Mmofra Bisa Sɛ. . .
Mfomso Bɛn Na Ɛwɔ Me Bo A Mesi Ayɛ Biribi No Ho
LISA mfɛfo sukuufo kae sɛ, “Kɔ so. Ka kyerɛ ɔkyerɛkyerɛfo no sɛ n’anom bɔn.” Dabi, ɛnyɛ bɔn a n’anom bɔn ne asɛm no. Na wɔreka akyerɛ Lisa sɛ sɛ onsuro a, onsi ne bo nyɛ biribi—nea asiane wom!
‘Kɔka ntɔkwaw! Kɔfew abeawa bi ano! Guan fi sukuu! Kowia watch! Huruw gyina keteke kwan mu!’ Saa na mmofra a wonya anigye fi afoforo a wɔka kyerɛ wɔn sɛ sɛ wonsuro a wonsi wɔn bo nyɛ biribi a ɛkyerɛ nsɛmmɔnedi kosi nea ɛma obi di ne ho dɔm so ka.
Abofra biako ka kyerɛɛ ne yɔnko a wadi mfe 14 sɛ, ‘Me ne wo bɛto nkyia ¢900, sɛ wunsuro a, huruw tɔ nsu no mu.’ Esiane sɛ n’adamfo no penee so nti, ohuruw fii hyɛmma a wɔte mu no mu. Na onnim sɛ ɔhweam a ano yɛ den wɔ nsu no mu. Sɛ ɛnyɛ hyɛmma no mu adwumayɛfo no mu biako na ohui sɛ wahuruw atɔ nsu no mu na ɔno nso huruw too mu sɛ ɔrekoyi no a, anka abarimaa no rennya nkwa na waka ho asɛm.
Bere a wanom beer ntoa dodow bi awie akyi no, James a wadi mfe 17 hwiee petrol guu no ho na ɔka kyerɛɛ n’adamfo biako sɛ sɛ onsuro a, ɔmfa ogya nhyew no. Wɔn mu biako yɛɛ nea ɔkae no. James nipadua no afã bi hyew kɛse. Bere a James papa retwa asɛm no tiaa no, ɔkae sɛ: “Wɔ nea me ba no ka kyerɛɛ me no mu no, na mmofra no redi agoru. Ɛyɛ agyimisɛm kɛkɛ.” Wususuw ho dɛn?
Sɛnea 1984 American Journal of Public Health kyerɛ no, “nea ɛma obi si ne bo sɛ ɔbɛyɛ biribi” ne ‘gye a wogye no kyim wɔ nneɛma ahorow bi a ɔbɛyɛ no ho.’ Ɛwom, gye a wogye obi kyim wɔ biribi a ɔbɛyɛ ho no nyɛ nea enye ankasa bere nyinaa. Sɛ wopɛ a, mmɔ mmɔden wɔ akontaabu mu na w’awofo bɛka sɛ ‘Afei sua sɛnea wotumi bu akontaa!’ Na wubehu sɛ wobɛyɛ nea wɔhyɛ wo no ntɛm!
Nanso sɛ wogye wo kyim sɛ yɛ biribi a nyansa nnim, ɛnkyerɛ ayamye, anaasɛ asiane wom a, ɛno ne bere a ɛsɛ sɛ wususuw ho yiye ansa na woapene so. Onyansafo bi kae sɛ: “Nwansena funu ma odufrafo aduru bɔn na ɛporɔw, na nkwaseasɛm kakra yɛ duru kyɛn nyansa ne anuonyam.” (Ɔsɛnkafo 10:1) Wɔ tete mmere no mu no, biribi ketewa te sɛ nwansena funu betumi asɛe srade anaasɛ anowatere a ne bo yɛ den. Saa ara na “nkwaseasɛm kakra” betumi asɛe obi din a wabrɛ anya no. So wopɛ sɛ wode wo ho bɛhyɛ ade a asiane wom a ɛte saa no mu?
Nea Enti a Ɛyɛ Den Sɛ Wobɛka Dabi
Nanso, nhwehwɛmufo Charles ne Mary Ann Lewis hui sɛ mmofra baasa biara mu bɛyɛ biako begye atom sɛ obesi ne bo ayɛ biribi sen sɛ wɔbɛfrɛ no ohufo. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔpɛ a mmofra wɔ sɛ wɔn mfɛfo begye wɔn atom no ano yɛ den kɛse. Nhoma a wɔfrɛ no The American Teenager ka nhwehwɛmu bi a ɛkyerɛ sɛ sɛ ebia mmofra yɛ adefo anaasɛ ahiafo no, “nea wodwen ho ne sɛ wɔbɛpɛ wɔn asɛm” ho asɛm.
Enti ebia wo bo a wubesi ayɛ biribi de wo bɛkɔ tebea a emu yɛ den mu. Esiane sɛ wobɛpɛ sɛ wɔpɛ w’asɛm nti, ɛte sɛ nea pene a worempene so sɛ wubesi wo bo ayɛ biribi no bɛma wɔahwere biribi. Sɛnea aberantewaa Mike kae no: “Wo nnamfo ma wote nka sɛ woyɛ obi a wɔapow no.” Nanso wo bo a wubesi ayɛ ade no betumi ayɛ nea asiane wom.
Bio nso, sɛ woyɛ nea wɔka no a, so wubebu Bible mu gyinapɛn ahorow anaasɛ nea w’awofo akyerɛkyerɛ wo no so? Sɛ saa a, so wopɛ ankasa sɛ mmofra a wɔhwehwɛ anigye gyinapɛn ahorow bɛkyerɛ w’asetra kwan? Afei nso, so mmofra a wɔka kyerɛ wo sɛ fa wo nkwa ne din a woanya to asiane mu no yɛ nnamfo ankasa? Abebusɛm bi ka sɛ: “Ayɔnkofo bi wɔ hɔ a wɔsɛe wɔn ho wɔn ho, nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ne ho sen onua ankasa.” (Mmebusɛm 18:24) Adamfo pa rennya adwene da sɛ ɔbɛma woakɔ tebea a asiane wom mu.
Otiee “Mmofra”
Ɔhene Rehabeam a ɔtraa ase wɔ tete Israel osuahu no kyerɛkyerɛ asiane a ɛwɔ tie a abofra betie nea n’atipɛnfo ka no mu no mu yiye. Wɔ n’ahenni mfiase no, ne manfo srɛɛ no sɛ onyi kɔndua a ne papa de too wɔn so no so mma ɛnyɛ hare. Mfiase no, Rehabeam kogyee afotu fii mpanyimfo a wofii nyansam ka kyerɛɛ no sɛ ‘ka wɔn asɛmpa na wobɛyɛ wo nkoa nna nyinaa, no nkyɛn. (1 Ahene 12:7) Na ɛyɛ afotu pa, ɛnte saa? Nanso, esiane sɛ n’ani annye nea wɔkae no ho nti, Rehabeam kogyee afotu fii mmofra a wɔne no nyinii no nkyɛn.
Nokwarem no, ne nnamfo ka kyerɛɛ no sɛ ɔnna ne ho adi sɛ n’asɛm yɛ den. Ne nnamfo ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka sɛ: “M’agya de kɔndua duruduru soaa mo, na me de, mɛto mo kɔndua no so; m’agya de mpire na ɛhwee mo, na me de, mede nkekantwɛre na mɛhwe mo.”—1 Ahene 12:10, 11.
Rehabeam tiee ne nnamfo a wɔyɛ mmofra no afotu. Nanso, ne manfo bo fuwii. Wɔtew atua na Israel mmusuakuw 12 no mu 10 paw ɔhene foforo! Ɛbaa saa esiane sɛ Rehabeam ‘ne mmofra a wɔne no nyinii no kotuu agyina’ nti.—1 Ahene 12:8-17.
Nya Nhumu
Ɛda adi sɛ eye sɛ ‘wobɛbrɛ w’aso ase atie anyansafo kasa.’ (Mmebusɛm 22:17) Ɛno bɛkyerɛ sɛ wobɛhwehwɛ nnamfo pa afoforo pii. Mmebusɛm 13:20 ka sɛ, “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.”
Ebetumi ayɛ nea ɛfa sɛnea wubesua ahu nsonsonoe a ɛda afotu pa ne—“mmerante bere mu akɔnnɔ”—a ebia ebedi wo awu—no ntam. (2 Timoteo 2:22) Sɛ obi ka kyerɛ wo sɛ wusuro sɛ wubesi wo bo ayɛ biribi a, susuw nea ebefi yɛ a wobɛyɛ no mu aba no ho. Ampa, sɛnea abofra a wɔfrɛ no Andrẽ ka no, mpɛn pii mmofra bɔ mmɔden sɛ wobɛdaadaa wo denam ka a wɔka sɛ “obiara renhu wo” no so. Nanso, ‘wubetwa nea wugu no.” (Galatifo 6:7) Mpɛn pii nkwaseasɛm a mmofra di no ntumi mma wɔmmɔ mmɔden wɔ sukuu adesua mu, wɔpam wɔn fi sukuu kosi bere bi, na polisifo kyere wɔn mpo!
Sua a Wubesua Sɛnea Wɔka Dabi
Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wubetumi akwati asiane a si a obi si ne bo yɛ biribi de ba no? Bible kyerɛwtohɔ biako kae sɛ: “Nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa [anaasɛ nni nneɛma ho dwuma].” (Yakobo 1:19) Susuw nea ɔrekasa no ne nea wɔreka akyerɛ wo sɛ yɛ no ho. So nyansa wom? So ɔdɔ wom? So ɛda ayamye ne afoforo ho a wosusuw adi? Sɛ ɛnte saa, nyɛ nea wɔreka akyerɛ wo sɛ si wo bo yɛ no. Ampa, abofra foforo a wɔfrɛ no Maurice ka sɛ, “wɔbɛma woate nka sɛ w’ani mmuei.” Nanso hena na n’ani “mmuei” ankasa? Onii a n’adwenem da hɔ anaasɛ nea odi nkwaseasɛm no?
Enti wubetumi ne afoforo a wɔka sɛ si wo bɔ yɛ biribi no asusuw nsɛm ho. Terry a wadi mfe dunwɔtwe no ani gye ho sɛ “ɔremma ɛnyɛ nea anigye wom” denam nsɛm a ɛte sɛ ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ meyɛ? Sɛ meyɛ a, ɛno bɛkyerɛ dɛn? Mfaso bɛn na menya afi mu?’ a obisa no so? Ebia Bible no a wode bedi dwuma bɛyɛ nea etu mpɔn. Ma wonhu sɛ wowɔ gyinapɛn ahorow pɔtee bi a wopɛ sɛ wode tra ase. Abeawa kumaa bi bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma abarimaa bi abɔ aguaman bere a ɔkae sɛ, “Wunnim nea ɛrepa wo ti so.” Abarimaa no buae sɛ, “Minim. Mmaninyare ne kekae . . . ” Hwɛ nokware a ɛyɛ sɛ ahonim a wɔde Bible atete no a wode bedi dwuma no bɛboa wo ma woakwati biribi a wobɛyɛ a akyiri yi wubehu wo ho no!—Fa toto Genesis 39:7-12 ho.
Nanso, abofra Lisa ka sɛ: “Sɛ mmofra pii hu sɛ worenyɛ nea wɔyɛ no a, wobegyaa wo haw. Nanso, ebinom wɔ hɔ a wɔbɛsɔ wo ahwɛ bio.” Bere a Yesu nkutoo dii daduanan wɔ sare so no, ɔbonsam sɔɔ no hwɛe mprɛnsa. Satan ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ma abo nnan abodoo! Tow wo ho fi asɔrefi no atifi kyene fam! Kotow me!’ Yesu buae sɛ: “Fi me so, Satan!” (Mateo 4:1-10) Nanso Luka 4:13 de ka ho sɛ: “Na ɔbonsam wiee sɔhwɛ no nyinaa no, ogyaw no kɔe ansa.” Nneɛma a wɔbɛkɔ so ahyɛ wo sɛ si wo bo yɛ a worenyɛ no bɛhwehwɛ sɛ wugyina pintinn saa ara. Mma nneɛma a nyansa nnim a wɔhyɛ wo sɛ si wo bo yɛ no nyɛ asɛm a ɛyɛ den ma wo. Nya akokoduru a wode bɛyɛ nea ɛteɛ!
Afei ɛyɛ asɛnnennen ankasa, ɛnte saa?
[Kratafa 23 mfoni]
W’ahonim a wode Bible atete no a wubetie no no remma wonyɛ biribi a akyiri yi wubenu wo ho