Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 7/8 kr. 31
  • Bere a Owu Kyerɛ Owu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Owu Kyerɛ Owu
  • Nyan!—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Werɛ Afi Wɔn Nkae
    Nyan!—1989
  • Dɛn Na Ɛba Yɛn Adɔfo A Wɔawuwu No So?
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Kyerɛ Gyidi na Woanya Daa Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Adɔfo a Wɔawuwu?
    Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Adɔfo a Wɔawuwu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 7/8 kr. 31

Bere a Owu Kyerɛ Owu

“Ɔkraman a ɔte ase ye sen gyata a wawu. Na ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara, na wonni akatua bi bio, na werɛ afi wɔn nkae.”—Ɔsɛnkafo 9:4, 5.

EBINOM wɔ gyidihunu bi sɛ sɛ obi wu a ne kra kɔ so tra ase anaasɛ wɔsan wo no foforo mpɛn pii. Ebinom gye di mpo sɛ obi a wawu ani so betumi atetew no. Wobisaa adwene a Thomas Lynch a osiesie funu kura wɔ owu akyi asetra ho asɛm nnansa yi. Ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ nea nkurɔfo a wohu wɔn ani so ade ne nea ɛkeka ho no nyan fi owu mu ankasa—na mmom wɔkɔɔ tebea bi a na ɛboro yɛn tumi so sɛ yebetumi ahu sɛ wɔawu anaa wonwui. Efisɛ sɛ ‘wuwu’ a womma nkwa mu bio.”—The New York Times Magazine.

Mfe mpempem pii ni na Bible kaa nokwasɛm yi. “Ɔkraman a ɔte ase ye sen gyata a wawu. Na ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara, na wonni akatua bi bio, na werɛ afi wɔn nkae.” (Ɔsɛnkafo 9:4, 5) Tete amusiei a wobɛkɔ akokyinkyin hɔ kakra no besi nokwasɛm yi so dua ntɛm ara.

So eyi kyerɛ sɛ anidaso biara nni hɔ ma awufo? Bible nka biribiara a ɛbɛma yɛagyina so agye ɔkra a enwu da a ɛkɔ so tra ase wɔ owu akyi ho nkyerɛkyerɛ no adi. (Genesis 2:7; Hesekiel 18:4, 20) Nanso, Yesu Kristo kaa owusɔre a wɔnam so kɔ asase so paradise a wɔbɛsan de aba mu ho asɛm. Na ne kyidifo a ɔyɛ Yudani Marta, a na ne nuabarima Lasaro wui nkyɛe no wɔ owusɔre mu gyidi, efisɛ ɔkaa Lasaro ho asɛm sɛ: “Minim sɛ owusɔre mu, da a edi akyiri no, ɔbɛsɔre.” (Yohane 11:24) Eyi ho no, Yesu buae sɛ: “Mene sɔre ne nkwa; nea ogye me di no, sɛ wawu po a, obenya nkwa. Na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da. Wugye eyi di anaa?” (Yohane 11:25, 26) Ná wadi kan aka sɛ: “Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi; wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa sɔre mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmu sɔre mu.” Nanso hyɛ no nsow sɛ Yesu anka ɔkra a enwu da biara ho asɛm!—Yohane 5:28, 29; Luka 23:43.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 31]

“‘Wuwu’ a womma nkwa mu bio.” Thomas Lynch, a osiesie funu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena