Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 5/15 kr. 30-31
  • Epafra “Kristo Somfo Nokwafo”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Epafra “Kristo Somfo Nokwafo”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Lycus Bon mu Ɔsɛmpakafo
  • Epafra Amanneɛbɔ
  • Ɔbarima a na Mpaebɔ Ho Hia No
  • Boa Afoforo Ma Wɔnnantew Sɛnea Ɛfata Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Mumfi Ahotoso a Emu Yɛ Den Mu Nnyina Hɔ Pɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • “Sɛ Munim Eyinom Na Moyɛ a, Mo Ani Begye”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Yehowa Betumi Ahyɛ wo Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 5/15 kr. 30-31

Epafra “Kristo Somfo Nokwafo”

HENA na ɔtew Kristofo asafo horow a na ɛwɔ Korinto, Efeso, ne Filipi no? Ebia worentwentwɛn wo nan ase koraa sɛ wubebua sɛ: ‘Paulo, “amanaman mu somafo” no.’ (Romafo 11:13) Sɛ woka saa a, ɛyɛ nokware.

Nanso, hena na ɔtew asafo horow a na ɛwɔ Kolose, Hierapoli, ne Laodikea no? Ɛwom sɛ yentumi nkyerɛ de, nanso ebia ɛbɛyɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Epafra. Sɛnea ɛte biara no, ebia wobɛpɛ sɛ wuhu biribi fa ɔsɛmpakafo yi ho, esiane sɛ wɔfrɛ no “Kristo somfo nokwafo” nti.—Kolosefo 1:7.

Lycus Bon mu Ɔsɛmpakafo

Edin Epafra no yɛ Epafrodito a wɔatwa no tiawa. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛfa Epafra sɛ Epafrodito a ofi Filipi no. Ná Epafra fi Kolose, mmeae atitiriw abiɛsa a na Kristofo asafo horow wɔ wɔ Lycus Asubɔnten no bon a ɛwɔ Asia Kumaa no mu biako. Ná efi Laodikea rekɔ Kolose yɛ kilomita 18 pɛ, na efi Hierapoli a ɛwɔ tete Frigia mantam mu no kɔ hɔ yɛ kilomita 19.

Bible no nka sɛnea Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no duu Frigia no ho asɛm pɔtee. Nanso na Frigiafo wɔ Yerusalem wɔ Pentekoste da afe 33 Y.B., a ebia wɔn mu bi fi Kolose na ɛbae. (Asomafo no Nnwuma 2:1, 5, 10) Wɔ Paulo som adwuma wɔ Efeso (bɛyɛ 52-55 Y.B.) mu no, na adanse a wodii wɔ hɔ no mu yɛ hyew na etu mpɔn araa ma enti ɛnyɛ Efesofo no nko, na mmom “wɔn a wɔte Asia nyinaa, Yudafo ne Helafo, tee Awurade asɛm.” (Asomafo no Nnwuma 19:10) Ɛte sɛ nea Paulo anka asɛmpa no amfa Lycus Bon no mu nyinaa, efisɛ na wɔn a wɔabɛyɛ Kristofo wɔ saa mantam no mu no pii nhuu no da.—Kolosefo 2:1.

Sɛnea Paulo kyerɛe no, Epafra na ɔkyerɛkyerɛɛ Kolosefo no “Nyankopɔn dom nokware mu.” Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Paulo frɛ ne yɔnko dwumayɛni yi “Kristo somfo nokwafo” no da no adi sɛ na Epafra yɛ ɔsɛmpakafo a ɔyɛ nnam wɔ saa mpɔtam hɔ.—Kolosefo 1:6, 7.

Ná ɔsomafo Paulo ne ɔsɛmpakafo Epafra nyinaa susuw wɔn mfɛfo gyidifo a na wɔwɔ Lycus Bon mu no honhom fam yiyedi ho yiye. Sɛ́ “amanaman mu somafo” no, ɛbɛyɛ sɛ Paulo ani gyee sɛ ɔtee wɔn nkɔso ho asɛm no. Paulo ante Kolosefo no honhom fam tebea ho asɛm amfi obiara hɔ sɛ Epafra.—Kolosefo 1:4, 8.

Epafra Amanneɛbɔ

Ná Kolosefo no hyia nsɛnnennen a anibere wom ma enti ɛkaa Epafra ma otuu kwan tenten a ɛte saa kɔɔ Roma, a na n’atirimpɔw titiriw ne sɛ ɔne Paulo besusuw nsɛm yi ho. Ɛda adi sɛ Epafra amanneɛbɔ a nsɛm pii wom no na ɛkaa Paulo ma ɔkyerɛw nkrataa abien kɔmaa anuanom a na anka onnim wɔn no. Emu biako ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Kolosefo no. Ɔde krataa a ɛka ho a ɛda adi sɛ wɔankora so no kɔmaa Laodikeafo. (Kolosefo 4:16) Ntease wom sɛ yebesusuw sɛ na nkrataa no mu nsɛm no atirimpɔw ne sɛ ebedi saa Kristofo no ahiade a Epafra hui no ho dwuma. Ahiade bɛn na ohui? Na dɛn na eyi kyerɛ yɛn wɔ ne nipasu ho?

Ɛte sɛ nea krataa a wɔkyerɛw kɔmaa Kolosefo no ma ɛdaa adi sɛ na ɛhaw Epafra sɛ abosonsomfo nyansapɛ a ɛfa ahotua, ahonhonsɛmdi, ne abosonsomfo gyidihunu ho no de Kristofo a na wɔwɔ Kolose no ato asiane mu. Bio nso, ebia na Yudafo nkyerɛkyerɛ a ɛma wotua wɔn ho nnuan bi di, ne nna horow bi a na wodi no, anya asafo no mufo binom so nkɛntɛnso.—Kolosefo 2:4, 8, 16, 20-23.

Nokwasɛm a na ɛyɛ sɛ Paulo kyerɛw nsɛm yi ho asɛm no ma yehu sɛnea na Epafra ani da hɔ na osusuw ne mfɛfo Kristofo ahiade ho no. Esiane sɛ na onim nea ebetumi afi tebea a na wɔte mu no mu aba no nti, ɔkyerɛe sɛ na ofi ɔdɔ mu susuw wɔn honhom fam yiyedi ho. Epafra hwehwɛɛ Paulo afotu, na eyi daa no adi sɛ na ɔbrɛ ne ho ase. Ebia ɔtee nka sɛ ɛsɛ sɛ onya afotu fi obi a ɔwɔ osuahu sen no nkyɛn. Ne nyinaa mu no, Epafra yɛɛ ade nyansam.—Mmebusɛm 15:22.

Ɔbarima a na Mpaebɔ Ho Hia No

Wɔ Paulo krataa a ɔde kɔmaa Kolosefo Kristofo no awiei no, ɔkae sɛ: “Kristo Yesu akoa Epafra a ofi mo mu no kyia mo. Daa odi apere ma no, mpaebɔ mu, sɛ munnyina hɔ pɛ, na moayɛ ma, Onyankopɔn apɛde nyinaa mu. Na midi no adanse sɛ ɔbɔ mmɔden pii ma mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wɔwɔ Hierapoli.”—Kolosefo 4:12, 13.

Yiw, bere a na Epafra yɛ Paulo “yɔnko deduani” wɔ Roma mpo no, na ɔdwennwen ne nuanom adɔfo a wɔwɔ Kolose, Laodikea, ne Hierapoli no ho bɔ mpae ma wɔn. (Filemon 23) Sɛ yɛbɛka paa a, ‘odii apere’ maa wɔn wɔ mpaebɔ mu. Sɛnea nhomanimfo D. Edmond Hiebert kyerɛ no, Hela asɛmfua a wɔde di dwuma wɔ ha no gyina hɔ ma “dwumadi a egye nsi ne ahofama,” biribi a ɛte sɛ “owu yaw” nka a Yesu Kristo tee bere a ɔbɔɔ mpae wɔ Getsemane turo mu no. (Luka 22:44) Ná Epafra wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ne honhom fam nuabarimanom ne nuabeanom no benya fapem pa na wɔanyin akɔ Kristofo nyin mu. Hwɛ nhyira ara a na onua a osusuw honhom fam nneɛma ho saa no bɛyɛ ama asafo horow no!

Esiane sɛ na wɔfrɛ Epafra “awurakwaa dɔfo” nti, akyinnye biara nni ho sɛ ne mfɛfo Kristofo no ani gyee ne ho. (Kolosefo 1:7) Sɛ tebea ma ho kwan a, ɛsɛ sɛ asafo no mufo nyinaa fi ɔdɔ ne anigye mu de wɔn ho ma afoforo. Sɛ nhwɛso no, yebetumi adan yɛn adwene akɔ ayarefo, wɔn a wɔanyinyin, anaa afoforo a wohia mmoa titiriw no so. Ebia asɛyɛde horow wɔ asafo no mu a yebetumi adi ho dwuma, anaasɛ ebia yebetumi aboa wɔ teokrase adansi nnwuma bi mu.

Afoforo a yɛbɛbɔ mpae ama wɔn sɛnea Epafra yɛe no yɛ ɔsomkronn fã bi a obiara betumi anya mu kyɛfa. Yebetumi akae Yehowa asomfo a wohyia asiane ne ɔhaw horow wɔ honhom fam anaa honam fam no wɔ mpae a ɛtete saa mu. Bere a yɛyere yɛn ho denneennen wɔ saa kwan yi so no, yebetumi ayɛ sɛ Epafra. Yɛn mu biara betumi anya hokwan ne anigye bere a yɛda yɛn ho adi sɛ “awurakwaa dɔfo” wɔ Yehowa asomfo anokwafo abusua mu no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena