Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
“Nyan!” ne Katolek Asɔre No
Mete nka sɛ nea mokyerɛw fa Asɔre no ho no yɛ animtiaabu kɛse. Ná Katolek asɔre no akyerɛkyerɛ nnipa no fi bere tenten ansa na wɔtete Yehowa Adansefo nka. Me nsa ka mo nsɛmma nhoma bere nyinaa, na emu nsɛm no taa hyɛ me abufuw. Nea mokyerɛw no pii fi Amerika. Na ɛnyɛ biribiara a efi Amerika na eye.
S. B., Germany
Wɔ mfehaha pii mu no, Katolek Asɔre no adi nnipa a wɔwɔ asase so ɔfã kɛse no ara so. Ɛwɔ asɔredan, sukuu ne ahyehyɛde afoforo pii ne asɔfo, mmea a wɔresua asɔfodi ne afoforo pii a wɔkyerɛkyerɛ. Esiane eyinom nyinaa nti, yesusuw sɛ anka ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ nnipa a wɔpɛ Katolekfo nyinaa benya Onyankopɔn Asɛm, Bible no ho nimdeɛ a emu dɔ kɛse, na wɔakyerɛ mfaso kɛse a afi di a wɔde di dwuma wo wɔn asetra mu mu aba.—ED.
Ɛyɛ me nwonwa ne ahodwiriw sɛ mekenkan baabi a mubu Paapa no sɛ Kaesare, Hitler, ne Stalin no. Wɔfrɛ Paapa no Kristo Nsiananmu wɔ asase so. Yesu Kristo de ahyɛde kronkron maa Petro, a wɔ ɛno mu no wɔmaa Petro su ahorow a ɛma ɔyɛɛ ne wura no akyidifo nyinaa hene, ɔsɔfo ne ɔkyerɛkyerɛfo. Tumi a Yesu Kristo de maa Petro no yɛ nea wɔkora so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛdan ne nyinaa ama adedifo a wɔfata a wɔpaw wɔn wɔ Roma asɔfo mpanyin no mu. Yɛn Agya a yɛdɔ no, Paapa, no yɛ adedifo yi mu biako.
D. P., California
Ná ɛnyɛ sɛ “Nyan!” de paapa a ɔwɔ hɔ mprempren no retoto Kaesare, Hitler anaa Stalin ho, mmom na ɛreka nnipa ahorow a ebia ebinom bebu wɔn se “agya” wɔ wɔn onuayɛ adwene no mu ho asɛm. Petro anka da sɛ ɔsen asomfo a aka no na wanyɛ saa nso. Sɛ ná Yesu de biribi a ɛte saa ahyɛ ne nsa a anka asomafo no renkasakasa wɔ nea ɔbɛyɛ wɔn mu kɛse ho. (Luka 22:24-26; Marko .9:33-35) Wɔn a wɔkyerɛɛ sɛ na Petro wɔ gyinabea a ɛkorɔn wɔ asɔre no mu no hwehwɛ mmoa fi Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 16:18 no mu: “Me nso mise wo sɛ: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mede m’asafo mesi, na asaman apon remmu mfa so.” Nanso, Katolekni a wagye din yiye, Augustine kyerɛwee sɛ na ɛnyɛ Petro na mmom Kristo ne ɔbotan no: “Nea enti a Awurade ka sɛ, Ɔbotan yi so na mede m’asafo mesi’ no ne sɛ ná Petro aka sɛ: ‘Wone Kristo no, Onyankopɔn—teasefo no Ba.’ Ose, ɔbotan a woapae mu aka yi so na mede m’asafo mesi. Efisɛ na Kristo ne ɔbotan (petra enim erat Christus) no, a ɛno so na wɔde Petro ankasa nso sii.” (Efii “Commentary on the Holy Scriptures” [Mateo, kr. 296 ase ho asɛm], a J. P. Lange kyerɛwee na P. Schaff kyerɛɛ ase no mu.)—ED.
Ɛsɛ sɛ mekamfo mo wɔ mmuae bɔkɔɔ a mode maa ɔkenkanfo a na ne bo afuw a ɔkasa tiaa mo asɛm a ɛfa Katolek som ho no ho. Wɔtetee me sɛ Katolekni. Ɛyɛ aniwu sɛ nnipa pii adwene mu mmuei a ɛbɛma wɔahwehwɛ nea wɔakyerɛkyerɛ wɔn no mu ahwɛ sɛ ɛyɛ nokware ankasa anaasɛ dabi mpo. Titiriw bere a wɔakenkan mo nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ nneɛma mu a ɛda wɔn “nnipa nkyerɛkyerɛ ahorow” adi nokware mu no biako akyi no, ɛsɛ sɛ ɛhyɛ wɔn ma wɔyɛ nhwehwɛmu wɔ nsɛm ahorow ahorow ho!
C. R., Delaware