Asɛm A Ne Ka Yɛ Den
OKUNU bi a ɔwɔ ayamhyehye kae sɛ: “Ɛyɛɛ me yaw maa me yere. Na wabrɛ anoa aduan awia no ama ne nnamfo nkumaa bi. Nanso bere no dui no, obiara amma. Mfiase no ɛhaw no kakra. Afei ɛyɛɛ no awerɛhow. Afei osui bere a ɛkyɛe a wɔamma no. ‘N’akɔnnɔduan’ no fii ase sɛee. Nanso obiara mpo amma ammɛkyerɛ nea enti a wɔkyɛe no mu.” Ɔtoaa so sɛ: “Wɔ tebea horow a ɛte sɛɛ mu no wufi ase susuw nea ebia ato wɔn ho. (Dɛn na ayɛ wɔn? So wɔanya akwanhyia bi anaa?) Na sɛnea ɛyɛe no, awiei koraa no wɔn mu baanu bae. Wɔn a aka no amma.”
Bere a eyi betumi ama nnamfofa bi asɛe no, Kristofo suban dii dwuma boae. Okunu no kae sɛ: “Ɛda a edi hɔ no me yere hwɛɛ kwan sɛ wɔde nusu bɛba abɛpa no kyɛw bere a ohuu ne nnamfo baasa a wɔn werɛ fii no no. Mmom no wɔde aniwu ne ahoɔhare kyiaa no. Afei nna bebree twaam. M’ani gyei sɛ me yere sii gyinae sɛ obedi kan akɔ ne nnamfo no hɔ. Osũ kakra ne kyia a wokyiakyiaa wɔn ho wɔn ho akyi no wosiesiee asɛm no. Nanso asemmisa bi baa m’adwene mu: ‘So anka wɔrentumi nka tiawa sɛ, “Yɛpa wo kyɛw”?’”
Nnwom bi a agye din mu asɛm a ese, “Ɛte sɛnea mepa wo kyɛw ne asɛm a ne ka yɛ den” no yɛ nokware. Dɛn nti na ɛte saa? Efisɛ ebia “mepa wo kyɛw” kyerɛ gye a wugye wo mfomso tom. Ampa, ɛte sɛnea ɛnyɛ den sɛ yebegye atom sɛ yɛn nyinaa wɔ sintɔ ahorow. Ka kyerɛ obi sɛ “Wonyɛ Pɛ!” na ɛda adi sɛ obebua sɛ, “So ɛnyɛ yɛn nyinaa?” Nanso ka sɛ ɔyɛ ɔhopɛfo, ɔyɛ ahantan, ahomaso, ogyengyentwi, obi a ɔyɛ n’ade sɛ abofra anaa ɔyɛ obufufafo na wubehu sɛ ɛrenyɛ no dɛ. Ɛno nti na Bible no tu yɛn fo sɛ yɛnkata afoforo mfomso so, nhuhu mma yɛn ho na yɛmfa mfirifiri yɛn ho no.—Mmebusɛm 17:9; Efeso 4:32; Kolosefo 3:13.
Bere a ebia akyi a wobɛka wɔ awia adidi mu bɛyɛ ade ketewaa bi no, ɛyɛ mfomso nketenkete saa na ɛtaa de akasakasa ba nnipa ntam no. Nanso mpɛn pii no wobetumi de “Mepa wo kyɛw” ara kwa asiw ano.
Yiw, nanso hena na obedi kan aka? Woka sɛ, “Ɛnyɛ me!” Woasusuw asɛm no ho abu wo ho “bem.” Wokyerɛ sɛ “ɛsɛ sɛ obi asɛm yɛ dɛ.” Nanso nsusuwii a ɛte sɛɛ nhu sɛ ebia wo “tamfo” no susuw nsɛm ho wɔ ɔkwan foforo so. (Mmebusɛm 18:17) Enti asɛm no mu yere. Esiane sɛ wobu kyɛwpa sɛ nkogu a wɔadi nti, afanu no nyinaa bɔ wɔn ho so na wosiesie wɔn ho sɛ wɔbɛtwe.
Nanso, Bible no kyerɛ sɛ wobetumi asiesie nsɛm a akyɛ mpo, sɛ nkurɔfo pene so sɛ wɔde wɔn ahantan bɛto nkyɛn a. Sɛ nhwɛso no susuw agya panyin Yakob ho. Na ɔpene so sɛ obegyae nea ɛsen ahantanyɛ mu na ama akasakasa bi to atwa. Ɔtan a ɛda ɔne ne nua a ɔne no yɛ ntafo Esau ntam no yɛ nea wobetumi ahu ne mfiase fi bere a wɔwoo wɔn. Ɛbɛyɛɛ ɔtan kɛse bere a Yakob faa ɔkwan bi so sɛnea ɛbɛyɛ a obenya abakan no, ade a ná Esau atɔn ama no agye aduan no. (Genesis 25:22-34; 27:1-41) Yakob nkwa nti oguanee! Mfe pii a etwaam no amma ɔtan a Esau wɔ wɔ Yakob ho no ammrɛ ase.
Awiei koraa no da bi bae a na ɛsɛ sɛ wohyia. Yakob fi ahobrɛase mu soma kɔsrɛɛ Esau sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no hyiam. Bere a worekenkan amanneɛbɔ no wɔ Genesis ti 32 ne 33 no wubetumi ate sɛnea nneɛma mu yɛɛ den bere a na anuanom a ɔtan da wɔn ntam yi resiesie wɔn ho akohyiam no nka; Yakob ne nguankuw, ne ne mma, Esau ne ne mmarima 400! Akyinnye biara nni ho sɛ na bɔne wɔ Esau adwene mu. Nanso na Yakob abɔ ne tirim sɛ ɔbɛma asomdwoe aba. Ofi ahobrɛase mu kɔkyɛɛ no nneɛma a ɛkyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ wɔbɛka abom, na hwɛ akyɛde ara a ɛyɛ! Mmirekyi ne nguan ɔhaha pii ne anantwibere, mfurum ne anantwinini pii a Yakob nkoa de kɔmaa no no ne asomdwoe afɔre no. Hwɛ Esau ho ara a ebedwiri no bere a ohuu saa ayamye a oyii adi kyerɛe no!
Nanso na asomdwoe begye nea ɛsen saa. Ohyiaa Esau anim ne anim no, dɛn na Yakob yɛe afei? “Na ɔno ankasa de, ɔsen dii wɔn anim, na ɔbɔɔ ne mu ase kɔɔ fam mpɛn ason de kosii sɛ oduu ne nua no nkyɛn,” ɔyɛ eyi te sɛ nea wahu obi a ɔkorɔn. Nea ɛbae? “Na Esau tuu mmirika behyiaa no yɛɛ no atuu, na ɔde ne ti too ne kɔn ho, na ofew n’ano, na wosui.”—Genesis 32:13-15; 33:1-4.
Emu asuade? Wɔ ankorankoro ntam akasakasa mu no, biribi wɔ hɔ a ɛho hia titiriw sen nea odi “bem” anaa nea odi “fɔ.” Ɛho hia sɛ asomdwoe bɛsan aba wɔn ntam. Enti bere a ntease nyɛ adwuma wɔ asɛm bi mu no, bisa wo ho sɛ, “So mihu sɛnea ɔte asɛm no ase? So madi nsɛm ho dwuma wɔ Kristofo kwan so? So mepene so sɛ mɛbrɛ me ho ase? So metumi ayɛ onipa a odi kan ka sɛ, ‘mepa wo kyɛw’ esiane sɛ woahyɛ obi aniwu nti anaa?”
Wɔka asɛm bi sɛ, “Mepa wo kyɛw yɛ asɛm ketewaa.” Nanso ɛyɛ asɛm a ano yɛ den. Bɔ mmɔden sɛ wubedi kan aka.—Mateo 5:9, 23, 24.