Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 8/8 kr. 15-16
  • So Wote Nea Wuhu No Ase?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wote Nea Wuhu No Ase?
  • Nyan!—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔ Nyamesom Mu
  • Wɔ Amammui Mu
  • Wɔ Ankorankoro Nsɛm Mu
  • Dɛn na Ɛkyerɛ?
  • Nnɛyi Atoro Adiyifo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Montwe Mo Ho Mfi Atoro Som Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Yehowa Atemmu a Etia Atoro Akyerɛkyerɛfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Sɛn Na Atoro Som Agu Onyankopɔn Din Ho Fĩ?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 8/8 kr. 15-16

So Wote Nea Wuhu No Ase?

Atoro adiyifo

OBIARA mpɛ sɛ wɔbɛdaadaa no. Nanso ɛte sɛnea wɔama nnipa bebree ayera nnɛ.

Eye sɛ bere a ɔde “sɛnkyerɛnne” a ɛfa “nneɛma nhyehyɛe no awiei” ho no fã bi rema no Yesu Kristo bɔɔ kɔkɔ wɔ afoforo a wɔbɛdaadaa wɔn ho. Ɔkae se: “Na atoro adiyifo bebree bɛsɔre, na wɔabɛdaadaa nnipa bebree.” (Mateo 24:11) Na henanom ho adwene na ɛwɔ ne tirim?

Wɔ Nyamesom Mu

Nyamesom ahorow a akyɛ a ani nnye ho bio ama wɔatetew foforo pii a ɛnte sɛ kan de no, titiriw wɔ yɛn afeha a ɛto so 20 yi mu. Asɔre ahorow ahorow mpempem pii kyerɛ sɛ wɔne akwankyerɛ a ɛyɛ nokware no. Na daa nnipa pii a wohu sɛ emu biara nni hɔ a ɛyɛ nea wɔpɛ no, fi wɔn de ase.

Anyɛ yiye koraa no nyamesom akuw ahorow a wɔahyehyɛ wɔn din wɔ nhoma yi mu no binom yɛ nea wɔhyɛɛ ase wɔ wo bere so. Wɔn, ne nyamesom afoforo mpempem pii anya asɔremma ɔpepem pii.

Nanso, ɛnyɛ nyamesom mu “diyifo” biara na ɔyɛ obi a ɔwɔ hɔ ma akwankyerɛ pa, ɛmfa ho sɛ nnipa dodow ahe na wodi n’akyi. Nea edi eyi ho adanse kɛse ne nea esii wɔ Jonestown, Guyana, wɔ 1978 mu no. Nnipa bɛboro 900 a wɔn mu bebree yɛ kuw a wɔfrɛ no Peoples Temple no mufo, kunkum wɔn ho sɛnea wɔn sɔfo Jim Jones kyerɛɛ wɔn no.

Esiane sɛ Bible no ka “gyidi biako” pɛ ho asɛm nti, ɛsɛ sɛ nyamesom akuw a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa a wonni saa nokware gyidi biako yi mu, sɛnea gyinapɛn yi kyerɛ no, yɛ atorofo, a wɔbom yɛ “atoro adiyifo.” (Efesofo 4:4-6; Mateo 24:11) Na bebree wɔ hɔ mprempren sen bere biara.

Wɔ Amammui Mu

Amansɛmdi mu mpanyimfo taa bɛyɛ “atoro adiyifo” a wontumi nni wɔn bɔhyɛ ahorow so. Ɛwom, ɛnyɛ sodifo biara na ɔbɛdan abɛyɛ te sɛ Hitler a ne “mfirihyia apem ahenni” a ɔhyɛɛ ho bɔ no bɛyɛɛ mfirihyia 12 nniso a enye koraa no. Nanso asiane a ɛwɔ hɔ sɛ obi bɛyɛ “atoro diyifo” no nya nkɔanim sɛnea wɔn dodow te no ara. Na saa dodow no rekɔ anim​—ntɛmntɛm.

Amammui mu “odiyifo” a na wagye din yiye wɔ yɛn afeha yi mu ne Amanaman Apam a wɔde sii hɔ wɔ 1919 mu no. Ɛhyɛɛ wiase a daa asomdwoe wom ho nkɔm. Nanso Wiase Ko II bɛkaa no hyɛɛ amoa mu mpofirim a na ontumi nyɛ hwee. Wɔde Amanaman Nkabom ahyehyɛde no besii n’ananmu wɔ 1945 mu, a akyinnye biara nni ho sɛ ɛrebɔ mmɔden sɛ ebesiw atomik Wiase Ɛko III a ɛbɛpae agu ano. Nanso so ‘abɔ amanaman ntam asomdwoe ne dwoodwoo asetra ho ban’ ampa, sɛnea n’apam hyɛɛ nkɔm no?

Wɔ Ankorankoro Nsɛm Mu

Adwene ahorow ahorow pii a wohu wɔ nyamesom ne amammui nnaadaasɛm mu no yɛ nea wobetumi ahu wɔ nsɛm ahorow a ɛfa ankorankoro ho mu nso. Nnipa a wɔn ankasa ayɛ wɔn ho “adiyifo” ahyɛ daakye a anigye wom ho bɔ ama wɔn a wotie wɔn nkyerɛkyerɛ a ɛne mmofra a wɔbɛma wɔayɛ nea wɔpɛ, abrabɔ foforo ne nnuru a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so no.

Nanso Dr. Benjamin Spock a bere bi na ɔno ankasa yɛ obi a otu fo sɛ mmofra a wɔma wɔn kwan ma wɔyɛ nea wɔpɛ ye no, gye toom sɛ ná ɛyɛ mfomso. Mprempren The German Philological Association no gye tom sɛ saa hokwan a wɔma no “yɛ nea anyɛ yiye koraa no, ɛno na ɛde ɔhaw ahorow a yɛwɔ mprempren wɔ mmofra mu no aba, wɔ ɔkwan a ɛnyɛ tẽe so.”

Ɛdefa abrabɔ foforo no ho no, ɔkyerɛwfo Barbara Seaman se: “Nea afi mu aba no tia mmarima ne mmea a wɔnyɛ awarefo a wɔne wɔn ho da.” Dɛn ntia? Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Efisɛ epira nnipa pii.”

Wɔ kan Harvard ɔbenfo ne “LSD ɔsomafo” Timothy Leary bɔhyɛ sɛ LSD ne nnuru a ɛtete saa bebue “ɔkwan a eye a ɛkɔ anigye mu,” no akyi no, Wiase Akwahosan Ahyehyɛde no kyerɛw wɔ n’amanneɛbɔ krataa titiriw no mu sɛ: “Yɛabɔ mmɔden sɛ yebedi LSD so wɔ anifere kwan so, nanso ɛda so ara yɛ aduru a nea efi mu ba no yɛ hu . . . Nyansahufo binom kyerɛ sɛ ebetumi asɛe biribi a ɛwɔ nkwa mmoawa mu a wɔfrɛ no chromosome no . . . asiane a ɛwom sɛ ebetumi ama obi anya adwenem yare no mpo sõ . . . [LSD] ne basabasayɛ, awudi ne obi ho a okum na ɛnam.”

Switzerlandni ɔkyerɛwfo bi kae nnansa yi sɛ nnɛyi abrabɔ foforo a esi ankorankoro ahofadi so dua kɛse no ne nea ɛde “adwene mu basaayɛ ne nipasu mu basaayɛ pii a wohu” no aba. Ɔkae sɛ: “Wɔn a ɛkã wɔn no ka anigye a wonni ne anihaw a ɛka wɔn, adwuma a wontumi nyɛ no adwennwen kɛse a ɛba wɔn so ho asɛm.” So eyi kyerɛ sɛ wɔwɔ anigye? Anaasɛ so “atoro adiyifo” redaadaa nkurɔfo?

Dɛn na Ɛkyerɛ?

Sɛnea yɛadi kan aka no, nea ɔde Kristosom sii hɔ, Kristo Yesu, ka too hɔ sɛ nea ɛbɛka “sɛnkyerɛnne” a ɛfa “nneɛma nhyehyɛe no awiei” ho ne sɛ “atoro adiyifo bebree bɛsɔre, na wɔabɛdaadaa nnipa bebree.” (Mateo 24:3, 11) Esiane ti koro yi ara nkyekyem 5, 23 ne 24 nti, ɛda adi sɛ nea ná ɛwɔ Yesu adwene mu titiriw ne nyamesom ne amammui mu “atoro adiyifo” no. Nanso, nnyinasosɛm a ɛwom no fata nnipa afoforo nso​—“adiyifo” a wɔde nea wosusuw sɛ ɛte sɛ Mesia afotu rema wɔ ankorankoro asetra ho nsɛm mu.

Awo ntoatoaso biara anya ‘n’atoro adiyifo.’ Enti wɔ a wɔwɔ hɔ nnɛ no ara kwa nkyerɛ sɛ yɛte nneɛma nhyehyɛe yi awiei bere mu. Na mmom kɔ a wɔn dodow ne nnipa a wɔredaadaa wɔn no dodow rekɔ anim ntɛmntɛm no, ne nneɛma afoforo a Yesu hyɛɛ ho nkɔm wɔ yɛn nna yi ho a abam no na ɛkyerɛ! Ɛmmae da sɛ nyamesom asɔfo, amammui sodifo ahorow ne afotufo pii abɔ mmɔden sɛ wɔde akwankyerɛ bɛma nkurɔfo saa. Na ɛmmae da sɛ wɔadaadaa nnipa pii saa.

Na Yesu nyɛ atoro diyifo. Ɔkaa nea wuhu nnɛ no ho asɛm too hɔ pɛpɛɛpɛ: adanse ahorow pii, a “atoro adiyifo bebree” de no ka ho, sɛ saa nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei abɛn ampa. Ɔtwee adwene sii yɛn “awo ntoatoaso” yi so titiriw denam asɛm yi a ɔde kaa ho no so: “Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba mu ansa.” (Mateo 24:34) Nea ɛka “’eyinom nyinaa” no ho ne Yesu nkɔmhyɛ no fã a edi kan no mmamu, sɛ: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”​—Mateo 24:14.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 16]

NYAMESOM EMUFO

KUW DODOW WƆ WIASE

(AFE A WƆTEWEE) NYINAA

THE UNIFICATION CHURCH (1954) 2,000,000

THE CHURCH OF SCIENTOLOGY (1954) 20,000,000

TRANSCENDENTAL MEDITATION CHURCH (1958) 2,000,000

DIVINE LIGHT MISSION (1960) 8,000,000

HARE KRISHNA (1966) 7,000

THE CHILDREN OF GOD (1969) 70,000

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena