Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 2/8 kr. 20-23
  • Daakye Paradise Ho Awerɛkyekye A Wɔde Ma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Daakye Paradise Ho Awerɛkyekye A Wɔde Ma
  • Nyan!—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛrehwɛ Daakye Paradise Kwan
  • Kristofo Adwene Wɔ Ayiyɛ Ho Amanne Ahorow Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Kristofo Ayi—Nidi Wom, Ɛnyɛ Kyenkyerenn, na Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • So Ɛsɛ Sɛ Yedi Awufo Ni?
    Nyan!—1999
  • Nkuranhyɛ a Efi “Awerɛkyekye Nyinaa Nyankopɔn” no Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 2/8 kr. 20-23

Daakye Paradise Ho Awerɛkyekye A Wɔde Ma

“NA, ANUANOM, wɔn a wɔdeda no ho de, mempɛ sɛ mɛkora mo so, na mo werɛ anhow sɛ wɔn a aka a wonni anidaso no.” Eyi ne nea ɔsomafo Paulo kyerɛwee. Bere a ɔde anidaso a ɛfa owusɔre no ho no ama no, ɔde asɛm no baa awiei sɛ: “Enti momfa nsɛm yi nkyekyekyekye mo ho werɛ.” (1 Tes. 4:13, 18) Awerɛkyekye a wɔde bɛma wɔ ayiase ne nea ɔkasafo bɛpɛ sɛ ɔyɛ. Nanso ɛno nso ne nea yɛn nyinaa bɛpɛ sɛ yɛyɛ ma afoforo a wodi awerɛhow esiane wɔn dɔfo bi a wawu no nti. Ɛnde dɛn na yebetumi de ama a ɛte sɛ awerɛkyekye?

Awerɛhow yɛ ɔdesani awosu mu ade a ɛba. Nhwɛso horow pii wɔ Bible no mu a ɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn nkoa dii awerɛhow wɔ adɔfo wu ho. Sɛ nhwɛso no, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ “na Yosef de n’anim kobutuw n’agya [a wawu no] anim, na osu guu no so, na ofew n’ano.” (Gen. 50:1) Afei nso, Israel mma suu Mose Moab tataw mu adaduasa wɔ ne wu no akyi. (Deut. 34:8) Bere a ɛreboa yɛn ma yɛate ase sɛ awerɛhow a wodi no nyɛ pɛ a wɔnyɛ ho sɛnkyerɛnne no, Yohane 11:35 kae sɛ onipa a ɔyɛ pɛ, Yesu “sui” wɔ n’adamfo Lasaro wu no nti.

Ɛyɛ nokware sɛ Kristofo di awerɛhow wɔ ɔkwan a ɛfata so bere a abusuafo, nnamfonom anaasɛ afipamfo awu. Wɔrenhu wɔn a wɔpɛ wɔn asɛm a wɔawuwu yi bio. (Yoh. 11:36) Nanso esiane Kristofo anidaso a egyina Bible so nti, ‘wonni awerɛhow te sɛ wɔn a aka a wonni anidaso no.’ Ɛno kyerɛ sɛ wonni awerɛhow ntra so sɛnea nnipa a wonni owu ne owusɔre ho nokware nimdeɛ no yɛ no. Nanso, ɛsɛ sɛ Kristofo de nokwaredi nyinaa di nea wawu no ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so na wɔde awerɛkyekye nso ma wɔn a wɔaka wɔ akyi no.

Ɔkwan biako a wɔfa so yɛ eyi ne ayiase hɔ ankasa a wɔkɔ. Sɛ wobisa a, Yehowa Adansefo asafo no mu ahwɛfo anaasɛ mpanyimfo kuw no betumi ayɛ nhyehyɛe ama ɔkasafo a ne ho akokwa ama ayiase kasa no wɔ beae a wɔyɛ ayi no, sɛ́ ofie no mu anaasɛ wɔ asiei hɔ ansa na wɔasie amu no. Wonnye sika wɔ ɔsom a wɔde kyekye afoforo werɛ yi mu. Na ɛde awerɛkyekye nso ma, efisɛ ɔkasafo a asafo no yɛɛ nhyehyɛe na wama ɔkasa no nim Onyankopɔn Asɛm no. Ɔyɛ obi a onim sɛnea tebea no yɛ aniberesɛm fa, obi a ɛnyɛ sɛ awerɛkyekye nko na obetumi de ama wɔn a wɔahwere ade no na mmom ɔfa so nso hyɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa nkuran wɔ honhom mu. Wɔyɛ eyi denam nkyerɛkyerɛmu a ɛyɛ nwonwa a Bible de ma a ɛfa daakye paradise a emu no ateasefo a wobefi mu aka ne wɔn a wɔawuwu a wobenyan wɔn no nyinaa benya mu kyɛfa no so.

Ɔkasa a Yehowa Adansefo ma wɔ ayiase no yɛ nea wobetumi de dwom afi ase, sɛ wɔpɛ a. Eyi te saa wɔ nkae adidi a wɔyɛ wɔ Ahenni Asa ahorow so no ho. Nnwom a wɔtaa to wɔ wɔn nnwom nhoma no mu no mu binom ne: “Owusɔre Anigye No” (Dwom a. Ɛto So 53, a egyina Yohane 11; 20:18; Adiyisɛm 20:13 so) . (Dwom a Ɛto So 87 a woyi fii Dwom 55) “Dan W’adesoa To Yehowa So.” “Aneneduhuam wɔ Gilead” (a ɛyɛ Dwom a Ɛto So 98 a woyi fii Yeremia 8:22) ne “Owusɔre​—Onyankopɔn Dɔ Nhyehyɛe” (a egyina Yesu nsɛm a ɛwɔ Yohane 5:28, 29) so no.

Ɛyɛ a ɔkasafo no taa ka nea wawu no ho asɛm. Ebia bere a ɔte ase no otuu ne ho maa Kristofo som adwuma no, ohuu amane horow pii esiane Bible mu nnyinasosɛm a ɔde dii dwuma nti, anaasɛ ɔbɔɔ mmɔden wɔ akwan horow so sɛ obenya din pa wɔ Onyankopɔn anim. (Ɔsɛnk. 7:1) Wɔn a wɔba ayiase no behu sɛ saa nsɛm yi tumi kyekye wɔn werɛ na ɛboa wɔn nso ma wɔkɔ so tra ase sɛ Kristofo.

Ɛda adi sɛ ɔkasafo no bɛpɛ sɛ ɔde anidaso a egyina Bible no so a ɛwɔ hɔ ma awufo a nea wawu no nim no nso to gua, sɛ wayɛ obi a bere a ɔte ase no na ɔyɛ nokware Kristoni a. Afei nso obetumi abɔ din sɛ esiane sɛ nea wawu no ne yɛn nyinaa yɛ abɔnefo nti, ɛno nti na owu aba wɔ saa mprempren nneɛma nhyehyeɛ yi mu no. Ɛyɛ ade a akã yɛn nyinaa.​—Rom. 5:12,; 6:23.

Ɔkasafo no mmma wɔn a wɔaka no atoro anidaso bi, sɛ ebia wobetumi aboa nea wɔdɔ no a wawu no denam ɛtow bi a wobetua ama asɔfo de ayɛ Mass anaa asɔre ama no no so, Guasodeyɛ biara rentumi mfa nea wawu no mma nkwa mu bio, na saa ara nso na ɛrentumi nsakra ne gyinabea wɔ Onyankopɔn anim. (Hwɛ 2 Samuel 12:19-23.) Nanso awerɛkyekye bɛn na ɛyɛ sɛ awufo no nnim biribiara, wonhu amane biara nso! Afei nso ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ yɛn adɔfo a wɔawuwu no daakye wɔ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ na ɔteɛ no nsam, na ɔno na wayɛ nhyehyɛe ama owusɔre a ɛyɛ awerɛkyekye ankasa no.​—Ɔsɛnk. 9:5, 10;. Deut. 32:4.

Kyerɛwnsɛm bi a wɔtaa de di dwuma wɔ ayiase ne nea wohu wɔ Dwom 90:10 a ɛka Sɛ: “Yɛn mfirihyiam nna, emu wɔ mfe aduɔson, na sɛ ɛboro so a, na ɛredu aduɔwɔtwe, na emu ahoahoade yɛ ɔbrɛ ne ahuhude, na etwam ntɛm so, na yetu kɔ.” Wɔde akontaabu agyina nea ‘Bible no ka no akyi. Sɛnea The World Almanac (1979) de no kyerɛ no, adesamma mfe a wodi yɛ efi mfirihyia 30 kosi 40 wɔ nkurow te sɛ Bangladesh, Benin, Chad ne Mali mu, ne nea ɛdɔɔso a ɛboro 70 (nanso ennu 80) wɔ Iceland, Japan ne nkurow kakraa a aka mu.

Enti, ebinom betumi de wɔn asetra mu nsɛm ato sika a wɔde asia sikakorabea ho, wɔ awo mu no nea wɔde ma wɔn ne nnafua 25,600. Bere a obi sua no, obebu eyi sɛ ɛyɛ bere a ɛdɔɔso yiye. Nanso bere a obedi mfirihyia 25 no, na saa nna yi mu nkyem abiɛsa mu biako kɔ, na ɛte sɛ sika a wasɛe no. Ɛte sɛ sika a wɔde ato sikakorabea a woyi no nkakrankakra wɔ bere mu, na saa ara na etwam da biara da. Bere a wadi mfirihyia 35 no, na wadi saa nna yi mu fa dedaw, nanso sɛnea mpofirim ara asɛm bi ba ma oyi sika no nyinaa fi sikakorabea de di dwuma bi a ɔnhwɛ kwan saa no, saa ara nso na asiane betumi aba ama atwa onipa no asetra so. So eyi ne atirimpɔw wɔ asetra mu, sɛ obi bedi nna nyinaa wɔ ‘ɔhaw ne amanehunu mu’ sɛɛ? Ɔdɔfo bi wu ma wɔn a wɔaka wɔ akyi no de anibere susuw asetra yi ho.

Nanso wobetumi de awerɛkyekye ama wɔn a wosu. Wubetumi akyerɛ sɛ onipa Bɔfo no te ase daa na ɔwɔ atirimpɔw wɔ asetra mu. Sɛ Bible no ka sɛ wɔbɔɔ onipa wɔ Ne suban so a, ɛnde dɛn nti na onipa nkwa nna yɛ tiatiaa saa? (Gen. 1:27) Ɛyɛ den sɛ eyi ne nokware a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ Nyankopɔn a yesua ne ho asɛm wɔ Bible no mu sɛ n’ani gye n’abɔde ho na ɔpɛ sɛ wɔn koma tɔ wɔn yam no behyia. Nanso hwɛ nea ɛyɛ awerɛkyekye ne ahotɔ ma yɛn sɛ yebesua na yɛate afi Bible no mu sɛ Onyankopɔn betumi ayi nea owu de aba yi nyinaa afi hɔ!

Kyerɛwnsɛm no ma nokware Kristofo nya awerɛhyem sɛ wɔresom “Onyankopɔn a onyan awufo” no. (Rom. 4:17) Yehowa Nyankopɔn hyɛ bɔ sɛ obeyi owu afi hɔ denam adesamma ɔdamoa no mu nnipa a obenyan wɔn nyinaa afi mu no so, na ɔde wɔn asan aba nkwa mu wɔ asase so paradise no mu bio. Esiane saa anidaso yi nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Onyankopɔn nkoa ‘werɛ nhow sɛ wɔn a aka a wonni anidaso no.’​—1 Tes. 4:13.

Yɛrehwɛ Daakye Paradise Kwan

Wɔ ɔkasa a wɔma wɔ ayiase anaasɛ bere a wɔrekyekye obi a ne biribi awu werɛ no mu no, mpɛn pii no, wɔtaa bɔ Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma asase no din. Saa atirimpɔw no ne sɛ paradise turo a ɛyɛ Eden no bɛtrɛw akata asase mu no nyinaa so, (Gen. 1:28) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn atirimpɔw renyɛ ɔkwa da. Ɛyɛ nokware sɛ ɔmaa kwan ma pɛ a adesamma nyɛ kɔɔ so de kosii sɛ ne Ba no baa asase so na ɔde agyede bɛmae de akosi sɛ wɔbɛhyehyɛ ɔsoro ahenni no asi hɔ. Nanso yebetumi anya awerɛhyem a edi mu sɛ wɔbɛsan ahyehyɛ paradise wɔ asase so bio.

Enti awufo a daakye wɔbɛba nkwa mu wɔ owusɔre no mu no behyia asetra a eye kyɛn so koraa​—nea asomdwoe ne mfaso wom​—sen bere a wɔrewu no. Awerɛkyekye bɛn na saa awerɛhyem a Onyankopɔn Asɛm no de ma yi yɛ ma yɛn!

[Mfoni nkutoo na ɛwɔ kratafa 21]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena