Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w80 4/1 kr. 19-20
  • Yehowa Hyira A Wɔyere Wɔn Ho Dennennen No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Hyira A Wɔyere Wɔn Ho Dennennen No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Monyere Mo Ho Denneennen”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Ɔpɛe sɛ Ɔboa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Sogyani Panyin Ne Abaayewa Bi
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Ɔbarima Ɔhantanfoɔ Brɛ Ne Ho Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
w80 4/1 kr. 19-20

Yehowa Hyira A Wɔyere Wɔn Ho Dennennen No

“Monyere mo ho denneennen na moafa ɔpon teatea no mu, . . . efisɛ nnipa pii bɛhwehwɛ mu ahyɛn, na wɔrentumi.”​—Luka 13:24, NW.

ADESAMMA a wɔnyɛ pɛ no su ne sɛ wɔbɛfa ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so. Nnipa taa hwehwɛ pii fi asetra mu, nanso wɔn nsa nka nea wɔhwehwɛ no efisɛ wɔmpɛ sɛ wɔde mmɔdenbɔ hyɛ biribiara yɛ mu. Nea ebinom pɛ ara ne sɛ wɔbɛsõ adae na wɔde wɔn ani ato kyakyatow so, a wɔn ani da so sɛ wobetumi afa so anya nneɛma a ɛbɛma wɔn adaesõ no aba mu. Adwumayɛfo pii pere ‘hwehwɛ akatua akɛse ne nnafua kakraa bi pɛ a wɔde bɛyɛ adwuma. Sika pii a wobenya a wɔmmmɔ ho mmɔden biara ne nea nnipa pii hwehwɛ nnɛ. Nanso ebinom wɔ hɔ a wɔahu sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a ɛho wɔ mfaso na ɛsom bo kyɛn honam fam adedodow. Dɛn ne ɛno?

Dɛn na ɛbɛsom bo kɛse ama yɛn akyɛn Onyankopɔn anim dom a ɛde kɔ nkwagye mu a yɛn nsa bɛka? So yɛhwɛ kwan sɛ yɛn nsa bɛka eyi a yɛmmmɔ yɛn ho mmɔden? Bere a Onyankopɔn ayɛ nea ɛho hia nyinaa na ɔde agye adesamma nkwa no, so eyi kyerɛ sɛ nnipa nsa bɛka nkwagye mpofirim, a wɔmmmɔ ho mmɔden biara? (Tito 3:4-7) Yesu Kristo de mmuae no mae bere a ɔrema asemmisa yi ho mmuae, “Wɔn a wobegye wɔn yɛ kakraa bi anaa?” no. Ɔkae sɛ: “Monyere mo ho dennennen na moafa ɔpon teateaa no mu, efisɛ mise mo sɛ, nnipa pii bɛhwehwɛ mu ahyɛn, na wɔrentumi.”​—Luka 13:23, 24, NW.

So wopɛ sɛ woyere wo ho saa na wode atra Onyankopɔn trenee nneɛma nhyehyɛe foforo no mu? Nnipa pii benya asetra mu anigye wɔ asase yi so a ɔyare ne owu nni mu. Nanso sɛ wɔhyɛ saa nnipa yi ara nkuran sɛ wonsua Bible no a, na woyiyi wɔn ano. Na pɛ a wɔmpɛ sɛ wɔbɔ wɔn ho mmɔden ankasa na wɔde ahu Yehowa Nyankopɔn no besiw Onyankopɔn anim dom a wobenya no ho kwan, gye sɛ wogyae saa yɛ. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn pene wɔn so no nyinaa fi wɔn pɛ mu ‘yere wɔn ho denneennen’ na wɔde anya nkɔso sɛ ne nkoa na wɔde ahu Ɔbɔadeɛ no yiye na wɔatra ase ma ɛne ne ho nimdeɛ a wɔanya no ahyia. Nanso ɔbɛfa ne honhom no so aboa wɔn, sɛ wɔpɛ mmom sɛ ɛno kyerɛ wɔn kwan a.

Wɔ nokwarem no, asetra mu tebea horow pii bɛma nkurɔfo ahwere hokwan ahorow wɔ bere a wɔmpɛ sɛ wɔyere wɔn ho yɛ biribi no. Mmebusɛm 26:15 de eyi ho nhwɛso a enye koraa ma yɛn sɛ: “Ɔkwadwofo de ne nsa bɔ asɛnka mu, ɛhaw n’ani sɛ ɔde bɛhyɛ n’anom.” Wɔ honhom mu aduan fam no, saa ara na tebea no nso te. Nnipa pii wɔ Bible wɔ wɔn afie mu, nanso honhom mu kɔm de wɔn esiane sɛ wɔmmɔ wɔn ho mmɔden sɛ wobeyi afi wɔn nhomakorabea hɔ akenkan nti.

Wɔ nea ɛka akwadworɔ a wɔyɛ wɔ eyi fam no ho ne adwemmɔne a ɛsɛ sɛ obi yere ne ho ko tia. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔte nka sɛ nkurɔfo afie afie a ɔbɛkɔ na ɔne wɔn akonya Bible mu nsɛm mu kyɛfa no yɛ den dodo a, eyi remma ɔmmmɔ ho mmɔden koraa. Nanso, mpɛn pii no, sɛ ɔbɔ ho mmɔden a, anka obehu sɛ obetumi ayɛ wɔ Onyankopɔn honhom no mmoa ase.

Wɔ ɔkwan foforo so no, ebia na efi sɛnea biribi yɛ yɛ mmerɛw fa nti na ɛma nkurɔfo adwenem yɛ wɔn naa wɔ ne bo a ɛsom ho. Ebia na wonhu ntease a ɛwom. Naaman yɛ ɔbarima bi a ɛkaa kakra ma ɔkɔhwee afiri a ɛte sɛɛ mu. Otuu kwan kɔɔ Israel, a n’ani da so sɛ wɔbɛsa ne kwata yare no ama no. Sɛ́ ɔbarima a wagye din no, na ɔhwɛ kwan sɛ odiyifo Elisa bɛsa no yare wɔ ɔkwan titiriw bi so. Nanso Elisa mpo anhu n’anim, na mmom ɔhyɛe sɛ ne somfo no nka nkyerɛ Naaman na ɔnkoguare mpɛn ason wɔ Yordan Asubɔnten no mu. Naaman susuwii sɛ, sɛ oguare wɔ Yordan nsu a emu ayɛ fi no mu a, ɛbɛbrɛ ne dibea no ase. Sɛ anka wantie ne nkoa no afotu a, anka Naaman de ne kwata no san kɔɔ Damasko. Enti otiee Elisa ahyɛde a ɛyɛ mmerɛw no ma wɔsaa no yare.​—2 Ahe. 5:9-14.

Afei nso, ebia na efi osuro sɛ ebia wɔrensɔ obi ani anaasɛ wobenya mmuae a ɛmfata afi sodifo no hɔ na ɛmma obi mmɔ biribi yɛ ho mmɔden. Nehemia a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so anum A.Y.B. mu ne obi a ɔmma osuro nsiw no kwan no ho nhwɛso pa. Ɛwom sɛ okura dibea a ɛkorɔn a ɛyɛ Ɔhene Artasasta nsahyɛfo de, nanso Nehemia amma susuw a obesusuw sɛ ebia ɔhene no rempene nea obebisa anaasɛ ne bo a ebefuw no no amma wanyɛ komm. Bere a hokwan no bae no, Nehemia bɔɔ Yehowa mpae na ɔde obu daa n’adesrɛ no adi. Ɛnyɛ sɛ ɔhene no penee nea obisae no so nko, na mmom ɔkyerɛw tumi nkrataa de hyɛɛ Nehemia nsa sɛ ɔmfa nkɔ Yerusalem na womfi ɔhene no kwae mu ntwitwa mpuran mma no na ɔmfa nkosisi Yerusalem afasu no ne apon no bio.​—Neh. 2:1-8.

Na yɛn nso ɛ? Kristofo mu binom besuro sɛ wobebisa kwan na wɔde akɔ nhyiam na wɔne wɔn mfɛfo gyidifo akohyiam. Ɛwom sɛ sɛ wobisa akwamma no a wɔbɛma wɔn de, nanso osuro a wɔwɔ sɛ wɔrempene so no ma wɔhwere honhom mu ɔkyerɛkyerɛ Kristofo mmea no mu binom wɔ hɔ a asafo nhyiam horow no mu fã pɛ na wonya mu mfaso, efisɛ wosusuw sɛ wɔn kununom a wonnye nni no rempene afoforo a wɔbɛkɔ no so. Nanso ebia na wommisaa wɔn kununom mpo da sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa. Nanso afoforo a wɔwɔ tebea horow a ɛte sɛɛ mu no betumi aka osuahu ahorow a ɛma nkɔso akyerɛ, esiane sɛ wobisae nti. Wɔ nokwarem no, nsɛm pii wɔ hɔ a sɛ yɛammisa a yɛn nsa renka.​—Fa to Mateo 7:7-11 ho.

Yiw, sɛ yɛpɛ Yehowa nhyira a, ɛnde na ɛho hia sɛ yɛyere yɛn ho denneennen. Esiane eyi nti siw biribiara a ɛbɛma woayɛ anihaw no kwan, mma kwan na sɛnea adwuma bi so fa anaa ɛyɛ mmerɛw fa no abu w’abaw mu, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wubebisa esiane osuro sɛ wɔremma wo nti. Sɛ ɛba adwuma a ɛfa nokware som ho a, Onyankopɔn honhom no mmoa betumi ama woadi nkonim.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena