Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 10/15 kr. 4-7
  • Wiase a Awifo Nni Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase a Awifo Nni Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Owifo Nwia Ade Bio”
  • Ahobammɔ wɔ Onyankopɔn Wiase Foforo Mu
  • Bere Bɛn na Osuro Befi Hɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Dɛn Nti na Korɔnbɔ Renya Nkɔanim Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Akwan Horow Wɔ Hɔ A Wɔfa So Siw Akorɔnfo Kwan
    Nyan!—1983
  • Amumɔyɛ Ano A Wubegyina Wɔ Basabasayɛ Wiase Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 10/15 kr. 4-7

Wiase a Awifo Nni Mu

ESII ahoɔhare so. Ɔbarima bi a wasiesie ne ho fɛfɛɛfɛ de otuo sii Antônioa ti ho wɔ ne fie anim wɔ São Paulo, Brazil, de gyee ne kar nsafe ne ho nkrataa, na otu kɔe ntɛm ara.

Mmarima baanan a wɔamia akode kyeree ɔbarima bi a wɔfrɛ no Paulo wɔ ne babea a wadi mfe du anim wɔ Rio de Janeiro. Afei, bere a wɔkɔɔ ne fie akyi no, akorɔnfo no hyɛn hɔ kowiaa nneɛma a wɔpɛ de hyɛɛ Paulo kar abien mu ma. Wohunahunaa Paulo yere sɛ wobekum no, na wɔkyeree ɔne odwumayeni bi de wɔn kɔɔ Paulo agude sotɔɔ mu wɔ kurow no anafo kowiaa mu biribiara a ɛsom bo. Nanso, akyiri yi akorɔnfo no frɛɛ no telefon so, na wɔkaa baabi a wɔakogyaw kar abien no asi kyerɛɛ no.

Hwɛ abasamtu a ɛyɛ sɛ wobewia obi sika ne ne nneɛma a ɔyɛɛ adwumaden de nyae! Ɛwom sɛ Antônio ne Paulo mu biara anyɛ nea n’ankasa pɛ wɔ asɛm no ho de, nanso afoforo yɛ saa. Ebia wobekum owifo no anaa wɔbɛma wadi dɛm, anaa ebia wɔn ankasa bɛhwere wɔn nkwa. Sɛ nhwɛso no, bere a abɔfra bi tew Brazilni bea bi wɔɔkye no, ɔbea a na ne bo afuw no yii otuo fii ne bag mu tow kum owifo no. Dɛn na efii mu bae? O Estado de S. Paulo bɔ amanneɛ sɛ: “Nnipa a wohuu nea esii no kamfoo suban a ɔbea a wonnim no no yii adi no, na obiara ampɛ sɛ ɔboa polisifo no ma wohu ɔbea ko.” Ɛwom sɛ Kristofo pɛ sɛ wonya wiase a awifo nnim de, nanso wɔmfa bɔne ntua bɔne so ka te sɛ nea ɔbea no yɛe no. Esiane sɛ Onyankopɔn na aweredi wɔ no nti, wotie asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 24:19, 20, (New World Translation,) no: “Mma wo bo nnhaw wo wɔ nnebɔneyɛfo ho. Mma w’ani mmmere abɔnefo. Na daakye bi nni hɔ ma obiara a ɔyɛ bɔne.”

Na sɛ wɔto hyɛ wo so a, dɛn na wubetumi ayɛ? Asɛm bi a esii wɔ Rio de Janeiro kyerɛ sɛnea ɛho hia sɛ woyɛ komm. Na Kristoni bi a wɔfrɛ no Heloisa te bɔs mu rekɔyɛ Bible adesua. Mmarima baanu fii ase bɔɔ bɔs no mufo apoo gyee wɔn nneɛma. Bere a Heloisa duu baabi a obesi fam no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo na ɔrekɔyɛ Bible adesua. Ɔde ne Bible ne nhoma a wɔde sua Bible kyerɛɛ wɔn. Awifo no anwia ne nneɛma, na wɔmaa no kwan ma osii fam. Nanso, wɔamma bɔs no muni foforo kwan amma wansi fam. Ofirikafo no kae akyiri yi sɛ onhuu saa ade no bi da.

Regina nso yɛɛ komm bere a mmarima baanu a wɔkurakura akode hyɛɛ no sɛ ɔntra ne kar mu no. Regina de n’ankasa Nyan! nsɛmma nhoma kyerɛɛ wɔn, na odii wɔn adanse. Esiane sɛ na akorɔnfo no abɔ hu nti, ɔkae sɛ wommue beae a ɔde ne tɔfe gu no. Nanso bere a wohuu Kingdom Melodies kasɛt no, wofii ase bɔ tiei. Bere a tebea no dan adamfofa kwan so de kɛse no, akorɔnfo no sii gyinae sɛ wobegyaw Regina asi akwantemfi a wɔnyɛ no hwee; wɔmaa no awerɛhyem sɛ obenya ɔyamyefo bi aboa no. Bere a ɔnantew simma du akyi no, ohuu ofi bi, nanso ofiewura no annye n’asɛm no anni na ɔkae sɛ: “Wo ho nsɛ obi a wɔatow ahyɛ no so; ehu nkaa wo.”

Ɛwom, ebia wɔrempira obi a wɔabɔ no korɔn no ankasa de, nanso osuahu a ɛyɛ akomatu saa no tumi de ɔhaw ahorow a anibere wom ba wɔ ɛno akyi. O Estado de S. Paulo bɔ amanneɛ sɛ: ‘Saa onipa no betumi adan ohufo, ɔbɛfa n’abusuafo anaa wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa no no ho tan, ontumi mfa ne ho nto afoforo so, ɔma n’ani ku nea ɔyɛ ho tra so, na ɔbɛte nka sɛ biribiara nteɛ wɔ wiase no mu.’ Nea ɛne eyi bɔ abira no, ebetumi aba sɛ nea wɔabɔ no korɔn a ɔde ne ho to Yehowa so no bɛfa osuahu no mu a ompira wo honam mu anaa nkate mu. Nanso, so wunnye ntom sɛ, sɛ nsɛmmɔnedi anaa ahude biara nni hɔ a, anka ɛbɛyɛ nhyira?

“Owifo Nwia Ade Bio”

Ɛwom sɛ nnipa pii pɛ wɔn adifudepɛ asetra kwan no de, nanso Onyankopɔn Asɛm aboa awifo ma wɔasakra wɔn apɛde ne wɔn nipasu. (Efesofo 4:23) Esiane sɛ wɔwɔ asetram atirimpɔw ankasa a egyina Bible so nti, wodi nsɛm yi so: “Trenee mu ade ketewa yɛ sen nnɔbae pii a emfi trenee mu.” (Mmebusɛm 16:8) Claúdio se: “Ɛkame ayɛ sɛ na m’abusuafo nyinaa yɛ Adansefo, nanso mantie Yehowa Nyankopɔn ne n’atirimpɔw ahorow ho nsɛm a na wɔka kyerɛ me no. Bere a na mede lɔre bi a mawia fi baabi a kwan no bɛyɛ kilomita 2,000 kwan resan aba fie no, na ɛsɛ sɛ mefa mmeae pii a polisifo gyinagyina hɔ. Wɔ eyi mu no, mihui sɛ ɛsɛ sɛ mesakra m’asetra kwan. Na mabɔ mmɔden sɛ mɛyɛ saa nanso mantumi. Saa bere yi mifii ase susuw m’abusuafo a wɔyɛ Yehowa Adansefo ne sɛnea wɔyɛ soronko, wɔwɔ anigye ne asomdwoe no ho.” Eyi nti, Claúdio fii ase suaa Onyankopɔn Asɛm no, na ɔpow nnubɔne a na ɔde di dwuma ne ne kan nnamfonom no, na ɔbɛyɛɛ Kristoni ɔsomfo.

Mprempren afoforo nso tie nsɛm yi: “Mommfa mo ho nnto amimdi so, na monnyɛ dwowtwa ho ahupoo.” (Dwom 62:10) Bere a wode José a na ɔde nnubɔne di dwuma na ɔtɔn bi too afiase wɔ mmɔden a ɔbɔe sɛ obekum obi wɔ korɔnbɔ bi mu ho akyi no, onyaa Bible adesua a ɔne n’akonta yɛe no mu mfaso. Ogyaee nnubɔne a ɔde di dwuma ne ne tɔn, na mprempren ɔyɛ Ɔdansefo mmɔdenbɔfo.

Nanso, wonnya nipasu foforo mpofirim anaasɛ wɔ anwonwa kwan so. Oscar a ɔde ne ho hyɛɛ nnubɔne a wode di dwuma ne korɔnbɔ mu kɛse no se: “Na mebɔ Yehowa mpae a emu yɛ den yiye ma nusu pii a ɛtew me gu fam no yɛ te sɛ ɔtare ketewaa bi.” Yiw, wɔ Onyankopɔn Asɛm a wɔde mmɔdenbɔ sua akyi no, mpae a efi komam a wɔbɛkɔ so abɔ ho hia. Hyɛ nyansa a ɛwɔ mpaebɔ adwene yi mu no nsow: “Mma me ohia anaa ahonyade, ma minnya m’aduan a ehia me no minni; na mammee mampa wo manka sɛ: Hena ne [Yehowa]? Nanso manni hia manwia ade mamfom me Nyankopon din.”​—Mmebusɛm 30:8, 9.

Ɛsɛ sɛ wode nokware dɔ si ahopɛ ananmu: “Owifo nnwia ade bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma nea odi hia.” (Efesofo 4:28) Sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan Kristofo a na anka wɔyɛ ‘awifo anaa adifudepɛfo’ fam no, Yehowa nam Yesu Kristo ogye afɔre no so fi mmɔborohunu mu de wɔn a wɔsakra wɔn adwene no bɔne firi wɔn. (1 Korintofo 6:9-11) Hwɛ awerɛkyekye a ɛyɛ sɛ ɛmfa ho sɛnea yɛn kan abrabɔ te no, yebetumi asakra yɛn asetra kwan na yɛanya Onyankopɔn anim dom!​—Yohane 3:16.

Ahobammɔ wɔ Onyankopɔn Wiase Foforo Mu

Susuw asase a awifo nni so ho. Worenhia atemmufo, mmaranimfo, polisifo, ne afiase ho nhyehyɛe a ɛbɛma wɔadi mmara so! Ɛbɛyɛ wiase a yiyedi wom a obiara bɛkyerɛ obu ama afoforo ne wɔn agyapade! So ɛte sɛ nea ɛrentumi mma? So Onyankopɔn de ne ho begye nnipa nsɛm mu na ɔde amumɔyɛ aba awiei ankasa? Yɛto nsa frɛ wo sɛ hwehwɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm na ne nkɔmhyɛ ahorow yɛ nokware no mu. Wubenya nnyinaso a ɛyɛ den a ɛbɛma woanya ahotoso sɛ nsakrae bi da yɛn anim. Obiara ntumi nsiw Onyankopɔn kwan sɛ mma ɔmmfa ahotɔ a wahyɛ ho bɔ no mma: “Nhoran wo bo nnebɔneyɛfo nti, mma wo bo nnhaw wo, amumɔyɛfo ho; na ɛrenni da bi na woatwa wɔn agu sɛ sare, ne wɔakisa sɛ wura momono.” (Dwom 37:1, 2) Ɛrenkyɛ saa nsɛm a wɔkyerɛw no bere tenten a atwam ni no bɛbam koraa.

Onyankopɔn Ahenni bɛma amanehunu ne nea ɛnteɛ a ɛde abasamtu ne adwenem nãayɛ ba no aba awiei. Ɛrenhia obiara na ahyɛ no ma wawia ade. Wɔma yɛn awerɛhyem wɔ nkɔmhyɛ yi mu: “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi, ɛso aba bɛwosow sɛ [tete] Lebanon, na nkurow no asoa sɛ asase so wura.” (Dwom 72:16) Nokwarem no, wɔ Paradise a wɔasan de asi hɔ no mu no, biribiara renhaw adesamma a wonim nokware Nyankopɔn no na wɔsom no no asomdwoe.​—Yesaia 32:18.

Hwɛ akatua ara a wubenya sɛ woko tiaa adifudepɛ wiase yi akwan! Mmebusɛm 11:19 se: “Nea otim trenee mu no kɔ nkwa mu, na nea otiw bɔne no nya owu.” Yiw, bere a wɔayi nnebɔneyɛfo hɔ no, obiara rennya biribiara a obegyina so asuro sɛ ne nkwa ne n’agyapade befi ne nsa. Dwom 37:11 de bɔhyɛ yi ma yɛn sɛ: “Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔasakra din ahorow no bi.

[Adaka wɔ kratafa 5]

Sɛnea Wogyina Korɔnbɔ Ankasa Ano

WƆ FIE​—Esiane sɛ awifo betumi aba fie sɛ ebia wowɔ hɔ anaa wunni hɔ nti, to w’apon mu safe. Abenfo kamfo kyerɛ sɛ nya kɔkɔbɔ dɔn anaa ɔkraman. Yɛ komm​—akorɔnfo yɛ ade ahoɔhare so, mpofirim, na sɛ ehu ka wɔn a, wotumi sakra wɔn nhyehyɛe ntɛm ara. Sɛ woyɛ Yehowa Ɔdansefo a, da wo ho adi kyerɛ wɔn na bɔ mmɔden sɛ wubedi wɔn adanse. Ebia wubetumi ama wɔanya adamfofa su anaa mmɔborohunu ama wo. Nko ntia gye sɛ wɔtow hyɛ wo so. Ka bere a wubetu kwan kyerɛ wo fipamfo bi a wowɔ no mu ahotoso.

WƆ BAGUAM​—Hwɛ sɛ wubehu sɛ ebia obi de w’akyi a. Nantew ɔkwan a wɔayɛ ama nnipa sɛ wɔmfa so no mfinimfini. Mfa akwan a esum wɔ so na nnipa nni so so. So wo bag anaa wo nneɛma a ɛsom bo mu dennennen. Nantew ɔhyew so sɛnea worekɔ baabi. Nhyɛ ntade a ne bo yɛ den anaa agude a ɛhyerɛn. Wone obi mmɔ anan nkodi gua sɛ tebea no hwehwɛ saa a. Fa sika a wuhia no nkutoo, na kyem fa hyehyɛ wo nkotoku ahorow mu anaa mmeae ahorow.

WƆ KAR MU​—sɛ wɔtaa gye nkurɔfo kar fi wɔn nsam wɔ baabi a wote no a, ntra wo kar mu bere a wode akosi baabi no. Sakra akwan a wofa so kɔ adwuma ne nea wofa so ba fie no. Fa akwan a ahobammɔ kɛse wɔ so so, sɛ ɛware kakra mpo a. Ansa na wode wo kar besi baabi no, hwɛ hɔ hyia sɛ ebia biribi wɔ hɔ a ebetumi ayɛ asiane a. Mmue wo kar no akyi a wode nneɛma gu no wɔ baabi a nnipa nni hɔ. Nnnyaw nneɛma a ɛsom bo a wotumi hu wɔ kar no mu. Nnwinnade a wɔde tom betumi apam awifo.

[Adaka wɔ kratafa 6]

“Monnhyehyɛ ademude asase so, nea nwenwee ne nkannare sɛe no, na owifo bubu kowia. Na monhyehyɛ ademude ɔsoro, nea nwenwee ne nkannare nsɛe no na awifo mmubu nkowia.”​—Mateo 6:19, 20

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena