Som Ɔbɔadeɛ No Na Ɛnyɛ Abɔde No
“Sɔre [Yehowa] wo Nyankopɔn, na ɔno nko na som no!”—LUKA 4:8.
1. Wɔkyerɛ asɛm “ɔsom” no ase dɛn, na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔde nokware som ma?
WƆKYERƐ asɛm “som” no ase wɔ nsɛm asekyerɛ nhoma bi mu sɛɛ se: “Sɛ wode obu, nidi anaasɛ ahofama kɛse anaa ntraso mpo bɛma obi.”a Hena na ɛsɛ sɛ wɔde ɔsom a ɛte saa ma no? Yesu Kristo kae sɛ: “Dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu!” (Mateo 22:37) Afei nso, bere a wɔde wiase ahenni nyinaa maa no sɛ ebia ‘ɔbɛkotow asɔre’ Satan biako pɛ mpo no, Yesu ampene na ɔkae sɛ: “Sɔre [Yehowa] wo Nyankopɔn, na ɔno nko na som no!” (Luka 4:7, 8) Yesu nsɛm ne ne nneyɛe ma ɛda adi sɛ Yehowa Nyankopɔn nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔsom no. ‘Ɔsom kronn’ ka eyi ho, efisɛ “gyidi a nnwuma nni mu awu.”—Yakobo 2:26.
2. Dɛn nti na ɛfata sɛ wɔsom Ɔbɔadeɛ no nkutoo?
2 Ɔsom a ɛte saa a wɔde ma Yehowa no fata efisɛ ɔne Amansan Hene Pumpuni wɔ amansan nyinaa so, ɔsoro a ɛkanyan ehu ne asase ne mu nneɛma a nkwa wom no nyinaa Bɔfo. Ne saa nti, ne nkutoo na ɔfata sɛ nnipa de “obu, nidi ne ahofama kɛse anaa ntraso mpo” ma no. Bible no ka sɛ: “[Yehowa], wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.” (Adiyisɛm 4:11) Ampa, onipa biara nni hɔ, ade a nkwa wom anaa nea nkwa nnim biara nni ho a ebetumi afata ama “obu, nidi ne ahofama” a ɛte saa. Yehowa nkutoo na ɔfata ‘ahofama a edi mu.’—Exodus 20:3-6.
Biribi a Egye Ntɛmpɛ Titiriw
3. Dɛn nti na egye ntɛmpɛ titiriw sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn?
3 Esiane sɛ yɛte atemmu bere mu nti, mprempren egye ntɛmpɛ titiriw sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn yiye. Obiara repaw nea ɛbɛba no so daakye a ɛbɛtra hɔ daa. Onyankopɔn nkɔmhyɛ Asɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ Kristo Yesu aba ɔsoro anuonyam mu “a n’abɔfo nyinaa ka ne ho” wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” yi mu. Atirimpɔw bɛn nti na waba? Yesu ankasa kaa saa atirimpɔw no ho asɛm siei, bere a ɔkaa eyi no: “Na wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim. Na ɔbɛpaapae wɔn mu, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mpapo mu.” Nguan no bɛkɔ “daa nkwa” mu. Mpapo no bɛkɔ ‘daa ntwa fi hɔ mu.’—2 Timoteo 3:1-5; Mateo 25:31, 32, 46.
4. (a) Ɔkwan bɛn so na Paulo ma wohu wɔn a wɔbɛsɛe wɔn koraa wɔ wiase yi awiei no? (b) Su bɛn na wɔn a wobenya daa nkwa no da no adi?
4 Ɔsomafo Paulo kyerɛw “ɛda a wobeyi Awurade Yesu adi afi soro, ne ne tumi abɔfo, ogyaframa mu, na wadi wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no were. Wɔn na wobenya akatua, daa ɔsɛe” ho asɛm. (2 Tesalonikafo 1:7-9) Enti nnipa a wɔte sɛ mpapo a woyɛ mpi a wɔmpɛ sɛ wohu Onyankopɔn atirimpɔw anaa wɔpow sɛ wobedi nneɛma ho dwuma bere a wonya hokwan no benya daa ɔsɛe. Nanso nnipa ahobrɛasefo a wɔte sɛ nguan a wɔpɛ sɛ wohu Yehowa ho biribi na wotie n’ahyɛde horow na afei wɔbrɛ wɔn ho ase yɛ n’apɛde no benya “daa nkwa.” Bible no se: “Na wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17; hwɛ 2 Petro 2:12 nso.
5, 6. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ obi yɛ na ama wahu Yehowa ne n’atirimpɔw ho nokware no? (b) Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ wɔn a wɔhwehwɛ nokware no behu a sɛnea wɔn tebea te wɔ asetra mu mfa ho?
5 Nnipa a wɔte sɛ nguan no pɛ sɛ wɔde wɔn bere, wɔn ahoɔden ne wɔn honam fam nneɛma bɛbɔ afɔre de ahwehwɛ nokware no. Wɔyɛ nea Mmebusɛm 2:1-5 ka no: “Me ba, sɛ wutie me nsɛm, na wode me mmara nsɛm sie wo nkyɛn, sɛ wobɛyɛ aso atie nyansa, na woakom wo koma ama ntease, yiw, sɛ wusu frɛ nhumu, na woma wo nne so frɛ ntease, sɛ wohwehwɛ n’akyi kwan sɛ dwetɛ, na wobɔre hwehwɛ no sɛ akorade a ahintaw a, ɛno na wubehu [Yehowa] suro, na [woanya] Onyankopɔn ho nimdeɛ.”
6 Ɔpɛ a nnipa a wɔte sɛ nguan wɔ sɛ wɔbɛhwehwɛ Yehowa no na ɛma nsonsonoe ba wɔne wɔn a wɔte sɛ mpapo no ntam: “Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no. Na sɛ wugyaw no a, ɔbɛtow wo akyene koraa.” (1 Beresosɛm 28:9) Enti ɛmfa ho sɛ abusua anaasɛ ɔman bɛn na obi fi mu, ɛmfa ho sɛnea ne nhomanim te, sɛ ebia ɔyɛ ɔdefo anaa ohiani no, sɛ ofi koma pa mu hwehwɛ nokware a ɛfa Onyankopɔn ho a, obehu. Kristo ne n’abɔfo fi faako a wɔwɔ wɔ soro bɛhwɛ ma nea ɔhwehwɛ nokware no ahu, a faako a saa onipa no te mfa ho. Mfaso bɛn na adehwehwɛ a ɛte saa no bɛma wanya? Yesu kae sɛ: “Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”—Yohane 17:3; hwɛ Hesekiel 9:4 nso.
Abɔde Som a Wɔbɛkwati
7, 8. (a) Asiane bɛn na ɛwɔ nnipa a wɔbɛsom wɔn no mu? (b) Kyerɛkyerɛ “obu, nidi, anaa ahofama ntraso” a wɔde ma Maria no mu.
7 Nnipa pii a wɔwɔ asase so nyinaa no de “obu, nidi, anaa ahofama ntraso” ma nnipa—sɛ wɔawuwu anaasɛ wɔte ase no. Bere a ebia wɔbɛte nka sɛ eyi yɛ ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn no fã no, ɛtwe wɔn fi nokware som ho ankasa. Eyi bue kwan ma wogye nkyerɛkyerɛ ahorow di na wɔyɛ nneɛma a ɛne Onyankopɔn apɛde bɔ abira. Eyi ho nhwɛso titiriw biako ne sɛnea nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ Roman Katolek ne Apuei Fam Ortdoks Katolek nsase so bu Maria, Yesu ne na no.
8 Wɔkotow Maria ahoni ne mfonini ahorow wɔ ɔsom kwan so na wɔka ne ho asɛm wɔ asɔre no nkyerɛkyerɛ a wɔahyɛ da de asi hɔ no mu sɛ “Ɔbaabun Maria Theotokos.” Asɛmfua the·o·toʹkos no kyerɛ “nea ɔwoo Onyankopɔn” anaa “Onyankopɔn ne na.” New Catholic Encyclopedia se: “Maria yɛ Onyankopɔn ne na. . . . Sɛ Maria nyɛ Onyankopɔn ne na ankasa a, ɛnde Kristo nyɛ nokware Nyankopɔn ne onipa ankasa nso.” Enti sɛ wɔn Baasakoro nkyerɛkyerɛ no fã no, nyamesom ahorow yi kyerɛkyerɛ sɛ na Yesu ne Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no a ɔwɔ onipa tebeam, na ɛma Maria yɛ “Onyankopɔn ne na.” Nhoma koro yi ara ka nea edidi so yi ka Maria som ho: “(1) obu anaa ɔsom a wɔde gye nidi a Ɔbaabun kronkron a ɔne Onyankopɔn ne na wɔ no tom; (2) mpaebɔ anaa yɛn Awuraa no a yɛsrɛ no sɛ ɔnyɛ odimafo mma yɛn sɛ ɛna ne ɔhemmaa; . . . ne [Maria] a ankorankoro bɔ no mpae.”
9. So Bible kyerɛkyerɛ sɛ na Maria yɛ “Onyankopɔn ne na”?
9 Nanso, asɛmfua the·o·toʹkos no mpue wɔ Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no mu. Na Bible no nka wɔ baabiara sɛ na Maria yɛ “Onyankopɔn ne na.” Yesu ankyerɛkyerɛ saa na afeha a edi kan Kristofo nso anyɛ saa. Afei nso, Bible da no adi pefee sɛ na Yesu nyɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no a ɔwɔ onipa tebeam na mmom na ɔyɛ Onyankopɔn Ba.b Nokwarem no, bere a ɔbɔfo bi bɔɔ Maria amanneɛ sɛ ɔbɛwo ɔbabarima no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Honhom kronkron bɛba wo so, na nea Ɔwɔ sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwo no, wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn Ba.” (Luka 1:35) Enti na Yesu yɛ Onyankopɔn Ba, na ɛnyɛ Onyankopɔn ankasa a na ɔwɔ onipa tebeam. Enti na Maria yɛ Onyankopɔn ba Yesu ne na, na ɛnyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ onipa tebeam ne na. Enti na Yesu anaa n’asuafo no amfrɛ Maria sɛ “Onyankopɔn ne na” da no.
10, 11. (a) Nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛnea Yesu buu ne na? (b) Yesu asomafo no ne n’asuafo no buu Yesu ne na dɛn?
10 Sɛnea Yesu buu ne na no kyerɛ gyinabea a ɛba fam a na ne na wɔ no. Wɔ Kana ayeforohyia bi ase no, Bible kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na nsa no anso no, Yesu ne na see no sɛ: Wonni nsa. Yesu see no sɛ: Ɔbea, dɛn na me ne wo wɔ yɛ?” Wɔ ha no, Roman Katolekfo Douay Bible Nkyerɛase no kenkan sɛ: “Ɔbea, ɛno fa me ne wo ho dɛn?” (Yohane 2:3, 4) Obi ka kyerɛɛ no bere foforo bi sɛ: “Anigye ne yafunu a ɛwoo wo ne nufu a wunumii!” Na ɛno yɛ hokwan fɛfɛ ma Yesu sɛ ɔde nidi titiriw bɛma ne na na wakyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ afoforo nso yɛ saa ara. Mmom no, Yesu kae sɛ: “Dabi, na mmom, Anigye ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wodi so!”—Luka 11:27, 28, NW.
11 Saa nsɛm a yɛatwe adwene asi so no kyerɛ sɛ Yesu hwɛɛ yiye sɛ ɔremfa ahofama anaa nidi a ɛnsɛ mma Maria anaa abodin soronko bi mfrɛ no. Wamma kwan ma wɔn ntam abusuabɔ no annya ne so nkɛntɛnso? Asomafo no ne asuafo no suasuaa ne nhwɛso no, efisɛ baabiara nni wɔn nkyerɛwee a efi honhom mu no mu a wɔde nidi, abodin anaa tumi a ɛnsɛ biara maa Maria. Ɛda adi sɛ wɔamfrɛ no “Onyankopɔn ne na” da. Ɛwom sɛ wɔkyerɛɛ obu maa no sɛ Yesu ne na de, nanso wɔanyɛ antra so. Na wonim sɛ Yesu nyɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no a ɔwɔ onipa tebeam ma enti na Maria rentumi nyɛ Onyankopɔn ne na, gyinabea a ɛsen nea Onyankopɔn ma kwan ma wɔde ma Maria.
Ɛna-Onyamewa Gyidi No
12. Ɛhe ne bere bɛn na wonyaa adwene sɛ na Maria yɛ “Onyankopɔn ne na”?
12 Ɛnde saa nsusuwii yi fi he? Ɛhyɛn ɔwaefo Kristoman mu nkakrankakra wɔ afeha a ɛto so abiɛsa ne anan no mu wɔ Yɛn Bere yi mu. Eyi baa saa titiriw wɔ afe 325 Y.B. mu bere a Nicaea bagua no gyee nkyerɛkyerɛ a ennyina Kyerɛwnsɛm so a ɛkyerɛ sɛ Kristo yɛ Onyankopɔn toom no. Bere a wogyee saa nsusuwii a ɛnteɛ no toom no, ɛbɛyɛɛ mmerɛw kɛse sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ sɛ Maria yɛ “Onyankopɔn ne na.” The Encyclopœdia Britannica ka eyi ho asɛm sɛ: “Ɛte sɛ nea na wɔde abodin [‘Onyankopɔn ne na’] di dwuma wɔ ɔsom mu, ebia wɔ Alexandria, bɛyɛ afeha a ɛto so 3 anaa 4 no mu . . . Ebeduu afeha a ɛto so 4 awiei no, na Theotokos no ase atumi atim wɔ asɔre no afã horow nyinaa.” New Catholic Encyclopedia no ka sɛ wɔhyɛɛ da gyee nkyerɛkyerɛ no toom “fi Efeso Bagua nhyiam no mu wɔ 431 mu.”
13. Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ enyaa Efeso Bagua no so nkɛntɛnso wɔ 431 Y.B. mu ma wɔhyɛɛ da kae sɛ Maria yɛ “Onyankopɔn ne na”?
13 Nea yɛn ani gye ho titiriw ne faako a bagua no hyiae ne nea enti a wɔyɛɛ saa no. The Cult of the Mother-Goddess nhoma a E. O. James kyerɛwee no ka sɛ: “Efeso Bagua no hyiaam wɔ Theotokos asɔredan no mu wɔ 431 mu. Na ɛyɛ mmerɛw sɛ wobetumi agye abodin ‘nea ɔwoo Onyankopɔn’ no atom wɔ hɔ, kurow a na Artemi anaa nea Romafo frɛ no Diana no som ama agye dimmɔne, faako a wɔkyerɛ sɛ ne honi fi soro bɛhwee fam wɔ asɔredan kɛse a wɔahyira so ama Magna Mater [Ɛna Kɛse] no ho fi 330 Y.B. a sɛnea atetesɛm kyerɛ no, Maria bere tiaa mu trabea wɔ no na ɛnyɛ baabi foforo biara.”
14. Ɔkwan bɛn so na abakɔsɛm de adanse ma sɛ saa nkyerɛkyerɛ yi fi abosonsom mu?
14 Enti te sɛ Baasakoro no, “Onyankopɔn ne na” nkyerɛkyerɛ no yɛ abosonsom nkyerɛkyerɛ a asakra ayɛ te sɛ Kristofo gyidi. Na wɔde di dwuma kɛse wɔ abosonsom mu mfehaha pii ansa na wɔrewo Yesu. The New Encyclopœdia Britannica ka wɔ asɛm “ɛna onyamewa” ase sɛ: “Anyamewa a wogu ahorow no mu bi ne ɛnanom ho sɛnkyerɛnne a ɛfa abɔde, awo, ɔbarima ne ɔbea nna, ɔyɛn ne onyin ho. Wɔde asɛmfua no adi dwuma wɔ nnipa ahorow ahorow te sɛ wɔn a wɔfrɛ wɔn Abo Mmere mu Venusfo ne Ɔbaabun Maria ho. . . . Amammerɛ biara nni hɔ a ɛmfaa ɛnanom ho sɛnkyerɛnne bi nnii dwuma wɔ wɔn anyame a wɔde wɔn kyerɛ no mu. . . . Ɔno na ɔbɔ ɔsoro abofra bi ho ban na ɔyɛn no, na sɛ yɛtrɛw mu a, adesamma abusua no nyinaa.” Enti Katolekni sɔfo Andrew Greely ka wɔ ne nhoma The Making of the Popes 1978 no mu sɛ: “Maria ho sɛnkyerɛnnede no de Kristosom tõa tete anyamewa a wɔyɛ ɛnanom [abosonsom] no mu tẽẽ.”
Ɔsom a Ɛmfata
15. (a) Dɛn na esii wɔ Kristoman mu wɔ Maria ho? (b) Sɛnea Bible kyerɛ no, hena nkutoo na obetumi ayɛ odimafo ama yɛn wɔ Onyankopɔn anim?
15 Sɛ wɔbɛka sɛ na Maria yɛ “Onyankopɔn ne na” no pagyaw no gyina gyinabea bi a ɛkorɔn a ɛbɛma nnipa anya ɔpɛ sɛ wɔbɛsom no, na aba saa mfehaha pii ni. Nnipa ɔpepehaha pii a wɔwɔ nsase pii so no abɔ no mpae anaasɛ wɔabɔ mpae afa no so na wɔasom n’ahoni ne ne mfonini ahorow. Bere a ebia nyamesomfo bɛbɔ mmɔden ayi wɔn ho ano wɔ eyi ho na wɔaka sɛ ɔsom a ɛte saa a wɔde ma Maria no yɛ ɔkwan bi a ɛnyɛ tee a wɔfa so som Onyankopɔn no, ɛnyɛ saa na Onyankopɔn bu no nen. “Na Onyankopɔn koro na ɔwɔ hɔ, ne Onyankopɔn ne nnipa ntam gyinafo koro, ɔne onipa Kristo Yesu.” (1 Timoteo 2:5; 1 Yohane 2:1, 2) Yesu ankasa kae sɛ: “Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.”—Yohane 14:6.
16. Ɔkwan bɛn so na Petro ne Yohane maa emu daa hɔ sɛ Yehowa nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔsom no?
16 Maria a wɔsom no tee anaasɛ wɔ ɔkwan a ɛnyɛ tee so, bɔ a wɔbɔ no mpae, n’ahoni ne ne mfonini ahorow a wɔkotow no yɛ som a wɔsom abɔde no na ɛnyɛ Ɔbɔadeɛ no. Ɛyɛ abosonsom, na wɔhyɛ Kristofo sɛ ‘wonguan abosonsom.’ (1 Korintofo 10:14) Bere a Amanaman muni Kornelio kotow Petro wɔ ɔsom kwan so no, hyɛ nea esii no nsow: “Petro fitii pɛ na Kornelio kohyiaa no hwee ne nan ase sɔree no. Na Petro maa no so kae sɛ: Sɔre, na me nso meyɛ onipa.” (Asomafo no Nnwuma 10:25, 26) Onipa a wɔkotow som no mfata, na na Petro rennye ntom. Afei nso, bere a ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu fii ɔbɔfo bi nkyɛn akyi no, ɔbɔɔ amanneɛ sɛ: “Mehwee ase sɛ merekotow ɔbɔfo a ɔkyerɛɛ me nneɛma yi nan ase. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ, nyɛ sa, meyɛ wo ne wo nuanom diyifo ne wɔn a wokura nhoma yi mu nsɛm mu no awurakwaa. Kotow Onyankopɔn.” (Adiyisɛm 22:8, 9) Sɛ ɛnsɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn bɔfo mpo a, ɛnde na mene nnipa anaa wɔn ahoni ahorow.
17. Dɛn na Katolekfo nhoma bi a ɛka nneɛma pii ho asɛm gye tom sɛ ebia ebefi Maria a wɔsom no no mu aba?
17 Nea ɛkyerɛ sɛ ɔsom a ɛte saa a wɔde ma Maria betumi adan ayɛ ɔsom a ɛmfata no yɛ nea The Catholic Encyclopedia gye tom. Biako bi a wodii kan tintimii no kae sɛ: “Wɔrentumi nka sɛ ɛnyɛ nokware sɛ na saa ɔsom a agye din a wɔde ma Ɔbaabun a Wɔahyira no no taa yɛ nea ɛtra so na wodi nneɛma ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so wom.”
18. Ɛhe na nkyerɛkyerɛ a ɛte saa a ennyina Kyerɛwnsɛm so no befi aba?
18 Ɛhe na saa nkyerɛkyerɛ a ennyina Kyerɛwnsɛm so yi befi aba? Onyankopɔn Tamfo, Satan Ɔbonsam ne ne farebae titiriw. (Yohane 8:44) Dɛn nti na ɔbɛma nkyerɛkyerɛ a ɛte saa anya nkɔso? Sɛnea ɛbɛyɛ a obebu Amansan Hene Awurade Yehowa abomfiaa ne animtiaa, na wapagyaw nnipa na wama basabasayɛ aba. Ɛtwe nnipa fi nokware som ho na ɛma wɔhwɛ nkwagye kwan fi abɔde mmom nkyɛn. Ama tumi a asɔfo a wɔwɔ nnipa mpapahwekwa a wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase ma wɔn nyamesom akannifo wɔ biribiara mu efisɛ asɔfo nkutoo na wɔwɔ nyamekyerɛ a emu nna hɔ a ɛte saa no ho nimdeɛ so no ayɛ kɛse mfehaha pii ni.
19, 20. (a) Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ ansa na Onyankopɔn atemmu bɛba no, nnipa a wɔte sɛ nguan no behu nokware no? (b) Nsemmisa bɛn na wobesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?
19 Nanso Yesu ka siei sɛ: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Na Yehowa hyɛ bɔ sɛ ɔnam Ahenni asɛnka no so bɛboaboa nnipa a wɔte sɛ nguan ano ma ‘wɔakyerɛkyerɛ wɔn n’akwan na wɔannantew n’atempɔn so.’ (Yesaia 2:2-4) Esiane sɛ wɔaboaboa wɔn ano aba Yehowa ɔsom kronn mu nti, Yesu kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye.” (Yohane 8:32) Enti wɔn a wɔhwehwɛ nokware no behu na wɔade wɔn ho afi atoro som nkyerɛkyerɛ a ɛmma nnipa kwan mma wɔnnyɛ Onyankopɔn apɛde no ho.
20 Nyamesom nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe afoforo a abu so wɔ hɔ a atwe nnipa afi Ɔbɔadeɛ no nokware som ho, na ɛtwe adwene si abɔde som so. Eyinom bi ne nea ɛwɔ he, na dɛn na afi mu aba? Nokware som kyerɛ dɛn? Asɛm a edi hɔ no bɛhwehwɛ nsemmisa yi mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary, 1986.
Wubebua Dɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛɛ pefee sɛ Yehowa nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔsom no?
◻ Dɛn nti na mprempren egye ntɛmpɛ titiriw sɛ wɔde ɔsom bɛma wɔ ɔkwan a ɛfata so?
◻ Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wɔde nidi a ɛnsɛ ma Maria?
◻ Ɛhe na wonyaa adwene sɛ Maria yɛ “Onyankopɔn ne na”?
◻ Ɔkwan bɛn so na asomafo Petro ne Yohane sii so dua sɛ Yehowa nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔsom no?