Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 3/1 kr. 30-31
  • Yesu Soma Asuafo 70

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Soma Asuafo 70
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asomfo a Biribiara Nnye Wɔn Asabawmu
  • Asuade Horow Ma Yɛn
  • ‘Monkɔ Nkɔyɛ Asuafo’
    “Bra Bedi M’akyi”
  • “Mummedi M’akyi Na Mɛma Moayɛ Nnipa Yifo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Wɔn Ho Hia Ntɛm Ara​—Otwa Adwumayɛfo Pii!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Monyɛ Otwa Adwumayɛfo A Mowɔ Anigye!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 3/1 kr. 30-31

Wɔyɛɛ Yehowa Apɛde

Yesu Soma Asuafo 70

NÁ ƐYƐ afe 32 Y.B. otwa bere. Ná aka asram asia pɛ na Yesu awu. Enti nea ɛbɛyɛ na wahyɛ asɛnka adwuma no mu gya, na ɔde ntetee foforo ama n’akyidifo binom no, ɔpaw asuafo 70, na “ɔsomasomaa wɔn baanu baanu dii n’anim kɔɔ kurow biara ne baabiara a ɔno ankasa rebɛkɔ hɔ.”—Luka 10:1.a

Yesu somaa n’asuafo no “dii n’anim” sɛnea ɛbɛyɛ na sɛ akyiri yi Yesu ankasa du hɔ a, wobetumi asi gyinae ntɛm sɛ ebia wɔwɔ Mesia no afã anaasɛ wonni n’afã. Nanso dɛn nti na ɔsomaa wɔn “baanu baanu”? Ɛda adi pefee sɛ ɔyɛɛ saa, na sɛ wohyia ɔsɔretia a, wɔahyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran.

Bere a Yesu resi gye a wɔn asɛnka adwuma no gye ntɛmpɛ so dua no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Otwa adwuma no so, na adwumayɛfo no de, wosua; enti monsrɛ otwa no wura no, na ontu adwumayɛfo mmra ne twa no mu.” (Luka 10:2) Otwa adwuma a ɔde totoo ho no fata, efisɛ sɛ wɔtwentwɛn wɔn nan ase kakraa bi wɔ otwa bere mu a, etumi ma nnɔbae pii sɛe. Saa ara nso na sɛ asuafo no bu wɔn ani gu wɔn asɛnka dwumadi no so a, ebetumi ama wɔahwere nkwa a ne bo yɛ den!—Hesekiel 33:6.

Asomfo a Biribiara Nnye Wɔn Asabawmu

Yesu hyɛɛ n’asuafo no bio sɛ: “Mommfa sika kotoku anaa akwantu bɔtɔwa anaa mpaboa; na munnkyia obi ɔkwan mu!” (Luka 10:4) Ná ɛyɛ biribi a ɛtaa ba sɛ ɔkwantufo de mpaboa foforo bɛhyɛ ne nneɛma mu aka sika bɔtɔwa ne aduan ho, efisɛ ase betumi awe, na hama a wɔde bom no betumi atew. Nanso na ɛnsɛ sɛ Yesu asuafo no ma nneɛma yi haw wɔn. Mmom no, na ɛsɛ sɛ wonya ahotoso sɛ Yehowa nam mfɛfo Israelfo a na ahɔhoyɛ yɛ wɔn su no so bɛhwɛ wɔn.

Nanso dɛn nti na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wonnkyia obiara wɔ kwan mu? So na ɛsɛ sɛ wɔka wɔn anim sim anaa wɔyɛ aniammɔho? Ɛnte saa koraa! Hela asɛmfua a·spaʹzo·mai, a ɛkyerɛ sɛ wobɛyɛ obi atuu akyia no no betumi akyerɛ pii asen, “ɛte dɛn” anaa “mikyia wo” a nidi wom a wɔka. Ebetumi akyerɛ amanne kwan so anofew, atuuyɛ, ne nkɔmmɔ tenten a wɔbɔ bere a amannifo baanu ahyia no. Sɛnkyerɛwfo bi ka sɛ: “Ná Apuei famfo no nkyia nte sɛ yɛn de a yɛbɔ yɛn mu ase kakra anaa yɛteɛ yɛn nsa no, na mmom na wɔyɛ wɔn ho atuu bɔ wɔn mu ase mpɛn pii, na wobutuw fam mpo. Ná eyi nyinaa gye bere pii.” (Fa toto 2 Ahene 4:29 ho.) Enti Yesu boaa n’asuafo no ma wɔkwatii nneɛma a egye asabawmu a ɛho nhia, ɛmfa ho sɛ ɛyɛ amanne no.

Awiei koraa no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ sɛ wɔkɔ fie bi mu na sɛ wogye wɔn a, ‘wɔntra hɔ, na wonni na wɔnnom nea wɔde bɛma wɔn’ no. Nanso sɛ wɔkɔ kurow biara mu na sɛ wɔannye wɔn a, ‘wɔnkɔ kurow no abɔnten so na wɔnka sɛ: Otutuw a efi mo kurow mu a ahura yɛn anan ho po, yɛreprapra agu mo so.’ (Luka 10:7, 10, 11) Otutuw a wɔbɛprapra afi wɔn anan ho no bɛkyerɛ sɛ asuafo no de asomdwoe regyaw ofie anaa kurow a annye wɔn no ama Onyankopɔn asotwe. Nanso na wɔn a wofi ayamye mu gyee Yesu asuafo no benya nhyira pii. Bere foforo no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Nea ogye mo no gye me, na nea ogye me no gye nea ɔsomaa me no. Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu biako nsuonwini kuruwa ma osuani din mu no, nokware mise mo sɛ, n’akatua remmɔ no.”—Mateo 10:40, 42.

Asuade Horow Ma Yɛn

Mprempren, Yehowa Adansefo bɛboro 5,000,000 a wɔwɔ wiase nyinaa redi ahyɛde a ɛne sɛ wɔnka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no na wɔnyɛ asuafo, no ho dwuma. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Wohu sɛ wɔn asɛm no gye ntɛmpɛ. Enti wɔde wɔn bere di dwuma yiye, na wɔkwati nneɛma a ebegye wɔn asabawmu a ɛremma wontumi mfa wɔn adwene nsi wɔn dwumadi titiriw yi so yiye no.

Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔne wɔn a wohyia wɔn no nyinaa benya abusuabɔ pa. Nanso, wɔmmɔ nkɔmmɔ hunu kɛkɛ, anaa wonnye asetram nsɛm anaa nsisi a wiase yi ntumi nyi mfii hɔ ho akyinnye. (Yohane 17:16) Mmom no, wɔde wɔn nkɔmmɔbɔ no gyina adesamma haw ahorow ano aduru koro pɛ a ɛbɛtra hɔ akyɛ no so—Onyankopɔn Ahenni.

Mpɛn pii no, wohu Yehowa Adansefo baanu baanu sɛ wɔbom reyɛ adwuma. Sɛ wɔn mu biara tew ne ho yɛ adwuma a, so anka wɔrenyɛ pii? Ebia ɛte saa. Nanso, Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no hu mfaso a ɛwɔ adwuma a wɔne wɔn mfɛfo agyidifo bom yɛ no so. Ɛbɔ wɔn ho ban bere a wɔreyɛ adwuma wɔ mmeae a ɛyɛ hu no. Adwuma a wɔne afoforo yɛ no nso boa ma wɔn a wɔyɛ afoforo no nya asɛmpa no ho adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw no suahu mu mfaso. Nokwasɛm ni, wɔn nyinaa betumi ahyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran.—Mmebusɛm 27:17.

Akyinnye biara nni ho sɛ asɛnka adwuma no ne adwuma a egye ntɛmpɛ sen biara a wɔreyɛ wɔ “nna a edi akyiri” yi mu. (2 Timoteo 3:1) Yehowa Adansefo ani gye sɛ wɔwɔ wiase nyinaa onuayɛ kuw a wɔne wɔn “bom di apere ma asɛmpa no gyidi” no mmoa.—Filipifo 1:27.

[Ase hɔ asɛm]

a Bible ahorow bi ne tete Hela nkyerɛwee bi ka sɛ Yesu somaa asuafo “aduɔson abien.” Nanso nkyerɛwee pii wɔ hɔ a ɛfoa “aduɔson” no so. Ɛnsɛ sɛ nkyerɛwee mu nsonsonoe ketewa yi ma adwene titiriw a ɛwom a ɛne sɛ Yesu somaa n’asuafo kuw kɛse bi sɛ wɔnkɔka asɛm no, yera.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena