Sɛnea Wubegyina Abrabɔ Mu Asɛnnennen A Ɛne Ohiani A Woyɛ No Ano
“AFRIKANI oduruyɛfo bi kyerɛe sɛ: “Nkurɔfo di hia efisɛ wɔyɛ anihafo. Anihafo ayɛ kurow no mu ma. Sɛ wɔpɛ adwuma ampa a, wobetumi anya bi. Ɛnsɛ sɛ obi di hia nnɛ.”
Akyinnye biara nni ho sɛ nnipa bi yɛ anihafo, na anihaw betumi ama wɔadi hia. Bible no se: “Nna kakra, nkotɔ kakra! nsa a mɛpono mada kakra. Ɛnna wo hia nam so bɛba sɛ odwowtwafo, ne w’ahokyere sɛ ɔkyɛmkurafo.” (Mmebusɛm 24:33, 34) Nanso, ahiafo pii nyɛ anihafo koraa. Sɛ nhwɛso no, susuw ɔbarima a ɔkyerɛw asɛm a edi so yi ho: “Ɛde besi dɔn yi mu, ɔkɔm ne sukɔm de yɛn, na yɛda adagyaw, na wɔboro yɛn, na yenni baabi te.” (1 Korintofo 4:11) Onihafo bi a ontumi nsakra? Dabida! Ɔsomafo Paulo na ɔkyerɛw saa nsɛm no. Ɔpawee sɛ ɔbɛtra ase sɛ obi a onni sika pii na watumi ayɛ Kristofo ɔsom adwuma no yiye. Na nneɛma a ehiaa no no bi fi tebea a na ontumi nyɛ ho hwee, te sɛ ɔsom mu ɔtaa.
Ɛnnɛ, nsɛm tebea a wiase no mu ahiafo pii ntumi nyɛ ho hwee no na ama wodi hia—ebia nhoma a wɔansua, wɔn man mu sikasɛm a ɛsɛe, anaasɛ amammui mu basabasayɛ. Wɔn mu pii yɛ adwuma denneennen fi anɔpatutu kosi anadwo, nanso wonnya nea wobetumi de ahwɛ wɔn ho. Enti ɛte sɛ nea ebia wɔn ani begye hokwan ahorow a ɛbɛma wɔafa nsisi so anya sika ho, anaasɛ wobebu no sɛ ehia mpo. Ebia ebinom besusuw sɛ Bible no pene abrabɔ mu bɔne bi a wɔbɛyɛ no nnakoro nnakoro no so! Anyɛ yiye koraa no ɛka sɛ: “Owifo, sɛ owia ade sɛ ɔredi amee, efisɛ ɔkɔm de no a, wommu ani ngu so.” Na onyansafo bi bɔɔ mpae sɛ: “Nanso manni hia manwia ade mamfom me Nyankopɔn din.”—Mmebusɛm 6:30; 30:8, 9.
Nokwaredi—Bible no Gyinabea
So Bible mu kyerɛw nsɛm yi pene nsisi so pefee ankasa? Wiɛ, momma yɛnhwehwɛ mu denam nsɛm afoforo a ɛka ho no so. Bere a Mmebusɛm 6:30, 31 gye toom sɛ nnipa mmu owifo animtiaa bere a owia ade adi amee akyi no, ɛtoa so sɛ: “Na sɛ wohu no a, ɔbɔ ho mpɛn ason, ɔde n’afide nyinaa bɛma.” Ɔkwan foforo so no, sɛ wɔkyere owifo no a, wɔne no bedi sɛnea mmara no te. Onya ne nsɛmmɔnedi no ho asotwe! Enti sɛ anka nsɛm yi bɛhyɛ adewia ho nkuran mmom no, ɛbɔ ahiafo kɔkɔ sɛ adewia betumi ama wɔahwere biribi foforo wɔ sika fam, wɔagu wɔn ankasa ho ne wɔn mmusua anim ase, na wɔahwere obu a wɔwɔ no.
Na onyansafo no mpaebɔ no nso ɛ? Ɔkae sɛ na amma wanni hia na ‘wamfom ne Nyankopɔn din.’ (Mmebusɛm 30:9) Yiw, nokware a obi a ɔkyerɛ sɛ ɔsom Yehowa nni no betumi de ahohorabɔ aba Onyankopɔn din ne Ne nkurɔfo asafo no so. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Wo a woka sɛ wonnwia ade no, wuwia ade?” Sɛ ebinom a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo wia ade a, eyi betumi ama ‘wɔasɛe Onyankopɔn din amanaman mu.’—Romafo 2:21, 24.
Ɛnde, ntease pa nti na Bible no se: “Ohiani a ɔnam ne pɛyɛ mu ye sen nea ɔkyea akwan abien mu na wanya ne ho.” (Mmebusɛm 28:6) Ɛwom sɛ ɛtɔ da bi a, na nneɛma a ɔsomafo Paulo wɔ no sua de, nanso wampene nsisi so na wansisi afoforo nso. Mmom no ɔkyerɛwee sɛ: “Owifo nnwia ade bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma nea odi hia.”—Efesofo 4:28.
Ano Aduru: Fa Wo Ho to Onyankopɔn So
Na wɔn a wɔyɛ adwumaden nanso wontumi nnya nea ɛdɔɔso a wɔde bɛhwɛ wɔn ankasa mmusua no nso ɛ? So ɛteɛ sɛ wobesisi afoforo anaasɛ wobewia ade mpo, ne titiriw no sɛ ɔyare bɔ abusua no muni, anaasɛ biribi foforo a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ntɛm si a? Nnipa binom susuw sɛ ɛteɛ. Afrika man bi muni kae sɛ: “Yɛn man mu no, sɛ wudi nokware a, wubewu. Sɛ wopɛ sɛ wotra nkwa mu a, ɛsɛ sɛ wodan wo ho kakra wɔ w’asetra mu.”
Nanso, Afrika nyinaa no obi taa hu sɛ wɔakyerɛw nsɛm a ɛne “Fa Wo Ho to Onyankopɔn So” wɔ lɔre ho, afasu ho, ne nkrataa a wɔde tare lɔre ne ade ho. Bible no ankasa ka sɛ: ‘Fa wo koma nyinaa to Yehowa so.’ (Mmebusɛm 3:5) Nsisi wɔ tebea biara mu rentumi ne saa Bible mu afotu no nhyia da. Nanso so wo ho a wode bɛto Onyankopɔn so no ne abrabɔ mu asɛnnennen a ɛne ohiani a woyɛ no ano aduru ankasa a etumi di dwuma?
Wiɛ, susuw nea ɔsomafo Paulo kae no ho bio. Sɛ Onyankopɔn ɔsomfo no, ohyiaa ahokyere te sɛ ‘ɔkɔm ne sukɔm, mmuadadi, awɔw ne adagyaw da.’ (2 Korintofo 11:27) Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛbɛyɛ sɛ Paulo dwen sɛnea ɔbɛtra ase no ho! Nanso osuahu a ɔde bɛyɛ mfe 25 nyae sɛ Kristoni akyi no, otumi kyerɛwee sɛ: “Minim ahobrɛase, na minim taamudi nso. Makokwaw ade biara ne ade nyinaa mu, ɔmee ne ɔkɔm ne taamu ne hiadi; mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.” (Filipifo 4:12, 13) Yiw, Paulo de ne ho too Onyankopɔn so.
Paulo hui sɛ Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow nyɛ nsɛnhunu. Ɛyɛ afotu a efi ɔteasefo Nyankopɔn a ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde di dwuma no hɔ. Tete odiyifo bi kae sɛ: “Na [Yehowa] de n’aniwa kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho no.”—2 Beresosɛm 16:9.
Wɔahyira Wɔn wɔ Wɔn Ho a Wɔde to Onyankopɔn So no Ho
Dɛn nti na ɛyɛ den kɛse ma nnipa pii sɛ wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn so no? Akyinnye biara nni ho sɛ efisɛ nyamesom antumi amfa nea a ɛdɔɔso a wobegyina so ayɛ saa no amma wɔn. Asɔre ahorow no ama Onyankopɔn ayɛ te sɛ onni din, onni hɔ, na nnipa ntumi nte no ase. Nanso Yehowa Adansefo nam Bible no sua so ahu Onyankopɔn, ɛnyɛ sɛ tumi bi a enni hɔ, na mmom Ɔteasefo a ɔwɔ din. (Dwom 83:18; Hebrifo 9:24) Wɔahu sɛ ɔwɔ su horow a ɛma ɔyɛ obi a ɔfata sɛ yɛde yɛn ho to no so. Sɛ nhwɛso no, sɛnea Exodus 34:6 kyerɛ no, Yehowa yɛ “Onyankopɔn mmɔborɔhunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii.” Adansefo no wɔ Onyankopɔn mu ahotoso na wohu sɛ ne ‘nokware dɔɔso.’ Enti, wɔwɔ ne bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔde wiase foforo bi a ohia buroburo a mprempren aka adesamma abusua no mu fã kɛse no ara nnim bɛba no mu ahotoso.—2 Petro 3:13.
Enti Yehowa Adansefo ɔpepem pii ada no adi sɛ eye sɛ wɔde wɔn ho bɛto Yehowa so. Sɛ nhwɛso no, Rosaline, Ɔdansefo bi a ɔwɔ Sierra Leone yɛ adwuma denneennen fi anɔpa nnɔnnum kosi anadwo tɔnn na ama n’ankasa ne ne mma baasia anya aduan a wobedi ne ntade a wɔbɛhyɛ. Ose: “Nnipa pii ka sɛ ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wode nokwaredi bɛtra ase, nanso minim sɛ ɛnyɛ nokware. Ɛtɔ da bi a, mihyia ɔhaw ahorow na minnim sɛnea menya ano aduru. Nanso minim sɛ sɛ mede nokwaredi tra ase a, biribiara bɛyɛ yiye ama me. Enti mebɔ mmɔden yiye sɛ merenyɛ nea Yehowa ani nsɔ.”
Ɔkyerɛwfo bi se: “Ohiani a ɔkɔm de no no hia anidaso . . . sen aduan.” Yiw, anidaso a wonni, abasamtu ne awerɛhow a ɛto ntwa da no yɛ ɔhaw ahorow a ebetumi ayɛ yaw sen ɔkɔm. Nanso enhia sɛ obi a ɔba behu Onyankopɔn na ɔde ne ho to no so no aba mu bu. Rosaline de ka ho sɛ: “Mprempren meyɛ adwuma denneennen nanso mewɔ anigye efisɛ minim sɛ bere no reba a merenyɛ adwuma mmrɛ saa. Mprempren meyɛ adwuma na ama me ne m’abusua anya aduan, nanso wɔ Yehowa wiase foforo no mu no de, yebenya aduan pii adi. Enti mprempren mewɔ anidaso ne anigye a mannya bi da ansa na merebehu Yehowa.—Fa toto Yesaia 25:6; Adiyisɛm 21:3, 4 ho.
Ampa, ebia wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so no bɛkɔ so ahyia sikasɛm mu ahokyere, te sɛ nea ɔsomafo Paulo hyiae no. Nanso enhia sɛ wobu Onyankopɔn mmara so na wɔn ho ankyere wɔn wɔ sika fam. Odwontofo Dawid kae sɛ: “Mayɛ abofra, na afei mabɔ akora, nanso minhuu onipa trenee a wɔapa no anaasɛ n’asefo srɛ aduan.” (Dwom 37:25) Yiw, Onyankopɔn hwɛ wɔn a wɔde ne nneɛma di kan wɔ wɔn asetra mu no na ohyira wɔn.—Mateo 6:25-33.
Enti sɛ woyɛ ohiani a, ‘mmrɛ papayɛ mu.’ (2 Tesalonikafo 3:13) Nyɛ biribi a ɛnteɛ wɔ abrabɔ fam. Wo ne Onyankopɔn nnya abusuabɔ na fa wo ho to no so sɛ ɔmmoa wo na woagyina abrabɔ mu ɔhaw ne ahokyere ano. Wɔhyɛ wɔn a wɔsom Yehowa na wɔwɔ no mu ahotoso kɛse no sɛ: “Mommrɛ mo ho ase Onyankopɔn tumi nsa no ase, na wama mo so, bere a ɛsɛ mu. Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto no so, efisɛ odwen mo ho.”—1 Petro 5:6, 7.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
“Ohiani a ɔkɔm de no no hia anidaso . . . sen aduan”
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Yehowa Adansefo boa nkurɔfo ma wɔde wɔn ho to Onyankopɔn so