Bible Bua Nsɛmmisa a Ɛho Hia Wɔ Yɛn Bere Yi Mu
SO Bible ho hia nnɛ? Sɛ mmuae no bɛyɛ yiw a, ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ saa nhoma a akyɛ yi tumi ma n’akenkanfo nya nsɛm a ɛresisi nnansa yi a ɛho hia no ho akwankyerɛ. So Bible de afotu pa ma wɔ nnɛ wiase yi mu nsɛm a ɛho hia ankasa no ho?
Ma yensusuw nsɛm abien a ɛwɔ hɔ mprempren ho nhwɛ. Bere a yɛreyɛ saa no, yɛbɛhwehwɛ nea Bible ka wɔ saa nneɛma no ho mu.
Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Kwan Ma Yehu Amane?
Esiane sɛnea wiase nsɛm tebea te nnɛ nti, nsɛm a wɔtaa bisa no mu biako ne sɛ: Dɛn nti na Onyankopɔn ma nnipa a wɔn ho nni asɛm hu amane? Asɛmmisa yi fata, efisɛ nsɛmmɔnedi, nsisi, nnipakum, asiane, ne nea ɛkeka ho resɛe nnipa pii asetra.
Sɛ nhwɛso no, wɔ June 1998 mu no, keteke bi kɔpem ɛtwene bi wɔ Germany atifi fam kunkum hyɛn no mu akwantufo bɛboro ɔha. Nnipa a wowuwui no haw ayaresabea adwumayɛfo ne odumgyafo a wɔwɔ osuahu a wɔkɔhwɛɛ apirafo na wɔsesaa awufo no. Evangelical Asɔre no sɔfopanyin bi bisae sɛ: “Oo, Nyankopɔn, Dɛn nti na ɛsɛ sɛ eyi si?” Ɔsɔfopanyin no ankasa amma ho mmuae.
Osuahu kyerɛ sɛ, sɛ nnipa a wɔn ho nni asɛm hu amane bere a wonhu nea enti a ɛbaa saa a, ɛtɔ mmere bi a wodi ho yaw. Ɛha na Bible tumi boa, efisɛ ɛkyerɛkyerɛ nea enti a nnipa a wɔn ho nni asɛm hyia abɔnefosɛm na wohu amane no mu.
Bere a Yehowa Nyankopɔn bɔɔ asase ne ɛso nneɛma nyinaa no, na ɛnyɛ n’adwene ne sɛ abɔnefosɛm ne amanehunu bɛhaw adesamma. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ ɛte saa? Efisɛ bere a “Onyankopɔn” wiee n’adebɔ no, ‘ohuu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, ɛyɛ papa.’ (Genesis 1:31) Bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ mihu adebɔne bi a, so mmɛka sɛ ɛyɛ “papa”?’ Dabida! Saa ara na bere a Onyankopɔn kae sɛ ade nyinaa yɛ “papa” no, na bɔne biara nni asase so. Enti bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na bɔne fii ase?
Bere a wɔbɔɔ yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa wiei akyi bere tiaa bi no, honhom abɔde bi a ɔwɔ tumi kɔɔ ɔbea no nkyɛn kotwaa ɔnokwafo a Yehowa yɛ, ne teɛ a ne tumidi teɛ no ho mpoa. (Genesis 3:1-5) Akyiri yi, saa abɔde yi, Satan Ɔbonsam, kae sɛ nnipa renni Onyankopɔn nokware, bere a wɔwɔ amanehunu mu no. (Hiob 2:1-5) Yehowa yɛɛ n’ade dɛn wɔ saa tebea yi ho? Ɔmaa bere pii twaam, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛda adi sɛ nnipa ntumi ntwe wɔn ho mfi Onyankopɔn ho ntutu wɔn anammɔn mma ɛnyɛ yiye. (Yeremia 10:23) Sɛ Onyankopɔn abɔde yɛ ade tia ne mmara ne nnyinasosɛm ahorow a, nea efi mu ba yɛ bɔne, ɛno na ɛde tebea horow a enye ba. (Ɔsɛnkafo 8: 9; 1 Yohane 3:4) Nanso, ɛmfa ho saa tebea bɔne yi no, Yehowa nim sɛ nnipa bi bekura wɔn mudi mu ama no.
Efi saa Eden atuatew bɔne no so no, bɛyɛ mfirihyia 6,000 atwam. So akyɛ dodo? Anka Yehowa betumi asɛe Satan ne n’akyidifo no mfehaha pii a atwam ni. Nanso, so na ɛnyɛ papa sɛ ɔbɛtwɛn akosi sɛ adwenem naayɛ biara a ɛwɔ teɛ a Yehowa tumidi teɛ ne nnipa mudi mu a obekura ama no ho no befi hɔ? Sɛ ɛnnɛ asɛnnibea bi pɛ sɛ wodi asɛm bi yiye a, so entumi nnye wɔn mfe pii saa ara?
Esiane sɛ nsɛmpɔw a ɛda Yehowa ne adesamma so—amansan tumidi ne nnipa mudi mu kura—no ho hia nti, hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ Onyankopɔn ama bere agum! Afei yenim nea ɛba bere a nnipa bu wɔn ani gu Onyankopɔn mmara so na wɔfa wɔn ankasa kwan so no pefee. Nea afi mu aba ne bɔne a abu so no. Ɛno nti na nnipa a wɔn ho nni asɛm pii hu amane nnɛ no.
Nanso, anigyesɛm ne sɛ, Onyankopɔn Asɛm kyerɛ sɛ abɔnefosɛm rentra hɔ afebɔɔ. Nokwarem no, Yehowa de bɔne ne wɔn a wɔde ba nyinaa bɛba awiei nnansa yi ara. Mmebusɛm 2:22 ka sɛ: “Wobegu abɔnefo ase afi asase so na wɔatu nkontompofo afi so.” Nanso, wɔn a wodi Onyankopɔn nokware no betumi ahwɛ bere bi a abɛn, bere a “owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio” kwan.—Adiyisɛm 21:4.
Enti afei, Bible kyerɛkyerɛ nea enti a nnipa a wɔn ho nni asɛm hu amane no mu fann. Ɛma yɛn awerɛhyem nso sɛ bɔne ne amanehunu befi hɔ nnansa yi ara. Nanso, bere a yɛwɔ mprempren asetra a emu yɛ den yi mu no, ɛsɛ sɛ yebua asɛmmisa foforo a ɛho hia.
Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw?
Gyama ɛnnɛ ne bere a ɛsen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu a nkurɔfo rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwehwɛ nea asetra kyerɛ ankasa mu. Nnipa pii bisa wɔn ho sɛ, ‘Dɛn nti na mete ase? Mɛyɛ dɛn atumi anya atirimpɔw wɔ m’asetra mu?’ Nsɛm tebea pii na ɛma wobisa saa nsɛm yi.
Asiane bi betumi asɛe obi asetra. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1998 mfiase no, nsɛmmɔnedifo kyeree abeawa bi a wadi mfirihyia 12 a na ɔte Bavaria, Germany, na wokum no. Afe biako akyi no, ne maame kae sɛ adekyee biara ɔhwehwɛ asetram atirimpɔw—nanso, hwee nni mu. Mmofra binom nte nea asetra kyerɛ ase. Wɔhwehwɛ ahobammɔ, abotɔyam, ne adɔfo, nanso nyaatwom ne nsisi a abu so a wohu no ma wɔn abam bu. Nnipa foforo de wɔn ho to wɔn nnwuma so, nanso wohu sɛ tumi, anuonyam, ne ahonyade mma wonnya nea enti a wɔte ase ho mmuae a wɔhwehwɛ denneennen no.
Ɛmfa ho nea ɛka obi ma ɔhwehwɛ asetra atirimpɔw biara no, saa asɛmmisa yi hwehwɛ mmuae a ɛfata na ɛma abotɔyam. Eyi ho nso, Bible betumi aboa kɛse. Ɛfrɛ Yehowa, Onyankopɔn a ɔwɔ atirimpɔw no sɛ obi a biribiara a ɔyɛ wɔ atirimpɔw. Yebisa sɛ, So wubesi dan bere a wunnim nea enti a woresi? Dabida, efisɛ dansi gye sika pii, na ebetumi adi asram anaa mfe pii. Nea ɛma wusi dan ne sɛ w’ankasa anaa obi foforo bɛtra mu. Saa ara na yebetumi aka afa Yehowa ho. Wammrɛ ne ho ammɔ asase ne ɛso nneɛma a nkwa wom no bere a onnim nea enti a ɔreyɛ saa. (Fa toto Hebrifo 3:4 ho.) Dɛn ne n’atirimpɔw ma asase?
Yesaia nkɔmhyɛ no frɛ Yehowa nea ‘ɔnwenee asase na ɔyɛe, ne nokware Nyankopɔn.’ Nokwarem no, ɔno “na ɔde [asase] sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so.” (Yesaia 45:18) Yiw, efi bere a wɔbɔɔ asase no, Yehowa atirimpɔw ne sɛ ɔbɛma nnipa atra so. Dwom 115:16 ka sɛ: “Ɔsoro yɛ [Yehowa, NW] soro, na asase de, ɔde ama nnipa mma.” Enti, Bible da no adi sɛ Yehowa bɔɔ asase sɛ adesamma asoɔmmerɛfo ntra so, na wɔnhwɛ so.—Genesis 1:27, 28.
So Adam ne Hawa atuatew no maa Yehowa sesaa n’atirimpɔw? Dabi. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ wansesa ampa? Wiɛ, susuw asɛm yi ho hwɛ: Eden atuatew no akyi mfirihyia mpempem pii na wɔkyerɛw Bible no. Sɛ Onyankopɔn asesa ne mfitiase atirimpɔw no a, dɛn nti na wɔnkaa ho asɛm wɔ Bible mu? Asɛm no ankasa ne sɛ ɔnsesaa n’atirimpɔw ma asase ne adesamma.
Afei nso, Yehowa atirimpɔw nni huammɔ da. Onyankopɔn nam Yesaia so ma yɛn awerɛhyem yi sɛ: “Sɛnea osu ne sukyerɛma fi soro gu fam na ɛnsan nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔw asase ansa ma ɛba aduan na ɛsow aba, na ɛde aba ma ogufo ne aduan ma odifo no, saa ara na m’asɛm a efi m’anom bɛyɛ: ɛrensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.”—Yesaia 55:10, 11.
Nea Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ
Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ, yebetumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma nnipa asoɔmmerɛfo atra asase so daa no benya ne mmamu. Sɛ yɛbɛka wɔn a wobenya hokwan atra asase so daa no ho a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea Ɔhene Salomo nyansafo no kae no: “Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.”—Ɔsɛnkafo 12:13; Yohane 17:3.
Sɛ́ yɛbɛtra ase ma ɛne Yehowa atirimpɔw ma adesamma ahyia no kyerɛ sɛ yebehu nokware Nyankopɔn no, na yɛadi n’ahwehwɛde a ɛwɔ Kyerɛw Kronkron mu no so. Sɛ yɛyɛ eyi nnɛ a, yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebenya daa nkwa wɔ paradise asase so, baabi a yɛbɛkɔ so asua Onyankopɔn ne n’abɔde a ɛyɛ nwonwa no ho nneɛma foforo daa no. (Luka 23:43) Anidaso a ɛyɛ anigye bɛn ara ni!
Nnipa pii a wɔhwehwɛ asetram atirimpɔw no dan kɔ Bible mu, na wonya anigye kɛse mprempren. Sɛ nhwɛso no, na aberante bi a ɔde Alfred ntumi nhu nea asetra kyerɛ. Nyamesomfo a wɔde wɔn ho hyehyɛ akodi mu no ho yɛɛ no ahi, na amammuisɛm mu nyaatwom ne nsisi no hyɛɛ no abufuw. Alfred kɔsraa Indiafo a wɔwɔ Amerika Atifi fam no, a na ɔhwɛ kwan sɛ obenya asetra atirimpɔw ho biribi, nanso ɔsan kɔɔ Europa a wanhu hwee. Bere a na n’abam abu no, ɔde ne ho kɔhyɛɛ nnubɔnenom mu tiee nnwom a ano yɛ den. Nanso, akyiri yi ahwɛyiye a Alfred de hwehwɛɛ Bible mu daa no boaa no maa ohuu asetra atirimpɔw ankasa, na ɛmaa onyaa abotɔyam.
Yɛn Kwan so Hann a Ahotoso Wom
Ɛnde, dɛn na yebetumi aka afa Bible ho? So ɛho hia nnɛ? Ɛho hia ankasa, efisɛ ɛma yɛn mprempren nsɛm tebea ho akwankyerɛ. Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde abɔnefosɛm ba, na ɛboa yɛn ma yenya asetra atirimpɔw ho nsɛm a ɛma abotɔyam. Afei nso, Bible ka nsɛm pii fa nneɛma foforo a ɛho hia yiye ho nnɛ. Onyankopɔn Asɛm ka nneɛma te sɛ aware, abayɛn, nnipa ntam abusuabɔ, ne anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo ho asɛm.
Sɛ wonyɛɛ saa dedaw a, yɛsrɛ wo, hwehwɛ nsɛm a ɛwɔ Bible mu no mu yiye. Sɛ wunya hu mfaso ankasa a ɛwɔ asetra ho akwankyerɛ a ɛde ma no so a, ebia wobɛte nka te sɛ odwontofo a ɔhwehwɛɛ Yehowa Nyankopɔn akwankyerɛ na ɔtoo dwom sɛ: “W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann” no.—Dwom 119:105.
[Kratafa 6 mfonini]
So wunim nea enti a Onyankopɔn ma nnipa a wɔn ho nni asɛm hu amane no?
[Kratafa 7 mfonini]
Wubetumi anya asetra a atirimpɔw wom