Ɔkwan Foforo No Ho A Wosusuw
NIPA pii na wɔpene so sɛ osuahu ahorow a ɛte sɛɛ kɔ so. Na wɔka nso sɛ aware pii wɔ hɔ a ɔhaw horow ne dadwen ahyɛ mu ma.
Ɛno yɛ nokware. Awaregyae a ɛrekɔ so wɔ ɔman biara a ɛwɔ asase so mu no di eyi ho adanse.
Nanso, so eyi kyerɛ sɛ sɛ́ mobɛtra ase kwa a, monware no mmom ye, ɔkwan a eye a ɛde anigye ba?
Nea Ɛwɔ He Na Emu Yɛ Den?
Wɔtaa ka sɛ abusuabɔ a wɔpaw no mu yɛ den kyɛn abusuabɔ a ɛkyekyere obi anaa ɛde obi ho asɛyɛde to ɔfoforo so. Nanso nea ɛwɔ he ankasa na emu yɛ den: Nea wɔhyɛ bɔ sɛ wɔbɛtra hɔ da koro pɛ de akosi sɛ biribi bɛba a oniiko rempɛ sɛ ogyina ano bio? anaasɛ nea wasiesie ne ho sɛ ɔbɛyɛ nsakrae na watumi agyina ɔhaw horow a onnim a ɛbɛba ano a bere tenten a ɛbɛkyɛ mfa ho?
Ɔhaw horow no pii wɔ hɔ a ɛyɛ biako. Sɛ nhwɛso no, gyinaesi ahorow te sɛ faako a wɔbɛtra, ahofadi bɛn na ɛsɛ sɛ obiara nya, ɔbarima ne ɔbea nna bɛn sɛɛ na ɛsɛ sɛ wɔpene so, sɛ wɔbɛwo mma yɛ nea awarefo baanu no nyinaa ne wɔn a wɔtra ase kwa a wɔnwaree no nim.
Nanso sɛ aware no yɛ nea ɛnkyekyere wɔn anaasɛ wɔn ho asɛyɛde nna wɔn ho so a ɛde ɔhaw horow a ɛyɛ hwanyann ba. Sɛ nhwɛso no, nneɛma akɛse bɛn na ɛsɛ sɛ wɔtɔ na hena sika na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ? Hefo na ɛsɛ sɛ wohu sɛ wɔnwaree ɛ, na hefo na ɛnsɛ sɛ wohu? Wɔn nnamfonom bɛn na ɛsɛ sɛ wɔto nsɛ frɛ wɔn ma wɔba wɔn fie, na wɔbɛda wɔn ho adi akyerɛ afoforo dɛn? Ɔkwan bɛn so na wɔfa hyia obi ankasa mma anaasɛ abusuafo a wɔbɛn pɛɛ no? Eyinom yɛ nneɛma kakraa a sɛ aware yɛ nea ɛnkyekyere baanu no a ɛma asetra mu yɛ den no mu binom.
Mfaso a Ɛwɔ Asɛyɛde a Ɛwɔ Aware Mu Anaa Hia a Ehia sɛ Aware Kyekyere Wɔn ho Wɔn ho No Mu
Ɔkyerɛkyerɛfo bi a wadi mfirihyia 28 a akyiri ɔwaree ɔbea a ɔne no te no kae sɛ: “Wɔ mfe pii bi akyi no mifii ase tee nka sɛ mete hɔ kwa. Sɛ yɛte faako a yɛnware no mfa daakye bi mma yɛn . . . Yentumi nsi gyinae sɛ, yɛbɛtɔ ofie anaasɛ yɛntɔ, sɛ yɛde sika bɛhyɛ akwantu bi mu akogye yɛn ani anaasɛ yɛde sika besie ama abusua. Mprempren yi de obiara nni ho kwan sɛ ɔbɛfa biribi adan ne ho sɛ ɔrekɔ kwa, nanso nea afi mu aba ne sɛ yetumi yɛ nhyehyɛe.”
Ɔkyerɛwfo bi nso a wadi mfirihyia 34 kae sɛ: “Ebia na me bere atwam, nanso aware a akyekyere awarefo no ma metee nka sɛ mete hɔ dwoodwoo. Me ne mmarima pii nyaa ayɔnkobɔ a ɛnkyɛ na yɛadi mpaapaemu, na saa ɔhaw sɛ ebia J—nso befi hɔ akɔ no twee ahoɔden biara a ɛwɔ me mu a menya ama m’adwuma. Medɔ awerɛkyekye a manya sɛ yɛapene so ama yɛn ho yɛn ho ne wiase no sɛ yɛpɛ sɛ yɛbom tra ase no.”
Ɛyɛ nokware sɛ aware a ɛkyekyere awarefo baanu no mmɔ obi ho ban mfi ɔhaw mu de. Nanso ɛboa nnipa ma wɔte nka sɛ asɛyɛde da wɔn so sɛ wɔyɛ adwuma de di ɔhaw horow so nkonim a ɛnsɛ sɛ wɔpene huammɔdi so ntɛm. Sɛnea okunu bi a ɔne obi a ɔne no te ɔdan biako mu ako ntɔkwaw mpɛn bebree ansa na ɔreware no kae sɛ: “Efi bere a yɛwaree yi yɛrebɔ mmɔden denneennen sɛ yɛrenko bio. Yɛn nyinaa renya nkɔso. Yɛakyekyere yɛn ho anaasɛ yɛn ho asɛyɛde da yɛn ho so enti nyansa nnim sɛ yɛbɛko wɔ eyi ho. Ansa na eyi bɛba no na yɛteɛteɛm ka sɛ yebedi mpaapaemu, na ɛte sɛ nea yɛnyɛ saa bio mprempren.”
Dr. Nancy Clatworthy a ɔwɔ Ohio State University (U.S.A.) no hui sɛ awarefo baanu a wonnii kan ntraa ase ansa na wɔreware no “ani gye kakra na wodi nkonim. Wɔntaa nsɛe aware.” Adesua bi a wɔyɛ faa awarefo 211 ho wɔ Australia daa no adi sɛ “wɔn a wɔte abusuabɔ a ɛte sɛɛ mu a wɔnwaree no. . . . taa ka ayɔnkobɔ no mu a wobetwa ho asɛm ntɛm kyɛn wɔn a wɔaware.” Amanneɛbɔ no daa no adi sɛ wɔte nka sɛ wɔn ho asɛyɛde nna wɔn ho so na “wɔnte nka sɛ wɔpɛ anaasɛ wɔdɔ wɔn ho na wɔnte nka sɛ ɛsɛ sɛ wodi wɔn ho ho nokware pii biara kyɛn sɛnea awarefo yɛ.”
Bere a Mmofra Wom
Abusuabɔ bɛn na wɔahu sɛ eye ma mmofra no adwene ne wɔn nipadua mu yiyedi? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ awarefo baanu aware a egyina hɔ pintinn a ɛde ɔdɔ, mmoa ne afotu ma.
Bebree a wɔte hɔ kwa a wɔnwaree no hyɛ bɔ sɛ sɛ wonyinsɛn a wɔbɛware. Nanso nyinsɛn a wɔnyɛɛ ho nhyehyɛe no ne nhyɛase pa a wɔhyehyɛ aware si so? Mpɛn pii no sɛ nyinsɛn ba a awarefo no pow sɛ wɔbɛware. So ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛma wo mma adan mpena mma?
Adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔ ne nyinaa mu no, mmofra a wonim sɛ wɔn awofo nwaree, ne wɔn a wofi afie a emu apaapae mu nyin dan nnipa a wɔahaw. Wontumi ne afoforo nnya abusuabɔ a ɛtra hɔ daa mu kyɛfa, na wobenya ɛbo a ɔdɔ som mpo ho adwemmɔne.
Agya ne ɛna a wɔwɔ ɔdɔ de nsonsonee kɛse ba abofra a ɔrenyin no asetra mu. Engiresini Arthur Graham a ɔhwɛ mmofra a wɔwɔ adwenemyare no kae sɛ: “Yenhuu faako a eye sen biara a ɛsɛ sɛ wɔyɛn mmofra kyɛn abusua no mu, na ɛsɛ sɛ mmɔden a yɛbɔ nyinaa yɛ nea yɛde bɛboa tumi a awofo wɔ a wɔde yɛ eyi.”
Nea ɛwɔ hɔ nyinaa kyerɛ sɛ: bere a wɔn ho asɛyɛde da wɔn so anaasɛ ɛkyekyere wɔn pii no, ɛno mmom na ɛbɛma abusuabɔ no ayɛ yiye ama wɔn a eyi fa wɔn ho no nyinaa. Nanso dɛn nti na eyi te saa?
Atirimpɔw Bi a Ɛkɔ Akyiri
Atirimpɔw bi a ɛkɔ akyiri wɔ hɔ a ɛno nti ɛma aware yɛ nhyehyɛe a eye ma wɔn a eyi fa wɔn ho no nyinaa, na nea enti a ɛte saa no ne sɛnea Dr. Graham kae yi, “minhuu ɔkwan a eye sen biara kyɛn abusua no de.” Ɛfa ɔkwan a wɔfaa so bɔɔ yɛn no ho.”
Ɛda adi sɛ, ɔdesani adwene ne ne nkate ahorow yɛ nneɛma a ɛyɛ hwanyann. Hena, na obetumi aka sɛnea wɔyɛ adwuma yiye wɔ ɔbarima ne ɔbea abusuabɔ mu, ne afei nso wɔ bere a ɛfa mmofra ho no?
Wiɛ, so ɛrenyɛ ɔbarima ne ɔbea Bɔfo no, nea ɔhyehyɛɛ tumi a wobetumi de awo na wɔahwɛ mmofra no na obetumi ahu eyi yiye akyɛn obiara? Ɛyɛ nokware, ɔbarima ne ɔbea Yɛfo no betumi aka nea enti a ɔbɔɔ wɔn ne nea enti a abusuabɔ a ɛda wɔn ntam yɛ yiye no akyerɛ yɛn.
Enti bere a wɔka kyerɛ yɛn wɔ Bible no mu sɛ Onyankopɔn ‘bɔɔ ɔbarima ne ɔbea’ no, yebetumi ahu sɛ na atirimpɔw bi wɔ eyi akyi. (Gen. 1:27) Atirimpɔw no biako fa ayɔnkobɔ ho na foforo nso fa mma a wɔbɛwo ho, efisɛ wotumi ka ɔbea no ho asɛm sɛ ‘ɔboafo’ ma ɔbarima no. (Gen. 2:18) Ɛsɛ sɛ wɔn abusuabɔ no yɛ nea wɔsɔ hwɛ? Ɔbɔadeɛ no Asɛm ma mmuae sɛ, Dabi: “Ne saa nti ɔbarima begyaw n’agya ne ne nã, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ ɔhonam koro.” (Gen. 2:24) Afei nso, aware nkabom a ɛte sɛɛ a egyina hɔ pintinn no bɛma wɔatumi ayɛn mmofra no wɔ tebea a eye mu.—1 Mose 1:28; Efe. 6:4.
Yiw, Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea na ɔhyɛe sɛ ɛsɛ sɛ wɔka bom wɔ aware a nidi wom mu na wɔde wɔn ho fam wɔn ho wɔn ho yɛ abusua biako. Wɔ nokwarem no, akyiri no Yesu Kristo kae sɛ: “Enti mise mo sɛ sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔware ɔfoforo a, na wasɛe aware.” (Mat. 19:9) Bible no de ka ho sɛ: “Na eyi ne Onyankopɔn pɛ . . . sɛ munyi mo ho mfi aguamammɔ mu.”—1 Tes. 4:3.
Enti sɛ wɔbɛtra ase kwa a wɔnka ntam bi mfa nkyekyere wɔn ho wɔ adansefo anim na wɔde eyi ahyɛ mmara ase sɛnea ɛfata no kyerɛ ara kwa sɛ nnipa baanu no te aguamammɔ mu. Nkabom a mmara mma kwan yi yɛ nea Onyankopɔn rentumi nhyira so, na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ ade a ɛteɛ no rentumi nnya ahonim a emu tew.—1 Kor. 6:9, 10; Adi. 21:8; 22:15.
Ebinom bɛte nka sɛ Onyankopɔn abrabɔ mmara horow no ma wɔhwere anigye a wobenya wɔ asetra mu. Nanso ɛnyɛ saa na asɛm no te koraa. Ɔyɛɛ ne mmara na ayɛ yiye ama adesamma, na ɛnyɛ sɛ ebegye anigye bi afi wɔn nsam. Babasoyare a adɔɔso, nyinsɛn a wɔnhwehwɛ, nyinsɛn a woyi gu ne ɔhaw horow a ɛba fi Onyankopɔn abrabɔ ho mmara horow a wommu a afi mu aba no kyerɛ sɛ Onyankopɔn mmara a wobu ani gu so no mfa daa yiyedi bi mmrɛ adesamma.
Nanso, sɛ aware yɛ Onyankopɔn nhyehyɛe a, ɛnde dɛn nti na awarefo pii hyia eyi mu ɔhaw horow saa, titiriw no wɔ yɛn awo ntoatoaso yi mu? Dɛn na egye na ama aware ayɛ yiye?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]
Adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ, mmofra a wohu sɛ wɔn awofo anware no nyin dan wɔn a wonnye nnipa nni bio
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 15]
Adanse ahorow no nyinaa kyerɛ sɛ: sɛ wɔn ho asɛyɛde da wɔn ho so na wɔkyekyere wɔn ho a, ɛno na ɛma abusuabɔ no yɛ yiye ma wɔn a ɛfa wɔn ho no nyinaa
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 15]
Yesu Kristo kae sɛ: “Sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti, na obi gyae ne yere na ɔware ɔfoforo a, na wasɛe aware”