Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 6/8 kr. 15-16
  • Nsɛmmɔnedi—Adɛn Nti Na Ɛrekɔ Soro Ntɛmntɛm Saa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmɔnedi—Adɛn Nti Na Ɛrekɔ Soro Ntɛmntɛm Saa?
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Wodi Nsɛmmɔne?
  • Nanso Dɛn Nti na Ɛrekɔ So Ntɛmntɛm Mprempren?
  • Awoko Yaw
  • Enti Amammɔsɛm To Betwa?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Amumɔyɛsɛm—Ɛbɛba Awiei Nnansa Yi Ara!
    Nyan!—2001
  • Amumɔyɛsɛm—Henanom Na Ɛka Wɔn?
    Nyan!—1987
  • Amumɔyɛsɛm—Dɛn Na Ɛhyɛ Akyi Na Dɛn Ntia?
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 6/8 kr. 15-16

Bible No Adwene

Nsɛmmɔnedi​—Adɛn Nti Na Ɛrekɔ Soro Ntɛmntɛm Saa?

“Sɛ ɛsɛ sɛ wosɛe asasepɔn no fã na wuhwie mogya gu kɛse te sɛ ɛpo na ama wode ayi nsɛmmɔnedi afi hɔ a, mma wo tiboa nhaw wo wɔ saa a woyɛ no mu.”​—Karl Heinzen, Germani ɔmananidanfo, 1809-80.

NHOMA ne nneɛma afoforo tui wɔ wim mpofirim ara bere a ɔtopae no towee wɔ Dortmund, Germany, aguadidan bi mu no. Adetɔfo baawɔtwe pirapirae a na ebinom de mu yɛ den. So ɛyɛ amammuifo a wɔyɛ katee na wɔadi saa atirimɔdensɛm no bio? Dabi. “Ɛyɛ agoru ara kwa,” saa na obi a wadi mfe 20 a ankyɛ polisifo bɛfaa no kɔe kae. Nanso yɛ a ɛnyɛ amammui adwene na ɔde yɛe saa no amma ankyerɛ sɛ ɛnyɛ nsɛmmɔnedi.

Wɔ nnafua akron pɛ mu​—fi February 28 kosi March 8, 1985​—no, na nsɛmmɔnedi ama nnipa 72 awuwu na 245 afoforo apirapira wɔ Northern Ireland, Spain, ne Federal Republic of Germany. Efi saa bere no, nsɛmmɔnedi, ehu, ne basaa a nsɛmmɔnedifo ma nkurɔfo yɛ no anya nkɔso.

Dɛn nti na nnipa a wɔwɔ wiase a ani abue mu dan kɔ nsɛmmɔnedi so de di wɔn botae ahorow ho dwuma? So wobetumi asiw ano da bi? Bible no de mmuae a ntease wom ma.

Dɛn Nti na Wodi Nsɛmmɔne?

“Nhoran wo bo nnebɔneyɛfo nti, . . . Ma abufuw ntwa, na gyae bo bɔne yɛ, nhoran wo bo, na ebewie bɔne nko.” “Na amimyɛ bɔ onyansafo dam.”​—Dwom 37:1, 8; Ɔsɛnkafo 7:7.

Sɛ nniso ahorow no ntumi nni ɔhaw ahorow te sɛ asomdwoe a enni hɔ, nneɛma pa a wonni wɔ asetra mu, asetra anaasɛ sikasɛm mu nsisi ho dwuma mpɛn pii na wɔma nhyɛso ne nyiyim ho kwan anaasɛ wɔhyɛ ho nkuran a, nkurɔfo tumi ‘horan wɔn bo.’ Wɔka sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi, na sɛ ɛnyɛ mprempren a, ɛnde bere bɛn? Sɛ ɛnyɛ me a, ɛnde hena?

Ɛtɔ bere bi a abasamtu betumi ama ‘onyansafo ayɛ ade sɛ ɔbɔdamfo.’ Esiane sɛ obu ne ho sɛ onyansafo nti, ebia nea edi kan no, obi a ɔkasa tia a ɔnyɛ basabasa no bɛma atra n’adwenem sɛ ɔbɛyɛ ade wɔ asomdwoe mu nkutoo de abu aban no mmara so. Nanso, hwɛ sɛnea eyi betumi adan basabasayɛ ntɛmntɛm! Sɛ nhwɛso no, hwɛ ɔman biako a ɛwɔ Afrika a abusua ne sikasɛm mu mpaapaemu wom no. Nea wɔde fii ɔkasatia a basabasayɛ nnim ase no adan akodi. Time nsɛmma nhoma no ka sɛ, “Ɛnnɛ, wɔ mfirihyia aduonu anum apereperedi ne nsakrae ho bɔ ahorow a wɔahyɛ nnansa yi nyinaa akyi no, basabasayɛ rekɔ so ara wɔ ɔman a emu apaapae no mu.”

“Esiane sɛ wɔmfa nneyɛe bɔne ho asotwe mma ntɛm nti, na nnipa mma koma asiesie ne ho kɛse sɛ ɛbɛyɛ bɔne.”​—Ɔsɛnkafo 8:11, NW.

Ɛyɛ nea wogye tom sɛ ɛyɛ den sɛ wɔbɛkyere mmaratofo na wɔadi wɔn asɛm. Wɔ mmeae horow bi no, asennibea ahorow no yi mmɔborohunu kɛse adi kyerɛ bere a wɔredi mmaratofo asɛm no. Nea ɛka eyi ho ne nsɛm pii a ɛsɛ sɛ wodi a ɛmma atemmufo ntumi mfa “asotwe mma wɔ nneyɛe bɔne ho ntɛm,” na yɛwɔ nneɛma a ɛma mmaratofo koma ‘siesie ne ho kɛse sɛ ɛbɛyɛ bɔne.’ Esiane sɛ nniso ahorow nhuu ɔkwan a wobetumi afa so ako atia nsɛmmɔnedi nketenkete mpo​—na mene amanaman ntam nsɛmmɔnedi​—nti ebia nnipa pii bɛte nka sɛ wɔbɛbɔ mmɔden afa wɔn ho adi.

Nanso Dɛn Nti na Ɛrekɔ So Ntɛmntɛm Mprempren?

“Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. . . . Nnipa bɛyɛ ahopɛfo, . . . bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, . . . wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa.”​—2 Timoteo 3:1-3.

Bible akontaabu ne nkɔmhyɛ ahorow mmamu kyerɛ sɛ yɛn awo ntoatoaso yi wɔ “nna a edi akyiri” a “mmere a emu yɛ den” ahyɛ no agyirae no mu. So worenka sɛ saa mmarima ne mmea a wɔwɔ su ahorow a yɛabobɔ din wɔ atifi hɔ no yɛ wɔn a wobetumi adi nsɛmmɔne? Esiane sɛ wɔn dodow rekɔ soro bere a “nna a edi akyiri” no bɛn n’awiei nti, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ nwonwa sɛ basabasayɛ rekɔ so wɔ adesamma asetra afã horow nyinaa mu.

“Na asase asɛe wɔ Onyankopɔn anim, na anuɔden ahyɛ asase so ma.” “Na sɛnea Noa nna no yɛe no saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ.”​—Genesis 6:11, 13; Mateo 24:37.

Wɔ Noa nna no mu no, Onyankopɔn honhom mu mma a wɔayɛ wɔn ho adaemone dii dwuma titiriw wɔ wiase a wɔmaa basabasayɛ hyɛɛ mu ma no mu. (Genesis 6:1-5) Saa abɔde nsɛmmɔnedifo yi rentumi nnan wɔn ho mfa honam nipadua bio na ama wɔadaadaa adesamma tẽẽ te sɛ nea wɔyɛɛ saa bere no. Nanso nnɛ wɔn ntua ahorow a ɛnyɛ tẽẽ a aniwa ntumi nhu no nyɛ nea ɛrentumi nni awu.

Esiane sɛ mprempren yɛwɔ ‘onipa, Ba Yesu Kristo a [wɔahyɛ no anuonyam] no ba a waba no mu’ nti, yebetumi ahwɛ kwan sɛ basabasayɛ a ɛte saa ara bɛma mogyahwiegu aba wiase no mu. Ampa, yetumi hu ‘amumɔyɛ a ɛredɔɔso’ sɛnea Yesu ka siei no. (Mateo 24:12) Eyi yɛ nokware efisɛ ‘wɔatow nea wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan . . . ne n’abɔfo aka ne ho agu.’ Dɛn na afi mu aba? “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” (Adiyisɛm 12:7-12) So eyi renyɛ atirimpɔw titiriw nti a nsɛmmɔnedi rekɔ so ntɛmntɛm nnɛ no?

Awoko Yaw

Yesu hyɛɛ nsɛm ahorow a ebesisi wɔ nsakrae a ɛbɛba wɔ bere a ɔde n’Ahenni asi hɔ akyi ne ansa na wasɛe nhyehyɛe bɔne yi no mu ho nkɔm. (Mateo 24; Marko 13; Luka 21) Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Marko 13:8 no, ɔkae sɛ wɔbɛte “awoko yaw” nka. Sɛnea awoko yaw ankasa kɔ so na emu yɛ den bere a obi awo rebɛn no, saa ara na ahohiahia a Yesu kaa ho asɛm sɛ ɛyɛ “nna a edi akyiri” ho sɛnkyerɛnne no bɛkɔ so na emu bɛyɛ den bere a Kristo nniso a wɔrensɔre ntia rebɛn no.

Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ nsɛmmɔnedi ho “yaw” rekɔ so. Ebia eyi bɛma “ehu” aka nnipa a wonni nea ɛrekɔ so no ho nimdeɛ a “nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase” nti na ama Yesu nkɔmhyɛ no abam no. Nanso ɛnte saa wɔ wɔn a wonim nea n’asɛm a edi so no kyerɛ no fam: “Na nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ soro na momma mo ti so, efisɛ mo gye [a nsɛmmɔnedi mu a wobegye mo afi ka ho] rebɛn.”​—Luka 21:26, 28.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 15]

Sɛ nniso horow no ntumi nni ɔhaw ahorow no ho dwuma a, ebetumi ama nkurɔfo ‘ahoran wɔn bo’

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 16]

Wɔ Noa nna no mu no, adaemone dii dwuma titiriw wɔ wiase a wɔmaa basabasayɛ hyɛɛ mu ma no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena