Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 2/8 kr. 17-19
  • Bible Mu Nnyinaso Ma Anidaso Wɔ Paradise Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Mu Nnyinaso Ma Anidaso Wɔ Paradise Mu
  • Nyan!—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asase So Paradise​—Tete De ne Daakye De
  • Kyɛfo a Onipa Benya wɔ Paradise a Wɔresan Ahyehyɛ no Foforo no Mu
  • “Yebehyia Wɔ Paradise!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Paradise a Bible Ka Ho Asɛm no Wɔ He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Paradise Wɔ Asase So—Nnaadaa Anaa Nokwasɛm?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • So Bible No Hyɛ Asase So Paradise Ho Bɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 2/8 kr. 17-19

Bible Mu Nnyinaso Ma Anidaso Wɔ Paradise Mu

SƐNEA Bible no kyerɛ no adesamma abakɔsɛm mfiase wɔ turo bi mu anaasɛ paradise, wɔ Eden. Na ɛte dɛn? Yenni sɛnea ɛte ho nkyerɛkyerɛmu a edi mu, na mmom tete kyerɛwtohɔ a wotumi de wɔn ho to so no ka sɛ na ɛyɛ turo bi a “nnua ahorow nyinaa a wɔhwɛ a ɛyɛ fɛ na eye sɛ wodi” wom. (Gen. 2:9) Eyi te sɛ nea eye, ɛnte saa anaa? Na ɛhefa na saa turo no wɔ? Bere a ɛrekyerɛ faako a ɛwɔ no, Genesis 2:10-14 kae sɛ:

“Na asu bi a efi Eden bɛfɔw turo no, na efi hɔ ara na emu paapae yɛɛ nsuti anan. Nea edi kan no din de Pison, . . . na asu a etia abien no din de Gihon, ɛno na ɛkontɔn twa Etiopia asase nyinaa ho. Na asu a ɛto so abiɛsa ne Hidekel, . . . na asu a ɛto so anan ne Eufrate.” Enti nhomanimfo akyerɛ beae bi wɔ Apuei Mfinimfini, wɔ faako a mprempren wonim sɛ Turkey Apuei. Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ne sɛ wɔ bere a ɛsɛ mu no, paradise turo a ɛyɛ Eden no mu bɛtrɛw na akata asase mu no nyinaa so.​—Gen. 1:28.

So wugye di sɛ na saa Eden turo yi wɔ hɔ ankasa? Bere a Germanni Nyamekyerɛ ho ɔdenimfo ne Bible nkyerɛasefo Hans Bruns reka saa nkyekyem yi ho asɛm no, ɔkaa asɛm bi a ɛyɛ anigye na ɛno ne sɛ: “Wɔde asubɔnten ahorow no kyerɛe sɛ saa asɛm no nyɛ anansesɛm, na mmom ɛyɛ biribi ankasa a ɛbae wɔ asase so ha.” Nanso yɛwɔ atirimpɔw afoforo nso, nea yebegyina so anya ahotoso wɔ wɔ a na saa paradise a atwam no wɔ hɔ ankasa no mu.

Asase So Paradise​—Tete De ne Daakye De

Adesamma mfitiase paradise fie no ho nkae atra hɔ daa. Septuagint nkyerɛase a ɛyɛ Hebri Kyerɛwnsɛm a wɔde kɔɔ Hela de mu (280 A.Y.B.) no kyerɛɛ turo ase de too Eden ho na nsɛm a ɛde dii dwuma ne “paradeisos,” a emu na yenyaa Engiresi asɛmfua “paradise” fii. Ɛda adi pefee sɛ Adam nam kasa a Onyankopɔn de maa no no so kaa paradise turo a ɔtraa hɔ no ho asɛm kyerɛɛ n’asefo. Enti na ɛyɛ nea ntease wom sɛ bere a wɔapam onipa afi saa mfitiase paradise no mu no ɔbɛhwɛ kwan sɛ ne nsa bɛsan aka eyi bio. Bere a wɔsakraa nnipa kasa wɔ Babel pɛ na nnipa bɔ hwetee asase afanan nyinaa, nanso wɔde wɔn ɔsom ho nimdeɛ kaa wɔn ho kɔe. Ɛwom sɛ amanne ahorow ne tebea horow mu a wokofii mu no sakraa amanneɛbɔ a ɛfa mfitiase paradise no ho de nanso, yehu tete abakɔsɛm a ɛfa paradise ho adwene a wɔkae wɔ wɔn kyerɛwtohɔ ahorow nyinaa mu. Bere a ɔrekyerɛw wɔ Canada nsɛmma nhoma Studies in Religion no mu no, John Navone kae sɛ: “Gye a wogye paradise di sɛ ɛyɛ nea ɛwɔ hɔ fi teteete anaasɛ ɛbɛba daakye no yɛ nea wohu wɔ ɔsom nyinaa mu.”

Daakye paradise ho anidaso yɛ nea wɔabɔ din wɔn nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Bɔhyɛ Asase no ho ne Mesia a ɔreba no nniso no ho no mu. Sɛ nhwɛso no, odiyifo Yesaia ka siei sɛ “Na Awurade [Yehowa] rekyekye Sion werɛ, . . . na wadan ne sare so sɛ Eden, ne n’anhwea pradada sɛ Awurade [Yehowa] turom.” Ɛno kyerɛ nsakrae a wobenya afi anhwea pradada ne sare so akɔ paradise wura frɔmfrɔm mu. Odiyifo no nso kaa adan a wobesisi ne bobeturo a wɔbɛyeyɛ ne daa nkwa a wobenya de anya asase ne ɛso nnɔbae mu anigye ho asɛm.​—Yes. 51:3; 65:21-23.

Saa nsɛm yi nyaa ne mmamu bere a Israelfo no san kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so wɔ Babilon nnommumfa no mu mfirihyia 70 no akyi. Sɛ wɔde bere a adan amanfo wɔ nnommumfa bere no mu no to ho a, na asase no adan sɛ paradise. Nanso ɛno nyɛ asɛm no awiei. Sɛnea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no, na ɛrebɛba tebea bi a ɛyɛ nyam kɛse mu wɔ daakye. Bɛyɛ sɛ ɛno akyi mfirihyia 800 no, ɔsomafo Petro san tii Yesaia nkɔmhyɛ a ɛfa “ɔsoro foforo ne asase foforo” ho no mu bio. (2 Pet. 3:13) Afei nso sɛnea Adiyisɛm 21:1 kyerɛ no, ɔsomafo Yohane huu anisoadehu bi a ɛbɛba daakye, “ɔsoro foforo ne asase foforo.”

Ɛyɛ nea ntease wom sɛ nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa “asase foforo” a ɛreba no ho no nkyerɛ asase foforo koraa a wɔbɛbɔ. (Hwɛ Dwom 104:5; Yes. 45:18.) Nanso “asase foforo” a wɔbɛhyehyɛ asi hɔ a ɛkyerɛ sɛ adesamma abusua foforo a wokura su fofo a wɔahyira wɔn so ama Onyankopɔn na wɔn ani gye ne som mu a wɔbɛtrɛw ho no de nsakrae ankasa bɛba yɛn asase yi so wɔ ɔkwan biara so. Yɛbɛhwɛ kwan sɛ adesamma abusua foforo a wɔte sɛɛ no benya ɔsoro nhyira, na eyi nso bɛda adi wɔ asase no ankasa so. Dwom 67:6, 7 ka sɛ: “Asase abɔ n’aduan, Onyankopɔn yɛn Nyankopɔn behyira yɛn. Onyankopɔn behyira yɛn, na wɔn a wɔte asase ano nyinaa asuro no.”

Yohane huu Onyankopɔn nneɛma nhyehyɛe foforo no mu sodi kuw no wɔ anisoadehu mu wɔ Adiyisɛm ti 21 sɛ ɛredan n’adwene aba asase so. Dɛn na efii mu bae? “Na metee nne kɛse bi fi ahengua no mu a ese: Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu [hyɛ no nsow sɛ wɔka Onyankopɔn ho asɛm sɛ ɔne nnipa wɔ hɔ, ɛnyɛ sɛ nnipa wɔ ne nkyɛn wɔ ɔsoro], na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” (Nkyekyem 3, 4) So eyi nkyerɛ paradise anaa, paradise a wɔasan de aba asase so bio?

Ɛyɛ nokware sɛ wɔntaa nte Bible mu bɔhyɛ a ɛfa paradise asase a ɛbɛba daakye no ho asɛm wɔ asɔre horow no mu. Nanso wɔdaa eyi adi wɔ ayi bi a wɔyɛe ase de kyerɛɛ sɛ asase so paradise no ho nimdeɛ yɛ nea nokware asɔrefo nim ansa na wɔde Kristosom reba ne afei n’akyi nyinaa wɔ afeha a edi kan no mu. Enti ɛyɛ akyiri bi koraa ansa, bere a wɔawae afi Kristosom ho no akyi ansa na asase so paradise a wɔbɛsan de aba no ho gyidi no fii ase sɛee.

Bible mu akontaabu ne Bible nkɔmhyɛ mmamu kyerɛ sɛ bere no abɛn a Onyankopɔn bedi dwuma de asɛe mprempren nneɛma nhyehyɛe no na ɔde ne Ba Kristo Yesu trenee nniso ​—“ɔsoro foforo” no asi ananmu. Asase sofo a wobefi saa ɔhaw bere yi mu aka no na wɔde wɔn befi “asase foforo” no ase. Enti nnipa a wɔsom Onyankopɔn wɔ nokware mu mprempren no wɔ anidaso a eye sɛ wobehu paradise. Nanso ɛnyɛ hu nkutoo na wobehu; wobenya ho kwan aboa wɔ san a wɔbɛsan ahyehyɛ asi hɔ no mu. So wobɛpɛ saa?

Kyɛfo a Onipa Benya wɔ Paradise a Wɔresan Ahyehyɛ no Foforo no Mu

Ɛrenyɛ anihafo paradise bi; ɛbɛyɛ beae a wɔbɛyɛ adwuma a ɛbɛma onipa koma atɔ ne yam. (Fa to Yohane 5:17 ho.) Paradise a wɔbɛsan de aba no bɛyɛ dwuma a ankorankoro bedi wɔ mfitiase ahyɛde a ɛfa paradise ho a wɔde mae no ho: Monhyɛ asase so, na munni so. Pɛ a onipa bɛpɛ sɛ ɔyɛ saa wɔ ɔsoro akwankyerɛ ase a Onyankopɔn nhyira ka ho no bɛma paradise atrɛw atwa asase mu no nyinaa ho ahyia nkakrankakra wɔ bere a ɛsɛ mu.​—Gen. 1:28.

Nnipa pii na wɔwɔ hɔ nnɛ a dwuma a wɔyɛ no ama wɔapa abaw esiane sɛ ɛte sɛ nea dekode no ara na wɔyɛ bere nyinaa a wonhu nea efi mu ba, a wɔyɛ na wɔde anya wɔn ano aduan n’adekyee nti. Nanso hwɛ nsonsonee a ɛbɛba, wɔ mfonini a ɛwɔ nkɔmhyɛ nsɛm a Yesaia de too gua no mu no: “Nnipa besisi adan na wɔatra mu​—obi foforo rentra mu. Wɔbɛyeyɛ obobe nturo na wɔanom mu nsa​—afoforo rennom mu nsa. . . . Wobenya nea wɔayɛ mu adwuma no mu anigye. Na mehyira wɔne wɔn asefo de akosi daa.” (Yes. 65:21-23, Today’s English Version) Tebea horow a ɛtete saa bɛba paradise asase a ɛreba no so. So wo koma rentɔ wo yam bere wode w’ahoɔden ne wo mmɔdenbɔ ahorow hyɛ adwuma a ɛte sɛɛ mu no?​—Ɔsɛnk. 2:24.

So w’ani begye sɛ wobɛboa wɔ paradise a wɔresan ahyehyɛ asi hɔ bio no ho adwuma a wɔbɛyɛ no mu anaa? Yehowa Adansefo de eyi ayɛ wɔn anidaso. Ɛno nti na wosua Bible no na wɔhyɛ afoforo sɛ wɔnyɛ saa no. Wonim sɛ Onyankopɔn atirimpɔw ne n’ahwehwɛde ahorow ma nkwa no ho nokware nimdeɛ ho hia ansa na obi anya ho kwan anya kyɛfa wɔ adwuma a akatua pa wom sɛɛ no mu. Ma wɔmmoa wo na woahu pii afa hokwan a wowɔ sɛ wobɛtra ase ahu saa paradise no ho.

Bere a wɔretrɛw nsɛm a ɛhyɛ nkuran a ɛfa asase so paradise no ho mu no, na wɔresua wɔn Kyerɛkyerɛfo, Kristo Yesu, a ɔkaa ahenni ne ne ɛho nhyira ho asɛm kyerɛɛ afoforo ara de kosii da a owui no. Ne nsɛm a etwa to a wɔakyerɛw ato hɔ a ɔka kyerɛɛ ɔbɔnefo bi a wɔsɛn no wɔ ne nkyɛn ansa na ɔrewu no ne sɛ: “Nokware mise wo nnɛ, Wobɛka me ho Paradise hɔ.”​—Luka 23:43, NW.

Sɛnea Yesu kae sɛ ɛnsɛ sɛ yɛn nkutoo fa nneɛma pa na mmom ɛsɛ sɛ yefi ɔdɔ mu ne afoforo kyɛ no, saa ara na ɛda yɛn so sɛ yɛma afoforo te nsɛm a ɛma anidaso na ɛkyekyere yɛn werɛ a ɛfa daakye asase so paradise yi ho no.

[Kratafa 17 mfoni]

EDEN TURO

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena