Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 10/1 kr. 7-12
  • Di Onyankopɔn A “Ohu Kokoam No” Nokware

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Di Onyankopɔn A “Ohu Kokoam No” Nokware
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ohu Nea Ɛsen Nea Aniwa Hu
  • Wɔsɔɔ Wɔn Osetieyɛ Hwɛe Wɔ Mogya Mu
  • Mogya A Wɔde Gye Nkwa​—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Kronkron A Mogya Yɛ—Asɛm A Wogyee Ho Akyinnye Wɔ Tete Bere No Mu
    Nyan!—1987
  • Monnantew Sɛnea Yehowa Kyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Obu A Nyamesuro Wom Ma Mogya
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 10/1 kr. 7-12

Di Onyankopɔn A “Ohu Kokoam No” Nokware

“Bɔ w’agya a ɔwɔ kokoam no mpae, na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka.”​—MATEO 6:6.

1, 2. Ɔkwan bɛn so na wobetumi ayɛ sɛnea nsɛm a ɛte sɛ nea ɛyɛ kokoam de betumi ayɛ nea afoforo te no ho nhwɛso? (1 Samuel 21:7; 22:9)

MFE bi a atwam mu no, Yehowa Adansefo no mu biako frɛɛ ne nuabarima bi a ɔwɔ Long Island, New York, wɔ telefon so. Esiane sɛ na ɛsono ne nuabarima no gyidi nti, ɔkaa bɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ obeyi nsɛmmɔnedi afi asase so na ɔde paradise tebea horow asan aba no ho asɛm kyerɛɛ no. Bere a nkɔmmɔbɔ no baa awiei na ne nuabarima no de telefon no too hɔ no, Ɔdansefo no ho dwiriw no bere a ɔtee sɛ ɛnne bi reka sɛ, “Twɛn kakra, mepɛ sɛ mibisa wo asɛm bi” no.

2 Ná ɛyɛ onipa a ɔyɛ telefon ho adwuma no. Ná ɔretie wɔn nkɔmmɔ a telefon mfiri a na ɛwɔ hɔ saa bere no ma etumi yɛɛ yiye sɛ ɔbɛyɛ saa no, ɛwom sɛ na ɛnyɛ suban pa na etia adwuma no ho mmara de. Ɔdansefo no ani gyei sɛ n’asɛm a ɔkae no ama obi anya anigye a ɛte sɛɛ, na ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛsan akɔ ne nkyɛn, nanso ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ne nkɔmmɔbɔ no anyɛ kokoam de, Yiw, ɛtɔ bere bi a afoforo hu na wɔte nea yesusuw sɛ ɛyɛ kokoam asɛm no.​—Ɔsɛnkafo 10:20.

3. Ɔkwan bɛn so na Kristofo abrabɔ yɛ nea afoforo rehwɛ bere nyinaa?

3 Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ ɔhaw a emu yɛ den ma nokware Kristofo a wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi Onyankopɔn nokware bere nyinaa no. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Yɛayɛ ahwɛde ama wiase ne abɔfo ne nnipa.” (1 Korintofo 4:9) Ná ɔreka adeyɛ bi a ɛkɔɔ so wɔ agorudibea a wogoru atɔprɛ wɔ hɔ ho asɛm. Ansa na adeyɛ a etwa to no bɛba no, Romafo no de wɔn a wɔbɛko ma ebia wɔawuwu no begyinagyina hɔ a wɔdeda adagyaw a wɔrehwɛ wɔn. Ɛnnɛ nso Kristofo ayɛ ahwɛde ama abusuafo a wonnye nni, mfɛfo adwumayɛfo, afipamfo, ne mfɛfo sukuufo. Wɔn a wɔrehwɛ yɛn no betumi anya Kristosom ho adwene a eye anaa nea enye a egyina nea wohu wɔ yɛn mu no so.​—1 Petro 2:12.

4. Ɔkwan bɛn so na nim a obi nim sɛ afoforo rehwɛ no no betumi anya ne so tumi?

4 Bere a yenim sɛ afoforo rehwɛ yɛn no, ebia yɛbɛyɛ yɛn ade sɛnea ɛsɛ ma yɛayɛ nea Paulo pɛ no bi: “Yɛnto hintidua biara biribiara mu, na wɔanunu ɔsom no.” (2 Korintofo 6:3) Ebia nim a yenim sɛ afoforo rehwɛ yɛn no bɛhyɛ yɛn tirim a yɛabɔ sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ no mu den. Na sɛ yehyia sɔhwɛ a ɛfa Kristofo nnyinasosɛm ahorow ho a ɛnyɛ nea afoforo hu nso ɛ?

Ohu Nea Ɛsen Nea Aniwa Hu

5. Nsonsonoe bɛn na na ɛda Yudafo asɔfo abrabɔ wɔ afoforo anim ne kokoam de ntam?

5 Ná Yudafo nyamesom akannifo pii a wɔwɔ afeha a edi kan no mu no yɛ wɔn a wɔ nnipa ani so no na ɛsono nnipa ko a wɔyɛ na na ɛsono nnipa ankasa a wɔyɛ wɔ wɔn mu nso. Yesu bɔɔ kɔkɔ wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Monhwɛ yiye na moanyɛ mo trenee nnipa anim sɛ wonhu mo.” (Mateo 6:1, 2) Ná nyamesom asɔfo no te sɛ kuruwa a wɔatwiw ho na ‘emu de, adwowtwa ne adifudepɛ ahyɛ no ma,’ wɔte sɛ “ɔda a wɔasra ho a ɛho a wohu yɛ fɛ, na emu de, afunu nnompe ne efĩ nyinaa ayɛ no ma.”​—Mateo 23:25-28; fa toto Dwom 26:4 ho.

6. Dɛn na Yehowa tumi hu wɔ yɛn ho?

6 Ɛsɛ sɛ saa sɛm no boa yɛn ma yehu sɛ Yehowa ani gye ho sɛ obehu nea ɛsen nea ebia nnipa afoforo de wɔn aniwa hu no. Yesu tuu fo sɛ: “Na wo de, wobɔ mpae a, hyɛn wo piam na to wo pon mu bɔ w’agya a ɔwɔ kokoam no mpae, na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka.” (Mateo 6:6) Yiw, Onyankopɔn tumi te mpae a yɛbɔ bere a yɛmmɛn nnipa afoforo no. Biribiara nni hɔ a Onyankopɔn ntumi nhu. Otumi hu awotwaa mu aba a ɛrebɛyɛ onipa bi no na ebia a ɔhyɛ awosu mu nneɛma a akyiri yi ɛbɛma onipa no anya su ahorow bi no nsow. (Dwom 139:15, 16; Genesis 25:23) Otumi hu yɛn komam nsusuwii ahorow a ahintaw no mpo. (1 Samuel 16:7; 1 Ahene 8:39; Yeremia 17:10; Asomafo no Nnwuma 1:24) Susuw sɛnea ɛsɛ sɛ nokwasɛm ahorow yi ka yɛn no ho.

7. Dɛn mu na ebia nkɔso ho behia wɔ Kristoni fam?

7 Ansa na yɛrebɛyɛ nokware Kristofo no na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden di mfomso ne bɔne ahorow a anibere wom so te sɛ nea tete Kristofo no yɛe no. (1 Korintofo 6:9-11; Asomafo no Nnwuma 26:20; 1 Petro 4:1-4) Na mfomso ahorow a ebia nnipa afoforo nhu no nso ɛ? Sɛ́ saa mfomso ahorow no yɛ nea afoforo nhu no mma ɛnyɛ ketewaa a wommu ho akontaa. Wɔda eyi adi denam Dawid asɛm a ɔkae no so: “Nea ohintaw twiri ne yɔnko no, ɔno na metwa no; ahantan ani ne koma a ɛhoran merempene no.” (Dwom 101:5) Sɛ ɛyɛ nea onipa biako pɛ mpo na ɔtee wɔ kokoam a, ntwiri nye. Enti ná Dawid remmu n’ani ngu ‘kokoam’ bɔne yi so.

8. Yɛyɛ dɛn hu sɛ bɔne ahorow a ahintaw nyɛ nea Yehowa nhu?

8 Na saa ara na ɛnsɛ sɛ ɔdebɔneyɛfo no daadaa ne ho susuw sɛ Onyankopɔn “a ohu kokoam” no renhu bɔne no. Nokwarem no, Onyankopɔn ada no adi sɛ ɛyɛ nea n’ani gye ho sɛ nnipa di nokware bere a wɔn nneyɛe yɛ nea afoforo nhu mpo no. Kae Akan asɛm no. Ná ɛsɛ sɛ Israelfo sɛe Yeriko ne emufo a wɔyɛ Kanaanfo abɔnefo no. Ná dwetɛ, sika, ne kɔbere no nkutoo na ɛnka ho, na eyinom yɛ nea wɔde bɛkɔ Onyankopɔn asɔrefi no adekorabea (Yosua 6:17-19) Nanso, Akan maa kwan ma ɛsɔɔ no hwɛe na ɔfaa atade nguguso bi a ne bo yɛ den, ne dwetɛ ne sika no bi. Ɔde eyi siei wɔ ne ntamadan mu a ebia na osusuw sɛ obiara renhu. Nanso so ɔdaadaa nea “ohu kokoam no”? Dabi. Onyankopɔn hwɛe sɛ ɔbɛma Akan bɔne no ada adi ma afoforo ahu, na ɛde owu baa ɔne ne fifo so.​—Yosua 7:1, 16-26.

9. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛasɔ Onyankopɔn ani bere nyinaa?

9 Elihu kaa Yehowa ho asɛm wɔ nyansam sɛ: “Na n’aniwa wɔ onipa akwan so, na ohu n’akwan nyinaa. Esum nni hɔ, esum kabii nni hɔ, na amumɔyɛfo de wɔn ho ahintaw hɔ.” (Hiob 34:21, 22) Ɛnde, sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn gye yɛn tom bere nyinaa a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛtra ase sɛnea ne nnyinasosɛm ahorow te bere a yenim sɛ afoforo rehwɛ yɛn ne bere a ɛte sɛ nea yɛn nneyɛe yɛ nea ahintaw no. “N’aniwa wɔ onipa akwan so” bere nyinaa.

10. (a) Nhwɛso fɛfɛ bɛn na Paulo yɛe wɔ nneyɛe a ahintaw ho mu? (b) Kokoam mfomso ahorow a ebetumi aba wɔ nneɛma ahorow bɛn mu na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ no yiye?

10 Kristoni betumi akɔ sɔhwɛ bi a mfɛfo Kristofo nhu a ahintaw mu. Ɛno bi too Paulo bere a na ɔwɔ afiase no. Ná Yudafo no de no akotwa sɛ “ɔde mansotwe ba” na ‘ɔsɔhwɛ sɛ ɔde efĩ bɛka asɔrefi no.’ (Asomafo no Nnwuma 24:1-6) Paulo dii ne ho a enni asɛm no ho adanse wɔ Roma amrado Felike a abakɔsɛm akyerɛwfo ka sɛ na ɔyɛ otirimɔdenfo a ne bra asɛe no anim. Felike de Paulo too afiase a na “n’ani da so nso sɛ Paulo bɛma no sika na wagyaa no.” (Asomafo no Nnwuma 24:10-21, 26) Bere a na ɔsomafo no nim Bible afotu a ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde akyɛde ma anaasɛ wogye akyɛde de kyea atemmu no, anka ebia obetumi asusuw ho sɛ adanmude a ɔde bɛma no bɛyɛ ɔkwan a eye a ɔbɛfa so ade ne ho. Esiane sɛ na adanmude no betumi ayɛ nea afoforo nhu nti, na ɛho renhia sɛ Paulo bɛdwene to a ɔbɛto wɔn hintidua no ho. (Exodus 23:8; Dwom 15:1, 5; Mmebusɛm 17:23) Nanso Paulo ansusuw ho saa. Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu pii ahyia sɔhwɛ ahorow te sɛ nea ɛfa Onyankopɔn mmara wɔ mogya, boasipem, ne nsa a wɔnom wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so ho no ho. Ma yensusuw sɛnea sɔhwɛ ahorow yi betumi ato wo anaa w’adɔfo no ho.

Wɔsɔɔ Wɔn Osetieyɛ Hwɛe Wɔ Mogya Mu

11. Kristofo gyinabea wɔ mogya a wɔde di dwuma ho no gyina dɛn so?

11 Onyankopɔn mmara wɔ mogya ho no nyɛ foforo anaa nea emu nna hɔ. Ɛdenam yɛn nyinaa tete agya Noa so no, Yehowa hyɛɛ adesamma nyinaa sɛ: “Nam a ɛwɔ ne kra, ɛne sɛ ne mogya mu nko na munni.” (Genesis 9:4) Kronkron a mogya yɛ a egyina hɔ ma nkwa a efi Onyankopɔn hɔ no yɛ nea wosii so dua wɔ Mose Mmara no mu. Ná wobetumi de mogya adi dwuma wɔ afɔremuka no so, na sɛ ɛnte saa a, na ɛsɛ sɛ ‘wohwie gu fam sɛ nsu.’ (Leviticus 17:11-14; Deuteronomium 12:23-25) So bara a wɔbaraa mogya a wobedi no kɔɔ so bere a Mose Mmara no baa awiei akyi no? Yiw. Wɔ nea ebia ebinom bɛfrɛ no Kristofo bagua a edi kan no ase no, asomafo ne mpanyimfo (a wɔbom yɛ sodikuw) no kae sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo ‘yi wɔn ho fi abosonsom akyide ne aguamammɔ ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wowui [nea mogya aka wɔ ne mu] ne mogya ho.’ Ná mogya a wɔde bedi dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so no yɛ bɔne a anibere wom te sɛ aguamammɔ.​—Asomafo no Nnwuma 15:20, 21, 28, 29.

12. Ná tete Kristofo no gyinabea wɔ mogya ho ne dɛn?

12 Tete Kristofo no dii Onyankopɔn mmara a ɛfa mogya ho no so. Ɛwom sɛ nnipa binom a na wɔwɔ hɔ saa bere no nom nnipa a wɔde wɔn agoru atɔprɛ mogya sɛ “aduru” a ɛsa abiribiriw de, nanso nokware Kristofo no anyɛ saa. Na saa ara na wɔanni aduan a mogya wom, bere a saa a wɔyɛ no kyerɛ kum a wobekum wɔne wɔn mma mpo no. Efi saa bere no reba no, asɔfo ne nnipa afoforo agye atom sɛ Kristofo wɔ Onyankopɔn mmara a etia mogya a wobedi no ase.

13. (a) Dɛn nti na ebia wubehyia sɔhwɛ a ɛfa mogya ho bere bi? (b) Ntease titiriw nti a Kristofo nnye mogya bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu?

13 Mogya a wɔde ma abɛyɛ aduruyɛ a abu so wɔ nnansa yi mmere no mu. Enti ebia Kristoni behyia sɔhwɛ a ɛfa eyi ho. Ebia nnuruyɛfo, ayarehwɛfo, ne abusuafo mpo bɛhyɛ no denneennen sɛ onnye mogya. Nanso nnipa a wonim ho asɛm no nim sɛ asiane kɛse wɔ mogya a wogye no mu. Time nsɛmma nhoma (November 5, 1984) kae sɛ “Amerikafo bɛyɛ 100,000 nya mmerɛbo mu yare afe biara fi mogya a wogye mu,” a ne titiriw no efi “nyarewa a wontumi nhu a nea wobetumi ayɛ wɔ ho ara ne sɛ wobeyi afi mogya no mu.” Time bɔɔ amanneɛ nso wɔ nnipa bɛboro 6,500 a AIDS (ɔyare foforo bi a nipadua no ntumi nko ntia) akã wɔn ho amanneɛ, a ebinom yɛ nea “mogya a wɔde maa wɔn na ɛde bae.” Amanneɛbɔ no kae sɛ: “Nnipa a akã wɔn no mu bɛyɛ fã awuwu, na awiei koraa no ebia wɔn a wobewuwu no dodow bɛyɛ ɔha biara mu 90 anaa nea ɛboro saa.” Nanso Yehowa Adansefo nka sɛ pow a wɔpow no gyina ka a wɔka sɛ mogya yɛ aduru bɔne no so. Sɛ nnuruyɛfo betumi ama yɛn awerɛhyem sɛ mogya a wɔde bɛma yɛn no yɛ nea ɔyare biara nni mu mpo a, Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yennyi yɛn ho mfi mogya ho.’​—Asomafo no Nnwuma 21:25.

14. “Kokoam” sɔhwɛ a ɛfa mogya ho bɛn na ebia wubehyia?

14 Fa no sɛ wɔka kyerɛɛ wo sɛ wuhia mogya denneennen. So Onyankopɔn mmara wɔ mogya ho no remma w’adwene mu? Na wo tirim a woabɔ sɛ wubetie Onyankopɔn, ɛmfa ho sɛ dɛn na eyi de bɛba mprempren ara no yɛ nea emu bɛyɛ den, sɛ mfɛfo Kristofo wɔ hɔ a. (Fa toto Daniel 3:13-18 ho.) Nanso sɛ oduruyɛfo anaa ɔtemmufo bi ka kyerɛ wo wɔ kokoam sɛ gye mogya na ɔka kyerɛ wo mpo sɛ fa ɛho asodi wɔ Onyankopɔn anim to no so nso ɛ?

15. Adwene a ɛnteɛ bɛn na nnuruyɛfo ne aban mpanyimfo binom wɔ wɔ yɛn gyinabea wɔ mogya ho no ho?

15 Amanneɛbɔ ahorow a efi nsase ahorow so kyerɛ sɛ nnuruyɛfo, ayaresabea mpanyimfo, ne atemmufo binom di mfomso susuw sɛ wɔ baguam no, Yehowa Adansefo pow sɛ wobegye mogya nanso wɔ kokoam anaa wɔ wɔn mu de wɔte nka soronko. Wɔ asɛm biako bi mu no, ɔtemmufo bi kae sɛ “asɛm a emu yɛ den no nyɛ nea ɛfa ɔyarefo no nyamesom mu gyidi ahorow ho, na mmom ɛwɔ pow a ɔpow sɛ ɔde ne nsa bɛhyɛ krataa a woadi kan akyerɛw a ɛma kwan ma wɔma no mogya no mu. Wampow sa a ɛbɛsa no yare no​—nanso wankyerɛ ɔkwan a wɔmfa so mfa nni dwuma.” Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ́ wɔde ano a ɛyɛ mmerɛw bɛpow sɛ ‘wɔde wɔn nsa bɛhyɛ krataa a ɛma kwan ma wɔde mogya ma obi’ ase mmom no, wonim Yehowa Adansefo sɛ wɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔde wɔn nsa bɛhyɛ mmara kwan so krataa a ɛmma wɔmfa mogya a wɔpow no ho asodi nto nnuruyɛfo so ase.a

16. Sɛ obi ka kyerɛ wo wɔ kokoam sɛ gye mogya a, dɛn na ɛnsɛ sɛ woma wo werɛ fi?

16 Ebia nnuruyɛfo ne atemmufo bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa wo sɛnea ɛbɛyɛ a wubegye esiane sɛ wɔahu nnipa a wofi nyamesom afoforo mu a wɔpow aduruyɛ bi nanso wɔpene so akyiri yi wɔ kokoam nti. Ebinom mpo ka sɛ wonim Ɔdansefo bi a ɔpenee so ma wɔmaa no mogya wɔ kokoam. Sɛ ɛyɛ nea ɛbaa saa mpo a, ebia ɛbɛyɛ obi a afei ara na ɔde ne ho abɔ Yehowa Adansefo ho. Onyankopɔn asomfo a wɔde wɔn ho ama no nim yiye sɛ pene a wobɛpene adeyɛ a ɛte sɛɛ so no renyɛ nea obehintaw afi n’anim a ɔrenhu. Kae bere a Dawid yɛɛ bɔne a ɛfa Bat-Seba ne Uria ho no. Yehowa huu ne nyinaa na ɔsomaa Natan sɛ ɔnkɔka asɛm yi nkyerɛ no: “Na wo [Dawid] de, woyɛɛ no ahintawee mu, na mede, medi asɛm yi Israel nyinaa anim awia ketee.” Sɛnea Onyankopɔn kae no, akyiri yi, Dawid tee nneɛma bɔne a efii ne bɔne a ɔyɛe “ahintawee” mu bae no nka.​—2 Samuel 11:27-12:12; 16:21.

17. (a) Ɔkwan bɛn so na gye a wubegye mogya wɔ kokoam no betumi ayɛ ɔhaw ama afoforo? (b) Kyerɛkyerɛ sɛnea onuawa bi gyinaa pintinn wɔ mogya ho asɛm no mu wo kokoam mpo no mu, na dɛn na efii eyi mu bae?

17 Ɛsɛ sɛ ɔdɔ ma wo nuanom Kristofo nso boa wo ma wopow hyɛ a wɔbɛhyɛ wo ma woapene so wɔ kokoam de abu Onyankopɔn mmara wɔ mogya ho so no. Ɔkwan bɛn so? Wiɛ, sɛ oduruyɛfo anaa ɔtemmufo bi bɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ wo ma woagye mogya wɔ kokoam mpo a, ɛsɛ sɛ wususuw ɔhaw foforo a ɛno de bɛba Ɔdansefo foforo so no ho. Hyɛ saa osuahu yi nsow:

Ná wɔreyɛ onuawa Rodriguez aduru wɔ ɔyare bi ho. Afei ne yare no mu yɛɛ den; oduruyɛfo no hui sɛ mogya anwunu agu ne yam na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ ayaresabea kɛse bi ntɛm ara. Onuawa Rodriguez ka kyerɛɛ adwumayɛfo a wɔwɔ ayaresabea hɔ no sɛ: “Ɛmfa ho sɛ dɛn na ɛbɛba no, merennye mogya.” Okuraa ne mudi mu akyiri yi bere a ayarehwɛfo no hyɛɛ no denam ka a wɔkae sɛ Adansefo no binom agye mogya no so. Mogya kɔɔ so tuu onuawa yi nna dodow bi na ɛma ɔyɛɛ mmerɛw ma enti awiei koraa no woyii no kɔɔ beae a wɔhwɛ nyarewa ahorow a emu yɛ den no. Afei nnuruyɛfo no frɛɛ ɔman no aseniibea kunini no temmufo bi bae.

Wɔ asram bi akyi no ɔtemmufo yi kasa kyerɛɛ nnuruyɛfo bɛboro 150 wɔ ayaresabea hɔ wɔ asɛm a ɛne “Ɛyɛ Hena Nkwa?” no ho. Ɔno nso kae sɛ wahyia nnipa ahorow a mfiase no wɔpowee sɛ wobegye mogya nanso wɔyɛɛ komm bere a wɔfrɛɛ ɔtemmufo bae no. Na onuawa Rodriguez nso ɛ? Ɔkae sɛ ɔbɔɔ mmɔden wɔ kokoam sɛ ɔbɛma wapene so na wama wɔde ‘asodi no ato no so’ esiane sɛ wobegyina ahyɛde a aseniibea no de ama so ama no mogya nti. Dɛn na ɔyɛe? Ɔtemmufo no ka kyerɛɛ nnuruyɛfo a wɔahyiam no sɛ Owura-yere Rodriguez de n’ahoɔden a aka nyinaa ka kyerɛɛ me sɛ ɔrennye mogya enti mennhaw no na mimfi ɔdan no mu hɔ nkɔ. Enti ɔtemmufo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ na onni biribiara a obegyina so aka sɛ wɔmfa mogya mma no bere a ɛyɛ nea ɔmpene so no.

18. Gyinaesi bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma emu da hɔ pefee wɔ mogya ho asɛm no mu, na dɛn na ebetumi afi mu aba?

18 Eyi ma yehu hia a ɛho hia sɛ yɛbɛma emu ada hɔ pefee sɛ yɛn gyinabea wɔ mogya ho no nyɛ nea yebegyaa mu no. Asomafo no sii gyinae a ɛte saa ara na wɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.” (Asomafo no nnwuma 5:29) Onua Rodriguez asɛm no kyerɛ sɛnea gyae a Ɔdansefo bi begyae nneɛma mu no betumi akã afoforo no. Bere a na ɔyare a wayɛ mmerɛw wɔ nipadua mu akyi no, na ɛsɛ sɛ ogyina ɔhaw foforo ano esiane sɛ ebia obi a odii kan no buu Onyankopɔn mmara so wɔ kokoam nti. Ampa, bu a wobu eyi so no renhintaw “nea obu asase nyinaa atɛn no.” (Genesis 18:25) Nea ɛyɛ anigye no, sɛnea Onuawa Rodriguez annyae nneɛma mu bere a afoforo wɔ hɔ no, saa ara na wannyae mu wɔ kokoam nso. Na akyiri yi bere a onyaa ahoɔden no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ nnuruyɛfo koro no ara sɛ wasi ne bo sɛ ɔbɛkɔ so ara adi Onyankopɔn nokware.

19. Nokwasɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu bere nyinaa?

19 Ɛsɛ sɛ yɛn nso yedi nokware, sɛ́ yɛn nneyɛe yɛ nea afoforo hu anaa nea wonhu. Yehowa ani gye nokwaredi a ɛte sɛɛ ho na obetua ho ka; na saa ara na ɔbɛyɛ ade sɛnea ɛsɛ wɔ wɔn a wonni nokware wɔ ne gyinapɛn ahorow ho no ho, sɛ́ ɛyɛ nea afoforo hu anaa ɛyɛ kokoam de. (Dwom 51:6; Hiob 34:24) Ofi ɔdɔ mu de afotu a edi mũ a ɛbɛboa yɛn ma yɛadi mfomso biara a ɛwɔ hɔ a ahintaw so ma, sɛnea yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu no.

[Footnotes]

a Ayaresabea ahorow pii de kratasin a ɛkyerɛ pene a obi mpene so sɛ obegye mogya no di dwuma wɔ Amerika.

Wubebua Dɛn?

◻ Tumi bɛn na Onyankopɔn wɔ a ɛsɛ sɛ ɛkã yɛn nneyɛe?

◻ Ɛsɛ sɛ Akan asɛm no yɛ asuade titiriw bɛn ma yɛn?

◻ Sɛ Kristoni bu Onyankopɔn mmara wɔ mogya ho no so wɔ kokoam a, ɔhaw bɛn na ebetumi afi mu aba?

◻ Ɛsɛ sɛ wobɔ wo tirim dɛn wɔ Yehowa adwene wɔ mogya ho no ho?

[Kratafa 10 adaka]

Wogye Onyankopɔn Mmara Wɔ Mogya Ho No Tom Sɛ Ɛda So Ara Di Mu

JOSEPH PRIESTLEY (1733-1804) yɛ obi a wonim no yiye sɛ nyansahu a ɔbɔre huu mframa a wɔfrɛ no oxygen no, ná ɔyɛ ɔsɔfo nso. Ɔkyerɛwee sɛ:

“Mogyadi a wɔbrae a wɔde maa Noa no yɛ nea ɛda n’asefo nyinaa so.” Ɛdefa ka a wɔka sɛ bara a wɔbaraa Kristofo mogya no yɛ bere tiaa mu de no ho no, Priestley de kaa ho sɛ: “Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ bere tiaa bi mu de, na saa ara na wɔnnka biribiara a ɛkyerɛ bere a ɛbɛba awiei. . . . Sɛ yɛkyerɛkyerɛ bara a asomafo no barae yi mu nam tete Kristofo a wɔrentumi nka sɛ wɔante sɛnea ɛkyerɛ ne bere tenten ko no ase no nneyɛe so a, nea yebetumi aka ara ne sɛ, ɛyɛ nea ɛfa obiara ho a ɛwɔ hɔ daa.”

Wɔ 1646 mu no wotintim A Bloody Tenet Confuted, or, Blood Forbidden nhoma no, ɛka wɔ kratafa 8 sɛ: “Momma yennnyae amanne bɔne a ɛne mmoa nkwa a yedi, sɛnea ɛte wɔ England nyinaa, wɔ mogya a wɔde yɛ ekyim mu no, ɛno ansa na yɛbɛkyerɛ sɛ yɛyɛ mmɔborohunufo na ɛnyɛ atirimɔdenfo; sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhu yɛn sɛ nnipa a wɔyɛ asoɔden tia Onyankopɔn wɔ ahyɛde a ɛte sɛɛ ho, na mmom sɛ nnipa a wodi n’apɛde so, ne wɔn a wɔyɛ nneɛma a ɛteɛ wɔ n’ani so, na yɛanya Onyankopɔn dom, . . . na wɔantwa yɛn ankyene amfi yɛn nkurɔfo mu, na Onyankopɔn ankɔ so annan n’ani ankyerɛ yɛn wɔ bɔne ho.”

Ná Gaspard Bartholin yɛ mmoa ho nsɛm ho ɔdenimfo kɛse wɔ Copenhagen Sukuupɔn mu wɔ afeha a ɛto so 17 no mu. Ɔrekyerɛw wɔ ‘Mogya a Wɔde Di Dwuma wɔ Ɔkwan a Ɛnteɛ So’ ho no, ɔkae sɛ: ‘Wɔn a wɔtwe onipa mogya kɔ wɔn mu de sa wɔn mu nyarewa ahorow no de di dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ no na wɔyɛ bɔne a emu yɛ duru. Yɛkasa tia di a wobedi nnipa nam. Dɛn nti na yɛmpow wɔn a wɔnom nnipa mogya no? Saa ara na mogya a efi obi ntini a emu atwa mu a wubegye denam nom a wobɛnom anaa wɔde bɛfa wo ntini mu denam mfiri ahorow so no te. Wɔn a wɔde adeyɛ yi bae no atõ ɔsoro mmara a ɛbara di a wobedi mogya no.’

Revelation Examined with Candour (1745) no ka Onyankopɔn mmara a ɛfa mogya ho no ho asɛm. Ɛka sɛ: “Ahyɛde a Onyankopɔn ankasa de maa Noa, na otĩĩ mu kyerɛɛ Mose, na Yesu Kristo asomafo no gye toom; nea wɔde mae ntɛm ara wɔ nsuyiri no akyi, bere a sɛ yɛbɛka a, wiase no fii ase foforo no; ɛno ne biako pɛ a wɔde mae wɔ saa bere kɛse no mu; nea wɔsan tĩĩ mu wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so kyerɛɛ nnipa a Onyankopɔn paw wɔn fii adesamma a wɔaka no mu ma wɔbɛyɛɛ kronkron maa no no; nea wotĩĩ mu kae sɛ ɛde ɔsoro aweredi a ɛyɛ hu bɛba Yudani anaa ɔhɔho a ɔbɛbɔ ne ho mmusu abu so no so no; nea bagua a edi mũ na ɛyɛ kronn sen biara a ahyiam pɛn wɔ nsase so no hyɛɛ mu den; nea bere a ɛreyɛ adwuma wɔ Onyankopɔn Honhom no tumi ase no ɛde bagua kronkron yi asɛm no kɔmaa asɔre ahorow a ɛwowɔ aman a ɛbemmɛn no so a ɛnyɛ nnipa bi ara kwa nsa so na wɔnam de kɔe sɛ asɔfo mpanyin baanu, ne asomafo baanu . . . Wɔ eyi akyi no, so onipa bi bɛbɔ ne ho mmusu abu ahyɛde yi so? So onipa bi a n’adwene wɔ hɔ bɛka sɛ ahyɛde a ɛte sɛɛ a Onyankopɔn de ama, na watĩ mu, asan ahyɛ mu den yi yɛ nea ntease nnim na ɛho nhia?’

[Kratafa 11 mfoni]

Ɔdansefo biako nneyɛe betumi ama ayɛ mmerɛw ama ɔfoforo sɛ obedi Onyankopɔn nokware

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena