Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • pe ti 4 kr. 34-46
  • Onyankopɔn​—Ɔne Hena?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn​—Ɔne Hena?
  • Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ONYANKOPƆN WƆ HƆ ANKASA
  • ONYANKOPƆN YƐ ƆTEASEFO ANKASA
  • NIPA KO A ONYANKOPƆN YƐ
  • SO ONYANKOPƆN NE YESU ANAA ƆYƐ BAASAKORO?
  • ONYANKOPƆN DIN
  • ONYANKOPƆN A ƆWƆ ATIRIMPƆW
  • ƆKWAN A WƆFA SO SOM YEHOWA
  • Hena Ne Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Hena Ne Nokware Nyankopɔn No?
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Onyankopɔn Din De Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
  • Onyankopɔn Din
    Nyan!—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
pe ti 4 kr. 34-46

Ti 4

Onyankopɔn​—Ɔne Hena?

1. (a) Anyame bɛn na nkurɔfo asom wɔn? (b) Nsonoe bɛn na Bible no ma ɛda “anyame” ne “Onyankopɔn” ntam?

WIASE NYINAA no, anyame pii wɔ hɔ a wɔsom wɔn. Wɔ Shinto, Budha, Hindu ne mmusua horow som mu no, anyame ɔpepem pii wɔ hɔ. Wɔsom anyame te sɛ Seu ne Herme wɔ Yesu asomafo no nna no mu. (Asomafo no Nnwuma 14:11, 12) Enti Bible gye tom sɛ “‘anyame’ pii wɔ hɔ,” nanso ɛka nso sɛ “yɛn de, Onyankopɔn biako pɛ na yɛwɔ, agya no a nneɛma nyinaa fi no mu.” (1 Korintofo 8:5, 6) Sɛ wobisa wo sɛ ‘Hena ne saa Nyankopɔn yi?’ a, dɛn na anka wobɛka?

2. Onyankopɔn ho adwene a ɛsonsonoe bɛn na nkurɔfo wɔ?

2 Nnipa pii bua sɛ, ‘Ɔne Awurade.’ Anaa ebia wɔbɛka sɛ: ‘Ɔyɛ Honhom wɔ ɔsoro.’ Nsɛm asekyerɛ nhoma bi frɛ Onyankopɔn: “Ɔteasefo Pumpuni No.” Sɛ wobisa sɛ: ‘Dɛn ne Onyankopɔn din?’ a, ebinom bua sɛ, ‘Yesu.’ Ebinom mmu Onyankopɔn sɛ ɔteasefo ankasa, na mmom sɛ tumi bi a ano yɛ den a ɛwɔ baabiara. Na ebinom de wonnye nni mpo sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. So yebetumi ahu sɛ ɔwɔ hɔ ampa?

ONYANKOPƆN WƆ HƆ ANKASA

3. Ɔkwan bɛn na ɔdan nam so ba?

3 Sɛ wohwɛ ɔdan a ɛyɛ fɛ a, so wudwen onii a osii no ho? Sɛ obi ka kyerɛɛ wo sɛ ɛnyɛ obi na osii dan no, na mmom ɛno ara na ebesii hɔ a, so wubegye adi? Dabida! Sɛnea Bible kyerɛwfo bi kae no: “Ofi biara, obi na osi.” Obiara nim saa. Ɛnde, so yɛrentumi nnye asɛm a nyansa wom a Bible kyerɛwfo no kae sɛ “Nea osiesie nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn” no ntom anaa?​—Hebrifo 3:4.

4. Ɛyɛɛ dɛn na nsoromma ɔpepepem pii no bae?

4 Susuw amansan no ne emu nsoromma ɔpepepem pii no ho. Nanso wɔn nyinaa nenam wim sɛnea mmara horow a edi wɔn nyinaa so pɛpɛɛpɛ no te. Asɛm bi a wobisae bere tenteenten a atwam ne sɛ, ‘Hena na ɔbɔɔ eyinom?’ Na mmuae a wɔde mae no yɛ nea ntease wom: ‘Ɛyɛ Onii a obu wɔn dɔm ano yi wɔn adi, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn no.’ (Yesaia 40:26) Nokwarem no ɛbɛyɛ nea nyansa nni mu sɛ obi besusuw sɛ nsoromma ɔpepepem no ankasa na ɛyɛɛ wɔn ho, na, bere a obiara nkyerɛ wɔn kwan no, wɔhyehyɛɛ nsoromma akuw akɛse a wɔnam wɔn akwan so pɛpɛɛpɛ ma ɛyɛ nwonwa!​—Dwom 14:1.

5. (a) Hokwan bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ, sɛ obiara amfa ne nsa anka a, afiri a wɔde twitwa nam afã horow ankasa bɛhyehyɛ wɔn ho? (b) Dɛn na eyi kyerɛ wɔ yɛn amansan yi ho?

5 Ɛrentumi mma sɛ amansan yi a wɔahyehyɛ biribiara a ɛwɔ mu pɛpɛɛpɛ no ankasa na ɛbae ara kwa. Ɔbɔadeɛ nyansafo a ɔwɔ tumi kɛse ho hia. (Dwom 19:1, 2) Odwumayɛni bi a wobisaa no nea enti a ogye Onyankopɔn di no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔ n’adwuma mu no egye nnanu na wɔde akyerɛ abeawa sɛnea wɔhyehyɛ afiri bi a wɔde twitwa nam ara kwa no afã horow 17 no. Ɔkae sɛ: “Meyɛ obi a ɔyɛ ntere ne ade ara kwa.” Nanso minim eyi sɛ, wubetumi de afiri a wɔde twitwa nam no afã horow 17 no agu kyɛnsee kɛse mu awosow no mfe ɔpepepem dunson a edi hɔ no, nanso wurennya afiri a wɔde twitwa nam da.” Amansan yi nyinaa, a nneɛma ahorow a nkwa wom a ɛwɔ asase so ka ho no, afã horow dɔɔso sen afiri a wɔde twitwa nam. Sɛ afiri a ɛte saa hia ɔyɛfo mmɔdenbɔfo a, yebetumi ahu sɛ na Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn ho hia na wabɔ nneɛma nyinaa. So ɛnsɛ sɛ yɛde nea wayɛ no ho ayeyi ma no?​—Adiyisɛm 4:11; Asomafo no Nnwuma 14:15-17; 17:24-26.

ONYANKOPƆN YƐ ƆTEASEFO ANKASA

6. Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ Onyankopɔn yɛ ɔteasefo ankasa?

6 Bere a nnipa pii ka sɛ wogye Onyankopɔn di no, bebree mmu no sɛ obi ankasa. So ɔyɛ ɔteasefo ankasa? Wiɛ, yetumi hu sɛ baabiara a nyansa wɔ no adwene wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, yetumi ka sɛ, ‘Mintumi nyɛ m’adwene.’ Na yenim sɛ baabi a adwene wɔ no amemene wɔ hɔ wɔ nipadua pɔtee bi mu. Enti adwene kɛse a wofi mu bɔɔ ade nyinaa no yɛ Nipa kɛse, Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn, no dea. Ɛwom sɛ onni ɔhonam nipadua de, nanso ɔwɔ honhom mu de. So honhom nipa wɔ nipadua? Yiw, Bible se: “Ɔkra nipadua wɔ hɔ, na honhom nipadua wɔ hɔ.”​—1 Korintofo 15:44; Yohane 4:24.

7. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ baabi a ɔte? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ nipadua?

7 Esiane sɛ Onyankopɔn yɛ obi a ɔwɔ honhom nipadua nti, ɛsɛ sɛ onya baabi a ɔte. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ ɔsoro yɛ Onyankopɔn “trabea.” (1 Ahene 8:43) Afei nso wɔka kyerɛ yɛn sɛ “Kristo . . . hyɛn ɔsoro ankasa sɛ afei okoyi ne ho adi Onyankopɔn anim ama yɛn.” (Hebrifo 9:24) Wɔde nkwa a wobenya na wɔne Onyankopɔn atra ɔsoro bɛma adesamma bi sɛ akatua, na saa bere no wobenya honhom nipadua. Bible no se wobehu Onyankopɔn saa bere no, na wɔayɛ sɛ ɔno. (1 Yohane 3:2) Eyi nso kyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ obi pɔtee, ne sɛ ɔwɔ nipadua.

8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na anyinam ahoɔden afiri ho nhwɛso no ma Onyankopɔn tumi a ɛkɔ akyiri no da adi? (b) Dɛn ne Onyankopɔn honhom kronkron no, na dɛn na etumi yɛ?

8 Nanso ebia obi bɛka sɛ: ‘Sɛ Onyankopɔn yɛ obi a ɔte baabi pɔtee wɔ ɔsoro a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ahu biribiara a ɛkɔ so wɔ baabiara? Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔate ne tumi nka wɔ amansan yi mu baabiara?’ (2 Beresosɛm 16:9) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn yɛ obi pɔtee no mmrɛ ne tumi anaa ne kɛseyɛ ase. Na ɛnsɛ sɛ ɛbrɛ obu a yɛwɔ ma No no ase. (1 Beresosɛm 29:11-13) Sɛnea ɛbɛyɛ na aboa yɛn ma yɛate eyi ase no, susuw sɛnea anyinam ahoɔden afiri dwumadi kɔ akyiri no ho.

9 Anyinam ahoɔden afiri wɔ baabi pɔtee a esi wɔ kurom anaa baabi a ɛbɛn hɔ. Nanso anyinam ahoɔden a efi mu ba no kɔ baabiara, ma wonya kanea. Ɛte saa ara wɔ Onyankopɔn ho. Ɔwɔ ɔsoro. (Yesaia 57:15; Dwom 123:1) Nanso wotumi te ne honhom kronkron, a ɛyɛ n’adeyɛ tumi a aniwa ntumi nhu, no nka wɔ baabiara, wɔ amansan no nyinaa mu. Ɛdenam ne honhom kronkron no so no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro, asase ne nneɛma a nkwa wom nyinaa. (Dwom 33:6; Genesis 1:2; Dwom 104:30) Nneɛma yi bɔ mu no, na ɛho nhia sɛ Onyankopɔn ankasa ba nipadua mu. Na obetumi asoma ne honhom, n’adeyɛ tumi no, ma ayɛ nea ɔpɛ biara, ɛwom sɛ ɔwɔ akyirikyiri de. Onyankopɔn a ne ho yɛ nwonwa bɛn ara ni!​—Yeremia 10:12; Daniel 4:35.

NIPA KO A ONYANKOPƆN YƐ

10. Dɛn ne ɔkwan biako a yebetumi afa so ahu Onyankopɔn?

10 So Onyankopɔn yɛ obi a sɛ yehu no yiye a yebenya ne ho dɔ anaa? Ebia wobɛka sɛ, ‘Ebetumi aba saa, nanso esiane sɛ yentumi mfa yɛn ani nhu Onyankopɔn nti, yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu no yiye?’ (Yohane 1:18) Bible no kyerɛ ɔkwan biako bere a ɛka sɛ: “Efi wiasebɔ so beeme na n’ade a wonhu a ɛne ne daa tumi ne nyamesu ada adi nneɛma a ɔyɛe no ho.” (Romafo 1:20) Enti nneɛma a Onyankopɔn abɔ no betumi aboa yɛn ma yɛate sɛnea Onyankopɔn te no ase, sɛ yɛhwehwɛ mu yiye na yesusuw ho a.

11. Dɛn na yɛnam nneɛma a wayɛ no so betumi asua wɔ Onyankopɔn ho?

11 Sɛnea yɛahu no, ɔsoro nsoromma ka Onyankopɔn kɛseyɛ ne ne tumi a ɛyɛ nwonwa no kyerɛ yɛn! (Dwom 8:3, 4; Yesaia 40:26) Afei susuw asase ho. Onyankopɔn de sɛn ɔsoro ma anya ɔhyew ne hann a ɛfata no pɛpɛɛpɛ afi owia nkyɛn. Na susuw kyinhyia a nsu di no ho. Osu tɔ gu asase so. Nsu no sen kɔ nsubɔnten mu, na eyinom nso sen kogu ɛpo mu. Owia de nsu no fi ɛpo mu kɔ wim te sɛ suwisiw, na ɛsan tɔ bio de fɔw asase no. (Ɔsɛnkafo 1:7) Nhyehyɛe horow pii a ɛyɛ nwonwa saa wɔ hɔ a Onyankopɔn ayɛ na ɔnam so ama nnipa ne mmoa anya aduan, trabea ne nneɛma a wohia nyinaa! Na dɛn na nneɛma a ɛyɛ nwonwa yi nyinaa ka kyerɛ yɛn wɔ nipa ko a Onyankopɔn yɛ no ho? Sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a ne nyansa sõ, ne sɛ ɔyɛ ɔyamyefo kɛse na ɔhwɛ n’abɔde nyinaa so.​—Mmebusɛm 3:19, 20; Dwom 104:13-15, 24, 25.

12. Dɛn na wo ankasa wo nipadua kyerɛ wo wɔ Onyankopɔn ho?

12 Susuw wo ankasa wo nipadua ho. Ɛda adi sɛ wɔyɛe ma ayɛ nneɛma pii asen tra ara kwa a ɛbɛtra ase. Wɔyɛɛ no ɔkwan bi a ɛyɛ nwonwa so ma anya asetra mu anigye. (Dwom 139:14) Ɛnyɛ ade a ɛyɛ tuntum ne fitaa nko na yɛn ani hu, na mmom ehu kɔkɔɔ, bruu, akokɔsrade, ahabammono, ne ade, na nneɛma a ɛtete saa ayɛ wiase ma a yetumi hu. Yetumi te hua ne dɛw. Enti adidi nyɛ adeyɛ a ɛho hia ara kwa; etumi yɛ anigye. Nkate a ɛtete saa nyɛ nea ɛho hia na yɛatumi atra ase, na mmom ɛyɛ akyɛde a efi Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ, ne yam ye na osusuw afoforo ho nkyɛn.​—Genesis 2:9; 1 Yohane 4:8.

13. Dɛn na wusua wɔ Onyankopɔn ho fi sɛnea ɔne adesamma di no mu?

13 Sɛnea Onyankopɔn ne adesamma di no ho a yesusuw nso ma Onyankopɔn ko a ɔyɛ da adi. Ɔwɔ atɛntrenee su a emu yɛ den. Ɔnhwɛ adesamma mmusuakuw bi anim. (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Ɔyɛ mmɔborohunufo ne ɔyamyefo nso. Bible ka wɔ ɔne Israel man a ogyee wɔn fii Misraim no nsennii ho sɛ: “Ɔyɛ timmɔbɔ . . . ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam.” Nanso Israelfo no yɛɛ asoɔden mpɛn pii, na ɛno maa Onyankopɔn werɛ howee. Sɛnea Bible ka no: ‘Wɔhow ne werɛ . . . na woyii Israel Kronkronni no ahii.’ (Dwom 78:38-41; 103:8, 13, 14) Nanso, sɛ ne nkoa di ne mmara so a, Onyankopɔn ani gye. (Mmebusɛm 27:11) Afei nso, Onyankopɔn ka sɛnea ɔte nka bere a atamfo ma ne nkoa hu amane no ho asɛm: “Nea ɔka mo no, waka m’aniwa kesuwa.” (Sakaria 2:8) So wunnya ɔdɔ mma Onyankopɔn a ɔwɔ ayamhyehye a ɛte saa ma nnipa a wofi aman ne mmusua nyinaa mu a wɔba fam na wɔnsɛ hwee yi anaa?​—Yesaia 40:22; Yohane 3:16.

SO ONYANKOPƆN NE YESU ANAA ƆYƐ BAASAKORO?

14. Dɛn ne Baasakoro nkyerɛkyerɛ no?

14 Hena ne Onyankopɔn nwonwafo yi? Nnipa bi se ne din ne Yesu. Ebinom se ɔyɛ Baasakoro, ɛwom sɛ asɛm “baasakoro” no nni Bible mu de. Sɛnea baasakoro nkyerɛkyerɛ ka no, nnipa baasa na wɔbom yɛ Onyankopɔn koro, kyerɛ sɛ “Onyankopɔn koro, Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron, na ɔwɔ hɔ.” Asɔre horow pii kyerɛkyerɛ eyi, ɛwom mpo sɛ wogye tom sɛ ɛyɛ “ahintasɛm” de. So Onyankopɔn ho adwene a ɛte saa teɛ?

15. Ɔkwan bɛn so na Bible no da no adi sɛ Onyankopɔn ne Yesu yɛ nnipa baanu a wɔnyɛ pɛ?

15 Na, so Yesu kae sɛ ɔne Nyankopɔn? Dabi, wanka saa da. Mmom no, wɔfrɛ no Bible mu sɛ “Onyankopɔn Ba.” Na ɔkae sɛ: “M’agya no yɛ kɛse sen me.” (Yohane 10:34-36; 14:28) Afei nso, Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ na nneɛma bi wɔ hɔ a ɔno ne abɔfo no nnim, a na Onyankopɔn nkutoo na onim. (Marko 13:32) Afei nso, Yesu bɔɔ Onyankopɔn mpae bere bi sɛ: “Ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ nyɛ.” (Luka 22:42) Sɛ na Yesu ne Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no a, anka ɔremmɔ n’ankasa ho mpae, ɛnte saa anaa? Nokwarem no, Yesu wu akyi no, Kyerɛwsɛm no se: “Yesu yi ara na Onyankopɔn nyan no.” (Asomafo no Nnwuma 2:32) Enti Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no ne Yesu yɛ nnipa baanu a ɛsono wɔn mu biara. Bere a owui na wonyan no ma ɔforo kɔɔ soro no akyi mpo no, na Yesu ne n’Agya nyɛ pɛ ara.​—1 Korintofo 11:3; 15:28.

16. Ɛwom sɛ wɔka Yesu ho asɛm sɛ “Onyankopɔn” de, nso dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɔnyɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn?

16 Ebia obi bebisa sɛ: ‘Nanso, so wɔmfrɛ Yesu onyame wɔ Bible mu?’ Ɛyɛ ampa. Nanso wɔfrɛ Satan nso onyame. (2 Korintofo 4:4) Yohane 1:1, a ɛka Yesu ho asɛm sɛ “Asɛm” no, Bible nkyerɛase horow bi se: “Mfiase no na Asɛm no wɔ hɔ, na Asɛm no ne Nyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na Asɛm no yɛ Onyankopɔn.” Nanso hyɛ no nsow sɛ nkyekyem 2 se “mfiase no” na Asɛm no “ne Nyankopɔn wɔ hɔ.” Na bere a nnipa ahu Yesu no, nkyekyem 18 se “obi nhuu Nyankopɔn pɛn.” Enti yehu sɛ nkyekyem 1 ho nkyerɛase horow bi de ntease pa a ɛda adi wɔ mfitiase kasa mu no ba, bere a ɛkenkan sɛ: “Na Asɛm no ne Nyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na Asɛm no yɛ Onyame,” kyerɛ sɛ, Asɛm no te sɛ Onyankopɔn a ɔwɔ tumi. (Twi Bible Dedaw; An American Translation) Ɛda adi pefee sɛ, Yesu nyɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ. Nokwarem no, Yesu kaa n’Agya ho asɛm sɛ “me Nyankopɔn,” ne sɛ “nokware Nyankopɔn koro no.”​—Yohane 20:17; 17:3.

17. Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron a wohwie guu Yesu akyidifo so no di adanse sɛ ɛnyɛ nipa?

17 Ɛdefa “Honhom Kronkron” a wɔkyerɛ sɛ ɔne Baasakoro no mu Onipa a ɔto so abiɛsa no ho no, yɛahu dedaw sɛ eyi nyɛ nipa, na mmom Onyankopɔn adeyɛ tumi. Yohane Osuboni no kae sɛ Yesu de honhom kronkron bɛbɔ asu, sɛnea na Yohane de nsu bɔ asu no. Enti, sɛnea nsu nyɛ nipa no, saa ara na honhom kronkron nyɛ nipa. (Mateo 3:11) Nea Yohane kae no baa mu bere a, Yesu wu ne ne wusɔre akyi no, wohwiee honhom kronkron guu n’akyidifo a na wɔahyiam wɔ Yerusalem no so no. Bible se: “Honhom kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama.” (Asomafo no Nnwuma 2:4) So onipa na ɔyɛɛ wɔn “mama” no? Dabi, na mmom Onyankopɔn adeyɛ tumi no na ɛyɛɛ wɔn mama. Enti nokwasɛm ahorow no da no adi sɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no nyɛ Bible nkyerɛkyerɛ. Nokwarem no, bere tenten ansa na Yesu reba asase so no na wɔsom baasakoro anyame wɔ mmeae te sɛ tete Misraim ne Babilon.

ONYANKOPƆN DIN

18. (a) So “Onyankopɔn” ne Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no din ankasa? (b) Dɛn ne ne din ankasa?

18 Akyinnye biara nni ho sɛ obiara a wunim no no wɔ din. Onyankopɔn nso wɔ din a ɛma ɔda nsow wɔ afoforo ho. Ebia ebinom bebisa sɛ, ‘So ɛnyɛ ne din ne “Onyankopɔn”?’ Dabi, efisɛ “Onyankopɔn” yɛ abodin ara kwa, sɛnea “Ɔmampanyin,” “Ɔhene” ne “Ɔtemmufo” yɛ abodin no. Yehu Onyankopɔn din wɔ Bible mu, faako a epue bɛyɛ mpɛn 7,000 no. Sɛ nhwɛso no, wɔ King James Version no mu no, Dwom 83:18 kenkan sɛ: “Na nnipa ahu sɛ wo, a wo din nkutoo ne YEHOWA no, wo ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.” Afei nso, wohu Onyankopɔn din wɔ Bible dodow no ara mu wɔ Adiyisɛm 19:1-6 sɛ asɛmfua “Aleluia” anaa “Haleluia” no fã. Eyi kyerɛ “munyi Yah ayɛ,” edin Yehowa no a wɔatwa no tiaa.

19. (a) Dɛn nti na ɛyɛ nnipa bi nwonwa sɛ wobehu Onyankopɔn din wɔ Bible mu? (b) Ɛhe na edin no pue wɔ King James Version no mu?

19 Ɛyɛ nnipa binom nwonwa sɛ wohu Onyankopɔn din wɔ wɔn Bible mu. Mpɛn pii no eyi te saa esiane sɛ wɔn Bible no yɛ nea ɛntaa mfa Onyankopɔn din no nni dwuma ntia. Sɛ nhwɛso no, King James Version no de edin “Yehowa” no di dwuma wɔ Exodus 6:3, Dwom 83:18 ne Yesaia 12:2 ne 26:4 pɛ. Nanso, sɛ saa Bible nkyerɛase yi de abodin “Awurade” anaa “Onyankopɔn” si Onyankopɔn din no ananmu a, ɛde nkyerɛwde akɛse na ɛyɛ saa bere nyinaa, te sɛ “AWURADE” ne “ONYANKOPƆN,” a ɛma ɛyɛ soronko wɔ nsɛmfua “Awurade” ne “Onyankopɔn” ara kwa no ho. Hyɛ eyi nsow wɔ Dwom 110:1.

20. (a) Dɛn nti na wɔntaa mfa Onyankopɔn din no nni dwuma? (b) So ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma?

20 ‘Nanso,’ ebia wubebisa sɛ, ‘dɛn nti na wɔmfa Onyankopɔn din nni dwuma wɔ baabiara a epue wɔ mfitiase Bible nkyerɛwee no mu no? Dɛn nti na wɔtaa de abodin AWURADE ne ONYANKOPƆN si ananmu?’ Wɔ ne nnianim asɛm no mu no, American Standard Version no kyerɛkyerɛ nea enti a ɛde Onyankopɔn din Yehowa di dwuma, ne nea enti a bere tenten a atwam ni no wɔmfa din no nni dwuma no mu, sɛ: “Bere a wosusuw ho yiye akyi no, Amerika nhwehwɛmufo de biakoyɛ gye toom sɛ ɛnsɛ sɛ Yudafo gyidihunu, a ebuu Onyankopɔn Din no sɛ ɛyɛ kronkron dodo sɛ wɔbɛbɔ no di so bio wɔ Engiresi anaa nkyerɛase foforo biara mu . . . Yɛasan de saa din yi, ne akronkronne pii a ɛkeka ho no, asi ananmu wɔ kyerɛw kronkron no mu, faako a ɛfata sɛ ɛtrã no.” Yiw, mmarima a wɔkyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Engiresi mu no tee nka sɛ nea enti a woyii Onyankopɔn din no fii mu no nyɛ papa. Enti wɔsan de hyɛɛ Bible no mu sɛnea na ɛte no.

21. Dɛn na Katolek Douay Version no ka wɔ edin Yehowa no ho?

21 Nanso, ebinom wɔ hɔ a wɔka sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde edin “Yehowa” no di dwuma efisɛ ɛnyɛ ɛno ne Onyankopɔn din no ankasa. Sɛ nhwɛso no, Katolek Douay Version, a ɛmfa Onyankopɔn din no nni dwuma wɔ kyerɛwsɛm no ankasa mu no ka wɔ Exodus 6:3 ase hɔ sɛ: “Nnɛmmafo bi na wɔafa edin Yehowa no . . . a, wɔ Hebri nkyerɛwee no mu no, esiane sɛ wogyaee din no bɔ bere tenten nti, sɛnea wɔbɔ no no ankasa ayera.”

22. (a) Wɔkyerɛw Onyankopɔn din no dɛn wɔ Hebri kasa mu? (b) Dɛn nti na ɛyɛ den sɛ yebehu sɛnea na wɔbɔ Onyankopɔn din no tete hɔ?

22 Yiw, sɛnea Katolek Bible no ka wɔ ha no, Onyankopɔn din pue wɔ Hebri nkyerɛwee no mu, Hebri a ɛne kasa a wɔde kyerɛw Bible mu nhoma 39 a edi kan no. Ɛhɔ no nkyerɛwde anan na wɔde gyina hɔ ma edin no, YHWH. Tete hɔ no wɔkyerɛw Hebri kasa no a na anom nnyigyei nkyerɛwde te sɛ a, e, ɛ, i, o, ɔ, ne u a ɛboa yɛn ma yetumi bobɔ nsɛmfua din yiye biara nka ho. Enti, asɛm a emu yɛ den nnɛ ne sɛ ɔkwan biara nni hɔ a yebetumi afa so ahu anom nnyigyei nkyerɛwde a Hebrifo no de kaa nkyerɛwde YHWH no ho.

23. Ɔkwan bɛn so na “dawurubɔ” a wɔbɛkyerɛw no “dwrb” betumi aboa yɛn ma yɛate asɛm a ɛfa sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ Onyankopɔn din no ankasa ho no ase?

23 Sɛnea ɛbɛboa yɛn ma yɛate asɛm no ase yiye no, susuw asɛmfua te sɛ “dawurubɔ” ho hwɛ. Sɛ ɛbae sɛ wofii ase kyerɛw no “dwrb” bere nyinaa, na bere bi akyi no wogyaee bɔ koraa ɛ? Anka ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔbɛtra ase mfe 1,000 a ɛreba no behu sɛnea wɔbɔ “dwrb,” sɛ ohu sɛ wɔakyerɛw a? Esiane sɛ wɔmmɔ mma ɔntee da, na onnim anom nnyigyei nkyerɛwde a na ɛwɔ asɛmfua no mu nti, ɔrenhu sɛnea ɔbɛbɔ no ankasa. Ɛte saa wɔ Onyankopɔn din no ho. Yennim sɛnea wɔbɔɔ no ankasa, ɛwom sɛ nhomanimfo bi susuw sɛ “Yahweh” na ɛteɛ. Nanso, wɔde “Jehovah” anaa “Yehowa” adi dwuma mfehaha pii ma nnipa pii nim ɛno.

24. (a) Sɛnea ɛte wɔ afoforo fam no, dɛn nti na ɛfata sɛ yɛde Onyankopɔn din di dwuma? (b) Esiane nea Asomafo no Nnwuma 15:14 ka no nti, dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛde Onyankopɔn din di dwuma?

24 Na, so ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn din di dwuma, ɛwom sɛ ebia yɛremmɔ no pɛpɛɛpɛ sɛnea wɔbɔɔ no mfiase hɔ no? Wiɛ, yɛde nnipa afoforo din di dwuma wɔ Bible mu, ɛwom sɛ yɛmmɔ no sɛnea wɔbɔɔ no tete Hebri mu no de. Sɛ nhwɛso no, wɔbɔ Yesu din no “Yesh’ua” wɔ Hebri mu. Enti, ɛfata sɛ yɛde Onyankopɔn din a wɔada no adi wɔ Bible mu no nso di dwuma, sɛ yɛbɔ no “Yahweh,” “Yehowa,” anaasɛ yɛbɔ no ɔkwan foforo bi so wɔ yɛn kasa mu a. Nea ɛyɛ mfomso ne sɛ yɛremfa saa din no nni dwuma. Dɛn ntia? Efisɛ wɔrentumi mmu wɔn a wɔmfa nni dwuma no nka wɔn a Onyankopɔn paw wɔn “ma ne din” no ho. (Asomafo no Nnwuma 15:14) Ɛnyɛ Onyankopɔn din nko na ɛsɛ sɛ yehu na mmom ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no anuonyam na yeyi no ayɛ wɔ afoforo anim; sɛnea Yesu yɛe bere a ɔwɔ asase so no.​—Mateo 6:9; Yohane 17:6, 26.

ONYANKOPƆN A ƆWƆ ATIRIMPƆW

25. (a) Onyankopɔn ho nneɛma bɛn na ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛte ase? (b) Dɛn na ɛkaa Yehowa ma ofii ase bɔɔ ade?

25 Ɛwom sɛ ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn adwene sɛ ɛbɛte ase de, nso Yehowa nni mfiase, na ɔrennya awiei da. Ɔyɛ “mmeresanten Hene.” (Dwom 90:2; 1 Timoteo 1:17) Ansa na ɔrefi ase abɔ ade no na Yehowa nkutoo na ɔwɔ ahunmu. Nanso ɛrentumi mma sɛ na ɔyɛ mmɔbɔ efisɛ odi mu wɔ n’ankasa mu a onhia hwee. Ɔdɔ na ɛma ofii ase bɔɔ ade, sɛ ɔde nkwa bɛma afoforo ma wɔanya mu anigye. Onyankopɔn abɔde a wodi kan no yɛ honhom nnipa te sɛ ɔno ankasa. Ná ɔwɔ ɔsoro mma ahyehyɛde kɛse ansa na ɔresiesie asase ama nnipa. Yehowa pɛe sɛ wonya anigye kɛse wɔ asetra mu ne adwuma a ɔde maa wɔn sɛ wɔnyɛ no mu.​—Hiob 38:4, 7.

26. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn atirimpɔw wɔ asase ho benya mmamu?

26 Bere a wosiesiee asase no, Yehowa de nnipa baanu, Adam ne Hawa, guu asase no fã a wɔayɛ no paradise dedaw no so. Na ɛyɛ n’atirimpɔw sɛ wɔbɛwo mma a wobetie no na wɔasom no, a na wɔbɛtrɛw paradise no mu wɔ asase nyinaa so. (Genesis 1:27, 28) Nanso, sɛnea yɛahu no, atirimpɔw fɛfɛ no amma mu. Adam ne Hawa pawee sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn so asoɔden, na n’atirimpɔw no mmaa mu ɛ. Nanso ɛbɛbam, efisɛ sɛ Yehowa antumi anyɛ nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ a, ɛbɛkyerɛ nkogu a wadi. Na ɔrentumi nyɛ saa da! Ose: “Nea ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ. . . . Makasa, na mɛma aba mu.”​—Yesaia 46:10, 11.

27. (a) Dɛn nti na yɛwɔ asodi wɔ Onyankopɔn anim? (b) Enti asemmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho yiye?

27 So wutumi hu nea wubetumi ayɛ wɔ Onyankopɔn atirimpɔw ho? Ɛnyɛ nea wopɛ biara a woyɛ a wunsusuw Onyankopɔn apɛde ho so na wɔnam yɛ saa. Saa na Satan ne Adam ne Hawa yɛe. Ná wonim nea ɛyɛ Onyankopɔn apɛde nanso wɔanyɛ. Na Onyankopɔn ne wɔn dii. So yɛn nso yɛwɔ asodi wɔ Onyankopɔn anim? Yiw, efisɛ Onyankopɔn ne yɛn nkwa Mafo. Yɛn nkwa gyina no so. (Dwom 36:9; Mateo 5:45) Ɛnde, yɛbɔ yɛn bra ma ɛne Onyankopɔn atirimpɔw ma yɛn no hyia kodu he? Ɛsɛ sɛ yesusuw eyi ho yiye, efisɛ daa nkwa a yebenya gyina eyi so.

ƆKWAN A WƆFA SO SOM YEHOWA

28. Nneɛma bɛn na nnipa bi de adi dwuma wɔ Onyankopɔn som mu?

28 Ɔkwan a yɛfa so som Yehowa no ho hia. Ɛsɛ sɛ yɛsom wɔ ɔkwan a ɔkyerɛ so, ɛwom sɛ ebia ɛbɛsono eyi wɔ nea wɔakyerɛ yɛn no ho. Sɛ nhwɛso no, ayɛ nnipa bi suban sɛ wɔde ahoni di dwuma wɔ wɔn som mu. Ebia wɔbɛka sɛ wɔnnsom ohoni no, na mmom hu a wohu na wɔde wɔn nsa ka no boa wɔn ma wɔsom Onyankopɔn. Nanso so Onyankopɔn pɛ sɛ yɛfa ahoni mmoa so som no anaa?

29. Ɔkwan bɛn so na Bible da no adi sɛ ɛyɛ mfomso sɛ yɛde ahoni bedi dwuma wɔ ɔsom mu?

29 Dabi, ɔmpɛ saa. Esiane eyi nti Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ Onyankopɔn anna ne ho adi ankyerɛ wɔn wɔ su biara a aniwa hu mu. (Deuteronomium 4:15-19) Nokwarem no, Mmara Nsɛm Du no biako se: “Nyɛ ohoni bi anaa ade . . . nsɛso biara mfa; nkotow wɔn, na nsom wɔn.” (Exodus 20:4, 5) Yehowa nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔsom no. Mpɛn pii no Bible no da sɛnea ɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛyɛ anaa yɛbɛkotow ohoni, anaasɛ yɛbɛsom obi anaa biribi wɔ Yehowa akyi no adi.​—Yesaia 44:14-20; 46:6, 7; Dwom 115:4-8.

30. (a) Dɛn na Yesu ne n’asomafo no kae a ɛda no adi sɛ dwuma a wɔde ahoni di yɛ mfomso? (b) Sɛnea Deuteronomium 7:25 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahoni?

30 Ne saa nti, sɛnea ebia yɛhwɛɛ kwan no, Yesu amfa ahoni anni dwuma wɔ ɔsom mu da. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:24) Bere a wɔreyɛ wɔn ade ma ɛne afotu yi ahyia no, Yesu akyidifo a wodii kan no mu biara amfa ahoni anni dwuma sɛ mmoa wɔ ɔsom mu. Nokwarem no, ne somafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Yɛnam gyidi mu, na ɛnyɛ ohu mu.” (2 Korintofo 5:7) Na ne somafo Yohane bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monwɛn nyi mo ho mfi abosom ho.” (1 Yohane 5:21) Dɛn nti na wonhwehwɛ wo fie na wummisa wo ho sɛ ebia wuredi saa afotu yi akyi anaa?​—Deuteronomium 7:25.

31. (a) Sɛ yɛnte nea enti a Onyankopɔn hyɛ mmara pɔtee bi no ase mpo a, dɛn na ɛbɛka yɛn ma yɛadi so? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden yɛ, na ɔfrɛ bɛn na ɛsɛ sɛ yegye tom?

31 Yehowa, Ɔbɔadeɛ no, a yɛbɛsom no sɛnea ɔkyerɛ no de anigye ankasa bɛbrɛ yɛn. (Yeremia 14:22) Bible da no adi sɛ n’ahyɛde horow ye ma yɛn, na ɛwɔ hɔ ma yɛn daa yiyedi. Ɛyɛ ampa sɛ ɛtɔ mmere bi a, esiane yɛn nimdeɛ ne osuahu a ɛtɔ sin nti, yentumi nhu nea enti a mmara bi a Onyankopɔn de ama ho hia, anaa sɛnea eye ma yɛn. Nanso ɛsɛ sɛ gyidi a yɛwɔ sɛ Onyankopɔn nimdeɛ kɔ akyiri sen yɛn no ka yɛn ma yefi koma nyinaa mu tie no. (Dwom 19:7-11) Enti, momma yɛmmɔ mmɔden nsua nea yebetumi nyinaa wɔ Yehowa ho, na yennye nsa a wɔto frɛ yɛn sɛ, “Mommra mma yemmutuw nkotow nsɔre [Yehowa], yɛn yɛfo anim. Na ɔno ne yɛn Nyankopɔn, na yɛn de, yɛyɛ n’adidibea nkurɔfo” no ntom.​—Dwom 95:6, 7.

[Kratafa 42 adaka]

Yehu mmeae horow anan a Onyankopɔn din pue wɔ King James Version no mu no wɔ ha

Exodus 6:3

3 Na mede edin Onyankopɔn Tweaduampɔn miyii me ho mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob, na me din YEHOWA de, wɔamfa anhu me.

Dwom 83:18

18 Na nnipa nhu sɛ wo a wo din nkutoo ne YEHOWA no, wo nko ara ne ɔsorosoroni asase nyinaa so.

Yesaia 12:2

2 Hwɛ, me nkwagye ne Nyankopɔn; menya ahotoso na merensuro: efisɛ AWURADE YEHOWA ne m’ahoɔden ne me dwom, na wadan me nkwagye nso.

Yesaia 26:4

4 Momfa mo ho nto AWURADE so daa daa, efisɛ AWURADE YEHOWA ne daa botan:

[Kratafa 34, 35 mfoni]

Sɛ ɔdan biara obi na osi a, . . .ɛda adi sɛ amansan a ɛyɛ nwonwa kɛse yi nso, Obi na ɔyɛe

[Kratafa 39 mfoni]

Esiane sɛ Yesu bɔɔ Onyankopɔn mpae, srɛe sɛ Onyankopɔn pɛ, ɛnyɛ ɔno ankasa pɛ, nyɛ hɔ nti, baanu no rentumi nyɛ onipa koro

[Kratafa 40, 41 mfoni]

Ɛbɛyɛ dɛn na honhom kronkron no ayɛ nipa bere a ɛyɛɛ asuafo bɛyɛ 120 ma bere koro mu no?

[Kratafa 45 mfoni]

So ɛteɛ sɛ wɔde ahoni di dwuma wɔ ɔsom mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena