Mmea Gyinabea a Nidi Wom wɔ Onyankopɔn Tete Asomfo Mu
“[Yehowa] Nyankopɔn kae sɛ: Enye sɛ onipa nko tra, mɛyɛ ne sɛso boafo mama no.”—GENESIS 2:18.
1. Ɔkwan bɛn so na Bible asekyerɛ nhoma bi ka mmea tebea wɔ tete mmere mu ho asɛm?
“BAABIARA nni hɔ wɔ tete Mediteranea anaa Aman a Ɛbɛn Apuei Fam a mmea nyaa ahofadi a wonya wɔ Atɔe Famfo mu nnɛ no. Nea na ɛwɔ hɔ ara ne sɛ mmea bɛhyɛ mmarima ase, te sɛ nea na nkoa hyɛ adehye ase, na mmofra hyɛ mpanyimfo ase no ara pɛ. . . . Wobuu mmabarima kɛse sen mmabea, na ɛtɔ da bi a na wɔnhwɛ mmeawa no yiye ma wowuwu.” Saa na Bible asekyerɛ nhoma bi ka mmea tebea wɔ tete mmere mu ho asɛm.
2, 3. (a) Sɛnea amanneɛbɔ bi kyerɛ no, mmea bebree tebea te dɛn nnɛ? (b) Nsemmisa bɛn na ɛsɔre?
2 Tebea no nyɛɛ yiye ahe biara wɔ wiase afã horow pii nnɛ. Afe 1994 ne nea edi kan a U.S. Ɔman Adwumayɛbea no twee adwene sii sɛnea wɔne mmea di nsɛm so wɔ afe afe amanneɛbɔ a ɛfa hokwan a nnipa wɔ no mu. New York Times mu asɛmti bi kaa amanneɛbɔ no ho asɛm sɛ: “Akontaabu a Efi Aman 193 Mu Kyerɛ sɛ Ɛyɛ Nokware sɛ Wɔyɛ Nyiyim Tia Wɔn Da Biara Da.”
3 Esiane sɛ mmea pii a wofi aman ahorow mu wɔ Yehowa nkurɔfo asafo ahorow mu wɔ wiase nyinaa nti, nsemmisa bi sɔre sɛ: Sɛnea wɔne mmea di nsɛm a yɛaka ho asɛm seesei ara no yɛ nea Onyankopɔn pɛe sɛ wɔne wɔn di fi mfitiase no? Ɔkwan bɛn so na wɔne mmea dii nsɛm wɔ Yehowa asomfo mu wɔ Bible mmere mu? Na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔne mmea di nsɛm nnɛ?
‘Ɔboafo’ ne ‘Nsɛso’
4. Bere a ɔbarima a odi kan no nkutoo traa Eden turom kakra no, dɛn na Yehowa kae, na dɛn na Onyankopɔn yɛe saa bere no?
4 Bere a Adam nkutoo traa Eden turo no mu kakra no, Yehowa kae sɛ: “Enye sɛ onipa nko tra, mɛyɛ ne sɛso boafo mama no.” (Genesis 2:18) Ɛwom sɛ na Adam yɛ onipa a ɔyɛ pɛ de, nanso na biribi foforo ho hia na watumi adi Ɔbɔadeɛ no atirimpɔw ho dwuma. Sɛnea ɛbɛyɛ na wadi saa ahiade no ho dwuma no, Yehowa bɔɔ ɔbea, na ɔyɛɛ aware nhyehyɛe a edi kan.—Genesis 2:21-24.
5. (a) Ɔkwan bɛn so na Bible akyerɛwfo taa de Hebri edin asɛm a wɔkyerɛɛ ase ‘ɔboafo’ no dii dwuma? (b) Dɛn na nokwasɛm a ɛne sɛ Yehowa frɛɛ ɔbea a odi kan no sɛ ‘nsɛso’ no kyerɛ?
5 So nsɛmfua ‘ɔboafo’ ne ‘nsɛso’ no kyerɛ sɛ ɔbea gyinabea a Onyankopɔn de maa no no ba fam? Ɛnte saa koraa. Bible akyerɛwfo de Hebri edin asɛm (ʽeʹzer) a wɔkyerɛ ase ‘ɔboafo’ ka Onyankopɔn ho asɛm mpɛn pii. Sɛ nhwɛso no, Yehowa da ne ho adi sɛ “yɛn boafo ne yɛn kyɛm.” (Dwom 33:20; Exodus 18:4; Deuteronomium 33:7) Yehowa ka ne ho asɛm mpo sɛ Israel “boafo” wɔ Hosea 13:9. Ɛdefa Hebri asɛmfua (neʹghedh) a wɔkyerɛɛ ase ‘nsɛso’ no ho de, Bible ho onimdefo bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mmoa a wɔhwehwɛ no nyɛ nea wɔde ma wɔ da biara da adwumayɛ mu anaasɛ abawo ho ara kwa . . . na mmom ɛyɛ mmoa a fekubɔ de ba no.”
6. Asɛm bɛn na wɔkae bere a wɔbɔɔ ɔbea a odi kan no, na dɛn ntia?
6 Enti biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ka a Yehowa kaa ɔbea ho asɛm sɛ ‘ɔboafo’ ne ‘nsɛso’ no ma ɔba fam. Ná ɔbea no wɔ n’ankasa adwene, ne nkate, ne ne bɔbea a ɛda nsow. Ná ɔyɛ ɔhokafo a ɔfata, nsɛso a ɔmaa ɔbarima no nyaa anigye. Ná wɔn mu biara yɛ soronko, nanso na wɔn mu biara ho hia na wɔatumi ‘ahyɛ asase no ma’ ma ɛne Ɔbɔadeɛ no atirimpɔw ahyia. Ɛda adi sɛ bere a wɔbɔɔ ɔbarima ne ɔbea no akyi na “Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa.”—Genesis 1:28, 31.
7, 8. (a) Bere a wɔyɛɛ bɔne wɔ Eden no, na ɛbɛka ɔbea no gyinabea dɛn? (b) Nsemmisa bɛn na ɛsɔre wɔ Genesis 3:16 mmamu ho wɔ Yehowa asomfo mu?
7 Bere a ɔbarima ne ɔbea no yɛɛ bɔne akyi no, nneɛma sakrae. Yehowa buu wɔn baanu fɔ sɛ abɔnefo. Yehowa reka nea ebefi mu aba ho asɛm te sɛ nea ɔno na ɔde ba ho asɛm no, ɔka kyerɛɛ Hawa sɛ: “Ɔdɔ na mɛma wo yaw ne wo nyinsɛn mu brɛ adɔɔso.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ɛyaw mu na wobɛwo mma, na w’ani begyina wo kunu, na ɔno na obedi wo so.” (Genesis 3:16) Efi saa bere no, ɔyerenom pii na wɔn kununom taa di wɔn so, na mpɛn pii no wɔyɛ saa atirimɔden so. Sɛ́ anka wobebu wɔn sɛ aboafo ne nsɛso no, wɔtaa ne wɔn di nsɛm te sɛ mmaawa anaa mfenaa.
8 Nanso, dɛn na Genesis 3:16 mmamu kyerɛ maa Yehowa asomfo a wɔyɛ mmea no? Wɔde wɔn gyinaa gyinabea bi a ɛba fam na ɛbrɛ wɔn ase? Dabida! Na Bible mu nsɛm a ɛka amanne ne nneyɛe ahorow a enyaa mmea so tumi a ɛkame ayɛ sɛ wonnye ntom wɔ aman bi mu nnɛ no nso ɛ?
Bible mu Amanne Ahorow Ase a Yɛbɛte
9. Sɛ yesusuw amanne a ɛfa mmea ho wɔ Bible mmere mu ho a, nneɛma abiɛsa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu?
9 Wɔne mmea dii no yiye wɔ Onyankopɔn asomfo mu wɔ Bible mmere mu. Nokwarem no, sɛ yɛresusuw amanne ahorow a ɛfa mmea ho wɔ saa nna no mu ho a, ɛyɛ papa sɛ yɛma nneɛma pii tra yɛn adwene mu. Nea edi kan, sɛ Bible ka tebea horow a ɛnyɛ anigye a ɛbae esiane nnebɔneyɛfo pɛsɛmenkominya nniso nti ho asɛm a, ɛno nkyerɛ sɛ Onyankopɔn penee nneyɛe a ɛtete saa a wɔde yɛɛ mmea no so. Nea ɛto so abien, ɛwom sɛ Yehowa maa amanne horow bi ho kwan wɔ ne nkurɔfo mu kosii bere bi de, nanso ɔyɛɛ eyinom ho mmara sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛbɔ mmea ho ban. Nea ɛto so abiɛsa, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannyina nnɛyi gyinapɛn ahorow so ammu tete amanne ahorow atɛn. Amanne ahorow bi a ɛte sɛ nea nnipa a wɔte ase nnɛ ani nnye ho no nkyerɛ ankasa sɛ na mmea a wɔwɔ hɔ saa bere no bu no sɛ ɛbrɛ wɔn ase. Ma yensusuw nhwɛso ahorow bi ho.
10. Yehowa buu awaredodow dɛn, na dɛn na ɛkyerɛ sɛ wannyaw ne mfitiase gyinapɛn a ɛne ɔyere biako aware no da?
10 Awaredodow:a Sɛnea Yehowa mfitiase atirimpɔw kyerɛ no, anka ɛnsɛ sɛ ɔyere ne ɔbea foforo ware kunu biako. Onyankopɔn bɔɔ ɔyere biako pɛ na ɛmaa Adam. (Genesis 2:21, 22) Awaredodow fii ase wɔ Kain abusua mu wɔ Eden atuatew no akyi. Awiei koraa no, ɛbɛyɛɛ amanne, na Yehowa asomfo binom suae. (Genesis 4:19; 16:1-3; 29:21-28) Ɛwom sɛ Yehowa maa mmea dodow aware ho kwan, na ɛmaa Israelfo dɔɔso de, nanso osusuw mmea ho denam ɛho mmara a ɔyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛbɔ ɔyerenom ne wɔn mma ho ban so. (Exodus 21:10, 11; Deuteronomium 21:15-17) Afei nso, Yehowa annyaw ne mfitiase gyinapɛn a ɛne ɔyere biako aware no da. Ná Noa ne ne mmabarima a wotii ahyɛde a ɛne sɛ ‘monwo na monhyɛ asase so ma’ mu kyerɛɛ wɔn no nyinaa wɔ ɔyerenom mmiako mmiako. (Genesis 7:7; 9:1; 2 Petro 2:5) Onyankopɔn daa ne ho adi sɛ ɔyɛ ɔyere biako kunu bere a ɔreka ɔne Israel ntam abusuabɔ ho asɛm wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no. (Yesaia 54:1, 5) Saa ara nso na Yesu Kristo san de Onyankopɔn mfitiase gyinapɛn a ɛne ɔyere biako aware no sii hɔ, na wɔde dii dwuma wɔ tete Kristofo asafo no mu.—Mateo 19:4-8; 1 Timoteo 3:2, 12.
11. Dɛn nti na na wotua tiade wɔ Bible mmere mu, na eyi brɛɛ mmea ase?
11 Tiade a wotua: Nhoma a ɛne Ancient Israel—Its Life and Institutions ka sɛ: “Ɛda adi sɛ saa asɛyɛde yi a ɛne sɛ wotua sika bi, anaa biribi a ɛsom bo saa, ma ɔbea no abusuafo no maa Israelfo aware bɛyɛɛ te sɛ adetɔ bi. Nanso ɛte sɛ nea [tiade] no yɛ bo a wotua ma abusua no sɛ mpatade” na ɛnyɛ nea wotua wɔ ɔbea no ho. (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Enti tiade a wotuae yɛ ade a wɔde pataa ɔbea no abusuafo wɔ nnwuma a ɔyɛ ma wɔn a wɔbɛhwere ne adwuma ne ɛka a n’abusuafo bɔ de hwɛɛ no ho. Ɛnde, sɛ anka ɛbɛbrɛ ɔbea ase mmom no, esii sɛnea ɔsom bo ma n’abusuafo no so dua.—Genesis 34:11, 12; Exodus 22:16; hwɛ Ɔwɛn-Aban, January 15, 1989, nkratafa 21-4.
12. (a) Ɛtɔ mmere bi a na wɔfrɛ mmarima ne mmea awarefo dɛn wɔ Kyerɛwnsɛm no mu, na na saa nsɛm yi haw mmea? (b) Dɛn na ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow wɔ nsɛm a Yehowa de dii dwuma wɔ Eden no ho? (Hwɛ ase hɔ asɛm.)
12 Okununom sɛ “wuranom”: Asɛm bi a esii wɔ Abraham ne Sara asetram bɛyɛ 1918 A.Y.B. mu kyerɛ sɛ wɔn bere so no na ɛda adi pefee sɛ wɔtaa bu ɔbarima warefo sɛ “owura” (Hebri, baʹʽal) ne ɔbaa warefo sɛ ‘obi ade’ (Hebri, beʽu·lahʹ). (Genesis 20:3, NW) Ɛno akyi no, na wɔde saa nsɛm yi di dwuma wɔ Kyerɛwnsɛm mu bere ne bere mu, na biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na ɛhaw mmea a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere reba no.b (Deuteronomium 22:22) Nanso, na ɛnsɛ sɛ wobu mmea sɛ agyapade bi. Ná wobetumi atɔ agyapade anaa ahode, atɔn, na wɔafa no sɛ awunnyade mpo, nanso na wontumi nyɛ ɔyere saa. Bible mu abebusɛm bi ka sɛ: “Ofi ne ahode yɛ agyanom awunnyade, na ɔyere nimdefo fi [Yehowa].”—Mmebusɛm 19:14; Deuteronomium 21:14.
Gyinabea a Nidi Wom
13. Bere a mmarima a wosuro Onyankopɔn dii Yehowa nhwɛso akyi na wodii ne Mmara so no, dɛn na mmea nyae?
13 Ɛnde, na mmea gyinabea ne dɛn wɔ Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere no reba mu? Ɔkwan bɛn so na wobuu wɔn ne wɔn dii nsɛm? Sɛ yebetwa no tiawa a, bere a mmarima a wosuro Onyankopɔn dii Yehowa ankasa nhwɛso akyi na wodii ne Mmara so no, mmea kuraa wɔn nidi mu, na wonyaa hokwan ahorow pii.
14, 15. Adanse ahorow bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ na wobu mmea wɔ Israel, na dɛn nti na na ɛfata sɛ Yehowa hwɛ kwan sɛ n’asomfo mmarima bɛkyerɛ obu ama wɔn?
14 Ná ɛsɛ sɛ wobu mmea. Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israel no hyɛe sɛ wɔnkyerɛ obu mma agyanom ne ɛnanom nyinaa. (Exodus 20:12; 21:15, 17) Leviticus 19:3 ka sɛ: “Mo nyinaa nsuro mo nanom ne mo agyanom.” Bere a Bat-Seba kɔɔ ne ba Salomo anim bere bi no, “ɔhene sɔre kohyiaa no na ɔkotow no,” de kyerɛɛ obu. (1 Ahene 2:19) Encyclopaedia Judaica ka sɛ: “Ɔman a na wobu mmea wom nkutoo mu na wobetumi de ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma Israel wɔ nkɔmhyɛ kwan so no atoto ɔdɔ a okunu wɔ ma ne yere ho.”
15 Yehowa hwɛ kwan sɛ n’asomfo a wɔyɛ mmarima bɛkyerɛ obu ama mmea, efisɛ ɔno ankasa bu wɔn. Yehu eyi ho adanse ahorow wɔ kyerɛw nsɛm a Yehowa de mmea suahu ahorow yɛ mfatoho wom na ɔde ɔno ankasa nkate horow toto mmea de ho no mu. (Yesaia 42:14; 49:15; 66:13) Eyi boa akenkanfo ma wɔte sɛnea Yehowa te nka no ase. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, Hebri asɛm ma “mmɔborohunu,” anaa “ayamhyehye,” a Yehowa de ka ne ho asɛm no ne asɛmfua ma “awotwaa” wɔ abusuabɔ kɛse, na wobetumi aka ho asɛm sɛ “ɛna nkate.”—Exodus 33:19; Yesaia 54:7.
16. Nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ wɔkyerɛɛ obu maa mmea a wosuro Onyankopɔn afotu?
16 Wɔkyerɛɛ obu maa afotu a mmea a wosuro Onyankopɔn de mae. Bere a Abraham a na osuro Onyankopɔn twentwɛn ne nan ase sɛ obetie ne yere Sara a osuro Onyankopɔn bere bi no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Tie ne nne.’ (Genesis 21:10-12) Esau yerenom Hetifo no ‘hyɛɛ Isak ne Rebeka awerɛhow.’ Bere kɔɔ so no, Rebeka kaa sɛnea sɛ wɔn ba Yakob kɔware Hetini a, ne ho bɛyeraw no no ho asɛm. Dɛn na Isak yɛe? Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Na Isak frɛɛ Yakob, na ohyiraa no hyɛɛ no sɛ: Nware Kanaan mmabea mu yere.” Yiw, ɛwom sɛ Rebeka antu ne kunu fo tee de, nanso ɔbarima no susuw ne nkate ho sii gyinae. (Genesis 26:34, 35; 27:46; 28:1) Akyiri yi, Ɔhene Dawid kwatii mogya ho afobu esiane sɛ otiee Abigail adesrɛ no nti.—1 Samuel 25:32-35.
17. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na mmea wɔ tumi bi wɔ abusua no mu?
17 Ná mmea wɔ tumi bi wɔ abusua no mu. Wɔhyɛɛ mmofra nkuran sɛ: “Me ba, tie w’agya nteɛso, na mpo wo na mmara.” (Mmebusɛm 1:8) “Ɔyepa” ho asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm ti 31 no da no adi sɛ ɛnyɛ ofie nko na ɔbaa warefo mmɔdenbɔfo hwɛe, na mmom na otumi tɔ fie nneɛma, yɛ mfuw, di gua kakra, ma wohu no sɛ obi a ɔka nyansasɛm nso. Nea na ɛho hia kɛse sen ne nyinaa ne osuro a nidi wom a ɔbea a ɔfata nkamfo no nya ma Yehowa no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛbo a ɔyere a ɔte saa som no “sen nhene pa koraa”! Ná wɔde ahene kɔkɔɔ a ne bo yɛ den yɛ agude ne ahyehyɛde a ɛsom bo kɛse.—Mmebusɛm 31:10-31.
Mmea a Wonyaa Onyankopɔn Dom Soronko
18. Akwan bɛn so na mmea bi nyaa ɔdom soronko wɔ Bible mmere mu?
18 Obu a Yehowa wɔ ma mmea no daa adi wɔ ɔdom soronko a ɔde maa wɔn mu binom wɔ Bible mmere mu no mu. Abɔfo kɔsraa Hagar, Sara, ne Manoa yere de ɔsoro akwankyerɛ kɔmaa wɔn. (Genesis 16:7-12; 18:9-15; Atemmufo 13:2-5) Ná ‘mmea asomfo’ wɔ ahyiae ntamadan no mu na na mmea nnwontofo wɔ Salomo abangua so.—Exodus 38:8; 1 Samuel 2:22; Ɔsɛnkafo 2:8.
19. Ɔkwan bɛn so na Yehowa maa mmea gyinaa n’ananmu mmere bi?
19 Yehowa maa ɔbea bi gyinaa n’ananmu anaa ɔma ɔkasa maa no mmere ahorow pii wɔ Israel abakɔsɛm mu. Ɛdefa odiyifo bea Debora ho no, yɛkenkan sɛ: “Na Israelfo foro ba ne nkyɛn sɛ ommu wɔn atɛn.” (Atemmufo 4:5) Bere a Israel dii Kanaan hene Yabin so nkonim akyi no, Debora nyaa hokwan soronko bi ankasa. Anyɛ yiye koraa no, ɛda adi sɛ ɔno na ɔhyehyɛɛ nkonim dwom a awiei koraa ɛbɛyɛɛ Yehowa kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no anaa ne fã bi.c (Atemmufo, ti 5) Mfehaha pii akyi no, Ɔhene Yosia tuu abɔfo a na ɔsɔfo panyin ka ho kɔɔ odiyifo bea Hulda nkyɛn kobisaa Yehowa hɔ ade. Hulda tumi de akokoduru buaa wɔn sɛ: “Sɛ [Yehowa] Israel Nyankopɔn se ni.” (2 Ahene 22:11-15) Saa bere no ɔhene no hyɛɛ abɔfo sɛ wɔnkɔ odiyifo bea nkyɛn, nanso wɔyɛɛ eyi de gyee akwankyerɛ fii Yehowa hɔ.—Fa toto Malaki 2:7 ho.
20. Nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa dwen mmea nkate horow ne wɔn yiyedi ho?
20 Dwen a Yehowa dwen mmea yiyedi ho no da adi wɔ mmere ahorow a odii nneɛma ho dwuma maa n’asomfo mmea bi no. Mpɛn abien na ɔde ne ho gyee nsɛm mu bɔɔ Abraham yere Sara hoɔfɛfo no ho ban ma wɔanto no mmonnaa. (Genesis 12:14-20; 20:1-7) Onyankopɔn maa Yakob yere a ɔnnɔ no pii, Lea nyaa n’anim dom, denam ne ‘yam a obuei’ ma ɔwoo ɔbabarima no so. (Genesis 29:31, 32) Bere a Israelfo awogyefo baanu a wosuro Onyankopɔn de wɔn nkwa too asiane mu koraa Hebrifo mmabarima so na amma wɔankunkum wɔn wɔ Misraim no, Yehowa fi anisɔ mu maa “wɔn afi mu yɛɛ yiye.” (Exodus 1:17, 20, 21) Obuaa Hana mpae a ofi komam bɔe no nso. (1 Samuel 1:10, 20) Na bere a anka okunafo bi a na ne kunu yɛ odiyifo kafo bi refa ne mma asi awowa de atua ne ka no, Yehowa annyaw no. Onyankopɔn fi ɔdɔ mu maa odiyifo Elisa kɔmaa ne ngo bu bɔɔ ho sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi atua ne ka no. Ɛno ma ɔkoraa n’abusua ne ne nidi so.—Exodus 22:22, 23; 2 Ahene 4:1-7.
21. Mmea tebea ho nsɛm a ɛkari pɛ bɛn na Hebri Kyerɛwnsɛm no da no adi?
21 Enti, Hebri Kyerɛwnsɛm no ka mmea gyinabea a ɛkari pɛ wɔ Onyankopɔn asomfo mu ho asɛm sen sɛ ɛbɛhyɛ nyiyim a wɔyɛ tia wɔn no ho nkuran. Ɛwom sɛ Yehowa ammɔ n’asomfo mmea ho ban amfi Genesis 3:16 mmamu ho de, nanso mmarima a wosuro Onyankopɔn a wodii Yehowa nhwɛso akyi na wodii ne Mmara so ne mmea dii wɔ nidi ne obu mu.
22. Eduu bere a Yesu wɔ asase so no, ɔkwan bɛn so na na mmea gyinabea asakra, na nsɛm bɛn na wobisa?
22 Mmea gyinabea sakrae wɔ Yudafo mu wɔ bere a wɔkyerɛw Hebri Kyerɛwnsɛm no wiei akyi mfehaha pii no mu. Eduu bere a Yesu baa asase so no, na rabifo atetesɛm atow hokwan ahorow a mmea wɔ wɔ ɔsom ne asetra mu no ano hye kɛse. Saa atetesɛm no nyaa sɛnea Yesu ne mmea dii nsɛm no so tumi? Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔne Kristofo mmea di nsɛm nnɛ? Yebesusuw saa nsemmisa yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛnea Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary kyerɛ no, asɛmfua “awaredodow” kyerɛ “aware a awarefo no mu biara betumi anya aboro ɔhokafo biako bere koro mu.” Wɔkyerɛ asɛm pɔtee “mmea dodow aware” ase sɛ “sɛ́ obi wɔ boro ɔyere anaa ɔbea hokafo biako bere koro mu.”
b Wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa mu no, wɔka mmarima ne mmea awarefo ho asɛm mpɛn pii koraa sɛ “okunu” (Hebri, ʼish) ne “ɔyere” (Hebri, ʼish·shahʹ). Sɛ nhwɛso no, wɔ Eden no, Yehowa amfa nsɛm “owura” ne ‘obi ade’ na edii dwuma, na mmom ‘okunu’ ne ‘ɔyere.’ (Genesis 2:24; 3:16, 17) Hosea nkɔmhyɛ no ka siei sɛ Israel fi nnommum mu san ba a, wofi ahonu mu bɛfrɛ Yehowa sɛ “Me kunu,” na ɛnyɛ sɛ ‘Me wura’ bio. Eyi betumi akyerɛ sɛ na asɛm ‘okunu’ kyerɛ ɔdɔ kɛse sen “owura.”—Hosea 2:16.
c Nea ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow ne edin nsiananmu a wɔde gyinaa hɔ maa Debora wɔ Atemmufo 5:7 no.
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn na nsɛmfua ‘ɔboafo’ ne ‘nsɛso’ kyerɛ wɔ gyinabea a Onyankopɔn de ama ɔbea ho?
◻ Sɛ yɛresusuw amanne a ɛfa mmea ho wɔ Bible mmere mu ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu?
◻ Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na mmea wɔ gyinabea a nidi wom wɔ Onyankopɔn asomfo mu wɔ tete mmere mu?
◻ Akwan bɛn so na Yehowa maa mmea a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere reba no nyaa ɔdom soronko?