Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
◼ Na dɛn ne “papa” a ɔsomafo Paulo ntumi nyɛ, sɛnea ɔkaa ho asɛm wɔ Romafo 7:19 no?
Nea na Paulo reka ho asɛm titiriw ne sɛnea ontumi nyɛ nneɛma pa a wɔakyerɛ wɔ Mose Mmara no mu no nyinaa no. Na ɛno yɛ nea Paulo ne afoforo nyinaa, a yɛn nso yɛka ho, ntumi nyɛ esiane yɛn sintɔ ne bɔne nti. Nanso enhia sɛ yɛn aba mu bu. Kristo afɔrebɔ no buee hokwan maa yɛn sɛ yebenya Onyankopɔn fafiri ne gyinabea pa wɔ N’anim.
Romafo 7:19 kenkan sɛ: “Na papa a mepɛ no, menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ.” Nsɛm a ɛka ho no kyerɛ sɛ na nea Paulo reka ho asɛm titiriw ne “papa” a ɛne nea wɔakyerɛ wɔ Mmara no mu no. Na waka wɔ nkyekyem 7 sɛ: “Mmara no yɛ bɔne anaa? Dabida, na mmom sɛ ɛnyɛ Mmara no nti a, anka minnim bɔne, na sɛ Mmara no anka sɛ: Mma w’ani mmere a, anka minnim akɔnnɔ.” Yiw, Mmara no ma ɛdaa adi pefee sɛ esiane sɛ nnipa nyinaa ntumi nni so pɛpɛɛpɛ nti, wɔn nyinaa yɛ abɔnefo.
Paulo kɔɔ so kae sɛ ‘wakwati Mmara no atra ase pɛn.’ Na ɛyɛ bere bɛn? Wiɛ, bere a na ɔwɔ Abraham asen mu ansa na Yehowa de Mmara no rema no. (Romafo 7:9; fa toto Hebrifo 7:9, 10 ho.) Ɛwom sɛ na Abraham nyɛ pɛ de, nanso na wɔmfaa Mmara no mmae ɛ, enti amma wankae bɔne a ɛwɔ ne ho esiane sɛ wantumi anni emu ahyɛde ahorow pii no so nti. So ɛno kyerɛ sɛ bere a afei wɔde Mmara no mae na ɛdaa onipa sintɔ adi no, ɛde nneɛma bɔne na ɛbae anaa? Dabi. Paulo toaa so sɛ: “Enti Mmara no yɛ kronkron, mmara asɛm no yɛ kronkron ne trenee ne papa.”—Romafo 7:12.
Hyɛ no nsow sɛ Paulo kaa Mmara no ho asɛm sɛ ɛyɛ “kronkron” ne “papa.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ nkyekyem a edi hɔ no mu sɛ “nea ɛyɛ papa”—Mmara no—daa no adi pefee sɛ ɔyɛ ɔbɔnefo, na bɔne yi ma ɔfataa owu. Paulo kyerɛwee sɛ: “Na papa a mepɛ no, menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ. Na sɛ nea mempɛ no meyɛ a, ɛnde ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no.”—Romafo 7:13-20.
Wɔ asɛm yi mu no, na ɛnyɛ papa biara, anaa nneyɛe a efi ayamye mu ara kwa ho asɛm na Paulo reka. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 9:36: Romafo 13:3 ho.) Na nea ɔreka ho asɛm titiriw ne sɛ ɔbɛyɛ (anaa ɔrenyɛ) nneɛma a ɛne Onyankopɔn Mmara a eye no hyia. Na kan no, ɔde nnamyɛ asom wɔ Yudafo som no mu na—sɛ wɔde no toto afoforo ho a—na ‘asɛm nni ne ho.’ Nanso ɛwom sɛ na ɔyɛ akoa a odi nokware ma Mmara a eye no wɔ n’adwenem de, nanso na onni so pɛpɛɛpɛ ara. (Filipifo 3:4-6) Mmara no daa Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a ɛyɛ pɛ no adi, na ɛkyerɛɛ ɔsomafo no sɛ ɔda so ara yɛ akoa ma bɔne mmara wɔ ne honam mu ma enti ɔwɔ owu afobu mu. Nanso na Paulo betumi de aseda ama sɛ wɔnam Kristo afɔrebɔ no so abu no bem—wɔagye no afi bɔne mmara ne asotwe a ɛfata, a ɛne owu afobu no mu.—Romafo 7:25.
Kristofo nni Mose Mmara no ase nnɛ, efisɛ wɔde bɔɔ asɛndua no mu. (Romafo 7:4-6; Kolosefo 2:14) Nanso eye sɛ yebehu sɛ na ɛnyɛ mmara bi a ɛso di yɛ den a ɛbɛyɛ papa sɛ yeyi fi yɛn adwenem. Dabi. Na Mmara no ankasa de, eye. Enti yɛwɔ ntease pa a yebegyina so akenkan Bible nhoma ahorow a Mmara no wom no na yɛasua nea na ɛhwehwɛ afi Israelfo no hɔ no. Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa bɛyɛ saa nnansa yi ara, denam wɔn dapɛn biara Bible akenkan no a wobedi akyi no so.
Bere a yɛkenkan Mmara no, ɛsɛ sɛ yesusuw nnyinasosɛm a ɛwɔ emu ahyɛde ahorow no mu no ho, ne mfaso horow a Onyankopɔn nkurɔfo nyae bere a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobedi saa mmara ahorow a na eye no so no. Bio nso, ɛsɛ sɛ yehu sɛ yɛtɔ sin ma enti yentumi nni papa a yesua fi Onyankopɔn Asɛm mu no so pɛpɛɛpɛ. Nanso bere a yɛko tia bɔne mmara no, yebetumi anya anigye wɔ anidaso a ɛne sɛ wɔnam Kristo afɔrebɔ no so begye yɛn no mu.