Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 3/1 kr. 8-9
  • Fa Nyansa Siesie Wo Ho ma Daakye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Nyansa Siesie Wo Ho ma Daakye
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Wo Ho Adwene na Yɛ Nhyehyɛe Pa
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Hwehwɛ Ahonyade a Ɛnsɛe Da
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • So Wunim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Efiehwɛfoɔ Nokwafoɔ, Siesie Wo Ho!
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 3/1 kr. 8-9

Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma

Fa Nyansa Siesie Wo Ho ma Daakye

NÁ YESU aka ɔba hohwini no ho asɛm a na ɔreka akyerɛ nnipadɔm a n’asuafo, towgyefo asisifo ne abɔnefo afoforo a wonim wɔn ne kyerɛwfo ne Farisifo ka ho no awie bere tiaa bi. Afei bere a ɔrekasa akyerɛ n’asuafo no, obu bɛ bi a ɛfa ɔdefo bi a na ne nsa aka ne fiehwɛfo anaa n’akoa ho amanneɛbɔ bi a enye no ho.

Sɛnea Yesu kyerɛ no, ɔfrɛ n’akoa no na ɔka kyerɛ no sɛ ɔrebeyi no adi. Akoa no bisa sɛ: “Menyɛ dɛn, efisɛ me wura rebegye me panyinni afi me nsam? Minni ahoɔden a mede metutu, na ahua nso yɛ me aniwu. Mahu nea mɛyɛ, na wotu me fi me panyinni so a, wɔagye me akɔ wɔn afi.”

Na dɛn nhyehyɛe na akoa no bɛyɛ? Wiɛ, ɔfrɛ wɔn a wɔde ne wura ka no. Obisa sɛ: “Wode me wura ahe?” Nea odi kan no bua sɛ: “Ngohina ɔha.” Ɔka kyerɛ no sɛ “Gye wo nhoma, na tra ase ntɛm kyerɛw aduonum!”

Obisa ɔfoforo sɛ: “Na wo nso, ahe na wode? Ose “awi ntwaa ɔha.”

“Fa wo nhoma, na kyerɛw aduɔwɔtwe!”

Akoa no wɔ hokwan sɛ ɔtew ka a nkurɔfo de ne wura no so, efisɛ ɔda so ara hwɛ ne wura sika so. Enti ɔnam ka a ɔtew so no so ne wɔn a wobetumi ayɛ no adɔe bere a n’adwuma afi ne nsa no refa nnamfo.

Bere a ne wura no te nea asi no, n’ani gye ho. Nokwarem no, ‘oyii ofiepanyin kontomponi no ayɛ sɛ wadi no nyansam.’ Nokwarem no, Yesu de ka ho sɛ: “Wiase yi mma wɔ nyansa sen hann mma wɔn mfɛfo mu.”

Afei bere a Yesu rema n’asuafo ahu asuade a ɛwom no, ɔde nkuranhyɛ ma sɛ: “Momfa ahonyade a ɛnteɛ no bi nyɛ nnamfo, na sɛ ehia mo a, wɔagye mo akɔ daa afi no mu.”

Ɛnyɛ sɛ Yesu rekamfo akoa no wɔ ne nneyɛe a ɛnteɛ no ho, na mmom sɛnea otumi hwɛ ade kɔ akyiri, ne nyansa no. Mpɛn pii no “wiase yi mma” fi anitew mu de wɔn sika anaa wɔn dibea di dwuma de fa wɔn a wɔn nso wobetumi ayɛ wɔn adɔe akyiri yi no nnamfo. Enti ɛho hia sɛ Onyankopɔn nkoa, “hann mma” no de wɔn honam fam nneɛma, “ahonyade a ɛnteɛ” no di dwuma nyansam na ama wɔn ankasa anya mu mfaso.

Nanso sɛnea Yesu ka no, ɛsɛ sɛ wɔfa saa ahonyade yi so ne wɔn a wobetumi agye wɔn akɔ ‘daa afi mu’ no yɛ nnamfo. Kuw ketewa no de, mmeae yi wɔ soro; wɔ nguan foforo no fam no, ɛwɔ Paradise asase so. Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no nkutoo na wobetumi agye nnipa akɔ mmeae yi nti, ɛsɛ sɛ yegyina Ahenni nneɛma akyi na yɛnam saayɛ so ne wɔn ayɛ nnamfo. Afei, sɛ honam fam ahonyade di yɛn huammɔ anaa ɛsɛe a, ade a nea ɛbɛyɛ biara ɛbɛba no, wɔbɛma yɛanya daakye a ɛtra hɔ daa.

Yesu kɔ so ka sɛ nnipa a wodi nneɛma yi anaa anyɛ yiye koraa no nneɛma a wɔhwɛ so mpo mu nokware no bedi nokware wɔ nsɛm a ɛho hia kɛse a wodi ho dwuma mu. Ɔtoaa so sɛ: “Enti sɛ moanni ahonyade a ɛteɛ no mu nokware a, hena na ɔde anokwade [honhom mu anaa Ahenni nneɛma] bɛhyɛ mo nsa? Na sɛ moanni obi ade [Ahenni nneɛma a Onyankopɔn de hyɛ ne nkoa nsa no] mu nokware a, hena na ɔde mo de [akatua a ɛne daa nkwa wɔ daa afi no mu] nso bɛma no?”

Yɛrentumi nyɛ Onyankopɔn nokware nkoa na bere koro no ara yɛayɛ ahonyade a ɛnteɛ, honam fam ahonyade nkoa sɛnea Yesu de ba awiei no: “Ofienipa biara ntumi nsom awuranom baanu. Na ɔbɛtan obiako, na wadɔ obiako no anaasɛ ɔbɛbata obiako ho, na wabu obiako no animtiaa. Muntumi nsom Nyankopɔn ne mammon.” Luka 15:1, 2; 16:1-13.

◆ Ɔkwan bɛn so na akoa a ɔwɔ Yesu bɛ no mu no fa wɔn a wobetumi aboa no akyiri yi nnamfo

◆ Dɛn ne “ahonyade a ɛnteɛ” no, na ɔkwan bɛn so na yebetumi de anya nnamfo?

◆ Henanom na wobetumi agye yɛn akɔ “daa afi no mu,” na ɛyɛ he?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena