Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/84 kr. 3-6
  • Nsɛmma Nhoma Kyerɛ Ɔkwan A Ɛkɔ Nkwa Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmma Nhoma Kyerɛ Ɔkwan A Ɛkɔ Nkwa Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NSƐMMA NHOMA ADANSEDI KYERƐ NKURƆFO NKWA KWAN
  • HIA A NSƐMMA NHOMA A YƐDE BƐMA HO HIA
  • SO WOASƆ NSƐMMA NHOMA NNA NO AHWƐ?
  • NEA WUBETUMI AYƐ
  • FA EMU ASƐM BIAKO DI DWUMA
  • BORƆN SO ADANSEDI TU MPƆN
  • WƆN A WƆMA WƆN BI DAA NE NNWUMAYƐBEA ADANSEDI
  • NYANSAHYƐ AHOROW A EYE
  • Fa Yɛn Nsɛmma Nhoma no Di Dwuma Wɔ Ɔkwan a Eye Sen Biara So
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Fa Bere Si Hɔ ma Nsɛmma Nhoma Kyekyɛ
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Borɔn So Adansedi Ne Nkurɔfo A Yɛbɛma Wɔn Nsɛmma Nhoma Daa So
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Fa Nsɛmma Nhoma Ma Wɔ W’asɛnka Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1984
km 5/84 kr. 3-6

Nsɛmma Nhoma Kyerɛ Ɔkwan A Ɛkɔ Nkwa Mu

1 Ɛda nsow! Saa na wubetumi aka wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no ho. Anyɛ yiye koraa no mprempren wotintim nsɛmma nhoma horow 10,952 wɔ United States, ne mpempem afoforo pii wɔ wiase nyinaa, nanso emu abien pɛ​—Ɔwɛn-Aban ne Nyan!​—na ɛkyerɛ ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu. So wuhu bo kɛse a ɛsom no yiye?​—Mmeb. 9:10, 11; Yoh. 17:3.

2 Kae, bere bi na worehwehwɛ ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no. Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no boaa wo ma wuhui, na wode aseda ma wɔ ho. Anaa, ebia w’awofo na ɛpere hwehwɛɛ nokware no. Wohui na mprempren wo nso wowɔ nokware no. Bio, nsɛmma nhoma no boae.

3 Saa ara na nnɛ nnipa koma pafo wɔ hɔ a mprempren nhyehyɛe bɔne yi akyekyere wɔn a wɔrehwhwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so afi mu. Wɔte nka sɛ asetra, ne wiase yi ayɛ nea atirimpɔw biara nni mu. Sɛ́ anka wobenya anidaso no, wɔte ɔsɛe mmom nka. (Dw. 12:1, 2, 5; Hes. 9:4) Mmebusɛm 28:18 kyerɛkyerɛ nea enti a wɔte abasamtu nka no mu yiye na afei ɔkyerɛ ano aduru: “Anisoadehu nni hɔ a, ɔman yɛ bisibasaa, nanso nea obu mmara no, nhyira ne no.”

4 Ɔwɛn-Aban ne Nyan! bue akenkanfo ani yiye wɔ ɔkwan a wobetumi afa so anya daakye a asomdwoe ne trenee wom no ho, na ɛboa wɔn ma wohu nyansa a ɛwom sɛ wobedi Yehowa mmara so. (Yer. 29:11) “Nea ohu me [nyansa] no hu nkwa, na onya [Yehowa] hɔ anisɔ,” saa na Mmebusɛm 8:35 ka.

NSƐMMA NHOMA ADANSEDI KYERƐ NKURƆFO NKWA KWAN

5 Nsɛmma nhoma a wɔde di adanse betumi aboa nnipa ahorow nyinaa a nhyehyɛe yi ama wɔayɛ basaa a wɔte baabiara, wɔ tebea biara mu. Dɛn ntia? Efisɛ yɛn nsɛmma nhoma no te sɛ akyerɛkwan (compass) . Ɛmfa ho sɛ hena na onipa no yɛ anaa ɛhe na n’ani kyerɛ, sɛ́ wim atew anaa omununkum asi no, akyerɛkwan bɛkyerɛ no ɔkwan koro pɛ bere nyinaa. Saa ara na Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no kyerɛ ɔkwan koro pɛ bere nyinaa​—Yehowa kwan a ɛkɔ daa nkwa mu​—na ɛboa nkurɔfo ma wɔfa ɔkwan a eye so wɔ nhyehyɛe bɔne a emu ayɛ gyegyeegye yi mu. Enti, so wo ne w’abusua nya nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa daa?

6 Ada adi sɛ yɛn nsɛmma nhoma no yɛ nnwinade a etu mpɔn kɛse a yɛde yɛ yɛn asɛnka adwuma no. Nsɛmma nhoma yi mu nsɛm yɛ foforo bere nyinaa, ɛwɔ nkwa na ɛbɔ nsɛm a esisi da biara ho amanneɛ. Ɛno ne nea afi nhwehwɛmu a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ayɛ wɔ Kyerɛwnsɛm no mu mu aba, na ɛda nsɛm a ɛyɛ nokware adi a ɛfa nea akɔ so nnansa yi wɔ wiase nsɛm, nyansahu, fam tutu a wɔde hwehwɛ tetefo nneɛma mu ne nsɛm a ɛfa Kristofo gyidi ne asetra ho mu. (Mat. 24:45) Ebia pii nhu bere kɛse a egye na wɔde asiesie nsɛm a wontintim no. Enni nsɛmma nhoma no ho agoru. Esiane sɛ ɛkame ayɛ sɛ yɛn nsa ka bi dapɛn biara nti, ebia yɛremfa no sɛ ɛsom bo ahe biara.

7 Nnuruyɛfo, akyerɛkyerɛfo, asetra ho nsɛm ho adwumayɛfo ne adwumayɛfo afoforo a yɛn nuanom mmarima ne mmea no nso ka ho, ka bo a nsɛm a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu som no ho asɛm bere nyinaa. Sɛ nhwɛso no, hwɛ nea wɔn a wɔnyɛ Adansefo ka wɔ yɛn nsɛmma nhoma no ho:

● “Meyɛ nkwa ne asetra ho nsɛm ho ɔbenfo na ɛtɔ bere bi a ɛyɛ den ma me sɛ mehu sɛnea nyansahu ne nyamesom hyia. Ɔwɛn-Aban foforo a ɛbae no maa nneɛma pii mu daa hɔ.”​—Brazil.

● “Mo nsɛmma nhoma no akenkan yɛ anigye ankasa. Ɛnyɛ nea emu nsɛm nsom bo ahe biara a wɔkenkan de gye wɔn ani, na mmom ɛkyerɛ sɛnea wɔbɛma asetra ayɛ nea atirimpɔw wom.”​—Germany.

● “Ɛyɛ anigye sɛ wobɛsan akenkan nsɛmma nhoma no bio na mepɛ sɛ mede ka ho sɛ Nyan! na ɛma mihu nea ɛkɔ so wɔ aduyɛ mu bere nyinaa na ɛno ara mpo dɔɔso.” (oduruyɛfo a wagyae adwuma) England.

● “Ɛnyɛ nimdeɛ kɛse nko na Nyan! ma minya na mmom ebue m’adwene mu kɛse nso. Mekamfo wɔn a wotintim ne wɔn a wɔyɛ no wɔ adwuma pa a wɔyɛ no ho.”​—Nigeria.

8 Ebinom bisa sɛ, ‘So nsɛmma nhoma no yɛ nea ɛho nhia kɛse wɔ asɛnka adwuma no mu te sɛ nhoma horow no?’ Wiɛ, so asae ho nhia kɛse wɔ nneɛma a wɔde nnua yɛ mu te seradaa? Ne nyinaa ho hia. Ɛwom sɛ ɛsono adwuma a emu biara yɛ de, nanso ne nyinaa boa ma wɔyɛ biribi. Nneɛma a wotintim no nyinaa ho hia na ama wɔayɛ asɛnka adwuma no. Susuw nea ɔhwɛfo kwantuni bi kyerɛw faa bo a nsɛmma nhoma no som ho no ho:

“Nnipa pii mpɛ sɛ wɔbɛkenkan nhoma a ne nkratafa dɔɔso pii; wɔpɛ nsɛm ntiantia a wobetumi akenkan no ntɛm​—nsɛmma nhoma no di saa atirimpɔw no ho dwuma yiye.”

Enti, ɛsɛ sɛ nsɛmma nhoma adansedi yɛ yɛn asɛnka nhyehyɛe no fã a ɛho hia.

9 Bio nso, nsɛmma nhoma a yɛde ma no di adanse a etu mpɔn bere a yɛafi ofie hɔ no akyi bere tenten, na awiei koraa no edi nnipa afoforo pii adanse. (Akontaabu kyerɛ sɛ, wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a nnipa a wɔboro baanan kenkan wiase nsɛmma nhoma biako a obi atɔ.) Enti, ma nsɛmma nhoma no nkasa!

HIA A NSƐMMA NHOMA A YƐDE BƐMA HO HIA

10 Anigye a nkurɔfo wɔ wɔ nsɛmma nhoma ho renya nkɔso ara. Susuw nokwasɛm ahorow yi ho: Afe a etwaam no wotintim nsɛmma nhoma foforo a ɛboro biako dapɛn biara wɔ United States nkutoo. Anyɛ yiye koraa no mmofra a wɔadi fi mfe 10 kosi 18 du mu baakron ne mpanyimfo du mu baakron kenkan nsɛmma nhoma biako ɔsram biara. Afei nso, sɛ wokɔ beae a wɔtɔn nhoma horow ne ade a, dɛn na wuhu? Nsɛmma nhoma. Dɛn na w’ani bɔ so wɔ aguadidan a ɛwɔ kokoam baabi mu? Nsɛmma nhoma. Dɛn na ɛma obi a n’adwuma ne sɛ ɔde amanade kɔma wɔn wuranom no kõm wɔ n’adesoa ase no? Nsɛmma nhoma. Enti, dɛn na nkurɔfo rekenkan? Nsɛmma nhoma. Wiase no ani gye nsɛmma nhoma akenkan ho. So yebetumi ama nnipa koma pafo a wɔwɔ wiase no ani agye Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no ho kɛse? Yiw, sɛ yɛma YƐN ani da hɔ wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no ho a. Dɛn na ebetumi aboa yɛn?

SO WOASƆ NSƐMMA NHOMA NNA NO AHWƐ?

11 Nsɛmma nhema nna yɛ ɔkwan a wɔde bere asɔ ahwɛ a wɔnam so de Ahenni asɛm no kɔ nkurɔfo nkyɛn. Ɛnyɛ nna a yɛde kɔ asɛnka, mpɛn pii Memeneda a wɔayi asi hɔ ama nsɛmma nhoma adansedi. Borɔn so nsɛmma nhoma adansedi bɛyɛɛ ade titiriw wɔ yɛn teokrase abakɔsɛm mu wɔ nea ɛboro mfirihyia 44 a atwam ni no mu. January 1940 Informant (Yɛn Ahenni Som) a ɛbae no hyɛɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔnyɛ da titiriw bi ho nhyehyɛe dapɛn biara mma borɔn so adansedi a wɔde nsɛmma nhoma redi dwuma. Wɔ 1949 mu no wɔdaa afie afie som adwuma a wɔde nsɛmma nhoma yɛ adi sɛ Nsɛmma Nhoma Da dwumadi no fã. Nanso wɔansi afie afie nsɛmma nhoma adansedi no so dua kosii sɛ October 1952 Informant no kae sɛ:

“Ɔkwan a etu mpɔn sen biara a wɔnam so kyekyɛ nsɛmma nhoma no ne sɛ wɔde bɛkɔ afie afie ne aguadidan ahorow mu. Enti Asafo no kamfo kyerɛ sɛ akwan horow a wɔnam so kyekyɛ nsɛmma nhoma yi nyɛ Nsɛmma Nhoma Da dwumadi no fã bere nyinaa.”

Saa afotu a ɛfa nsɛmma nhoma kyekyɛ ho no da so ara ye nnɛ.

12 Ɔsom adwuma sohwɛfo, onua a ɔhwɛ asasesin so, ne afei wo, betumi aboa ma nsɛmma nhoma nna no ayɛ yiye. Ɔkwan bɛn so? Nea edi kan no, ebia ɔsom adwuma sohwɛfo no bɛyɛ nsɛmma nhoma dwumadi ho nhyehyɛe daa ama asafo no. Wɔ asafo ahorow pii fam no, ebia Memeneda na ɛbɛyɛ bere a eye sen biara. Nea ɛto so abien no, ebia onua a ɔhwɛ asasesin so no beyi asasesin asi hɔ ama nsɛmma nhoma adansedi nkutoo. Asafo ahorow pii taa hu sɛ asasesin no a wobɛkyekyem ama mmere horow a wɔde yɛ nsɛmma nhoma adansedi ne mmere horow a wɔde ma nhoma no ma ɛyɛ yiye. Enti, sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara no, wobetumi de nsɛmma nhoma nkutoo ayɛ nsasesin bi mu adwuma wɔ bere bi mu na wɔde nhoma a wɔde ma daa no ayɛ saa wɔ bere foforo mu. Nea ɛto so abiɛsa no, wubetumi de wo ho ahyɛ nsɛmma nhoma nna dwumadi mu Memeneda anaa da foforo a eye ma wo nhyehyɛe wɔ dapɛn no mu.

13 Dɛn ne nsɛmma nhoma nna botae? N’atirimpɔw wɔ bere a atwam no mu ne nnɛ yɛ nea ɛkɔ akyiri sen ma a wɔde bɛma. Nsɛmma nhoma nna si nokware no a yɛde bɛkɔ nnipa pii nkyɛn so dua. (Mmeb. 1:20) Wɔkyerɛkyerɛɛ eyi mu wɔ May 1949 Infomant no mu sɛ: “Ne kyekyɛ a emu atrɛw no bɛma wɔahu Yehowa ahenni no kɛse, na aboa akenkanfo dodow no ara ma wɔanya anidaso ne nkwa.” Enti nsɛmma nhoma a wɔde ma betumi ayɛ adeyɛ a edi kan wɔ nnipa pii a wonya wɔn ma wɔne wɔn fi Bible adesua a ebetumi aboa wɔn ma wɔabɛka Kristofo asafo no ho ase no mu.

14 Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wode wo ho bɛhyɛ nsɛmma nhoma da dwumadi mu. Nya adwempa wɔ nsɛmma nhoma adansedi ho, efisɛ “yɛnyɛ wɔn a wɔde Onyankopɔn asɛm yɛ aguade.” (2 Kor. 2:17, NW) Wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Korintofo no mu no, na wɔn a wɔn ho asɛm wɔ Paulo adwene mu ne adetɔnfo a wɔde nsu fra bobesa mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtɔn ma asa ntɛm no. Nã saa adetɔnfo no pɛ wɔn ankasa mfaso na na sɛnea wɔn nneɛma a wɔtɔn no te anaa wɔn a wɔne wɔn di gua no yiyedi ankasa te ho nhia wɔn.

15 Atoro asomfo te sɛ saa tete aguadifo no, bere nyinaa wɔde nnipa nyansapɛ ne atetesɛm ahorow fra Onyankopɔn Asɛm no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn tumi, din ne sika mu bɛtrɛw. Yɛyɛ soronko. ‘Yefi kurennyen-yɛ mu kasa,’ sɛ “wɔn a wofi Nyankopɔn mu asoma wɔn, wɔ Onyankopɔn hwɛ ase,” ɛnyɛ yɛn ankasa mfaso nti. (2 Kor. 2:17, NW) Yɛn nsɛmma nhoma no mu nsɛm nyɛ nea wɔafra mu, na mmom ɛyɛ kurennyen wɔ honhom mu. Wɔde bere pii na ɛyɛ nea ɛba biara ho adwuma. Enti, nya su foforo a eye wɔ nsɛmma nhoma nna dwumadi no ho.

NEA WUBETUMI AYƐ

16 Nea edi kan no, wo ankasa fa botae bi si hɔ. Sɛ́ nyansahyɛ no, ebia adawurubɔfo de botae a ɛne nsɛmma nhoma 10 ɔsram biara besi wɔn anim a egyina wɔn nsɛm tebea so; akwampaefo bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma 90. Ɛwom, ebia adawurubɔfo binom betumi ama nsɛmma nhoma pii ɔsram biara ma enti wɔde botae a ɛso besi wɔn anim. Nanso, esiane ɔyare, asasesin ko a wɔyɛ mu adwuma, anaa ntease pa afoforo nti, ebia afoforo botae bɛyɛ nea esua. Nanso ɔsom a wɔde ma Yehowa no fata saa ara. (Mat. 13:23; Luka 21:3, 4) Ade a ɛho hia ne sɛ wowɔ botae.

17 Dɛn na asafo no baa dwumadibea ahorow ka wɔ ankorankoro botae ho?

● “Eye sɛ wubenya botae horow a wubedu ho na ɛbɛkanyan wo nso. Ɛsɛ sɛ akwampaefo nyinaa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nsɛmma nhoma dodow bi da biara.”​—Sweden.

● Adawurubɔfo binom a wɔde botae horow asisi wɔn anim Memeneda anɔpa no ahu sɛ “wɔde nsɛmma nhoma pii ma sen kan no. Botae horow ye!”​—United States.

● “Onuawa ɔkwampaefo bi de yɛɛ ne botae sɛ ɔbɛma nsɛmma nhoma 100 ɔsram biara. Ɔde bi kaa dodow a ogye no ho ma ɛyɛɛ 120; mprempren ɔma nsɛmma nhoma 160 ɔsram biara.”​—Japan.

18 Afei hu nea ɛba biara dodow a wugye, ne sɛ ebetumi a ɔdawurubɔfo biara a ɔwɔ w’abusua no mu de. Wo ne onua a ɔhwɛ nsɛmma nhoma so no betumi ayɛ nea ɛba biara dodow a wopɛ ho nhyehyɛe. Nea ebefi mu aba: Wo ne w’abusua benya nsɛmma nhoma bere nyinaa, ne dodow a ɛfata.

19 Afei, yɛ nhyehyɛe ankasa ma nsɛmma nhoma adansedi bere nyinaa. Ebetumi ayɛ afie afie adansedi, borɔn so adansedi, nnwumayɛbea adansedi, wɔn a wɔma wɔn bi daa nkyɛn a wɔkɔ anaa emu biara a wɔyɛ bom.

20 Afei de woayɛ krado sɛ wɔrebesiesie nsɛmma nhoma ma ho ɔkasa tiaa​—wɔ anibu 30 kosi 60 mu. Wurentumi nka pii wɔ anibu 30 kosi 60 mu. Enti fa yɛ wo botae sɛ wobɛka nsɛm kakraa bi, na ka no yiye nso. Yi anigye adi. Ma onipa no ani nnye wo ho. Ka biribi pɔtee ho asɛm. Fa biribi fi emu biako mu, ka ho asɛm tiawa ma ɛmfa ne ho na fa ma. Ada adi sɛ adawurubɔfo binom kasa tenteenten, wɔkasa ma ofiewura gye nsɛmma nhoma no na wɔkɔ so kasa araa ma afei ɛbɛyɛ nea n’ani nnye ho bio.

21 Nea etwa to no, fa nsɛmma nhoma no ma wɔ bere biara a ɛfata mu. “Wɔmmfa nsɛmma nhoma mma kɛse wɔ bɔnnɔ so adansedi mu,” saa na Franse baa dwumadibea no ka. Na ɔmansin sohwɛfo biako de adwenkyerɛ a eye yi mae: “Sɛ adawurubɔfo bɛfa nsɛmma nhoma bere a wokodi gua, wɔkɔsra nnamfo anaa wɔkɔtɔ petrol a, anka wobenya bere pii de nsɛmma nhoma ama.”

22 Mmere afoforo bi nso ni: Bere a wɔannye nhoma. Bere a ofiewura nni adagyew. Bere a yɛkasa kyerɛ mfɛfo adwumayɛfo anaa sukuufo, afipamfo, abusuafo, nnipa a yehyia wɔn wɔ lɔre mu anaa wɔ faako a wɔtwɛn wɔ ayaresabea. So wubetumi akyerɛ mmere afoforo a ɛfata?

FA EMU ASƐM BIAKO DI DWUMA

23 Ɔkwan a etu mpɔn a wobɛfa so akanyan ofiewura anigye ne sɛ wubebisa asɛm bi a woama ho mmuae wɔ nsɛmma nhoma no biako mu. Sɛnea baa dwumadibea biako kyerɛwee no:

“Ne ma ho asɛm a eye sen biara ne sɛ wobɛka biribi a ɛyɛ anigye ho asɛm a mpɛn pii ɛyɛ asemmisa a ɛtwe adwene kɔ asɛm bi a ɛwɔ biako mu a ɛka eyi ho asɛm so na wode nsɛmma nhoma yi ne afoforo a ɛka ho no ama.”

Ebia wubehu sɛ ɔkwan tiawa yi tu mpɔn wɔ w’asasesin no mu.

24 Ansa na wubefi nsɛmma nhoma adansedi ase no, hwehwɛ nsɛmma nhoma no mu na paw emu nsɛm a ɛyɛ anigye no kakraa bi. Bisa wo ho sɛ: ‘Hena na n’ani begye asɛm yi ho, ɛna, obi a ɔnkɔ asɔre anaa abofra?’ Susuw asɛm biako anaa abien a wubetumi aka na ama ofiewura akasa anaa akanyan n’anigye ho.

BORƆN SO ADANSEDI TU MPƆN

25 “Mihuu adawurubɔfo baasa a wogyina borɔn bi’ a adagyew nni so so wɔ adidibea bi anim a wɔne wɔn ho rekasa na wɔamoma nsɛmma nhoma no so bere a nnipa pii nam wɔn ho pɛɛ,” saa na ɔmansin sohwɛfo bi kae. So na saa adawurubɔfo no ho akokwaw wɔ borɔn so adansedi mu? So na ɛyɛ nnipa no ho anigye na wɔwɔ anaa asɛnka bere no a wɔbɛkan? Wɔ mmeae binom ne adawurubɔfo binom fam no, gyina a wogyina faako a wɔde nsɛmma nhoma no rekyerɛ yɛ nea biribi pa afi mu aba. Nanso wɔ adawurubɔfo pii fam no, sɛ́ wubegyina beae koro nyɛ ɔkwan a eye ɛsen biara a yɛnam so de yɛn nsɛmma nhoma adansedi bere no di dwuma. Bɛboro mfirihyia aduasa a atwam ni no Asafo no de afotu bi mae a ɛda so ara yɛ nea eye!

“Nnyina faako dinn a wode rekyerɛ ara kwa, na mmom di akɔ-ne-aba wɔ borɔn no so na fa ma wɔn a wogyina ɔkwan nkyɛn ne wɔn a wɔwɔ hyɛn gyinabea ne afei wɔn a wɔretwam, serew, hwɛ onipa no anim tẽe na kasa.”

26 Ebia adawurubɔfo kuw a wɔabom wɔ borɔn no so baabi anaa wɔnam yuu no, behu sɛ, pae a wɔpaapae wɔn mu na wɔkɔ nkurɔfo nkyɛn bere a adawurubɔfo afoforo no nso reyɛ saa ara wɔ beae a ɛbɛn no ma wɔn nsɛmma nhoma adansedi no nya nkɔso. Ahɔho kakraa bi na wɔbɛpɛ sɛ wɔkɔ nnipakuw bi nkyɛn, nanso ahɔho pii begyina hɔ atie kakra, sɛ onipa biako pɛ kɔ wɔn nkyɛn a.

27 Nsɛm afoforo pii a ɛfa borɔn so adansedi ho bi ni:

● Eye sɛ wobɛkasa akyerɛ onipa no tẽe, akyia no adamfofa kwan so, de emu asɛm biako akyerɛ no, na ebia woaka sɛ: “So w’ani agye asɛm yi ho?”

● Ebinom ahu sɛ wotumi de pii ma bere a wɔkɔ borɔn koro no ara so wɔ bere koro no ara mu dapɛn biara no. Na ɛyɛ nokware nso sɛ adawurubɔfo behyia nnipakuw ahorow wɔ borɔn no so wɔ mmere horow mu wɔ da no mu.

● Sɛnea ɛte wɔ yɛn asɛnka adwuma no afã afoforo mu no, ɛho hia sɛ yesiesie yɛn ho wɔ ɔkwan a ɛfata Onyankopɔn asomfo no biako so.

● Wɔahu sɛ nkurɔfo nkyɛn a wobɛkɔ a woabue nsɛmma nhoma no fã pɔtee bi a ɛka ɔhaw ahorow a ɛwɔ faako a wowɔ no ho asɛm yɛ nea ɛboa.

WƆN A WƆMA WƆN BI DAA NE NNWUMAYƐBEA ADANSEDI

28 Wɔn a wɔma wɔn bi daa a wonya yɛ ɔkwan titiriw a wɔnam so nya ofie Bible adesua. So woasɔ ahwɛ? Sɛ wosan de nsɛmma nhoma a aba foforo no kɔ wɔn nkyɛn bere nyinaa a, wubehu sɛ adamfofa a emu yɛ hyew bɛba abɛda wo ne ofiewura no ntam. Nanso ebia ebinom bɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ wɔn a yɛma wɔn bi daa no nkyɛn ‘bere a yenni biribi foforo biara yɛ.’ Wɔn a yɛma wɔn bi daa nkyɛn a yɛbɛkɔ ho hia! Ɛyɛ sankɔhwɛ, bere a wo ne onipa koro no ara kasa bio no.

29 Ɔkwan bɛn so na wonam nya wɔn a woma wɔn bi daa? Woto nhyɛase no wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu wɔ baabiara a wode bi ma no. Afei, hyɛ nneɛma nketenkete yi nsow wɔ wo Afie Afie Kyerɛwtohɔ no so. Ɛne (1) ofiewura no din, (2) n’address, (3) da a wokɔɔ hɔ, (4) nea aba a wode maa no, (5) emu asɛm a wode dii dwuma. Afei wosan de abien a aba foforo no kɔ hɔ adapɛn abien akyi.

30 Nsɛm afoforo na edidi so yi:

● Wɔn a wɔwɔ nnipa a wɔma wɔn bi daa no de nsɛmma nhoma pii ma, ɛwom sɛ wɔyɛ asasesin no mu adwuma daa de.

● Nneɛma pa fii mu bae maa onuawa biako, bere a ogyee asasesin a ɔde nsɛmma nhoma bedi adanse wom no. Wɔ nnafua 14 mu no onyaa nnipa 40 a ɔma wɔn bi daa. Onuawa foforo a ɔsan kɔɔ wɔn a wɔkyerɛɛ ho anigye nkyɛn nyaa nnipa 80 foforo kaa wɔn a ɔma wɔn bi daa no ho.

31 Nsɛmma nhoma a wode bɛma adwumayɛfo a wɔwɔ w’asasesin mu betumi ama woanya osuahu pa pii. Bere a wode w’adwene si aguadidan mu adwumayɛ so kɛse no, bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ saa bere a nnipa pii nni hɔ a wɔrebɛtɔ nneɛma no. Wɔahu sɛ fi a wubefi ase ntɛm ansa na adetɔfo pii aba no ye, efisɛ mpɛn pii aguadidan so ahwɛfo no wɔ adagyew kakra saa bere no. Ma ɛnyɛ tiawa, ka biribi pɔtee ho asɛm na siesie wo ho yiye. Wubetumi anya wɔn a wɔwɔ ho anigye a wobɛma wɔn bi daa wɔ asasesin a nnwuma wom mu.

NYANSAHYƐ AHOROW A EYE

32 Anuanom ahu sɛ nyansahyɛ ahorow yi tu mpɔn bere a wɔde nsɛmma nhoma redi adanse no:

● Di kan kenkan nsɛmma nhoma no na hu mu nsɛm.

● Hwɛ emu asɛm bi a ɛka nnansa yi ɔhaw a ɛwɔ faako a wowɔ no ho asɛm.

● Nya emu asɛm biako wɔ w’adwene mu a nnipa ahorow abiɛsa yi mu biara ani begye ho: mmarima, mmea, mmofra.

● Kyerɛ sɛnea nsɛmma nhoma no fa ofiewura no ho ne sɛnea abusua no nyinaa ani begye ho.

● Hyehyɛ bere a wode yɛ nsɛmma nhoma adwuma no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛto nnipa pii wɔ fie. Asafo ahorow binom a wɔyɛ anwummere dwumadi ho nhyehyɛe no tumi ma nsɛmma nhoma pii.

● Ne ma ho ɔkasa a etu mpɔn kɛse taa yɛ tiawa na ɛka biribi pɔtee ho asɛm.

● Nkasa ntɛmntɛm. Sɛ ofiewura ani nnye ho a, kasa a wobɛkasa ntɛmntɛm no remma n’ani nnye ho. Mmom no, tɔ wo bo ase na kyerɛ ofiewura no ho anigye ankasa.

● Wɔma nnipa a wɔka sɛ wonni adagyew no nsɛmma nhoma pii. Wɔ ofiewuranom a wɔte sɛɛ fam no, ɔdawurubɔfo betumi aka tiawa sɛ: “Sɛ́ anka mɛkasa de asɛe wo bere no, asɛm no wɔ yɛn nsɛmma nhoma foforo a aba yi mu.” Afei gyaw nsɛmma nhoma abien ma no fa gye ntoboa ¢10.00

33 Afe a etwaam no, asɛm bi a na ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som ma June no mu sii hia a nsɛmma nhomakra a yebenya ho hia so dua. Yɛbɔɔ eyi ho mmɔden na ɛma yenyaa ɔha biara mu nkɔso 28 wɔ nsɛmma nhomakra mu wɔ wiase nyinaa, na aman binom mpo nyaa afe a edi ɛno anim de no mmɔho abien. So yebehu anigye kɛse a ɛte saa ara a wɔbɛkyerɛ wɔ nkuranhyɛ a ɛwɔ asɛm yi mu sɛ yennya nsɛmma nhoma adansedi mu kyɛfa kɛse no mu? Sɛ saa a, ɛnde yɛn nsɛmma nhoma no bɛkyerɛ nnipa afoforo pii ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu.

[Kratafa 6 adaka]

Nsɛmma Nhoma a Wode Bɛma Wɔ Afie Afie

1. Ma w’anim nyɛ serewserew na fa adamfofa nne kasa.

2. Nya nsɛmma nhoma ho anigye.

3. Kasa brɛoo; ma emu nna hɔ.

4. Ka ade biako pɛ ho asɛm; kanyan asɛm no ho anigye tiawa na kyerɛ bo a ɛsom ma ofiewura.

5. Fa emu asɛm biako pɛ kyerɛ. Ɛsɛ ɛne w’asɛm no hyia na ɛfata ofiewura.

6. Ka nsɛmma nhoma biako pɛ ho asɛm na fa afoforo a aka no ka ho ma.

7. Ebia wubehu sɛ eye sɛ wode bɛhyɛ ofiewura nsam.

8. Bɔ kwan ma sankɔhwɛ

9. Fa bra awiei wɔ adamfofa kwan so ne wɔ adwempa mu bere a wɔannye nsɛmma nhoma no.

10. Hyɛ nneɛma nsow wɔ Afie Afie Kyerɛwtohɔ so.

[Kratafa 6 adaka]

Hokwan Ahorow a Wɔde Ma Nsɛmma Nhoma

◆ Afie afie adansedi

◆ Borɔn so adansedi

◆ Nnwumayɛbea adansedi

◆ Wɔn a wɔma wɔn bi daa nkyɛn kɔ

◆ Anwummere adansedi

◆ Bere a wɔannye nhoma

◆ Bere a woreyɛ sankɔhwɛ

◆ Bere a wokɔ wɔn a na wɔyɛ Bible adesuafo nkyɛn

◆ Bere a woretu kwan, bere a woredi gua

◆ Bere a worekasa akyerɛ abusuafo, mfɛfo adwumayɛfo, afipamfo, mfɛfo sukuufo, akyerɛkyerɛfo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena