Wɔasiesie Mo Ama Asɛmpatrɛw Adwuma Wɔ 1990 Mfe No Mu
BERE titiriw bi refi ase ama asɛmptrɛw adwuma. Esiane sɛ hokwan abue wɔ mmeae afoforo pii nti, Yehowa Adansefo anokwafo nyinaa wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyere wɔn ho ayɛ nnwuma akɛse mpo.
Enti akwanhwɛ a emu yɛ den na Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu a ɛto so 89 no adesuafo 24 no de kɔɔ wɔn adesua no wie ho dwumadi a wɔyɛe September 9, 1990 no ase. Atiefo 5,000 ne akyi a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn ne Betel abusuafo no mufo hyiaam wɔ asɛmpatrɛwfo afoforo yi a wɔama wɔn dwumadi wɔ aman du mu dedaw no adesua no wie no ho. Wɔn a wohyiam wɔ Brooklyn Betel, Watch tower Farms, ne Watchtower Educational Center wɔ Patterson, New York no nso tiee dwumadi no nyinaa a wɔyɛe wɔ Yehowa Adansefo Nhyiam Asa a ɛwɔ Jersey City, New Jersey no so no.
Anɔpa nnɔn 10 pɛpɛɛpɛ, Theodore Jaracz, Yehowa Adansefo Sodikuw no muni, ne oguamtrani ma da no ma wɔtoo dwom a wɔde buee ano no. Eyi akyi no, Brooklyn Betel abusua no muni Arthur Worsley bɔɔ mpae. Afei oguamtrani no twee adwene sii Asomafo no Nnwuma 10:33 so, faako a Roma ɔsahene Kornelio ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Yɛn nyinaa ahyia Onyankopɔn anim sɛ yɛrebetie nea [Yehowa] ahyɛ wo nyinaa” no. Wohui sɛ nsɛntitiriw a na ɛresisi wɔ Petro nna no mu no bebue kwan ma wɔaka asɛmpa no akyerɛ nnipa a wɔwɔ amanaman nyinaa mu.
Philip D. Wilcox a ofi Watchtower Farms na ɔmaa ɔkasa ason a ɛkanyan nkate no mu nea edi kan. Ogyinaa Filipifo 4:7 so paw asɛmti a ɛne sɛ “Momma Onyankopɔn Asomdwoe Mmoa Mo wɔ Mo Dwumadi Mu.” Ose: “Yehowa Nyankopɔn ne nokware asomdwoe nyinaa Fibea. Ɔwɔ asomdwoe a ewie pɛyɛ, ɔnyɛ obi a wahaw, ehu nka no anaasɛ n’adwene mu nyɛ no basaa. Enti, abotɔyam ne asomdwoe atwa Yehowa ho ahyia wɔ n’ahengua so, sɛnea nyankontɔn a ɛte sɛ ahabanmmonobo a Yohane hui wɔ anisoadehu mu no kyerɛ no. (Adiyisɛm 4:2, 3) N’asomdwoe trɛw tra n’ankasa ma ɛka wɔn a wɔbɛma kwan ma aboa wɔn no nyinaa. So wobɛma aboa wo?” Onua Wilcox kaa mmoa atitiriw abien ho asɛm, mpaebɔ ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛtwɛn Yehowa. (Mika 7:7; Filipifo 4:6.) Ɔkae sɛ biribiara nni hɔ a Yehowa ma ho kwan a ebetumi apira yɛn daa.
Lloyd Barry, Sodikuw no muni kaa asɛmti “Kɔ So Serew” ho asɛm. Ɔde asɛm a ɛne “Ɔserew yɛ aduru pa” na efii ase. Ɔkae saa asɛm no efisɛ na ɛne Nyan! nsɛmma nhoma a edi kan a wotintimii no Japan kasa mu no akyi asɛm wɔ 1955 mu. Nanso ɛyɛ ɔserew bɛn? Ɛnyɛ “ɔkwasea serew” denneennen a nyansa nnim no. (Ɔsɛnkafo 7:6) Mmom no, ɛyɛ asɛmpatrɛwfo ne afoforo a wogye Dawid nsa a ɔto frɛ wɔn sɛ ‘wɔn ani nnye Yehowa mu’ anigye serew bɔkɔɔ no. (Dwom 32:11) Onua Barry kae sɛ wɔ sɔhwɛ a emu yɛ den nyinaa akyi no, Hiob tumi kɔɔ so serewee, efisɛ na onim sɛ ɔrekura ne mudi mu ama Onyankopɔn. Asɛmpatrɛwfo a wogyina pintinn wɔ sɔhwɛ ahorow a ɛte sɛ Hiob de a wohyia no nyinaa akyi no, benya nhyira pii wɔ awiei. (Hiob 29:24; 42:12) Ɔkasafo no de baa awiei sɛ: “Monkɔ so nyɛ nsi, monkɔ so nserew, na mo nso mubenya Yehowa daa ɔserew anisɔ no.”
Ɔkasafo a odi hɔ ne Richard E. Abrahamson, na ɔpaw asɛmti a ɛne “Momma Nnipa Nyinaa Nhu Mo Dwo” a egyina Filipifo 4:5 no so. Sɛnea Hela asɛmfua no kyerɛ no, asɛmfua ‘odwo’ betumi ada adwene a ɛne “ma kwan” adi. Asɛmpatrɛwfo binom ahyia ɔhaw ahorow esiane nea wɔn ankasa pɛ nkutoo nti. Obiako hawee wɔ sɛnea ne yɔnko ɔsɛmpatrɛwfo twaa kyiisi bere a wodidi no ho. Bere a wayɛ asɛmpatrɛw adwuma mfe 22 akyi no, nea ɔhawee no kae sɛ nsɛm a ɛho nhia koraa te sɛ sɛnea obi twa kyiisi na ɛma ɔhaw pii fi ase. Ɔkasafo no de afotu mae sɛ: “Sua sɛnea wobɛsakra te sɛ dua wɔ ahum a ɛretu mu. Nneɛma ho kwan a wɔma de mfaso pii te sɛ sɛnea obi tumi gyina sɔhwɛ ahorow ano na ɔkɔ so kura ne dwumadi mu a hwee nhaw n’adwene ba.”
Sodikuw no muni Milton G. Henschel kaa asɛmti a ɛne “Wɔabue Dwumadi Pon Kɛse Bi” ho asɛm; Onua Henschel kae sɛ na Yesu dɔ nnipa, onyaa ayamhyehye maa wɔn, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii. Ɔsomafo Paulo fi Efeso kyerɛw Korintofo no sɛ: “Wɔabue ɔpon kɛse a emu adwumayɛ bɛsow aba ama me, na akwansiwfo dɔɔso.” (1 Korintofo 16:8, 9) Wɔ ɔsɔretia yi nyinaa akyi no, Paulo kyerɛkyerɛe wɔ Tirano suadan mu mfe abien, ma enti wɔtee Ahenni nkrasɛm no wɔ Asia mantam mu nyinaa. (Asomafo no Nnwuma 19:9, 10) Ɔpon a ebuee no maa n’asɛnka no sow aba. Na Efeso asafo no da so ara wɔ hɔ wɔ afeha a edi kan no awiei.—Adiyisɛm 2:1-7.
Gilead ɔkyerɛkyerɛfo Jack D. Redford kaa asɛmti a ɛne “Monsɔ Mo ho Nhwɛ” ho asɛm. (2 Korintofo 13:5) Gilead asɛmpatrɛwfo adi kan akɔyɛ asasesin afoforo mu adwuma, na wɔahyɛ asafo ahorow a wɔatew dedaw no den, atɔ wɔn bo ase nneɛma pii mu na wɔapow nneɛma a Ɔbonsam de sum wɔn afiri na ɔde ayi wɔn afi nokware no mu no. Na afoforo kɔ so kɔka wɔn ho. Ɔkyerɛkyerɛfo no de osuahu abien a emu da hɔ pefee kyerɛkyerɛɛ sɛnea ehia sɛ obi sɔ ne gyidi hwɛ no mu. Ɔsɛmpatrɛwfo biako hweree hokwan ahorow a na ɔwɔ no bere a ɔde ahomaso buu afotu a wɔde bɔɔ no kɔkɔ wɔ adeyɛ bi a enye ho so no. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɔfoforo de anigye traa ne dwumadi mu ɛwom sɛ asram abiɛsa a edi kan a odii wɔ hɔ no mu no, ɔyare ma ɔfɔn yɛɛ ketewaa na ɛma ne ti so pae na n’aso siw nso de. Ɔda so ara wɔ hɔ wɔ mfe 42 akyi, na ɔnam Bible adesua so aboa nnipa 156 ma wɔabɔ wɔn asu. Onua Redford de baa awiei sɛ: “Monko ntia Ɔbonsam na obeguan afi no nkyɛn. Ɛnsɛ sɛ mugye ne nneɛma a ɔde sum mo afiri no. Mummisa mo ho nhwɛ. Yehowa bɛhwɛ mo.”
Afei, ɔkyerɛkyerɛfo foforo, Ulysses V. Glass kaa asɛmti a ɛne “Ahobrɛasefo Na Nyansa ne Wɔn Te” ho asɛm. (Mmebusɛm 11:2) Ɔde dɔn a wɔde bɔ nsa a owia battery na ɛma ɛyɛ adwuma kyerɛe sɛ Onyankopɔn Asɛm mu hann betumi akɔ so ama yɛn “ahoɔden.” Ɔdaa no adi sɛ: “Nimdeɛ nkutoo mma nyansa. Onyankopɔn hwehwɛ ahobrɛase nso.” (Mika 6:8) Ahobrɛase bɛma yɛasuro Onyankopɔn, na “nyansa mfiase ne [Yehowa] suro.” (Mmebusɛm 9:10) Ɛwom, ɛsɛ sɛ yebu yɛn ho kakra; yɛn ho a yɛbɛkasa atia betumi asɛe ade. Yehowa ama yɛn mu binom tumi titiriw bi, sɛnea ɔyɛe wɔ ntamadan no si no mu no, nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahobrɛase mu nokwaredi ho adwuma. Onua Glass ka kyerɛɛ adesuakuw no sɛ “adesua no mu no, mode adanse mae sɛ wotumi de ho to mo so na mowɔ obu. Monna nokwaredi koro yi ara adi wɔ mo dwumadi no mu na Onyankopɔn behyira mo.”
Sodikuw no muni Albert D. Schroeder na ɔmaa ɔkasa titiriw a ne ti ne sɛ “Wɔasiesie Mo Ama Asɛmpatrɛw Adwuma wɔ 1990 Mfe no Mu” no. Ofii ase sɛ: “1990 mfe no de gyegyeegye na afi ase dedaw. Wɔawosow Europa Apuei Fam aman no mu pii. Wobuee Berlin Ɔfasu no wɔ asram pii a atwam ni no mu. Asɛmti bi puei wɔ The New York Times no mu: ‘August 1990, Ɔsram a Ɛwosow Wiase No.’ Enti, mo adesuafo yi te ɔwosow bere mu. So mo asram anum adesua no asiesie mo ama eyi? Yiw!” Afei ɔkaa New World Translation of the Holy Scriptures—With References no afã titiriw a ɛboa no ho asɛm ne sɛnea ne sua ama Onyankopɔn Asɛm ayɛ anigye. Adwinnade a ɛwɔ tumi foforo a asiesie adesuafo no ne “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” 1990 de a wɔayɛ no foforo no. Ɛsɛ sɛ Mankind’s Search for God nhoma a wɔyɛɛ no nnansa yi yɛ mmoa a tumi wom ma asɛmpatrɛwfo no. Onua Schroeder wiei sɛ: “Enti, afei anuanom, monna Yehowa ase wɔ ɔkyerɛkyerɛ a ɛyɛ anigye na ɛsom bo a moanya no ho—nea eye pintinn na wontumi nwosow no. Momfa Yehowa nhyira nkɔ na munnya ɔne yɛn Kannifo Nwonwafo Yesu Kristo no mu ahotoso a edi mu. Nsɛm a yɛwɔ wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no fi honhom mu ampa na ɛbɛkyerɛ mo kwan wɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu.”
Wɔkenkan nkyia a efi aman 11 so. Wɔde adesuafo no adesua ho adansedi krataa maa wɔn, na wɔn mu biako kenkan krataa bi a ɛka koma kyerɛɛ Sodikuw no ne Betel abusua no.
Na Ɔwɛn-Aban adesua a wotwaa no tiawa a onua David L. Walker, Watchtower Farms Boayikuw no muni na ɔhwɛɛ so no ka awia dwumadi no ho. Afei adesuafo no de asɛmti a ɛkanyan nkate a ɛne “Tumi a Mpaebɔ wɔ wɔ Asɛnka Mu” dii dwuma de yɛe asɛnka mu osuahu ahorow ho ɔyɛkyerɛ. Ɛhɔnom asafo bi yɛɛ drama bi a ɛkanyan anigye a ɛne Wɔama Wɔade Wɔn Ho Na Wɔama Nokware Som Anya Nkɔso a egyina Yerusalem a Esra san bae sɛ ɔbɛma nokware som anya nkɔso no so. Gilead Sukuu no titrani Onua Frederick W. Franz de mpaebɔ a ɛkanyan koma wiei.
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu Adesuakuw a Wɔto so 89
Ase hɔ din no mu no, wɔkan fi benkum so kɔ nifa so, na wɔahyehyɛ din no fi benkum so kɔ nifa so. (1) Ahr, K.; Johnston, L.; Ng Ying Kin, V.; Sukkau, A.; Rodriguez, A.; Myklebust, N. (2) Ahr, H.; Verbeek, P.; Verbeek, K.; DeBolt, S.; DeBolt, S. (3) Sukkau, W.; Ayala, L.; Ayala, S.; Jenson, R.; Ng Ying Kin, J.; Myklebust, T. (4) Rodriguez, C.; Ferlisi, G.; Ferlisi, L.; Tank, J.; Jenson, K.; Tank, J.; Johnston, P.