Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 4/8 kr. 26-29
  • Barcelona Olimpik Agumadi No​—Anuonyam Bɛn na Ɛde Bae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Barcelona Olimpik Agumadi No​—Anuonyam Bɛn na Ɛde Bae?
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahofama​—Ade a Ɛma Obi Nya Olimpik Agumadi mu Anuonyam
  • Olimpik Anigye ne Anuonyam
  • Nnuru a Wɔnam so Nya Anuonyam No
  • Anuonyam a Ɛtra ho naa
  • Di Nkonim Wɔ Ɔkwan Biara So​—So Ɛne Olympik Honhom No?
    Nyan!—1989
  • Olimpik Nnyinasode Ho Aba Asɛm
    Nyan!—2000
  • Efi Olympia Kɔ Sydney
    Nyan!—2000
  • Olimpik Akansi No, Ebetumi Aka Nnipa Abom Paa Anaa?—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 4/8 kr. 26-29

Barcelona Olimpik Agumadi No​—Anuonyam Bɛn na Ɛde Bae?

Efi spain Nyan! kyerɛwfo hɔ

WƆ JULY 25, 1992 mu no, bɛmatofo koro wu a kanea a ɛhyerɛn yiye atwa ne ho ahyia no yii ne ta. Ɔtoo ne bɛma a ogya wɔ ano no kɔɔ wim anadwo no tee, pɛpɛɛpɛ. Bere a bɛma no resian no, ɛfaa gyatɛn bi a ɛwɔ agumadibea kɛse no atifi so. Olimpik ogya no sɔe. Ná Barcelona Olimpik Agumadi no afi ase.

Ná agumadifo mpem dubiako a wofi aman 172 mu aba rebesi Olimpik Agumadi nkonimbo 1,691 ho kane. Nea ɛne Olimpik Agumadi no agyiraehyɛde hyia no, agumadifo no bɔɔ mmɔ den kɛse sɛ “wɔn ho bɛyɛ hare, wobehuruw kɛse, wɔn ho bɛyɛ den,” asen bere biara a atwam​—na ebinom dii nkonim. Wobu akontaa sɛ nnipa 3,500,000,000 a wɔhwɛ Television na wonyaa nkonimdi ne huammɔdi ahorow no mu kyɛfa.

Ɛwom sɛ bere a agumadifo nya din no nkyɛ de, nanso Olimpik Agumadi nkonimdi tumi ma obi nya anuonyam ne ahonyade. Ná ɛte saa ara wɔ Barcelona Olimpik Agumadi no mu. Ná agumadifo a wɔagye din afi ase regye dɔla ɔpepem pii dedaw, denam nneɛma a wɔde di agoru, mpaboa a wɔde tu mmirika, kyikyi a wɔhyɛ wɔ awia mu, mfiri te sɛ Television ne radio mpo a wɔmaa wɔde wɔn din too so so.

Ahofama​—Ade a Ɛma Obi Nya Olimpik Agumadi mu Anuonyam

Ɛwom sɛ ɛte sɛ nea ɛnyɛ den mma agumadifo pii​—titiriw apɔw-mu-teɛteɛfo (te sɛ wɔn a wobu afuni) ne wɔn a wɔtow wɔn ho to nsu mu wɔ ɔkwan pɔtee bi so​—sɛ wɔbɛyɛ nneɛma akɛse de, nanso mfe dodow mu ntetee a ɛyɛ den na ɛma wotumi tu mpɔn saa. Ebinom fii ase nyaa ntetee fi bere a wodii mfe anum. Sɛ ogumadifo bi betumi adi nkonim a, ɛsɛ sɛ ɔma agumadi di kan korakora.

Martín López Zubero a ɔyɛ Spaini osuguarefo a odii nkonim wɔ 200 mita asuguare a wɔde wɔn akyi kɔ no mu kae​—ebia oguguu mu kakra​—sɛ: “M’asetra mu nkyekyem abiɛsa biara mu biako na madi wɔ nsu mu.” Ne ntetee nhyehyɛe no fi ase anɔpa nnɔnnum, na obu akontaa sɛ wɔ bɛyɛ nea ɛboro afe biako kakra mu no, waguare nsu bɛyɛ Kilomita 8,000.

Ntetee yɛ amanehunu, na ɛnyɛ nneɛma bi a obi de kame ne ho ara kwa. Jackie Joyner-Kersee, a onyaa sika nkonimbo wɔ agumadi a ɛwɔ afã ahorow ason mu wɔ Seoul ne Barcelona no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Akansi yɛ anigyede. Ntetee nte saa. . . . Bisa ogumadifo biara: yɛn nyinaa pira bere nyinaa. Mereka akyerɛ me nipadua sɛ ɛnyɛ nnwuma ahorow ason. Minntumi nhwɛ kwan sɛ nipadua no nte yaw nka.” Apɔw-mu-teɛteɛfo titiriw na ɛsɛ sɛ wogyina mu pintinn. Ɛsɛ sɛ wɔkɔ so nya ntetee mprenu da koro, ɛmfa ho yaw a wɔte esiane abakɔn anaa nannweaa a ahuan, ntini a emu atwe, ne eti kasae a dwumadi dodow ama emu abu mpo nti no. Nanso awiei koraa no, saa ahofama no ma wonya nkonimdifo ne biribi a nkurɔfo hwɛ de gye wɔn ani.

Olimpik Anigye ne Anuonyam

Akyinnye biara nni ho sɛ Olimpik Agumadi no hwɛ a ɛyɛ fɛ no de anigye ba. Ɛde ahurusidi pii brɛ nnipadɔm no, na ɛhɔ na wɔkyerɛ agumadi mu mmɔdenbɔ a ɛyɛ nwonwa. Ná Barcelona de no te saa ara.

Apɔw-mu-teɛteɛfo a ofi Belorusia, Vitali Scherbo nyaa sika nkonimbo awotwe a wobetumi anya no mu asia, wɔ mmarima apɔw-mu-teɛteɛ no mu, a ɛyɛ nea ɛsen biara. Chinani apɔwmu-teɛteɛfo Xiaosahuang Li bu faa so mprɛnsa maa ɛyɛɛ ahodwiriw wɔ apɔwmu-teɛteɛ a wɔnso biribiara mu no mu. Wɔbɛkɔ so akae Carl Lewis wɔ Olimpik Agumadi abakɔsɛm mu sɛ obi a wadi nkonim wɔ long jump mu atoa so mprɛnsa. Ɔkwan foforo so no, Yuko Arimori, Japanni a onyaa dwetɛ nkonimbo wɔ mmea mmirika tenten no mu no nam amanne kwan so ade a ɔyɛe so nyaa nkamfo. Ɛmfa ho sɛ na wabrɛ no, otwaa agumadibea no ho hyiae, bɔɔ ne mu ase sɛnea Japanfo yɛ, maa nkurɔfo kuw no, ne afei nkonimdifo no.

Adwumayɛkuw a wofi aman pii mu ahu aguadi a ebetumi afi Olimpik Agumadi mu aba no. Wɔnam agumadi no ankasa, anaa ɔman Olimpik Agumadi kuw ahorow a wogyina akyi no so nya Olimpik Agumadi mu anuonyam

Nnuru a Wɔnam so Nya Anuonyam No

Ɛnyɛ ntetee a wɔkɔ so nya ne mmɔdenbɔ a efi awosu mu​—ɛmfa ho sɛnea ɛho hia no​—nkutoo ne nea Olimpik Agumadi nkonimdi gyina so. Agumadifo pii de nnuru di dwuma na aboa wɔn ma wɔatumi asi kane. Nnuru no betumi ayɛ nea ɛma ntini yɛ kɛse anaa nea ɛboa onyin a, ɛma wɔn ho yɛ den (wɔn a wɔma nneɛma a emu yɛ duru so anaa wɔtow nneɛma na wɔtaa de di dwuma) ; beta blockers a ɛmma koma mmɔ ntɛmntɛm (na amma mmɛmatofo ne atuotofo antow amfom) ; anaa erythropoietin na ama wɔanya mogya nkwammoaa kɔkɔɔ pii (ehia ma wɔn a wɔka baesekre ne wɔn a wotu mmirika tenten) .

Ɛwom sɛ agumadifo nim asiane a ɛwɔ nnuru a wɔabara mu de, nanso wohyia ɔhyɛ kɛse sɛ wɔde bedi dwuma. Germanni ogumadifo Gaby Bussmann, a na ɔne Birgit Dressel a owui 1987 esiane nnuru ahorow 20 a ɔde dii dwuma no nti, wɔ agumadikuw biako mu no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Agumadi afã bi wɔ hɔ a, sɛ woamfa nnuru anni dwuma a ɛyɛ den sɛ wobɛfata ama Olimpik Agumadi no.”

Agumadifo no akyerɛkyerɛfo taa boa wɔ nnuru a wɔde di dwuma mu; wobetumi mpo ayɛ wɔn a wɔkamfo kyerɛ. Kan Apuei Fam Germanfo kyerɛkyerɛfo Winfried Heinicke gye tom sɛ: “Meka kyerɛɛ wɔn sɛ sɛ wopɛ sɛ wokɔ Olimpik Agumadi no bi a, ɛsɛ sɛ woyɛ eyi [wofa nnuru].” Ɛda adi sɛ nkonimdi som bo ma wɔn a wosi kane no pii sen nokwaredi​—sen wɔn akwahosan mpo. Nnansa yi nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ agumadifo a wɔbɔ mmɔden yiye ho no kyerɛe sɛ ɔha biara mu nkyem 52 na ɛdaa adi sɛ wonyaa aduru bi a ɛbɛma wɔadi nkonim ɔkwan biara so a, anka wɔde bedi dwuma, sɛ wobenya mmɔdenbɔ mu anuonyam kɛse mfe anum, na akum wɔn mpo a.

Wɔpam Britaniani mmirikatufo hoɔharefo, Jason Livingston aniwu mu fii Barcelona, bere a wohui sɛ ɔde nnuru adi dwuma no. Harry Reynolds a ofi United States, a na ɔno na watu 400 mita mmirika no ntɛm asen obiara wɔ wiase nyinaa no antumi antu mmirika wɔ agumadi no ase. Nhwehwɛmu a ɛmaa wohui sɛ ɔde nnubɔne adi dwuma wɔ 1990 mu no maa wɔbaraa no mfe abien, a ɛnyɛ Olimpik Agumadi nkonimbo a anka obetumi anya nko na ɔhweree, na mmom dɔla ɔpepem pii a sɛ wogyinaa n’akyi a anka obenya no nso.

Nanso, wɔn a wɔde nnuru di dwuma no mu dodow no ara na wonhu wɔn. Ɛmfa ho sɛ wɔyɛɛ nnuru ho nhwehwɛmu ahorow bɛyɛ 2,000 no, agumadifo a wonni nokware pii faa wɔn ho dii denam nnuru a dwensɔ mu nhwehwɛmu ntumi nna no adi a wɔdan kɔɔ so no so. Spain atesɛm krataa El País kae sɛ: “Nkonimdi ne sika ho anibere ada wiase a aduru sum bi a ayɛ den sɛ wobehu nsonsonoe a ɛda abrabɔ ho mmara ne nkontompo ntam adi.”

Nokwarem no, wɔn a wonyaa nkonimbo pii dii nkonim, ɛnyɛ nnubɔne a wɔde dii dwuma nti, na wɔn ho a wɔde bɔɔ afɔre mfe pii nti. So afɔrebɔ ahorow no fata?

Anuonyam a Ɛtra ho naa

Gail Devers a wɔnhwɛ kwan nanso odii nkonim wɔ mmea 100 mita mmirika no mu no dii ahurusi wɔ ne nkonimdi no akyi. Ɔkae sɛ: “Sɛ obi wɔ hɔ a ogye di sɛ daeso tumi ba mu a, ɛyɛ me.” Nea ennu mfe abien ansa na eyi resi no, na ontumi nnantew, na na wɔresusuw ho sɛ wobetwitwa ne nan abien nyinaa esiane nsɛnnennen a wohyiae wɔ ne Graves ɔyare no ayaresa mu no nti. Pablo Morales, a na wagyae asuguare asan afi ase afe pɛ mu, na onyaa sika nkonimbo wɔ 100 mita butterfly no mu no pene so saa. Ɔkae sɛ: “Awiei koraa no eduu me so, ɛyɛ ɔdae a abam.”

Akyinnye biara nni ho sɛ agumadifo mu dodow no ara ntumi nni nkonim da. Ɛyɛ nokware, ebinom te nka sɛ “ɛnyɛ nea ehia wɔ Olimpik Agumadi mu ne sɛ wubedi nkonim na mmom sɛ wubenya mu kyɛfa.” Nanso agumadifo afoforo a wɔhwɛɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ nkonimdifo no san kɔɔ fie a nea wɔhwɛɛ kwan no ammam. Ná Ibragim Samadov a ɔma nneɛma a emu yɛ duru so wɔ akwanhwɛ a emu yɛ den sɛ obenya sika nkonimbo​—nanso ɔtoo so abiɛsa wɔ ne dwumadi no mu. Osii apini sɛ: “Sɛ minyaa sika nkonimbo a, anka metumi ama m’asetra ayɛ yiye, asua biribi de ayɛ adwuma, aboa m’abusua. Mprempren minhu nea menyɛ.” Na nkonimdifo mpo hyia ɔhaw, bere a wɔn mmɔdenbɔ fi ase brɛ ase no.

Kan Soviet tɛnisbɔfo Anna Dmitrieva kae sɛ: “[Soviet] agumadi ahyehyɛde no ansusuw nkurɔfo ho. Nea wodwen ara ne sɛ: ‘Wopɛ a kɔ, na yebenya wo so nnipa 10.’” Saa ara na Henry Carr a onyaa sika nkonimbo abien wɔ Tokyo wɔ 1964 mu no gye toom sɛ: “Sɛ obi sen afoforo nyinaa mpo a, ɛyɛ nnaadaa. Dɛn ntia? Efisɛ ɛnkyɛ, na abotɔyam ankasa nso nnim. Afoforo si mmɔdenbɔfo anan mu ntɛmntɛm, na werɛ taa fi wɔn.”

Wontumi mfa Olimpik Agumadi anuonyam a ɛnkyɛ no ntoto asetra a enni awiei a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn a wɔsom no bɔ ho. Saa akyɛde yi hwehwɛ honhom mu ntetee, ɛnyɛ agumadi mu ntetee. Enti Paulo kyerɛw Timoteo sɛ: “Na ɔhonam mu mmɔdenbɔ [nea ɛkyerɛ ankasa ne “apɔw-mu-teɛteɛ”] so mfaso sua, na onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.”​—1 Timoteo 4:8.

Olimpik Agumadi no kamfo mfaso a ɛwɔ ɔhonam mu mmɔdenbɔ so​—a ɛnkyɛ wɔ tebea a eye sen biara mu. Wɔkyerɛ wiase no nea agumadifo nam ahofama ne nneɛma a wɔde kame wɔn ho so betumi ayɛ. Su horow yi ho hia nso na obi atumi adi nkonim wɔ Kristofo mmirikatu no mu. Nea ɛnte sɛ Olimpik Agumadi fã biara no, eyi de mfaso a ɛtra hɔ daa bɛbrɛ wɔn a wowie mmirikatu no nyinaa. Enti, ɛnsɛ sɛ Kristofo suasua agumadifo no, na mmom Yesu Kristo, denam ‘wɔn ntetee a wobewie,’ ne ‘boasetɔ a wɔde betu wɔn mmirika no’ so.​—1 Petro 5:10; Hebrifo 12:1.

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Wɔn a wɔtow wɔn ho to nsu mu wɔ ɔkwan pɔtee bi so a wɔresi kane wɔ Olimpik agumadi no mu. Barcelona na ɛwɔ akyi hɔ no

[Asɛm Fibea]

Photos: Sipa Sport

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Apɔw-mu-teɛteɛ a woso dade mu yɛ ho akansi

[Asɛm Fibea]

Photo: Sipa Sport

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Wɔ 100 mita mmirikatu ɛ otwa to mu no, mmirikatufo o ɔwɔ nifa so koraa no na onyaa sika nkonimbo no

[Asɛm Fibea]

Photo: Sipa Sport

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena