Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 4/8 kr. 21-23
  • Asetra A Eye Sen Biara—Ɛrenkyɛ Na Aba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asetra A Eye Sen Biara—Ɛrenkyɛ Na Aba
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Woyii No’ Koraa Fii Ntawtawdi a Ɛkɔ So Wɔ Ne Mu No Mu
  • Nyarewa Ahorow Bɛyera
  • Wobeyi Tebea Horow a Enye a Atwa Yɛn Ho Ahyia No Afi Hɔ
  • Nanso Ntɛm Bɛn Na Eyi Bɛyɛ?
  • “Wiase Awiei” Abɛn!
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Bere A Enye Koraa, Nanso Ɛyɛ Bere A Eye Sen Biara
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Asetra Pa—Ɛbɛba Nnansa Yi Ara!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • So Wiase Yi Bɛkɔ so Atra Hɔ?
    So Wiase Yi Bɛkɔ so Atra Hɔ?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 4/8 kr. 21-23

Asetra A Eye Sen Biara​—Ɛrenkyɛ Na Aba

NIPA pii te nka sɛ, ‘Nanso sɛ Bible no hyɛ asetra pa a ɛbɛba daakye ho bɔ a dɛn. Merentumi nnye biribiara a ɛwɔ saa nhoma no mu nni.’ Wɔ wɔn fam no, wosusuw sɛ nsakrae a ɛbɛba wɔ wɔn nkwa nna mu no bɛyɛ anwonwade bi a wɔrennye nni.

Da koro bi wodii ɔbarima bi a ogye Bible di no ho fɛw sɛ: “Wɔ nokwarem no ɔbarima a ɔwɔ nyansa te sɛ wo rentumi nnye anwonwade ahorow a Bible no ka no nni. Sɛ nhwɛso no, wurentumi nnye nni sɛ mo Yesu yi maa nsu dan bobesa.” Ɔbarima no maa mmuae ara kwa sɛ: “Sɛ ɔmaa nsu dan bobesa o, wannyɛ saa o, ade biako na minim; wɔ me fie ha de, m’ahu sɛ Wama beer adan nkongua.”

Asɛm no ne sɛ, na saa ɔbarima yi yɛ obi a kan ɔnom nsa yiye na ɔsɛe n’abusua no sika wɔ asabow ho. Bible no boaa no ma ɔsakrae. Wɔn a Bible mu akwankyerɛ akyi a wɔadi no ama wɔn asetra anya nkɔso no tumi gye di sɛ Bible no yɛ nokware. Wɔhwɛ bere a ɛbɛbam koraa daakye no kwan​—a ɛmfa ho sɛ ɛte sɛ nea ɛrentumi nyɛ yiye. Nanso bɔ bɛn na Bible no hyɛ?

‘Woyii No’ Koraa Fii Ntawtawdi a Ɛkɔ So Wɔ Ne Mu No Mu

Bible kyerɛwfo bi dii awerɛhow wɔ aperepere a ɛkɔ so wɔ ne nipadua ne n’adwene a Bible atete no no mu ma ɔkae sɛ: “Me manehunufo! Hena na obeyi me afi owu yi nipadua mu?” Bible no kyerɛ yɛn ɔkwan a Onyankopɔn bɛfa so aboa yɛn na yɛafi tebea a ɛyɛ awerɛhow kɛse yi mu. Ɛwom sɛ ɔboa yɛn nnɛ ma yetumi gyina akɔnnɔ bɔne ano de, nanso obeyi saa su horow a enye yi afi hɔ koraa wɔ daakye a abɛn pɛɛ no mu. Wɔde adesamma a wɔyɛ osetie bɛba pɛyɛ mu na wɔama wɔn daa nkwa wɔ paradise tebea mu wɔ asase a ɛso atew so.​—Rom. 7:21-25; 5:21; Luka 23:43; 2 Pet. 3:13.

Wo de susuw ahotɔ a eyi de bɛba no ho hwɛ! Ɛho nhia sɛ wubedi aperepere na woayɛ nea ɛteɛ bio. Ade a ɛteɛ a wobɛyɛ no bɛyɛ nea ebefi wo pɛ mu aba. Sɛ wobɛbɔ mmɔden ahaw wɔ ɔkwan a wobɛfa so adi wo tɛkrɛma anaa abufuw so no kɔ koraa. Worente afobu nka wɔ wo ho so a wuntumi nhyɛ nti.

Wɔde nokwaredi a edi mũ, osetie, ayamye ne ɔdɔ besi nkanyan a wote sɛ wia ade; di atoro, sisi na bɔ ahohwi ananmu de akosi daa. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye sɛ wubetumi ayɛ papa a wote nka wɔ wo koma mu sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ no!

Nyarewa Ahorow Bɛyera

Onyankopɔn bɛtwe n’adwene aba asase sofo so. Sɛnea ɛte no, “Onyankopɔn ne [adesamma] bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”​—Adi. 21:3, 4.

Mũyare, tipae, anaasɛ yaw biara a pɛyɛ a adesamma nyɛ de ba no befi hɔ akɔ. Ɔyare a ekum nnipa a wosuro kɛse te sɛ samee, komayare ne atiridii ahorow befi hɔ koraa. Hwɛ sɛnea wo asɔre anɔpa na wowɔ nipadua mu akwahosan a wubetumi ayɛ adwuma biara a wɔde bɛhyɛ wo nsa wɔ anigye mu.

Wobeyi Tebea Horow a Enye a Atwa Yɛn Ho Ahyia No Afi Hɔ

Sɛ gyegyeegye a afie horow a atwa wo ho ahyia no yɛ no hyɛ wo abufuw ara ma wutumi fa mu yaw obi? Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no betumi anya yɛn adwene ne adeyɛ so nkɛntɛnso. Sɛ wote ohia, nsɛmmɔnedi, nnipa a wɔkyere so ntam, dwoodwoo asetra a enni hɔ ne basabasayɛ mu a nea ebetumi afi mu aba ne abasamtu na ama yɛayɛ ade wɔ ɔkwan a anka ebia yɛrenyɛ no saa so.

Onyankopɔn nim eyi nti ɔhyɛɛ bɔ wɔ Bible no mu sɛ: “Na teefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu; na wobegu abɔnefo ase afi asase so, na wɔatu nkontompofo afi so.”​—Mmeb. 2:21, 22.

Saa ɔsoro adeyɛ yi beyi nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ ho suro afi hɔ amonom hɔ ara. Wɔn a wobefi mu no bɛtra asase so dwoodwoo wɔ tebea a ɛyɛ anigye mu. Wobenya adwuma a mfaso wɔ so ayɛ a ɛbɛma wɔn ani agye na ɛde nkakrankakra ama asase no adan paradise turo a ɛyɛ fɛ a wɔn ho renkyere wɔn na obiara benya beae pa atra.

Susuw asetra wɔ wiase a nnipa a wɔwɔ mu nyinaa yi nokware dɔ adi kyerɛ wo no ho hwɛ; faako a nsɛmmɔnedi, atɛnkyea, nhyɛso, ohia ne ankonamyɛ nni hɔ bio; faako a da biara da ma wuhyia nneɛma horow a wufi wo mmɔdenbɔ a edi mũ mu di ho dwuma; a owu mpo rentumi ntwa wo nnwuma so anaasɛ ɛbɛtetew wadɔfo afi wo ho. Wɔ nokwarem no Onyankopɔn bɛma ne bɔhyɛ yi abam koraa sɛ “ɔbɛma wo nea wo koma pɛ.” Wo de susuw ho: Sɛ wo nsa bɛka ‘nea wo koma pɛ’! Biribi kyɛn Onyankopɔn bɔhyɛ yi? Ɛbɛyɛ nea eye sen biara wɔ asetra mu!​—Dw. 37:3, 4; fa to Yesaia 65:17, 21-25 ho.

Nanso Ntɛm Bɛn Na Eyi Bɛyɛ?

Nnipa de mfirihyia mpem bebree ahwɛ “asetra a eye sen biara” kwan. Dɛn nti na yɛka sɛ “ɛrenkyɛ na ɛbɛba”? Efisɛ nkɔmhyɛ ahorow a ɛkyerɛ sɛ yɛn awo ntoatoaso yi na ebehu saa bɔhyɛ horow a ɛsom bo yi mmamu wɔ Bible no mu.

Nea ebefi saa “sɛnkyerɛnne” yi ase ne nsakrae wɔ akodi mu. Sɛnkyerɛnne nhoma a ɛyɛ Adiyisɛm (6:4) no kyerɛ sɛnkyerɛnne kwan so nnipa a wɔte apɔnkɔ so a “wobeyi asomdwoe afi asase so.” Nea ebefi mu aba ne ‘ɔman bɛsɔre atia ɔman.’ Wobeyi asomdwoe afi asase nyinaa so a ɛnyɛ aman kakraa bi mu, na ɛno bɛkyerɛ wiase nyinaa ko.​—Mat. 24:7

Mpofirim ara, a wɔnhwɛ sɛnea ne kɛse bɛyɛ kwan mpo na Wiase Nyinaa Ko I sɛee “Mfe Pa” no ma ɛde saa ɔko yi fii ase wɔ 1914 mu. Ɛyɛ “Ɔko a Ɛsakraa Wiase No.” Saa “ɔko a wohwiee mogya gui na wɔsɛee ade kɛse wom sen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu” de besi saa bere no yɛ nea “ɛkaa ɔman biara a annyaw ɔman bi a amfa ne ho anhyɛ mu,” sɛnea wiase tumidifo kyerɛ no. Ɛmaa Bible nkɔmhyɛ a ɛfa wiase nyinaa ko ho no baa mu.

Saa “awo ntoatoaso” no ara huu Wiase Nyinaa Ko II, ne afei nso “sɛnkyerɛnne” a ɛfa nna a edi akyiri no mu no ho nkɔmhyɛ ahorow mmamu. (Hyɛ ɔpon a wɔahyehyɛe no nsow.) Yesu kae sɛ “saa awo ntoatoaso yi rentwam gye eyinom nyinaa aba ansa.” Esiane sɛ yehu sɛnea nkɔmhyɛ ahorow yi ba mu nokware nti, yebetumi ayɛ nea Yesu kamfo kyerɛe no: “Na nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.” Yiw, ɛrenkyɛ na, asetra a eye sen biara no aba!​—Luka 21:10, 11, 28-32.

Esiane sɛ saa nhyira horow yi abɛn ampa nti, dɛn nti na wunnye mmoa a Yehowa Adansefo de ma no na ama woahu Bible no mu yiye. Kyerɛw kɔma wɔn a wɔyɛ saa nhoma yi anaasɛ kɔ Ahenni Asa a ɛbɛn wo no so na bisa sɛ wɔne wo nyɛ Bible adesua. Eyi ne ɔkwan a edi kan a wubetumi afa so na wode anya asetra pa mprempren ne nea eye sen biara daakye a abɛn pɛɛ no mu.

[Kratafa 23 adaka]

NNA A EDI AKYIRI NO HO SƐNKYERƐNNE

‘ƆMAN BƐSƆRE ƆMAN SO”​—Mat. 24:7

“Ɔko Kɛse no bɛyɛɛ nnɛ bere mu Atɔe abakɔsɛm bere a ɛho hia sen biara. Ɛyɛɛ nea ɛkyɛn awo ntoatoaso no fa a ɛsɛee no no ara kwa; ɛsakraa wiase no.” (Boston Sunday “Globe,” 1978) Nea edii akyi bae ne Wiase Nyinaa Ko II, a ekum nnipa ɔpepem 55 na ɛsɛee Amerika sika cedi ɔpepehuhaa. Efi saa bere no ara de besi afe 1978 no, wɔako ako ahorow 150, na NNAFUA 26 pɛ na ɛtraa hɔ a na ɔko biara nkɔ so wom.

“NA ƆKƆM . . . BƐBA”​—Mat. 24:7

Aduan a ɛdɔɔso a enni hɔ “rehaw nnipa ɔpepem bebree mprempren”! “Ɔkɔm atra hɔ bere nyinaa, nanso sɛnea ɛte nnɛ no yɛ nea afei de ɛso dodo efisɛ ɔkɔm reyɛ akum nnipa bɛyɛ ɔpepem 400.”​—London “Times (1980) .

“ASASEWOSOW BƐBA MMEAEMMEAE”​—Mat. 24:7

“Wɔ bere a egyee mfirihyia 1,059 (efi 856 besi 1914) no, akontaabu a wotumi de wɔn ho to so kyerɛ sɛ asasewosow akɛse 24 pɛ na ɛbae na ekum nnipa 1,973,000. Nanso yehu sɛ wɔ mfirihyia 68 pɛ mu no asasewosow 48 a aba no akum nnipa 1,600,000, efi 1915 besi 1978. . . . Yɛn awo ntoatoaso no ti nye koraa.”​—Italia atesɛm krataa “11 Piccolo (1978) .

“AMUMƆYƐ REBƐDƆƆSO”​—Mat. 24:12.

Nea yɛrehu a ebinom frɛ no “nsɛmmɔnedi ho nsanyare” ne “wiase nyinaa awudi a ɛrebɔ te sɛ asorɔkye.” Onimdefo Walter Laquer kae sɛ: “Nsɛmmɔne a wodi wɔ wiase nnɛ no yɛ nea wɔnhwɛ nnipa anim wɔ mu​—wɔde atirimɔden yɛ eyi kyɛn kan. Wɔn a wodi nsɛmmɔne yi gyaw ɔtopae wɔ gua so na wɔn a eyi bɛpae akum wɔn no mfa wɔn ho. Wotumi hu sɛ bere a ɛwɔ hɔ ansa na Wiase Nyinaa Ko I reba no yɛ bere a na emu dwo. Ɛyɛ me yaw sɛ mɛka sɛ wommu adesamma nkwa koraa bio wɔ yɛn bere yi.”

“ƆYAREDƆM BƐBA”​—Luka 21:11

“Spanish Influenza nsanyare a ɛbae 1918 mu no trɛw faa asase no so kum nnipa ɔpepem 21 na efi hɔ yerae amonom hɔ ara,” na eyi ne amanneɛbɔ a “Science Digest” (1977) bɔe. Ɛde kaa ho sɛ: “Owu a ne tirim yɛ den na ɛba ntɛm mmae saa da wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu . . . sɛ saa nsanyare a etwa nnipa gu yi kɔɔ so saa ara a anka adesamma nyinaa sae wɔ asase so wɔ asram kakraa bi pɛ mu.” Wɔ ɛno akyi mpo no samee, komayare, babaso ahorow, atiridii ahorow a emu yɛ den, anifurae a efi asubɔnten ho ntummoa a wɔfrɛ wɔn nkontia (onchocerciasis) ayɛ nea ɛsan nnipa bebree; wodi nnipa dɛm na wokum ɔpepem bebree.

[Kratafa 23 adaka]

“Muntie Awurade Yehowa asɛm Israel mma, na Yehowa ne asase sofo anya ɔham; na nokware ne adɔe ne Onyankopɔn ho nimdeɛ bi nni asase so. Ntanka ne nkontompo ne awudi ne awi ne awaresɛe na ɛwɔ hɔ. Wodi akakabensɛm na mogyahwiegu toa mogyahwiegu so. Enti asase no di nkɔmmɔ na ɛsotefo nyinaa anyinnyam​—Hos. 4:1-3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena