Bible No Adwene
Ɛyɛ Bɔne sɛ Obi Bɛhoahoa ne Ho?
ATETESƐM bi kyerɛ sɛ ahantan na edi bɔne akɛse ason no kan. Nanso nnɛ, nnipa pii gye di sɛ adwene a ɛte sɛɛ atwam koraa. Bere a aka kakraa bi ma yɛahyɛn afeha a ɛtɔ so 21 mu no, wobu ahantan sɛ adepa, na ɛnyɛ bɔne.
Nanso, Bible no ntaa nka ahantan ho asɛmpa. Bible nhoma a ɛne Mmebusɛm no nkutoo kasa tia ahantan mpɛn pii. Sɛ nhwɛso no, Mmebusɛm 8:13 ka sɛ: “Ahokyerɛ ne ahantan ne ɔkwammɔne ne akɔntɔnkyesɛm ano na mikyi.” Mmebusɛm 16:5 ka sɛ: “Koma mu kwasiarefo nyinaa yɛ [Yehowa, NW] akyide.” Na nkyekyem 18 bɔ kɔkɔ sɛ: “Ahantan di ɔsɛe anim, na kwasiare honhom di asehwe kan.”
Ahantan a Epira
Yebetumi akyerɛkyerɛ ahantan a Bible kasa tia no mu sɛ bu a obi bu ne ho dodo, ne te a ɔte nka sɛ ɔsen afoforo wɔ ɔdom akyɛde, ahoɔfɛ, ahode, nhomasua, dibea ne nea ɛtete saa mu. Ebetumi ama obi abɛyɛ nea obu afoforo animtiaa, ɔhoahoa ne ho, ommu ade, anaa ɔyɛ dwɛɛ. Bu a obi bu ne ho dodo no mma no ntumi nyɛ nsakrae a ɛfata; anaasɛ onye mfomso ntom na wapa kyɛw, ɔyɛ katee;, anaasɛ ɔma nea obi ayɛ anaa waka haw no ɔkwan a ntease biara nnim so.
Wɔn a wɔyɛ ahantan no pɛ sɛ daa nkurɔfo tie nea wɔka anaasɛ wɔrennka koraa. Ɛnyɛ den koraa sɛ yebehu sɛ saa su yi taa de akasakasa pii ba. Abusua anaa ɔman a nkurɔfo fi mu a wɔde hoahoa wɔn ho no akowie akodi ne mogyahwiegu pii mu. Bible no kyerɛ sɛ ahantan na ɛmaa Onyankopɔn ba bi a ɔyɛ honhom tew atua, maa ɔbɛyɛɛ Satan Ɔbonsam no. Paulo reka nea wɔhwehwɛ fi Kristofo mpanyimfo hɔ no, ɔkae sɛ: “Ɔnyɛ abɛɛfo, na wanhoman anhwe ɔbonsam atemmu mu.” (1 Timoteo 3:6; fa toto Hesekiel 28:13-17 ho.) Sɛ eyi na efi ahantan mu ba a, ɛnde na ɛnyɛ nwonwa sɛ Onyankopɔn kasa tia. Nanso, ebia wubebisa sɛ, ‘So ahantan betumi ayɛ nea ɛfata wɔ bere bi mu?’
So Ahantan a Ɛfata Wɔ Hɔ?
Wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔde adeyɛsɛm kau·khaʹo·mai a wɔakyerɛ ase “ahantan, ahomaso, ahohoahoa” di dwuma wɔ ɔkwampa ne ɔkwammɔne nyinaa so. Sɛ nhwɛso no, Paulo ka sɛ, na “yɛhoahoa yɛn ho Onyankopɔn anuonyam ho anidaso mu.” Ɔsan de nyansahyɛ ma sɛ: “Na nea ɔhoahoa ne ho no, ma ɔnhoahoa ne ho [Yehowa, NW] mu.” (Romafo 5:2; 2 Korintofo 10:17) Eyi kyerɛ sɛ yɛbɛhoahoa yɛn ho wɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn no mu, adwene a ebetumi ama yɛadi ahurusi wɔ din pa ne obu a ɔwɔ no ho.
Mfatoho bi ni: So ɛyɛ mfomso sɛ obi bɛbɔ mmɔden sɛ ɔmma afoforo nsɛe din pa a ɔwɔ no? Ɛnyɛ mfomso ankasa. Sɛ nkurɔfo ka w’abusua mufo anaa nnipa afoforo a wodɔ wɔn na wubu wɔn ho nsɛmmɔne a, so ɛrenhyɛ wo abufuw ma ɛnka wo mma wonka bi mma wɔn? Bible ka sɛ: “Din pa na ɛsɛ sɛ wɔpaw sen ahonyade pii.” (Mmebusɛm 22:1) Bere bi, Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn ka kyerɛɛ Misrifo Farao bi a na ɔyɛ ahantan sɛ: “Eyi nti na mema wugyina hɔ, sɛ meyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so.” (Exodus 9:16) Enti Onyankopɔn hoahoa ne ho wɔ din pa ne dibea a n’ankasa wɔ no ho, na ɔma ɛho hia no kɛse. Yɛn nso, yebetumi aka din pa ne dibea a yɛn ankasa wɔ no ho asɛm, nanso ɛnsɛ sɛ ɛno ma yefi ahomaso mu de hoahoa yɛn ho.—Mmebusɛm 16:18.
Obu ho hia wɔ abusuabɔ pa biara mu. Sɛ yenni yɛn nnamfonom mu ahotoso a, ɛma yɛne wɔn abusuabɔ ne wɔn adwumayɛ ho ba asɛm. Saa ara nso na sɛ nnipa bi bom yɛ adwuma na sɛ ɛkɔba sɛ wɔn mu biako yɛ biribi a ɛde ahohorabɔ bɛba wɔn a wɔaka no so a, adwuma no betumi agu. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi adu wɔn botae horow ho no, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma wɔn ho ɔkwan biara so. Eyi nti na ɛsɛ sɛ Kristofo asafo no mu mpanyimfo yɛ wɔn a ‘nkurɔfo bɔ wɔn din pa’ no. (1 Timoteo 3:7) Ɛnyɛ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobenya din pa nti na ɛma wɔhoahoa wɔn ho, na mmom wɔn ho a wɔde bɛma sɛ wobegyina Onyankopɔn ananmu wɔ obu ne nnidi kwan so nti. Ɛbɛyɛ dɛn mpo na ɔsomfo a nkurɔfo mmɔ no din pa betumi ayɛ obi a ɔfata?
Na obi mmɔdenbɔ a ɔde bɛhoahoa ne ho nso ɛ? Fa sɛnea awofo ani betumi agye bere a wɔn ba bi abɔ mmɔden wɔ sukuu mu no sɛ nhwɛso. Ɛfata sɛ obi ani gye mmɔdenbɔ a ɛte sɛɛ ho. Bere a na Paulo rekyerɛw krataa akɔma Kristofo a wɔwɔ Tesalonika no, ɔkyerɛe sɛ ɔno nso ani tumi gye afoforo mmɔdenbɔ ho: “Ɛsɛ yɛn sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa mo nti, anuanom, sɛnea ɛfata, efisɛ mo gyidi nyin boro so na mo nyinaa mmiako mmiako dɔ a mode dodɔ mo ho mo ho no mu adɔ, mo boasetɔ ne gyidi a mukura mu, mo taa nyinaa ne amane a mumiaa mo ani hui no mu nti, ama yɛn ankasa hoahoa yɛn ho ma mo Onyankopɔn asafo no mu.” (2 Tesalonikafo 1:3, 4; yɛn na yɛasi ɔfa bi so dua no.) Yiw, ɛyɛ ne kwan so sɛ obi ani begye n’adɔfo bi mmɔdenbɔ ho. Ɛno nti, nsonsonoe bɛn na ɛda ahantan pa ne ahantan a enye ntam?
Ɛnyɛ bɔne sɛ yɛbɛpɛ sɛ yenya obu, adi nkonim, na yɛn ani agye nkonimdi a ɛte sɛɛ ho. Nanso, Onyankopɔn kyi ahokyerɛ, ahantan ne ahomaso. Ɛbɛyɛ awerɛhow ankasa sɛ obi “bɛhoran ne bo” anaasɛ ‘ɔbɛdwen atra nea ɛsɛ sɛ odwen.’ Kristofo nni hokwan biara sɛ wɔde obi anaa biribi bɛhoahoa wɔn ho, na mmom ɛsɛ sɛ wɔde Yehowa Nyankopɔn ne nea wayɛ ama wɔn no na ɛhoahoa wɔn ho. (1 Korintofo 4:6, 7; Romafo 12:3) Odiyifo Yeremia ma yɛn gyinapɛn a eye sɛ yedi akyi: “Na eyi ho mmom na ma nea ɔhyehye ne ho no nhyehye ne ho, sɛ onim de ahu me, sɛ mene [Yehowa, NW] a ɔyɛ adɔe, na obu atɛntrenee, yɛ adetrenee, asase so.”—Yeremia 9:24.
[Kratafa 18 mfonini]
“Pope Innocent X,” by Don Diego Rodríguez de Silva Velázquez
[Asɛm Fibea]
Scala/Art Resource, NY