TI 16
Anuanom a Wɔayɛ Baako
YEHOWA NYANKOPƆN de ne din too Israel man no so de wɔn yɛɛ ne man bɛyɛ mfe 1,500. Ɛno akyi no, Yehowa ‘dan n’ani baa amanaman no so yii nnipa bi fii wɔn mu maa ne din.’ (Aso. 15:14) Enti nnipa a Yehowa bɛpaw wɔn ama ne din no bɛyɛ n’adansefo, wɔn adwene bɛyɛ baako, na wɔbɛbom ayɛ ade ɛmfa ho baabi a wɔn mu biara te. Yesu de ahyɛde bi maa n’akyidifo no, na na ɛbɛma nnipa a Onyankopɔn din da wɔn so no ayɛ baako. Ɔkaa sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”—Mat. 28:19, 20.
Woabɛka wo nuanom Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa no ho. Saa Kristofo yi mma ɔman ne abusua a obi fi mu mpaapae wɔn mu, na wonnim sikani anaa hiani
2 Seesei a woahyira wo ho so ama Yehowa na woabɔ asu no, woabɛyɛ Yesu Kristo suani. Woabɛka wo nuanom Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa no ho. Saa Kristofo yi mma ɔman ne abusua a obi fi mu mpaapae wɔn mu, na wonnim sikani anaa hiani. (Dw. 133:1) Wei nti, wo nuanom Kristofo a wɔwɔ asafo no mu no, wodɔ wɔn na wubu wɔn. Ebetumi aba sɛ anuanom yi binom wɔ hɔ a, esiane baabi a wofi anaa wɔn nhomanim nti, kan no a, anka wo ne wɔn remmɔ. Nanso, yɛn nyinaa ayɛ baako sɛ anuanom, na ɔdɔ a ɛwɔ yɛn ntam no, biribiara ne no nsɛ.—Mar. 10:29, 30; Kol. 3:14; 1 Pet. 1:22.
YƐASESA YƐN ADWENE
3 Ɛyɛ den ma wo sɛ nnipa bi a ɛsono wɔn kɔla no, wubeyi adwemmɔne a wowɔ wɔ wɔn ho afi wo tirim? Anaa amanyɔsɛm ama woanya nnipa bi ho adwemmɔne? Anaasɛ wo ne nnipa bi ani nhyia? Sɛ saa a, susuw nsakrae a na ɛsɛ sɛ tete Kristofo a na wɔyɛ Yudafo no yɛ ho hwɛ. Saa bere no, nkurɔfo a na wonni Yudasom mu no, na Yudafo no wɔ wɔn ho adwemmɔne. Enti na ɛsɛ sɛ Kristofo no yi saa adwene no fi wɔn tirim koraa. Bere a Yehowa ka kyerɛɛ Petro sɛ ɔnkɔ Roma asraafo panyin Kornelio fie no, Yehowa fi ayamye mu siesiee Petro adwene maa adwuma no.—Aso. ti 10.
4 Petro nyaa anisoadehu bi, na wɔka kyerɛɛ no sɛ onkum mmoa bi nwe. Ná mmoa no ho ntew mma Yudafo. Bere a Petro kaa sɛ ɔrenyɛ saa no, ɛnne bi fi soro ka kyerɛɛ no sɛ: “Mfrɛ nneɛma a Onyankopɔn atew ho sɛ ɛho agu fĩ.” (Aso. 10:15) Anisoadehu a Onyankopɔn maa Petro nyae yi na esiesiee n’adwene maa adwuma a na ɔde rebɛhyɛ ne nsa no. Ná ɔrebɛsoma Petro akɔ amanaman muni bi nkyɛn. Bere a Petro rekɔyɛ adwuma a Yehowa de hyɛɛ ne nsa no, ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔahyiam wɔ Kornelio fie no sɛ: “Mo ara munim pefee sɛnea mmara mma kwan sɛ Yudani ne abusua foforo muni bɛbɔ anaasɛ ɔbɛbɛn no; nanso Onyankopɔn akyerɛ me sɛ ɛnsɛ sɛ mefrɛ onipa biara sɛ ne ho agu fĩ anaa ne ho ntew. Ne saa nti bere a wɔsoma bɛfrɛɛ me no, manyi ano koraa na mebae.” (Aso. 10:28, 29) Ɛno akyi, Petro huu adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa agye Kornelio ne ne fiefo atom.
5 Ná Saul a ofi Tarso yɛ Farisini a onim nhoma paa, nanso na ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na watumi ne nnipa a anka kan no ɔne wɔn remmɔ no abɔ. Eduu baabi no, wɔn nkyɛn mpo na na ɛsɛ sɛ okogye akwankyerɛ. (Aso. 4:13; Gal. 1:13-20; Filip. 3:4-11) Wo de, hwɛ nsakrae a na ebehia sɛ anuanom no bi yɛ wɔ wɔn adwenem. Nnipa bi te sɛ Sergio Paulo, Dionisio, Damari, Filemon, Onesimo ne afoforo sesaa wɔn nsusuwii bere a wogyee asɛmpa no na wɔbɛyɛɛ Yesu Kristo asuafo no.—Aso. 13:6-12; 17:22, 33, 34; Filem. 8-20.
ƐSƐ SƐ YEKURA YƐN BAAKOYƐ MU
6 Akyinnye biara nni ho sɛ, ɔdɔ a anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ w’asafo mu da no adi no ka ho bi na ɛtwee wo bɛn Yehowa ne n’ahyehyɛde no. Ɔdɔ a ɛma obiara hu wɔn a wɔyɛ Yesu Kristo asuafo no, ɛno na wuhui no. Yesu kaa sɛ: “Mede ahyɛde foforo rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛnea medɔ mo no, mo nso monnodɔ mo ho saa ara. Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.” (Yoh. 13:34, 35) Nanso bere a wuhui sɛ ɛnyɛ asafo a wowom no nko na anuanom da ɔdɔ adi na mmom ɛtrɛw kɔ wiase nyinaa no, ɛma w’ani begyee Yehowa ne n’ahyehyɛde no ho kɛse! Bible nkɔmhyɛ a ɛka sɛ wɔbɛboaboa nnipa ano wɔ nna a edi akyiri yi mu ama wɔasom Yehowa wɔ asomdwoe ne baakoyɛ mu no, afei de woahu pefee sɛ abam.—Mika 4:1-5.
7 Sɛ wohwɛ mpaapaemu a ɛwɔ nnipa mu nnɛ no a, hena na anka obegye adi sɛ nnipa a “wofi amanaman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu” betumi abom ayɛ baako? (Adi. 7:9) Wo de, susuw nsonsonoe kɛse a ɛda nnipa a wɔanya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu ne wɔn a wɔda so ara kura atetesɛm mu ntam no ho hwɛ. Ɛno da nkyɛn a, nyamesom nti, nnipa a wɔn kɔla yɛ baako na wofi ɔman baako mu ani nhyia. Ɔmampɛ adi nnipa ti na ama amanyɔsɛm apaapae nnipa mu sen bere biara. Afei, hwɛ nea sika ayɛ nnipa! Ama ekũ kɛse abɛda ahiafo ne asikafo ntam. Ɛnyɛ weinom nko ara, nneɛma a ɛde mpaapaemu ba nnipa mu no dɔɔso. Enti, Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn nkutoo na obetumi ama nnipa a wofi aman, kasa, ne mmusua ahorow mu de ɔdɔ ne baakoyɛ ayɛ ade wɔ asomdwoe mu.—Sak. 4:6.
8 Baakoyɛ a yɛreka ho asɛm yi nyɛ anansesɛm bi kɛkɛ. Bere a wuhyiraa wo ho so na wobɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Dansefo no, wo nso wobɛkaa saa abusua no ho. Seesei worenya saa baakoyɛ no so mfaso, enti ɛsɛ sɛ wo nso woboa ma ɛtena hɔ. Sɛ wubetumi ayɛ wei a, gye sɛ wutie ɔsomafo Paulo asɛm a ɛwɔ Galatifo 6:10 no. Ɔkaa sɛ: “Mpɛn dodow a yɛwɔ bere a ɛfata no, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidi mu no.” Afei yetie afotu yi nso: “Mommfa mansotwe anaa anuonyamhunupɛ nnyɛ biribiara, na mmom mumfi ahobrɛase mu mmu afoforo sɛ wɔkyɛn mo, na monnhwɛ nneɛma a ɛfa mo nko ara ho, na mmom monhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.” (Filip. 2:3, 4) Ɛsɛ sɛ yebu yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea sɛnea Yehowa bu wɔn na ɛnyɛ sɛnea wɔte wɔ nnipa ani so. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛkɔ so ne wɔn atena asomdwoe ne anigye mu.—Efe. 4:23, 24.
OBIARA DWEN NE NUA HO
9 Ɔsomafo Paulo yɛɛ mfatoho de kyerɛe sɛ mpaapaemu nni asafo no mu, na nnipa a wɔwɔ asafo no mu nyinaa dan wɔn ho wɔn ho. (1 Kor. 12:14-26) Ebetumi aba sɛ yɛne yɛn nuanom binom ntam kwan ware de, nanso ɛno nkyerɛ sɛ wɔn ho asɛm mfa yɛn ho. Sɛ yɛn nuanom binom rehyia ɔtaa a, ɛhaw yɛn nyinaa. Sɛ ohia ka yɛn nuanom binom anaa atoyerɛnkyɛm to wɔn, anaa ɔko nti wohu amane a, yɛte nka ma wɔn, ma enti yɛhwehwɛ ɔkwan a yɛbɛfa so aboa wɔn wɔ honhom fam ne honam fam nyinaa.—2 Kor. 1:8-11.
10 Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bɔ mpae ma yɛn nuanom da biara. Anuanom binom hyia sɔhwɛ a ɛtwetwe wɔn kɔ bɔne mu. Amane a ebinom rehu no, ebia nnipa dodow no ara nim. Ebinom nso de, wɔn mfɛfo adwumayɛfo anaa wɔn abusuafo sɔre tia wɔn, na nnipa dodow no ara nhu. (Mat. 10:35, 36; 1 Tes. 2:14) Sɛ yɛte nsɛm a ɛtete saa a, ɛhaw yɛn paa efisɛ yɛn nyinaa yɛ anuanom. (1 Pet. 5:9) Yɛn nuanom bi reyɛ adwumaden wɔ Yehowa som mu; wodi asɛnka adwuma no anim na wɔsan hwɛ asafo ahorow no so. Weinom akyi no, yɛwɔ mpanyimfo a wɔhwɛ adwuma a yɛyɛ wɔ wiase nyinaa no so. Sɛ yenni biribi a yɛde bɛboa wɔn mpo a, yebetumi de mpaebɔ ataa wɔn nyinaa akyi de akyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn, na wɔn ho hia yɛn paa.—Efe. 1:16; 1 Tes. 1:2, 3; 5:25.
11 Esiane basabasayɛ a ɛrekɔ so wɔ wiase wɔ nna a edi akyiri yi mu nti, ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo di kan siesie wɔn ho na sɛ anuanom bi hia mmoa a, wɔatumi aboa wɔn. Ɛtɔ mmere bi a, nsuyiri anaa asasewosow betumi asi ama ɛho abehia sɛ wɔboaboa nneɛma ano kɔma wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn no. Tete Kristofo no yɛɛ wei ho nhwɛso pa. Asuafo a wɔwɔ Antiokia no kaee Yesu afotu no, na woyii wɔn yam de nneɛma kɔkyɛɛ anuanom a wɔwɔ Yudea no. (Aso. 11:27-30; 20:35) Akyiri yi, ɔsomafo Paulo hyɛɛ Korintofo no nkuran sɛ wɔmmoa mma nhyehyɛe pa a wɔde boa anuanom a wɔakɔ ahokyere mu no nkɔ so. (2 Kor. 9:1-15) Ɛnnɛ nso, sɛ yɛn nuanom kɔ ahokyere mu na wohia honam fam mmoa a, ahyehyɛde no ne yɛn nuanom Kristofo binom yɛ ntɛm de mmoa a wohia kɔma wɔn.
WƆAPAW YƐN SƐ YƐNYƐ YEHOWA APƐDE
12 Nea enti a wɔaka yɛn nyinaa abom sɛ anuanom wɔ wiase nyinaa ne sɛ yɛbɛyɛ Yehowa apɛde. Seesei nea Yehowa pɛ ne sɛ yɛbɛka Ahenni ho asɛmpa no wɔ wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse. (Mat. 24:14) Bere a yɛreyɛ adwuma yi no, nea Yehowa pɛ ne sɛ yɛbɛma yɛn abrabɔ asɔ n’ani. (1 Pet. 1:14-16) Ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu brɛ yɛn ho ase ma yɛn nuanom na yɛboa ma asɛmpaka adwuma no nya nkɔso. (Efe. 5:21) Ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ nea yɛn ankasa pɛ, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn Ahenni di kan wɔ yɛn asetena mu. (Mat. 6:33) Sɛ yɛma wei tena yɛn adwenem na yɛde baakoyɛ ka asɛmpa no a, ɛbɛma yɛanya anigye ne akomatɔyam nnɛ, na yebenya nhyira a enni awiei daakye.
13 Yɛyɛ Yehowa Adansefo, enti yɛda nsow wɔ nnipa a aka nyinaa ho. Wɔapaw yɛn sɛ nnipa a yɛn ho tew, na yɛde nsi reyɛ Onyankopɔn adwuma. (Tito 2:14) Yehowa a yɛsom no no ma yɛyɛ soronko koraa. Ɛnyɛ adwuma nko na yɛne yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa no bom yɛ, na mmom yɛn nyinaa ka kasa koro; ɛno ne nokware no, na yɛn abrabɔ ne asɛm a yɛka no nso hyia. Yehowa nam ne diyifo Sefania so hyɛɛ wei ho nkɔm sɛ: “Mɛdan aman no ano ma wɔaka kasa kronn, na wɔn nyinaa bɛbɔ Yehowa din na wɔde mmati koro asom no.”—Sef. 3:9.
14 Afei Yehowa honhom kaa Sefania ma ɔkaa anuanom a wɔayɛ baako wɔ wiase nyinaa nnɛ no ho asɛm sɛ: “Israel nkaefo no de, wɔrenyɛ nea ɛnteɛ biara, wɔrenni atoro, na wɔrenhu nnaadaa tɛkrɛma wɔ wɔn anom; wobedidi adwudwo wɔn ho, na obiara renyi wɔn hu.” (Sef. 3:13) Yɛabɛte Yehowa Asɛm a ɛyɛ nokware no ase na yɛayɛ yɛn adwene foforo ama yɛn asetena ne Yehowa akwankyerɛ ahyia. Wei nti, yetumi bom yɛ adwuma. Nneɛma a yetumi yɛ no, sɛ wɔn a wonni gyidi no hu a, ɛyɛ wɔn nwonwa. Yiw, yɛda nsow ampa! Yɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfo a yɛhyɛ no anuonyam wɔ asase nyinaa so.—Mika 2:12.