Asɛyɛde wɔ Nokware Som no a Wubehu Ho
“[Anigye] ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wodi so!”—LUKA 11:28.
1. Nkurɔfo bɛn na sɛ wonya hu nokware som no a, wɔde bɔ wɔn bra?
ƐNNƆƆSO sɛ yebehu nokware som no ara kɛkɛ. Sɛ yɛdɔ trenee ne nokware a, ɛnde sɛ yenya hu nokware som no ara pɛ a, yɛde bɛbɔ yɛn bra. Nokware som nyɛ nyansapɛ a wosua gu adwenem ara kɛkɛ; ɛyɛ asetra kwan.—Dwom 119:105; Yesaia 2:3; fa toto Asomafo no Nnwuma 9:2 ho.
2, 3. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu sii so dua sɛ Onyankopɔn apɛdeyɛ ho hia? (b) Asɛyɛde bɛn na ɛda onipa biara a onim nokware som so?
2 Yesu Kristo sii hia a ɛho hia sɛ yɛyɛ nea Onyankopɔn ada no adi sɛ ɛyɛ N’apɛde no so dua. Bere a Yesu de ne kasa a wɔfrɛ no Bepɔw so Asɛnka nnɛ no reba awiei no, ɔdaa no adi sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔfrɛ no Awurade (a wɔyɛ saa de kyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo) no nyinaa na wɔbɛkɔ Ahenni no mu; gye wɔn a wɔyɛ n’Agya apɛde no nkutoo. Ɔkae sɛ wɔbɛpow ebinom sɛ ‘mo a moyɛ nea ɛnteɛ.’ Dɛn nti na wɔyɛ nnipa a wɔyɛ nea ɛnteɛ? Efisɛ sɛnea Bible no ka no, Onyankopɔn apɛde a wɔnyɛ yɛ bɔne, na bɔne nyinaa yɛ nea ɛnteɛ. (Mateo 7:21-23; 1 Yohane 3:4; fa toto Romafo 10:2, 3 ho.) Ebia onipa bi behu nokware som no, ahyɛ wɔn a wɔde kyerɛkyerɛ no nkuran, na wakamfo wɔn a wɔde tra ase no mpo, nanso ɔno nso wɔ asɛyɛde sɛ ɔde bedi dwuma wɔ n’ankasa asetra mu. (Yakobo 4:17) Sɛ ogye saa asɛyɛde no tom a, obehu sɛ n’asetra benya nkɔso, na obenya anigye a ontumi nnya no ɔkwan foforo biara so.
3 Wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, yesusuw nneɛma ahorow asia a ɛhyɛ nokware som agyirae ho. Ɛnyɛ nokware som nko na saa nneɛma no mu biara boa yɛn ma yehu na mmom ɛma yɛn ankasa yenya asɛyɛde ne hokwan ahorow a ɛwom no nso. Ɔkwan bɛn so?
Woyɛ W’ade Dɛn wɔ Onyankopɔn Asɛm no Ho?
4. (a) Bere a afoforofo fi ase ne Yehowa Adansefo bɔ no, dɛn na ɛnkyɛ wohu wɔ ɔkwan a Adansefo no de Bible di dwuma no ho? (b) Honhom mu aduan a Yehowa asomfo di mee no nya wɔn so nkɛntɛnso bɛn?
4 Bere a Yehowa Adansefo ne anigyefo afoforo sua Bible no, saa afoforofo yi mu pii behu no ntɛm sɛ nea wɔrekyerɛkyerɛ wɔn no fi Bible no mu. Sɛ wɔrebua wɔn nsemmisa horow a, wɔntwe adwene nkɔ asɔre gyidikasɛm, nnipa atetesɛm, anaa nnipa atitiriw bi nsusuwii ahorow so. Onyankopɔn ankasa Asɛm no na wɔde kyerɛkyerɛ. Sɛ wɔkɔ Ahenni Asa so a, wohu sɛ ɛhɔ nso Bible no ne ɔkyerɛkyerɛ nhoma titiriw. Ɛnkyɛ na wɔn a wofi komam hwehwɛ nokware no ahu sɛ ade titiriw a ɛde anigye a ɛwɔ Yehowa Adansefo mu ba ne Onyankopɔn Asɛm no mu a wofi ma wɔn honhom mu aduan di mee no.—Yesaia 65:13, 14.
5. (a) Asɛm bɛn na esi wɔn a wɔn ani gye Yehowa Adansefo ho no anim? (b) Wɔbɛyɛ dɛn atumi anya Adansefo no anigye mu kyɛfa?
5 Sɛ wuhu eyi a, woyɛ w’ade dɛn wɔ ho? Sɛ wuhu nokwasɛm a ɛwɔ nea wɔka no mu a, ɛrenyɛ nea ɛfata sɛ wobɛyɛ bɛhwɛadeni ara kwa, na ɛnsɛ sɛ wunya ɔpɛ mpo sɛ wobɛyɛ saa. Bible da no adi sɛ wɔn a wɔyɛ “atiefo nko” na wɔnnyɛ “asɛm no yɛfo” no ‘sisi wɔn ho.’ (Yakobo 1:22) Wosisi wɔn ho efisɛ wonhu sɛ ɛmfa ho nea wɔka no, Onyankopɔn asɛm a wonni so no kyerɛ sɛ wɔnnɔ no ankasa. Gyidi a nnwuma nnim no yɛ gyidi a awu. (Yakobo 2:18-26; 1 Yohane 5:3) Nea ɛne eyi bɔ abira no, obi a Yehowa ho dɔ ka no ma “ɔyɛ adwuma no yɛfo no” ‘ani begye n’adeyɛ no mu.’ Yiw, sɛnea Yesu Kristo kyerɛkyerɛɛ mu no, “[anigye] ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wodi so!”—Yakobo 1:25; Luka 11:28; Yohane 13:17.
6. Sɛ yɛn ani sɔ Onyankopɔn Asɛm no ampa a, hokwan ahorow bɛn na yɛn ankasa bɛbɔ mmɔden de adi dwuma?
6 Bere a wunyin wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu na wode nneɛma afoforo a wusua no di dwuma no, saa anigye no bɛyɛ kɛse. Mmɔden bɛn na wobɛbɔ de asua Onyankopɔn Asɛm no? Nnipa mpempem pii a na wonnim nhoma ayere wɔn ho asua akenkan, a nea enti a wɔyɛɛ saa titiriw ne sɛ wobetumi akenkan Kyerɛwnsɛm no na wɔde akyerɛkyerɛ afoforo. Afoforo sɔre anɔpatutu sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akenkan Bible no ne nhoma a wɔde sua Bible te sɛ Ɔwɛn-Aban. Bere a w’ankasa wokɔ so kenkan Bible anaa wokenkan Bible mu nsɛm a adesua asɛm bi twe adwene kɔ so no, hyɛ Yehowa mmara ne n’ahyɛde horow no nsow yiye, na hwɛ sɛ wobɛte emu nnyinasosɛm pii a ɛma yɛn akwankyerɛ no ase a. Susuw nea afã horow no mu biara ka fa Onyankopɔn, n’atirimpɔw, ne sɛnea ɔne adesamma di nsɛm no ho ho. Gye bere susuw eyi ho ma ensiesie wo koma. Susuw ho hwɛ sɛ ebia akwan bi wɔ hɔ a wubetumi afã so de Bible afotu no adi dwuma yiye wɔ w’ankasa asetra mu a.—Dwom 1:1, 2; 19:7-11; 1 Tesalonikafo 4:1.
So W’ahofama Ma Yehowa no Di Mũ?
7. (a) Ɔkwan bɛn so na Baasakoro nkyerɛkyerɛ no anya mmɔden a nkurɔfo bɔ sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn no so nkɛntɛnso? (b) Sɛ obi sua Yehowa ho nokware no a, dɛn na ebetumi aba?
7 Nnipa ɔpepem pii koma atɔ wɔn yam sɛ wɔahu sɛ nokware Nyankopɔn no nyɛ Baasakoro. Nkyerɛkyerɛmu a ɛne sɛ “ɛyɛ ahintasɛm” no antɔ wɔn asom da. Ná wɔbɛyɛ dɛn atumi abɛn Onyankopɔn a wontumi nhu sɛnea ɔte no? Ɛdenam saa nkyerɛkyerɛ no so no, wobuu wɔn ani guu Agya (a wɔntee ne din da wɔ asɔre dan mu no) so na wɔsom Yesu sɛ Onyankopɔn anaasɛ wɔde wɔn som maa Maria (a na wosusuw sɛ ɔne “Onyankopɔn Nã” no). Nanso wɔn koma ani gyei bere a Yehowa Adansefo no mu biako buee Bible no mu kyerɛɛ wɔn Onyankopɔn ankasa din Yehowa no. (Dwom 83:18) Bere a wɔkyerɛɛ Venezuelani bea bi Onyankopɔn din no, n’ani gyei araa ma ɔbam Ɔdansefo kumaa no a ɔkyerɛɛ no nokware a ɛsom bo saa no, na ɔpenee so sɛ ɔne no bɛyɛ ofie Bible adesua. Sɛ nnipa a wɔte saa no sua sɛ Yesu kaa n’Agya ho asɛm sɛ “me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn” ne sɛ Yesu frɛɛ n’Agya sɛ “nokware Nyankopɔn koro no” a, wohu sɛ ntease wɔ Onyankopɔn ho asɛm a Bible ka no mu. (Yohane 17:3; 20:17) Bere a wobehu Yehowa su horow no, wɔte nka sɛ wɔabɛn no, wofi ase bɔ no mpae, na wonya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ nea ɛsɔ n’ani. Dɛn na efi mu ba?
8. (a) Esiane wɔn dɔ ma Yehowa ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛsɔ n’ani nti, dɛn na nnipa ɔpepem pii ayɛ? (b) Dɛn nti na Kristofo asubɔ ho hia yiye?
8 Wɔ mfe du a atwam ni mu no, nnipa 2,528,524 a wɔwɔ asasepɔn asia ne nsupɔw pii so ahyira wɔn nkwa so ama Yehowa na afei wɔde nsu mu asubɔ ayɛ saa ahosohyira yi ho sɛnkyerɛnne. So na woyɛ wɔn mu biako, anaa afei na woresiesie wo ho ma wɔabɔ wo asu? Asubɔ yɛ adeyɛ kɛse a ɛho hia wɔ nokware Kristoni biara asetra mu. Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ amanaman nyinaa asuafo na wɔmmɔ wɔn asu. (Mateo 28:19, 20) Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow nso sɛ ɛyɛ Yesu asubɔ akyi pɛɛ na Yehowa ankasa kasa fii soro, na ɔkae sɛ: “Wone me dɔba, wo na wosɔ m’ani.”—Luka 3:21, 22.
9. Dɛn na ɛho hia sɛ yɛyɛ na yɛakɔ so akura yɛne Yehowa ntam abusuabɔ pa mu?
9 Yɛne Yehowa ntam abusuabɔ pa no yɛ biribi a ɛsɛ sɛ ɛsom bo ma yɛn. Sɛ wonam ahosohyira ne asubɔ so ne no anya abusuabɔ a ɛte saa a, kwati biribiara a ebetumi asɛe no. Ɛmma asetra mu dadwen ne honam fam nneɛma ho haw mpia abusuabɔ a ɛte saa no mma ɛmmɛyɛ w’asetra mu ade a ɛto so abien. (1 Timoteo 6:8-12) Tra ase ma ɛne afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 3:6 no nhyia ankasa sɛ: “Hu [Yehowa] w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.”
Kristo Dɔ No Ka Wo Kɔ Akyiri Dɛn?
10. Dɛn nti na Yehowa a yɛsom no no mma yemmu yɛn ani ngu Yesu so?
10 Nanso, anisɔ a ɛfata a obi benya ama Yehowa sɛ nokware Nyankopɔn koro no mma ommu n’ani ngu Yesu Kristo so. Nea ɛne no bɔ abira no, Adiyisɛm 19:10 ka sɛ: “Yesu adanse ne adiyi honhom no.” Nkɔmhyɛ horow a efi honhom mu no ka dwuma a Yesu Kristo di wɔ Yehowa atirimpɔw mu ho asɛm fi Genesis kosi Adiyisɛm. Sɛ obi behu saa nkyerɛkyerɛmu yi a, ɛma onya ntease a ɛyɛ nwonwa a atosɛm ne adwenkyia a Kristoman atoro nkyerɛkyerɛ de aba biara nnim.
11. Ɔkwan bɛn so na nea Bible no kyerɛkyerɛ ankasa wɔ Onyankopɔn Ba no ho a ɔbea bi a ɔte Poland suae no nyaa ne so tumi?
11 Onyankopɔn Ba no ho nokwasɛm a obi hu tumi nya ne so tumi kɛse. Saa na ɛbae wɔ Danuta, ɔbea bi a ɔte Poland fam. Ná ɔne Yehowa Adansefo adi nkitaho mfe awotwe, anya nea na wɔkyerɛkyerɛ no no ho anigye, nanso na ɔmfaa nokware som nyɛɛ n’asetra kwan. Afei ne nsa kaa nhoma Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn a ɛka Yesu asetra ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛte ase so no.a Obuee nhoma no mu da no anwummere a na n’adwene ne sɛ ɔrekenkan ti biako pɛ. Nanso, wamfa nhoma no anto hɔ kosi ahemadakye a ɔkenkan wiei. Osui. Ɔsrɛe sɛ: “Yehowa, fafiri me.” Nea ɔkenkanee no ma ohuu ɔdɔ a Yehowa ne ne Ba no ayi adi akyerɛ no pefee sen bere biara. Obehui sɛ mfe awotwe na wankyerɛ mmoa a Onyankopɔn de ntoboase de ama no no ho anisɔ. Wɔbɔɔ no asu 1993 de yɛɛ ne ho so a wahyira ama Yehowa denam Yesu Kristo mu gyidi no so ho sɛnkyerɛnne.
12. Ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo ho nokware nimdeɛ ka yɛn asetra?
12 Sɛ obi nya “yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ” a, ɛka no ma ɔbɛyɛ Kristoni a ɔyɛ nsi na ɔsow aba. (2 Petro 1:8) Wubenya dwumadi a ɛte saa mu kyɛfa ne afoforo akyɛ Ahenni nkrasɛm no akodu he? Tebea horow pii na ɛkyerɛ dodow a ankorankoro bi betumi ayɛ. (Mateo 13:18-23) Tebea ahorow bi wɔ hɔ a, yentumi nsakra; na ebinom de yebetumi asakra. Dɛn na ɛbɛka yɛn ma yɛahwehwɛ na yɛayɛ nsakrae a yebetumi ayɛ no? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Kristo dɔ no hyɛ yɛn”; ɔkwan foforo so no ɛkyerɛ sɛ, ɔdɔ a oyii no adi de ne nkwa too hɔ maa yɛn no da nsow araa ma bere a ɛho anisɔ a yɛwɔ yɛ kɛse no, ɛbɛka yɛn ankasa koma yiye. Ne saa nti, yehu sɛ ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛkɔ so adi yɛn pɛsɛmenkominya botae ahorow akyi na yɛatra ase ama yɛn ankasa anigye nkutoo. Mmom no, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn nsɛm tebea, de adwuma a Kristo kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ no di kan wɔ yɛn asetra mu.—2 Korintofo 5:14, 15.
Yɛn Ho a Yɛbɛtwe Afi Wiase no Ho—Kosi He?
13. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛne ɔsom biara a ayɛ ne ho wiase no fã nya twaka biara?
13 Ɛnyɛ den sɛ wubehu din a Kristoman ne ɔsom afoforo agye esiane sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ wiase no fã nti no. Wɔde asɔre sika adi dwuma de aboa ɔman anidan. Asɔfo abɛyɛ akofofo. Atesɛm nkrataa bɔ nyamesom akuw horow a wɔredi ako tia wɔn ho wɔn ho wɔ asase yi so mmeae pii ho amanneɛ da biara. Mogya ayɛ wɔn nsam mama. (Yesaia 1:15) Na wɔ wiase nyinaa no, asɔfo kɔ so bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ nea wɔnyɛ wɔ amammuisɛm mu. Nokware asomfo nni afã wɔ eyi mu.—Yakobo 4: 1-4.
14. (a) Nea ɛbɛyɛ na yɛanyɛ wiase no fã no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn ankasa kwati? (b) Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakwati afiri a wiase no su ne ne nneyɛe no betumi asum yɛn no?
14 Nanso yɛn ho a yɛbɛtwe afi wiase no ho no kyerɛ pii sen saa. Nneɛma a ahyɛ wiase no agyirae ne sika ho dɔ ne nea sika tumi tɔ, anuonyam ho akɔnnɔ, ne anigyede a wodi akyi, ne afei afoforo ho a wonsusuw, atorodi ne kasafĩ, atua a wɔtew tia tumidi, ne ahosodi a wonnya. (2 Timoteo 3:2-5; 1 Yohane 2:15, 16) Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, ɛtɔ mmere bi a, ebetumi aba sɛ yɛbɛda saa nneyɛe no bi adi wɔ akwan bi so. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛatumi akwati mfiri a ɛtete saa? Ehia sɛ yɛkae onii a ɔhyɛ saa nneɛma yi nyinaa akyi no. “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Ɛmfa ho sɛnea asetra kwan bi bɛyɛ anigye afa, ɛmfa ho nnipa dodow a wɔfa ɔkwan a ɛte saa so no, sɛ yehu sɛ Yehowa tamfo kɛse, Satan Ɔbonsam na ɔhyɛ akyi a, ɛma yehu sɛnea ɛyɛ tan fa.—Dwom 97:10.
Wo Dɔ Kɔ Akyiri Kodu He?
15. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim a wuhui no boaa wo ma wuhuu nokware som no?
15 Akyinnye biara nni ho sɛ bere a wufii ase ne Yehowa Adansefo bɔe no, w’ani gyee ɔdɔ a woyi no adi wɔ wɔn mu no ho efisɛ ɛne wiase honhom bɔ abira. Ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim a wosi so dua no ma Yehowa nokware som no da nsow wɔ ɔsom ahorow nyinaa ho. Ebetumi aba sɛ eyi na ɛmaa wogye toom sɛ Yehowa Adansefo na wɔredi nokware som akyi no. Yesu Kristo ankasa kae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yohane 13:35.
16. Hokwan ahorow bɛn na ɛwɔ hɔ ma yɛn mu biara sɛ yɛbɛtrɛw yɛn dɔ mu?
16 So wohu saa su no wɔ wo nso wo ho sɛ Kristo akyidifo no mu biako? So akwan bi wɔ hɔ a wubetumi afa so atrɛw wo dɔ mu? Akyinnye biara nni ho, yɛn nyinaa betumi ayɛ saa. Saa a yɛbɛyɛ no sen adamfofa su kɛkɛ a yebeyi no adi akyerɛ wɔ Ahenni Asa so. Na sɛ yeyi ɔdɔ adi kyerɛ wɔn a wɔdɔ yɛn nkutoo a, ɛnde na ɔkwan bɛn so na yɛkyɛn wiase no? Bible no hyɛ sɛ: “Na ne titiriw no, momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho.” (1 Petro 4:8) Henanom na yebetumi ayi ɔdɔ adi akyerɛ wɔn kɛse? So ɛyɛ Kristoni barima anaa ɔbea bi a ne kasa a ɔka, nhomanim anaa ne sikasɛm tebea yɛ soronko wɔ yɛn de ho, na ne nneyɛe bi hyɛ yɛn abufuw? So ɛyɛ obi a, esiane ɔyare anaa onyin nti ontumi mma asafo nhyiam daa? So ɛyɛ yɛn aware mu ɔhokafo? Anaasɛ ebia yɛn awofo a wɔn mfe rekɔ anim no? Bere a ɛho behiae sɛ nnipa bi a na wɔbɔ mmɔden wɔ honhom no aba a wɔda no adi, a ɔdɔ ka ho no, hwɛ wɔn busuani bi a wadi dɛm a ɛkame ayɛ sɛ ontumi nyɛ hwee koraa no, tebea no bɛyɛɛ te sɛ nea afei koraa na wɔresua esu a ɛne ɔdɔ no bio. Nanso, sɛ yehyia nsɛm tebea horow yi bi mpo a, ɛnsɛ sɛ yɛn dɔ a yeyi no adi no tra yɛn ankasa fie nkutoo.
Ahenni Adansedi—Ɛho Hia Wo Dɛn?
17. Sɛ yɛn ankasa yɛanya mfaso afi Yehowa Adansefo nsrahwɛ mu a, ɛnde dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛyɛ mprempren?
17 Ɔkwan titiriw a yɛnam so da ɔdɔ adi kyerɛ yɛn yɔnko nnipa ne Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a yɛbɛka akyerɛ wɔn. Nnipakuw biako pɛ na wɔreyɛ saa adwuma yi a Yesu kaa ho asɛm siei no. (Marko 13:10) Wɔne Yehowa Adansefo. Ɛso aba yɛn ankasa mfaso. Mprempren yɛanya hokwan sɛ yɛbɛboa afoforo. Sɛ yebu asɛm yi aniberesɛm sɛnea Onyankopɔn bu no no a, ɛnde saa adwuma yi bɛyɛ yɛn asetram ade titiriw.
18. Ɔkwan bɛn so na nhoma Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom a yɛbɛkenkan no betumi akanyan yɛn ma yɛanya Ahenni ho adansedi adwuma mu kyɛfa kɛse?
18 Wɔaka sɛnea wɔde Ahenni nkrasɛm no akɔ asase so mmeae a ɛwɔ akyirikyiri yiye wɔ nna a edi akyiri yi ho anigyesɛm akyerɛ yɛn wɔ nhoma Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom mu. Sɛ wutumi kenkan Engiresi a, mmu w’ani ngu n’akenkan so. Bere a wokenkan no, hyɛ akwan a nnipa binom afa so adi Ahenni no ho adanse no nyinaa nsow yiye. So wɔn mu bi wɔ hɔ a wubetumi asuasua wɔn nhwɛso? Hokwan pii abue ama yɛn nyinaa. Ɛmmra sɛ Yehowa ho dɔ a yɛwɔ no bɛka yɛn ma yɛde adi dwuma ɔkwampa so.
19. Sɛ yegye nokware som a yehu no ho asɛyɛde tom a ɔkwan bɛn so na yenya mu mfaso?
19 Enti sɛ yɛn ankasa yɛyɛ Yehowa apɛde a, yenya asemmisa a ɛne, Dɛn ne asetra atirimpɔw? no ho mmuae (Adiyisɛm 4:11) Yɛrenkɔ so mfa yɛn ti mpempem bio, a yɛte nka sɛ yɛn asetra nni atirimpɔw biara. Adwuma biara nni hɔ a wubetumi de wo ho ama a ɛbɛma woanya abotɔyam sen koma nyinaa mu a wubefi ayɛ Yehowa Nyankopɔn som adwuma. Na daakye a ɛyɛ anigye bɛn sɛɛ na eyi de bɛba! Daa asetra a abotɔyam wom wɔ ne wiase foforo no mu, baabi a yebetumi de yɛn mmɔdenbɔ adi dwuma akosi ase ma ɛne Onyankopɔn atirimpɔw a ɔdɔ wom a enti ɔbɔɔ adesamma no ahyia.
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn nti na ɛho hia sɛ ɔsom bi gye Bible no tom sɛ Onyankopɔn Asɛm na edi Yehowa ni sɛ nokware Nyankopɔn no?
◻ Dɛn na nokware som kyerɛkyerɛ wɔ Yesu dwumadi sɛ Ogyefo no ho?
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo twe wɔn ho fi wiase no ho na woyi ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim adi?
◻ Ɔfã bɛn na Ahenni adansedi wɔ wɔ nokware som mu?
[Kratafa 16 mfonini ahorow]
Asubɔ yɛ ɔkwan titiriw biako a ɛboa yɛn ma yegye asɛyɛde tom. Nnipa bɛyɛ 25,000 yɛ saa ɔsram biara wɔ wiase nyinaa
Russia
Senegal
Papua New Guinea
U.S.A.
[Kratafa 17 mfonini ahorow]
Bible mu nokware a yɛne afoforo kyɛ yɛ nokware som fã
U.S.A.
U.S.A.
Brazil
Hong Kong