “Seesei nyamesom abɛyɛ ankorankoro nsusuwii . . . , ma enti ɛnyɛ sɛ yɛabɛyɛ ɔman a yɛwɔ gyidikasɛm ɔhaha bi nko na mmom ɔpepem bi nso.” Ɛnde na ɛnyɛ nwonwa mpo sɛ wɔka ankorankoro som ho asɛm sɛ honhon fam basabasayɛ no.
Na Gyinapɛn Ahorow Nso ɛ?
Sweden Sɔfo Panyin Martin Lönnebo twe adwene si nsɛm a atesɛm krataa Svenska Dagbladet bisabisae so sɛ “ankorankoro som ntumi mfaa nneɛma pa biara mmae wɔ yɛn bere yi mu, na ɛyɛ den sɛ wɔbɛma nkyirimma anya gyinabea ahorow yi bi.” Ɔkwan bi so no, nsusuwii yi si su a Swedenfo awofo wɔ wɔ ɔkwan a wɔfa so tete wɔn mma ho no so dua. Svenska Dagbladet bɔ su yi mua ɔkwan yi so sɛ: “Gye nea wopɛ di! Na nhyɛ wo mma mma wonnsi ho gyinae. Na sɛ wonyin sɛnea ɛsɛ a, ma wɔmpaw nea wɔpɛ.”
Atesɛm krataa no ka sɛ wobetumi abu nyamesom gyinapɛn ahorow ho ntetee a wɔde ma mmofra no sɛ gyidi a wɔde hyɛ wɔn so. Nanso krataa no de baa awiei sɛ: “Nyamesom gyinapɛn a wɔde ma mmofra no betumi ayɛ biribi a mfaso wɔ so na ebia ɛno ne ade koro pɛ a ɛwɔ hɔ ma wɔn . . . a wɔn ankasa betumi asi ho gyinae.” Nokwarem no, tebea a mmabun wom seesei da no adi sɛ ankorankoro som nyɛɛ biribi pa biara mfa nkaa mmusua ahorow mmɔɔ mu wɔ gyinapɛn a emu yɛ den a wobetumi de afi awo ntoatoaso biako so akosi foforo so no mu.
Enti ɛda adi sɛ ankorankoro som ntumi mfa mmuae a ahotoso wom wɔ asetra mu nsɛmmisa ho mma, anaa entumi nka nnipa mmom anaa ɛrentumi nni hia a adesamma hia abrabɔ ho akwankyerɛ no ho dwuma. Asɛm a ɛwɔ Svenska Dagbladet mu a yɛadi kan afa mu asɛm aka no ka eyi fa ankorankoro som ho sɛ: “Sɛ nea wɔfrɛ no ‘gyidi’ fa biribiara ho a, ɛnde na mfaso biara nni so. Na sɛ ɛho nhia sɛ wɔkyerɛkyerɛ ahofadi mu a, na ɛnyɛ ahofadi.”
Ɛda adi sɛ wɔ akwan pii so no, ankorankoro som ntumi nnii nkurɔfo honhom fam ahiade ho dwuma. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na obi betumi ahwɛ kwan sɛ wobedi ne honhom fam ahiade ho dwuma denam gyidi a oyiyi fi atetesɛm ahorow mu so, te sɛ nea obi refa aduan a ɛyɛ akɔnnɔ wɔ ɔpon a wɔde aduan asisi so a obiara tumi fa nea ɔpɛ so no? Ɛyɛ ampa nso sɛ nyamesom ahyehyɛde adi nkogu wɔ ahiade a ɛte saa ho dwumadi mu. Ɛnde, na ɛhe na yebetumi adan akɔ?
[Ase hɔ asɛm]
a Yesu ankyerɛkyerɛ sɛ sɛ obi wu a wɔsan wo no bio. Mmom no, ɔkyerɛkyerɛe sɛ awufo ada wɔ owu mu a wonnim biribiara, na wɔretwɛn daakye owusɔre.—Yohane 5:28, 29; 11:11-14.
[Mfonini wɔ kratafa 24, 25]
So ɛsɛ sɛ yebu nyamesom sɛ adidi pon a nnuan pii sisi so ara kwa, a yebetumi ayiyi gyidi a yɛn ani gye ho afi mu?