Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 10/8 kr. 4-6
  • Wo Daakye—So Wɔakyerɛw Wɔ Nsoromma Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wo Daakye—So Wɔakyerɛw Wɔ Nsoromma Mu?
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Ɛyɛ Nyansahu Nkyerɛkyerɛ?
  • Nyansahufo Yɛ Ho Biribi
  • Nsoromma Mu Hwɛ—So Ɛyɛ Anigyede A Asiane Nnim?
    Nyan!—1986
  • Nsoromma Ne Onipa—So Wɔwɔ Abusuabɔ Bi?
    Nyan!—1994
  • Nsoromma Mu Hwɛ Asan Aba So Bio!
    Nyan!—1986
  • Dɛn Na Nsoromma Ka Kyerɛ Wo?
    Nyan!—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 10/8 kr. 4-6

Wo Daakye​—So Wɔakyerɛw Wɔ Nsoromma Mu?

Ɛyɛ anɔpa bi wɔ October mu wɔ tete kurow Babilon mu. Ɔbenfo bi fi abantenten bi so hu sɛnkyerɛnne titiriw bi wɔ wim wɔ apuei fam. Scorpio nsoromma kuw no pue bere tiaa bi na afei ɛde nkakrankakra kɔ bere a ade rekye no.

WƆ BABILONFO a wokura gyidihunu no fam no, na eyi ho hia kɛse. Ná wɔn nsoromma mu ahwɛfo fi bere tenten ahu sɛ ɛte sɛ nea nsoromma ahorow a ɛwɔ nsoromma kuw bi mu no te sɛ akekantwɛre bi a ɔwɔ dua kɛse a akɔntɔn. Enti wɔfrɛɛ no girtab anaasɛ Scorpio. Ná wosusuw sɛ nsoromma kuw yi te sɛ akekantwɛre ankasa. Esiane sɛ akekantwɛre yɛ aboawa a ofi adi anadwo nti, ɛte sɛ nea Scorpio yɛ sum ho sɛnkyerɛnne a ɛfata. Ná pue a opue ahemadakye bere tiaa bi wɔ October biara mu no kyerɛ sɛ awɔwbere abɛn.

Ɔbenfo Michel Guaquelin kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma a wɔfrɛ no The Truth About Astrology no mu sɛ: “Wɔakyerɛ sɛ akekantwɛre a ɔwɔ asase so no wɔ ahunmu na ama wɔanya adwene nso sɛ ɔwɔ nnipa a wɔwo wɔn wɔ bere a owia no adu saa nsoromma kuw no mu no so tumi. Wɔda so ara gye saa nsoromma mu hwɛ mu adwene yi tom nnɛ. Nnɛyi nhoma ahorow ka sɛ, sɛ Owia no kɔ Scorpio no mu wɔ bere a wɔwo obi no mu a, ɛma abofra foforo a wɔawo no no nya akekantwɛre​—aboawa a ne ho yɛ hu, ɔyɛ ɔkeka a ɔwɔ akokoduru a ne ka yɛ yaw kɛse no su ahorow no bi.”

So Ɛyɛ Nyansahu Nkyerɛkyerɛ?

Owia no ne Scorpio mpue wɔ October mu bio. Wɔ mfehaha pii a atwam no mu no, abusuabɔ a asase ne nsoromma akuw ahorow no wɔ no asakra nkakrankakra. Mprempren owia no kɔ Libra (Latin asɛmfua a egyina hɔ ma “nsenia”) nsoromma kuw a wɔkyerɛ sɛ ɛma obi nya su ahorow te sɛ ahoɔfɛ ne odwo no mu mmom wɔ October mu. Ɛyɛ soronko kɛse wɔ Scorpio ho!

Bere a Apuei Fam nsoromma mu ahwɛfo akɔ so ahwɛ nsakrae ahorow yi abesi nnɛ no, wɔn mfɛfo a wɔwɔ Atɔe Fam no mu pii nyɛɛ saa ɛ. Enti wɔde wɔn nkɔmhyɛ ahorow gyina ɔsoro sɛnkyerɛnnede bi a anya mfe bɛyɛ 2,000 no so. Abenfo H. J. Eysenck ne D. K. B. Nias ka eyi ho asɛm sɛ: “Sɛ nkyerɛase pɔtee bi a Atɔe Fam nsoromma mu ahwɛfo de ma no yɛ nokware a, Apuei Famfo de yɛ atoro na asɛm koro no ara na wɔka bere a Apuei Famfo de yɛ nokware no. Nanso wɔn nyinaa kyerɛ sɛ wɔn nkyerɛase ahorow no pii yɛ nokware!”

Eyi nkutoo ma nokware a nsoromma mu hwɛ betumi ayɛ no ho ba asɛm kɛse. Afei nso, adwene ne nneyɛe ho ɔbenfo bi hwehwɛɛ awarefo 3,456 aware ne wɔn awaregyae ho kyerɛwtohɔ ahorow mu. So hyia a na wɔn sɛnkyerɛnnede hyia no kaa sɛnea wɔn aware tumi yɛɛ yiye anaasɛ egui no? Sɛnea Science 84 nsɛmma nhoma no kyerɛ no: “Wɔn a na wɔn sɛnkyerɛnnede nhyia no waree​—na wogyaee aware​—mpɛn pii te sɛ wɔn a na wɔn de hyia no ara pɛ.”

Nsoromma mu ahwɛfo kasa tia eyi na wɔka sɛ owia no ankasa sɛnkyerɛnnede ho nhia kɛse na ɛsɛ sɛ wosusuw ho ka tumi a okyinsoromma ahorow wɔ wɔ obi so no ho. Nanso eyi nso ma nsɛnnennen sɔre efisɛ na tumi a okyinsoromma anyame anum​—Mecury, Venus, Mars, Jupiter, ne Saturn wɔ wɔ obi so nkutoo na na Babilonfo gye di. Nanso kyikyi a ano yɛ den ama wɔahu afoforo abiɛsa​—Uranus, Neptune, ne Pluto. Eyi ama nsoromma mu ahwɛfo ntam ayɛ basaa. Louis Macniece kyerɛwee wɔ ne nhoma a wɔfrɛ no Astrology no mu sɛ, “Nsoromma mu ahwɛfo binom de eyi yii wɔn ho ano wɔ nsɛm a wɔn a wodii wɔn kan no kae a amma mu no ho; nanso afoforo nso . . . ka sɛ okyinsoromma afoforo yi rentumi nnya adesamma so nkɛntɛnso efisɛ wɔrentumi mfa wɔn aniwa ankasa nhu.” Enti Apuei Fam nsoromma mu ahwɛfo no mu pii bu wɔn ani gu okyinsoromma a ɛwɔ akyirikyiri no so. Nanso wɔn a wɔwɔ Atɔe Fam no bu no sɛ ɛho hia kɛse ma wɔn.

Bere a wogyina so hyɛ nsoromma mu hwɛ mu nkɔm no nso ma nsemmisa ahorow sɔre. Nsoromma mu ahwɛfo pii de bere a wɔwoo obi no na edi dwuma. Nanso awo mu mmara kyerɛ sɛ obi nya n’awosu wɔ bere a wonyisɛn no no mu na ɛnyɛ bere a wɔwo no no mu. Sɛnea nhoma a wɔfrɛ no Astrology, Science or Superstition kyerɛ no, nsoromma mu hwɛfo a wɔfrɛ no Ptolemy a ɔtraa ase wɔ tete mmere no mu no “buu n’ani guu eyi so na ɔkae sɛ wɔbɛwo obi wɔ bere a owia no adu nsoromma kuw a na ɛwom wɔ bere a wonyinsɛn no no mu ara mu, ɛwom sɛ biribiara nni hɔ a wobegyina so aka sɛ ɛte saa de.”

Nyansahufo Yɛ Ho Biribi

Enti nsoromma mu hwɛ a nnipa pii regye atom no haw nyansahufo pii. Wɔ 1975 mu no, nyansahufo 19 a wɔanya Nobel akyɛde no ne nyansahufo afoforo kaa asɛm bi a ne ti ne sɛ: “Nsoromma Mu Hwɛ a Wɔsɔre Tia​—Asɛm a Nyansahufo Atitiriw 192 Kae.” Ɛkae sɛ:

“Wɔ tete mmere no mu no, nkurɔfo buu. . . ɔsoro abɔde ahorow no sɛ Anyame no trabea anaasɛ wɔn sɛnkyerɛnnede ma enti wɔde nsɛm a esisii wɔ asase so ha no bataa ho; na wonnim ɔkwan tenten a ɛda asase ne okyinsoromma ne nsoromma ahorow no ntam no ho hwee. Afei a yɛatumi ahu eyi no, yetumi hu sɛnea tumi a okyinsoromma ahorow a ɛwɔ akyirikyiri ne nsoromma ahorow a ɛwɔ akyirikyiri sen ɛnonom no nya wɔ yɛn so no yɛ ketewaa bi no. Ɛyɛ mfomso sɛ yebesusuw sɛ tumi ahorow a nsoromma ne okyinsoromma ahorow nya wɔ obi so wɔ n’awo bere mu no betumi akyerɛ yɛn daakye kwan.”

Nea ɛyɛ anigye no, nnipakuw bi a wɔtraa ase wɔ tete mmere no mu no anhia nnɛyi nyansahu na akyerɛkyerɛ mu akyerɛ wɔn sɛ nsoromma mu hwɛ nye. Bɛboro mfe 2,500 a atwam ni no, Yehowa Nyankopɔn ka kyerɛɛ Israel man no sɛ: “Munnsua amanaman kwan, na munnsuro ɔsoro sɛnkyerɛnne, na amanaman na esuro ɛnonom; efisɛ amanaman no nneyɛe yɛ gyidihunu. (Yeremia 10:2, 3, Byington) Anaasɛ sɛnea New World Translation ka no: “Ɔsoro sɛnkyerɛnne . . . te sɛ mframa kɛkɛ.” Enti nsoromma mu hwɛ mu sɛnkyerɛnnede te sɛ mframa a efi wo mu no.

Ebinom bɛka sɛ ‘Nanso sɛ nsoromma mu hwɛ nyɛ nyansahu nkyerɛkyerɛ a, enti dɛn? So ɛnyɛ nea wobetumi abu no sɛ anigyede a asiane nnim?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

“Nnɛyi nhoma ahorow ka sɛ sɛ Owia no du Scorpio nsoromma kuw no mu wɔ bere a wɔwo obi no mu a, ɛma abofra foforo a wɔawo no no nya akekantwɛre​—aboawa a ne ho yɛ hu, ɔyɛ keka a ɔwɔ akokoduru a ne ka yɛ yaw kɛse no su ahorow no bi.”

[Kratafa 5 adaka]

Faako a Nsoromma Ahorow no Wɔ Bɛyɛ Akwansin ahe?

Ná tete nsoromma mu ahwɛfo susuw sɛ ɛbɛyɛ sɛ nsoromma ahorow no bɛn asase pɛɛ​—aboro so koraa no. ɛyɛ akwansin kakraa bi​—sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi anya nnipa asetra so nkɛntɛnso a wosusuwii sɛ ano yɛ den. Nanso bere a wɔyɛɛ kyikyi a ano yɛ dɛn no, ɛdaa adi sɛ ɛnte saa ankasa. Efisɛ sɛ wɔde kyikyi a ano yɛ den hwɛ nsoromma ahorow no mpo a, ɛda so ara yɛ nkanea nketenkete.

Nanso wɔ 1830 mfe no mu no, Germani ɔsoro abɔde ho ɔdenimfo Friedrich Bessel nyaa ɔkwan bi a wotumi fa so hu sɛnea faako a nsoromma ahorow no mu binom wɔ no tenten te. Ɔfaa ɔkwan tiawa bi so tumi hui sɛ faako a nsoromma a wɔfrɛ no 61 Cygni wɔ no boro hann mfe du! (Hann de anibu biako na etwa akwansin 186,000.) Nanso 61 Cygni yɛ nsoromma ahorow a ɛbɛn asase kɛse no mu biako! Enti bere a ɛte sɛ nea nsoromma ahorow no bemmɛn wɔn ho wɔn ho no, ɔkwan a ɛda nsoromma kuw biako ne foforo ntam no betumi ayɛ hann mfe ɔhaha pii. Nhoma a wɔfrɛɛ no Astrology: Science or Superstition no ka sɛ, “Ɛte saa ara kwa sɛ sɛ wofi asase yi so hu wɔn a, ɛte sɛ nea wɔabɔ kuw.’ Ɛnde so ntease wom sɛ wubegye adi sɛ nsoromma kuw te sɛ Scorpio betumi anya w’asetra so nkɛntɛnso?

[Kratafa 4 mfoni]

Babylonian stela, depicting the constellation Scorpio, from the National Museum, France

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena