Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 5/1 kr. 4-7
  • Obiara Benya Ahofadi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Obiara Benya Ahofadi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Sesɛɛ Bere Yi Mu Amane”
  • ‘Wɔde Ahyɛ Adehunu Ase’
  • “Onyankopɔn Mma Ahoyi”
  • Nokware Ahofadi Anya Aba
  • Nnipa A Wɔde Wɔn Ho Nanso Wobebu Akontaa Akyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nnye Onyankopɔn Ahofadi A Ɔde Ma No Kwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Som Yehowa, Onyankopɔn a Ɔma Ahofadi No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Nea Ɛbɛma Yɛanya Ahofadi Ankasa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 5/1 kr. 4-7

Obiara Benya Ahofadi

“Mibu sɛ sesɛɛ bere yi mu amane yi nnu anuonyam a wɔrebeyi adi de ama yɛn no. Na abɔde no ani gyina retwɛn Onyankopɔn mma ahoyi. Na wɔde abɔde no ahyɛ ade hunu ase, ɛnyɛ n’ankasa na ɛpɛ, na mmom nea ɔde hyɛɛ ase no ntia, anidaso mu, sɛ abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam [ahofadi, NW] mu. Na yenim sɛ abɔde nyinaa penepene, na ɛko awo bedu nnɛ yi.”—ROMAFO 8:18-22.

WƆ KRATAA a ɔsomafo Paulo de kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Roma no fã yi mu no, ɔkyerɛkyerɛ nea enti a yenni nokware ahofadi wɔ asetram na bere nyinaa huammɔdi ne yaw ahyɛ asetra mã no mu yiye. Ɔkyerɛkyerɛ nea enti a yebetumi anya nokware ahofadi nso mu.

“Sesɛɛ Bere Yi Mu Amane”

Paulo mmrɛ “sesɛɛ bere yi mu amane” no ase bere a ɔka sɛ ‘ennu anuonyam a wɔrebeyi adi de ama yɛn no.’ Wɔ Paulo bere so ne akyiri yi no, Kristofo huu amane pii wɔ Roma atumfoɔ a wɔyɛ katee na wɔmfa hokwan a nnipa wɔ nyɛ hwee no nniso ase. Bere a Romafo no begye toom sɛ Kristofo yɛ Ɔman no atamfo pɛ na wɔhyɛɛ wɔn so atirimɔden so. Abakɔsɛm kyerɛwfo J. M. Roberts ka sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ, Kristofo a na wɔwɔ ahenkurow [Roma] mu no wuu owuyayaw wɔ agoprama kɛse so anaasɛ wɔhyew wɔn anikan.” (Shorter History of the World) Ɛdefa wɔn a Nero taa wɔn yi ho no, amanneɛbɔ foforo bi ka sɛ: “Wɔbɔɔ ebinom asɛnduam, wɔde mmoa nhoma furaa ebinom ma nkraman kyeree wɔn, na wɔde binom hyehyɛɛ kotoku mu hyew wɔn de nyaa hann anadwo.”—New Testament History, a F. F. Bruce yɛe.

Akyinnye biara nni ho sɛ, na saa tete Kristofo no ani gye ho sɛ wobenya ahofadi afi nhyɛso a ɛte saa mu, nanso na wɔnyɛɛ adwene sɛ wobebu Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ so de anya. Sɛ nhwɛso no, wɔannya ɔfã bi koraa wɔ akodi a na ɛrekɔ so wɔ Roma atumfoɔ ne Yuda a na wɔreko hwehwɛ ahofadi, te sɛ Yudafo anuɔdenfo no ntam no mu. (Yohane 17:16; 18:36) Wɔ Yudafo anuɔdenfo no fam no, “na Onyankopɔn mmere pa a wɔbɛka sɛ wɔntwɛn no renyɛ asɛnnennen a na ɛda hɔ no ano aduru.” Wɔkae sɛ, nea na ehia ne sɛ “wɔbɛyɛ basabasa atia atamfo no,” Roma. (New Testament History) Tete Kristofo nyaa adwene soronko. Wɔn fam no, na ‘Onyankopɔn bere a wahyɛ a wɔbɛtwɛn’ no nkutoo ne nokware anidaso koro pɛ. Wonyaa gyidi sɛ biribiara nni hɔ a ebetumi de “sesɛɛ bere yi mu amane” no aba awiei koraa, na ɛde nokware ahofadi a ɛtra hɔ daa aba, gye sɛ Onyankopɔn de ne ho agye mu. (Mika 7:7; Habakuk 2:3) Nanso, ansa na yebesusuw ɔkwan a ɛno bɛfa so aba ho no, momma yenni kan nhwehwɛ nea ɛyɛe a ‘wɔde abɔde no hyɛɛ adehunu ase’ no mu.

‘Wɔde Ahyɛ Adehunu Ase’

Ɛha yi, Benjamin Wilson ka wɔ The Emphatic Diaglott mu sɛ, asɛmfua “abɔde” no nkyerɛ “mmoa ne nneɛma a entumi nkeka ne ho,” sɛnea ebinom kyerɛ no, na mmom ɛyɛ “adesamma nyinaa.” (Fa toto Kolosefo 1:23 ho.) Ɛkyerɛ adesamma abusua no nyinaa—yɛn a yɛhwehwɛ ahofadi no nyinaa. Wɔde yɛn ‘hyɛɛ adehunu ase’ esiane yɛn awofo a wodi kan no nneyɛe nti. ‘Ɛnyɛ yɛn ankasa pɛ’ anaasɛ ankorankoro na wɔpaw sɛ eyi mmra saa. Yenya fii awo mu. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka no a, Rousseau dii mfomso bere a ɔkae sɛ “wɔde ahofadi awo onipa” no. Wɔwoo yɛn mu biara wɔ bɔne ne sintɔ nkoayɛ mu, na yɛayɛ nkoa, sɛnea yɛbɛka no no, ama nhyehyɛe bi a abasamtu ne ade hunu ayɛ no mã.—Romafo 3:23.

Dɛn nti na ɛbaa saa? Efisɛ yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, pɛe sɛ wɔyɛ “sɛ Onyankopɔn,” na wɔn ankasa yɛ nea wɔpɛ biara, sisi papa ne bɔne ho gyinae. (Genesis 3:5) Wobuu wɔn ani guu ahofadi ho ade titiriw biako so. Ɔbɔadeɛ no nkutoo na obetumi anya ahofadi a anohyeto nnim. Ɔne Amansanhene. (Yesaia 33:22; Adiyisɛm 4:11) Ɛsɛ sɛ nnipa ahofadi yɛ ahofadi a anohyeto wom. Ɛno nti na osuani Yakobo hyɛɛ Kristofo a na wɔwɔ ne bere so nkuran sɛ wɔntra “[ahofadi, NW] mmara a ɛyɛ pɛ no” mu no.—Yakobo 1:25.

Ɔkwan a ɛfata so no, Yehowa pam Adam ne Hawa fii n’amansan abusua no mu, na akyiri yi wowuwui. (Genesis 3:19) Na wɔn asefo nso ɛ? Ɛwom sɛ na sintɔ, bɔne, ne owu nkutoo na wobetumi de ama wɔn mma de, nanso Yehowa fi mmɔborohunu mu maa wɔwoe. Enti “owu trɛw kaa nnipa nyinaa.” (Romafo 5:12) Saa ntease no mu na Onyankopɔn ‘de abɔde hyɛɛ ade hunu ase.’

“Onyankopɔn Mma Ahoyi”

Yehowa de abɔde hyɛɛ ade hunu ase a ‘anidaso wɔ hɔ’ sɛ da bi, wɔbɛsan ama adesamma abusua anya ahofadi denam “Onyankopɔn mma” no dwumadi so. Henanom ne saa “Onyankopɔn mma” yi? Wɔne Yesu Kristo asuafo a te sɛ ‘adesamma abɔde’ a aka no, wɔwoo wɔn wɔ bɔne ne sintɔ nkoayɛ mu no. Wɔ awo mu no, wonni gyinabea pa bi wɔ Onyankopɔn amansan abusua a ɛho tew na ɛyɛ pɛ no mu. Nanso Yehowa yɛ biribi nwonwaso bi ma wɔn. Ɛdenam Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no so no, Oyi wɔn fi bɔne a wonya fii awo mu no nkoasom mu, na obu wɔn sɛ “treneefo,” anaasɛ wɔn a wɔn ho tew wɔ honhom fam. (1 Korintofo 6:11) Afei ogye wɔn sɛ “Onyankopɔn mma,” na ɔde wɔn ba n’amansan abusua no mu bio.—Romafo 8:14-17.

Sɛ́ Yehowa mma a wagye wɔn no, wobenya hokwan a anuonyam wom. Wɔbɛyɛ ‘wɔn asɔfo ama yɛn Nyankopɔn, na wɔne’ Yesu Kristo ‘bedi asase so ahene’ sɛ Onyankopɔn soro Ahenni, anaa nniso no mufo. (Adiyisɛm 5:9, 10; 14:1-4) Eyi yɛ nniso a egyina ahofadi ne atɛntrenee nnyinasosɛm so—ɛnyɛ atirimɔden ne nhyɛso ntraso so. (Yesaia 9:6, 7; 61:1-4) Ɔsomafo Paulo ka sɛ saa Onyankopɔn mma yi yɛ Yesu ahokafo, ‘Abraham asefo’ a wɔhyɛɛ wɔn ho bɔ bere tenten no. (Galatifo 3:16, 26, 29) Enti, wodi dwuma titiriw wɔ bɔhyɛ a Onyankopɔn de maa n’adamfo Abraham no mmamu mu. Saa bɔhyɛ no fã bi ne sɛ ɛdenam Abraham aseni bi so no, “wobehyira asase so amanaman nyinaa.”—Genesis 22:18.

Nhyira bɛn na wɔde brɛ adesamma? Onyankopɔn mma no nya kyɛfa wɔ adesamma abusua no nyinaa a wobegye wɔn afi ahũde a efi Adam bɔne mu aba na wɔde wɔn akɔ pɛyɛ mu no mu. Nkurɔfo a “wofi aman ne mmusua nyinaa mu” nam Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no mu gyidi a wɔbɛkyerɛ ne wɔn ho ase a wɔbɛbrɛ ama N’ahenni nniso a efi n’ayamye mu no so benya nhyira. (Adiyisɛm 7:9, 14-17; 21:1-4; 22:1, 2; Mateo 20:28; Yohane 3:16) Saa kwan yi so no, “abɔde nyinaa” bɛsan anya “Onyankopɔn mma anuonyam [ahofadi, NW]” no bio. Eyi renyɛ bere tiaa bi amammui mu ahofadi a anohyeto wom, na mmom, ahofadi a wobenya wɔ biribiara a ɛde yaw ne amanehunu abrɛ adesamma abusua no fi bere a Adam ne Hawa poo Onyankopɔn tumidi no ho. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔsomafo Paulo tumi kae sɛ “sesɛɛ bere yi mu amane yi nnu” adwuma a ɛyɛ anigye a anokwafo bɛyɛ no!

Bere bɛn na “Onyankopɔn mma ahoyi” no fi ase? Mprempren ara, bere a Yehowa da wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn mma no adi kyerɛ obiara no. Eyi bɛyɛ bere a wobenyan saa “mma” yi akɔ honhom mu atrae, na wɔaka Yesu Kristo ho ma wɔayi bɔne ne nhyɛso afi asase so wɔ Onyankopɔn ko a ɛne Harmageddon mu no. (Daniel 2:44; 7:13, 14, 27; Adiyisɛm 2:26, 27; 16:16; 17:14; 19:11-21) Yehu adanse pii a atwa yɛn ho ahyia a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ “nna a edi akyiri,” bere a atuatew, ne amumɔyɛ a ɛde aba ho koma a Onyankopɔn anya bere tenten bɛba awiei, no mu pɛɛ.—2 Timoteo 3:1-5; Mateo 24:3-31.

Yiw, sɛnea ɔsomafo Paulo ka no, ɛyɛ nokware sɛ “abɔde nyinaa penepene, na ɛko awo bedu nnɛ yi”—nanso ɛrenkyɛ pii. Ɔpepem pii a wɔte ase nnɛ behu “bere a wɔbɛhyɛ nneɛma a Onyankopɔn nam n’adiyifo kronkron anom fi teteete kae no nyinaa ananmu,” a nea ɛka ho ne asomdwoe, ahofadi ne atɛntrenee a wɔbɛma adesamma abusua no nyinaa anya no.—Asomafo no Nnwuma 3:21.

Nokware Ahofadi Anya Aba

Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na ama woanya “Onyankopɔn mma anuonyam [ahofadi, NW]” yi? Yesu Kristo kae sɛ: “Sɛ motra m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafo ampa; na mubehu nokware, na nokware no ama moade mo ho.” (Yohane 8:31, 32, NW) Ɛno ne ade a ɛbɛma yɛanya ahofadi—sɛ́ yebesua Kristo ahyɛde ne nkyerɛkyerɛ, na afei yɛadi so. Eyi ma yenya ahofadi bi mpo seesei. Wɔ daakye a enni akyiri no, ɛbɛma yɛanya ahofadi koraa wɔ Yesu Kristo nniso ase. Ade a nyansa wom sɛ wobɛyɛ ne sɛ wubehu Yesu “asɛm” denam Bible no a wubesua so. (Yohane 17:3) Te sɛ tete Kristofo no, ɛne Kristo nokware asuafo asafo no nnya fekubɔ a emu yɛ den. Sɛ woyɛ saa a, wubetumi anya nokware a ɛma yɛde yɛn ho a Yehowa nam n’ahyehyɛde so de ma nnɛ no so mfaso.—Hebrifo 10:24, 25.

Bere a ‘woretwɛn Onyankopɔn mma ahoyi’ no, wubetumi anya ahotoso a ɔsomafo Paulo nyae wɔ Kristo hwɛ ne ne mmoa a ahobammɔ wom mu no bi, sɛ mpo amanehunu ne ntɛnkyea a worehyia no te sɛ nea wuntumi nnyina ano a. Bere a Paulo kaa Onyankopɔn mma ahoyi ho asɛm wiei no, obisae sɛ: “Hena na ɔbɛtetew yɛne Kristo dɔ mu? Ahohia anaa ahometew anaa ɔtaa anaa ɔkɔm anaa adagyaw anaa amanenya anaa nkrante?” (Romafo 8:35) Nokwarem no, sɛ yɛde Rousseau nsɛm no bedi dwuma a, na Paulo bere so Kristofo no da so ara “wɔ” nhyɛso ahorow “mpokyerɛ mu.” Ná “wokum” wɔn “da nyinaa” te sɛ “nguanten a wɔrebekum wɔn.” (Romafo 8:36) So wɔmaa eyi buu wɔn abam?

Paulo kyerɛw sɛ: “Nanso eyinom nyinaa mu na yɛnam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so.” (Romafo 8:37) Ɛmfa ho nea tete Kristofo no hyiae nyinaa no, so wodii nkonim? Ɔkwan bɛn so? Obua sɛ: “Migye midi ampa sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa ahoɔden anaa ɔsoro anaa ebun anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no mu.” (Romafo 8:38, 39) Wo nso wubetumi ‘adi nkonim’ wɔ “ahohia anaa ahometew anaa ɔtaa” a ebia ɛsɛ sɛ wugyina ano mprempren no mu. Onyankopɔn fi ɔdɔ mu hyɛ yɛn bɔ sɛ ɛrenkyɛ—nnansa yi ara—‘wɔbɛma yɛade yɛn ho afi nkoayɛ nyinaa ho, na yɛanya Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi.’

[Kratafa 6 mfonini ahorow]

“Abɔde nyinaa penepene, na ɛko awo bedu nnɛ yi”

[Kratafa 7 mfonini]

‘Abɔde bɛde wɔn ho afi nkoasom nyinaa mu, na wɔanya Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena