Bible Nkyerɛase—Hena na Ɔhyɛ Akyi?
ASƐM “nkyerɛase” no asekyerɛ biako ne sɛ “wobɛte nea obi gye di, ne nsusuwii, anaa ne nsɛm tebea ase.” (Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary) Enti, faako a obi fi, ne nhomanim, ne baabi a wɔtetee no no taa nya sɛnea ɔkyerɛ biribi ase no so nkɛntɛnso.
Na Bible nkyerɛase nso ɛ? So yebetumi akyerɛ Bible mu nsɛm ase sɛnea yɛn ankasa “gyidi, nsusuwii, ne yɛn tebea” te a yɛrenhyia ɔhaw biara? Sɛnea ɛte no, Bible asekyerɛfo pii ka sɛ wɔanyɛ saa na mmom Onyankopɔn na ɔkyerɛɛ wɔn kwan.
Nhwɛso biako ne nea wɔaka wɔ Yohane 1:1 ase hɔ asɛm no mu wɔ A New Version of the Four Gospels, a John Lingard tintimii wɔ 1836 mu, wɔ edin “Katolekni” ase no. Ɛka sɛ: “Nnipa a wɔwɔ gyidi ahorow nyinaa nya biribi wɔ kyerɛw kronkron no mu de foa wɔn gyidi so: nokwarem no, ɛnyɛ Kyerɛwnsɛm no na ɛkyerɛ wɔn saa, na mmom wɔde bataa sɛnea wɔn ankasa te Kyerɛwnsɛm no ase ho.”
Ɛwom sɛ wɔagye asɛm no atom de, nanso dɛn na na ɛwɔ ɔkyerɛwfo no adwene mu? Na n’asɛm no foa sɛnea ɔte saa nkyekyem no ase, a ɔkyerɛɛ ase no so: “Mfiase no na ‘asɛm no’ wɔ hɔ, na ‘asɛm no’ ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na ‘asɛm no’ yɛ Onyankopɔn,” Baasakoro nkyerɛase ankasa.
Dɛn na ɛkanyan ɔkyerɛwfo no maa ɔkyerɛɛ Yohane 1:1 ase de foaa Baasakoro nkyerɛkyerɛ so? So “Kyerɛwnsɛm no na ɛhyɛɛ” no sɛ ɔnyɛ saa? Ɛnte saa, efisɛ yenhu Baasakoro nkyerɛkyerɛ no wɔ Bible mu baabiara. Hyɛ nea The New Encyclopædia Britannica ka wɔ asɛm yi ho no nsow: “Asɛmfua Baasakoro anaa ɛho nkyerɛkyerɛ biara nni Apam Foforo no mu.” Nea ɛka ho no, Yale Sukuupɔn no kyerɛkyerɛfo E. Washburn Hopkins ka sɛ: “Na Yesu ne Paulo nnim baasakoro nkyerɛkyerɛ no; . . . wɔanka ho asɛm biara.”
Enti, dɛn na yebetumi aka afa sɛnea wɔn a wogye Baasakoro di no kyerɛ Yohane 1:1 anaa Bible mu asɛm foforo ase no ho? Sɛnea Owura Lingard kyerɛkyerɛ mu no, “ɛnyɛ Kyerɛwnsɛm no na ɛkyerɛɛ wɔn, na mmom, wɔde bataa sɛnea wɔankasa te Kyerɛwnsɛm no ase ho.”
Anigyesɛm ne sɛ, yɛwɔ Onyankopɔn ankasa Asɛm a ɛkyerɛ yɛn kwan wɔ eyi ho. Ɔsomafo Petro kae sɛ, “Munhu eyi kan sɛ Kyerɛw mu adiyisɛm biara nnam onipa nkyerɛase so; efisɛ adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so amma pɛn, na Onyankopɔn nnipa kronkron no, sɛnea Honhom Kronkron de wɔn rekɔ no na wɔkasae.”—2 Petro 1:20, 21.