Ɔyare—Anidaso Bɛn Na Ɛwɔ Hɔ Sɛ Ebefi Hɔ?
ƐYƐ NEA wontumi nnye ho akyinnye sɛ, bere a wɔahu nneɛma ahorow a ɛde ɔyare ba ɔdesani so no mu yiye no, nnuruyɛfo anya nkɔso kɛse wɔ nyarewa ahorow binom ano a wobesiw mu. Nanso ɔhaw ahorow siw nnipa pii kwan ma wonnya nnuruyɛ mu nkɔso ahorow mu mfaso horow no bi. Enti, pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Nanso, biribi wɔ hɔ a ɛde ɔyare ne owu ba a ɛboro nnuruyɛfo ahoɔden so sɛ wobetumi ayɛ ho biribi. Esiane eyi nti, nnipa nkutoo rentumi nni ɔyare so nkonim. Nanso sɛ yebetumi ahu saa ade titiriw a ɛde ba no a, anka ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛ ebia yebetumi anya anidaso sɛ yebenya ahotɔ afi ɔtamfo yi nsam.
DƐN NTI NA NYAREWA AHOROW HAW YƐN?
Wɔada nea enti titiriw a nnipa yare na wowu no adi wɔ bɔ kɛse a Onyan-kopɔn hyɛɛ tete Israelfo no mu: “Ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow! Ɔman a wɔte mu no, wɔde wɔn amumɔyɛ befiri wɔn.” (Yesaia 33:24) Ɛha no wɔde ɔyare bata “amumɔyɛ” anaasɛ bɔne ho. Na wɔde ɔyare mu ahotɔ bata bɔne fafiri ho.
ƐNDE SO ƆYARE YƐ BƆNE HO ASOTWE?
Ɔyare betumi ayɛ bɔne ho akatua ankasa. Bible no bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.” (Galatifo 6:7) Sɛnea yɛahu dedaw no, wɔn a ‘wɔregu’ abrabɔ bɔne, wɔn a wɔnom sigaret, wɔn a wodi asabow ne potwaa ho fɔ no ‘retwa’ nyarewa ahorow pii. Ɛyɛ ampa sɛ ɛnyɛ nyarewa nyinaa na nneɛma a ɛtete sɛɛ na ɛde ba. Nanso, nyarewa nyinaa mfiase betumi ayɛ nea efi “amumɔyɛ” anaa bɔne mu.
DƐN NTI NA NNIPA PA YARE?
Efisɛ bɔne a ɛno ne ɔyare farebae ankasa no nyɛ nea yɛn ankasa na yɛyɛe. Ɛbae bere tenten a atwam ni, wɔ adesamma abakɔsɛm mfiase pɛɛ. Bible no kyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa a odi kan, Adam, a na ɔyɛ pɛ, a ɔwɔ ahoɔden, a na ɔwɔ anidaso sɛ ɔbɛtra ase daa. Sɛ́ ɔbɛkɔ so anya eyinom nyinaa muanigye no gyina osetie a ɔbɛyɛ ama ne Bɔfo no so. Adam pawee sɛ ɔbɛtew atua na enti ɔtwee ne ho fii Onyankopɔn, a ɔno na “ɔyɛ nkwa fibea” no ho. Enti, onipa a odi kan no bɛyɛɛ obi a ɔtɔ sin, a ɔyɛ ɔyarefo, na awiei koraa no owui.—Genesis 2:17; 3:1-19; Dwom 36:9.
Ɛyɛ ade a wonim no yiye sɛ wobetumi anya nyarewa ahorow bi afi awo mu. Saa ara na yenyaa bɔne, sintɔ ne owu fii awo mu. “Sɛnea ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) Apɛgyade a Adam de gyaw ne mma ne nkwa a ɛtɔ sin a ɔyare ne owu ka ho. Ɛno titiriw enti na ɔyare wɔ hɔ nnɛ.
SO ONYANKOPON ANI GYE HO SƐ OBƐMA NNIPA ANYA AKWAHOSAN?
Ampa n’ani gye ho! ‘Sɛ nhwɛso no, ɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “[Yehowa] beyi ɔyare nyinaa afi wo so.”—Deuteronomium 7:15.
ƆKWAN BƐN SO NA ONYANKOPON BƆƆ ISRAELFO NO AKWAHOSAN HO BAN?
Ɔmaa wɔn mmara ahorow a nsiesiei horow a ɛbɔ wɔn akwahosan ho ban ka ho. Ɛdefa mmara ahorow yi ho no, oduruyɛfo biako kae sɛ: “Nnuruyɛ ho nhwehwɛmufo a wɔaben yiye a wɔrebɔ mmɔden kɛse mprempren no rehu sɛ Bible no yɛ nyansahu nhoma a ɛyɛ nokware yiye . . . Nokwasɛm ahorow a ɛfa nkwa, nea ɛde ɔyare ba, aduruyɛ, ne nnuru a esiw ɔyare ano sɛnea wɔde ama wɔ Bible mu ho no yɛ nea akɔ anim kɛse na wotumi de ho to so sen Hippocrates nkyerɛkyerɛ ahorow no.” Hippocrates a ɛtɔ mmere bi a wɔfrɛ no “nnɛ bere yi nnuruyɛ agya,” no traa ase bere a Onyankopɔn de Mmara no maa Israelfo no fam bɛyɛ mfirihyia 1,000.
SO ONYANKOPƆN BOA YƐN MA YENYA AKWAHOSAN NNƐ
Yiw, Bible no wɔ ahyɛde ahorow ma yɛn nnɛ a sɛ yedi so a, ɛbɔ yɛn akwahosan ho ban. Asabow, potwaa, mmarima a wɔne wɔn ho da, awaresɛe ne aguamammɔ, a nea ɛde ba ne adwene mu haw ahorow ne nyarewa ankasa no yɛ nea wɔabara wɔ Bible mu. (Mmebusɛm 23:20, 21, 29-35; 1 Korintofo 6:9-11) Saa ara na sɛ ‘yɛhohoro yɛn ho fi ɔhonam ne honhom mu fĩ nyinaa mu’ a, yebekwati nyarewa ahorow a sigaretnom, nnuru a wɔde di dwuma ɔkwan bɔne so ne duaba bi (a ɛwɔ Asia) a wɔfrɛ no betel nut a wɔwe de”ba no. (2 Korintofo 7:1) Aguare daa mpo bɔ yɛn akwahosan bo ban
Bio nso, wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Anigye koma ma ahoɔden, na honhom a abotow yow nnompe mu.” (Mmebusɛm 17: 22) Ɛnnɛ, dwuma a adwenem basaayɛ, adwennwene, ankonamyɛ, ne nkate afoforo di no yɛ nea ɛreda adi. Oduruyɛfo biako kae sɛ ayarefo a wɔba n’ayaresabea hɔ nyinaa mu bɛyɛ ɔha biara mu 90 yare adwennwene ‘Bible no kyerɛ hia a ‘anigye koma’ ho hia, na ɛde mmoa horow a eye ma wɔ sɛnea yɛbɛma yɛn koma no anya anigye ho.
Sɛ yedi eyinom ne Bible nnyinasosɛm afoforo a ɛtete saa akyi a, ɛbɛbɔ yɛn ho ban afi nyarewa a ɛka nnipa nnɛ no pii mu.
So Yebenya Daa Akwahosan Pa Da Bi?
Yiw, yebenya, sɛ yɛyɛ nea Adam powee sɛ ɔbɛyɛ no a—yɛn werɛ nyinaa a yɛde bɛhyɛ Onyankopɔn mu na yɛayɛ osetie ama No. Ahotɔ a yebenya afi ɔyare mu koraa yɛ nea wɔredi ho dwuma denam Yesu Kristo so. Wɔwoo Yesu wɔ ɔkwan a ɛyɛ soronko so, ɛdenam Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn tumi so no woyii ne nkwa fii ɔsoro anuonyam dibea a ɔwɔ no mu bɛhyɛɛ ɔbaabun awotwaa mu. Esiane sɛ na onni ɔdesani agya nti, wannya nkwa a ɛtɔ sin a Adam de maa yɛn a yɛaka yi sɛ apɛgyade no bi.
Ná Yesu yɛ pɛ. Wɔ adeyɛ a ɛyɛ ɔdɔ kɛse mu no, ɔde ne nkwa a ɛyɛ pɛ no bɔɔ afɔre maa yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi asan anya saa pɛyɛ a Adam yeraa no no. Bere a wɔde saa afɔrebɔ no mu mfaso nyinaa adi adesamma ho dwuma no, wobeyi ɔyare, owu ne ɔhaw ahorow a sintɔ de ba no nyinaa afi hɔ.—Mateo 1:18-23; 20:28; Hebrifo 7:26.
Saa kwan yi so no, nkɔmhyɛ a ɛfa Yesu ho no bɛbam sɛ: “Yɛn mmarato nti na wopiraa no, . . . na ne mmaa atape na wɔde asa yɛnyare.”—Yesaia 53:5; 1 Petro 2:24.
SO NÁ YESU WƆ TUMI A ƆDE SA NKURƆFO YARE ANAA?
Yiw, wɔ adansefo pii anim no, Yesu saa “nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.” (Mateo 9:35) Onyanee awufo mpo. (Yohane 11:43,44) Yesu anyɛ eyi denam nnuruyɛ ho adesua ahorow so na mmom wɔ Onyankopɔn honhom no tumi mu. Enti ɔde kyerɛe sɛ nyarewa nyinaa, ne owu mpo yɛ nea obetumi ayi afi hɔ, na obeyi afi hɔ da bi. Ɛwom, nyarewa ahorow a Yesu sae saa bere no yɛɛ bere tiaa mu de. Ná wɔn a wasa wɔn yare no betumi ayare bio, na wɔn a onyan wɔn fii awufo mu no san wuwui bio.
DƐN NTI NA NYAREWA DA SO ABA HAW YƐN, BERE A YESU WU MAA YƐN BƐYƐ MFE 2,000 A ATWAM NI NO?
Mmuae no ne sɛ, wɔde ɔyare a wobeyi afi ‘hɔ no atõa Onyankopɔn atirimpɔw afoforo mu—te sɛ tumidi ho ɔsɛmpɔw no a wobebua, Satan ɔbonsam a wobeyi no afi hɔ, adesamma a wobebu wɔn atɛn, nkwa a wobegye wɔn a wobehu wɔn sɛ wɔyɛ anokwafo ne nniso pa a wɔbɛma wiase anya. Wobedi saa atirimpɔw ahorow yi nyinaa ho dwuma denam Onyankopɔn ahenni a ɛnam Kristo so no so. (Mateo 6:10) Ehia bere na wɔde adi atirimpɔw ahorow akɛse a ɛte sɛɛ ho dwuma.—2 Petro 3:5-13.
BERE BƐN NA WOBEYI ƆYARE AFI HƆ KORAA?
Yenim sɛ ɛrenkyɛ! Yesu maa n’akyidifo no “sɛnkyerɛnne” bi a emu nsɛm kɔ akyiri yiye a ɛbɛma wɔahu bere a ná wafi ase redi tumi sɛ ɔhene wɔ ɔsoro no—ade a ɛma Onyankopɔn atirimpɔw afoforo nya mmamu no. Nea ná ɛka saa “sɛnkyerɛnne” no ho ne wiase akodi, daakye ho suro a emu yɛ den, aduankɔm a emu trɛw kɛse, ɔyaredɔm ne nneɛma ahorow a ɛtete saa a yehu sɛ ɛresisi nnɛ no. Adɛn nti na wonkan Yesu asɛm no, ne nsɛm afoforo a ɔsomafo Paulo de kaa ho no? Hwɛ sɛ wunnye ntom sɛ yɛte bere a Yesu kaa ho asɛm no mu.—Hwɛ Mateo, ti 24, Marko, ti 13, Luka, ti 21, ne 2 Timoteo 3:1-5.
Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn ahenni no de ne ho gye adesamma nsɛm mu. (Mateo 24:14; 25:31-46; Daniel 2:44) Sɛ yesua Onyankopɔn apɛde ma yɛn no ho ade na yedi ho dwuma a, yebetumi atra ase ahu bɔhyɛ akɛse a ɛwɔ Bible mu no bi mmamu. Yebehu tebea horow te sɛ nea Onyankopɔn de hyɛɛ tete Israelfo bɔ no: “Ɛno na afuraefo aniwa bebue, na asotifo :aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom.”—Yesaia 35:5, 6.
Awofo renni wɔn mma nyarewa ho awerɛhow bio. Na wɔrensɛe mmerantebere mu bɔhyɛ no; na ɔhonam rengurow bio a ɛbɛma onyin ayɛ den. Mmom no, ɛbɛyɛ te sɛ nea ɔsomafo Yohane hui wɔ anisoadehu mu no: “Na [Onyankopɔn] bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.”—Adiyisɛm 21:4.
So saa nneɛma yi bɛba ampa? Yiw ɛbɛba. Yohane tee sɛ Yehowa ankasa resi so dua, efisɛ yɛkenkan sɛ: “Na nea ɔte ahengua no so no se: Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo. Na ose: Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.” (Adiyisɛm 21:5) Wɔ saa bere a ɛrebɛn ntɛmntɛm no mu no, onipa benya ahotɔ koraa afi ɔyare mu. Wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so no, ɛbɛyɛ nokware sɛ “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow! Ɔman a wɔte mu no, wɔde wɔn amumɔyɛ befiri wɔn.”—Yesaia 33:24.