Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 1/8 kr. 8-10
  • Agumadi Ne Abusua No—Adwene A Ɛkari Pɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Agumadi Ne Abusua No—Adwene A Ɛkari Pɛ
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kari a Wubekari Pɛ Wɔ Wo Ho a Wode Hyem no Mu
  • Ɔhonam mu Mmɔdenbɔ​—Mfaso wɔ So?
  • Agodi a Yɛde Bɛto Ne Beae a Ɛfata
    Nyan!—1991
  • Ɛsɛ sɛ Mede Me Ho Hyɛ Agumadi Kuw Bi Mu?
    Nyan!—1996
  • Mmofra Agumadi—Basabasayɛ Foforo a Ɛretrɛw
    Nyan!—2002
  • Agodi Mu Nsɛnnennen Nnɛ
    Nyan!—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 1/8 kr. 8-10

Agumadi Ne Abusua No​—Adwene A Ɛkari Pɛ

Agumadi​—Dɛn Nti Na Basabasayɛ Redɔɔso Saa?

“ƆBEA yi de mmirika bae a na ɔreteɛteɛm ka kasa fĩ. Metwee me ho. Otuu ne nan wɔɔ me na otitii me.” Mmuae a efi ɔfoforo no hɔ: “Mekɔɔ hɔ na ɔbea yi tow me twɛre na metuu me nan sɛ mede rewɔ no, obiara annya ne yɔnko. Ɛyɛ me yaw sɛ mannya no. Anka mɛsan ayɛ bio.”

Na ɛno nyinaa fa dɛn ho? So na ɛyɛ mmea a wɔredi apiripiragorɔ? Dabi, na ɛyɛ Canadafo ɛnanom baanu a wɔreham wɔ bɔɔlbɔ akansi bi ho ama wɔn mma mmarima a wɔn mu biara adi mfe 10.

Ebia ɛkyerɛ ɔhaw ahorow a mmofra binom wɔ wɔ agumadi mu no biako​—wɔn awofo. Sɛnea ɛna biako kyerɛw faa ne ba ho a ɔde hyɛ bɔɔlbɔ mu ho no: “Yɛde hyɛɛ yɛn mmofra no mu sɛ anigyede, hokwan bi . . . Na na yɛn na yɛn ani gye ho. Yɛde yɛn nkate ahorow wɔ akansi mu no hyɛɛ mmofra nkumaa a wonnim hwee no mu, na na nea edi hɔ a yenim ne sɛ, wɔrebɔ bɔɔl no a ɛnyɛ sɛ wɔde regye wɔn ani na mmom sɛ wɔbɛma yɛn ani agye.”

Wɔ Australia no “wɔrehyɛ mmofra a afei na wɔadi mfe anum ne asia no ma wɔde wɔn ho ahyɛ agoru ahorow a ne di yɛ den na akansi wom kɛse mu, a ɛmfa ho sɛ wɔ agoru ahorow binom mu no wɔahyɛ sɛ gye sɛ wodi mfe 10 anaa 12 ansa no.” Obenfo W. W. Ewens a ɔwɔ New South Wales kae sɛ adanse no mu “da hɔ sɛ wɔ nipadua mu, adwene mu ne abrabɔ mu no, mmofra nkumaa mfata sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ agumadi akɛse mu.”

Ɛnde dɛn nti na awofo ne nnipa a wɔkyerɛ agodi ahorow hyɛ mmofra no saa? “Awofo yɛ ade ma ɛtra so bere a wobu wɔn mma sɛ wɔayinyin, anaasɛ wɔbɛma wɔayɛ nea wɔpɛ ama wɔn no. Wɔ awofo binom fam no ɛyɛ hokwan a wonya sɛ wɔbɛsan akɔ wɔn mmofra berem,” saa na Dr. Leonard Reich a ɔyɛ mmofra adwene ho ɔbenfo wɔ New York no kae. Ɔhaw a ɛwɔ ho ne sɛ wɔde mpanyimfo gyinapɛn ahorow no di dwuma wɔ wɔn mmofra no agodi ahorow mu. Nea efi mu ba ne sɛ, ade a wɔyɛ de gye wɔn ani no bɛdan anibere!

Kari a Wubekari Pɛ Wɔ Wo Ho a Wode Hyem no Mu

Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛsɛ sɛ awofo ani gye nea wɔn mma yɛ de gye wɔn ani ho, nanso ɛsɛ sɛ wɔn ho a wɔde hyem no yɛ nea ɛkari pɛ na ɛboa. Sɛ́ obi a ɔbɔ mmɔden yiye wɔ bɔɔlbɔ mu no, Bobby Orr kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “M’agya ampiapia me sɛ menkɔbɔ da. Mebɔe esiane sɛ m’ani gye ho sɛ mɛbɔ nti.” Vincent Chiapetta a ɔkyerɛ ammirikatu wɔ New York ka fa ne su wɔ ne babarima ho sɛ: “Ɛwom sɛ na mewɔ mmirikatu mu de, nanso mammɔ mmɔden sɛ mɛhyɛ me ba no ma watu mmirika. Mekɔhwɛɛ wɔn agoru ahorow efisɛ ɔyɛ me ba na ɛyɛ m’asɛyɛde. Nanso bere a mihui sɛ nea ɔkyerɛ wɔn mmirikatu no rehyɛ mmofra no, meka kyerɛɛ no sɛ merema me ba no agyae. Mema ɔtee ase sɛ wɔ me fam no ɛnyɛ ade a ehia titiriw ne nkonim a obedi. Eyi yɛ agoru ara kwa.”

Na dɛn na mmofra susuw bere a Ɛna ne Agya ne mmofra no bom fi adi kodi agoru no? Rick Rittenbach, a ɔyɛ mmofra baasia mu biako kae sɛ: “Esiane sɛ yɛyɛ baasia nti, mpɛn pii yɛde bɔɔl na edi agoru. Na minim sɛ, sɛ Ɛna ne Agya ka ho a, obiara ani gye. Na ɛda adi sɛ wɔn ani gyei nso. Migye di sɛ ɛyɛ nneɛma ahorow pii a ɛkaa yɛn boom sɛ abusua no mu biako.”

Agodi ahorow mu kyɛfa a wonya betumi ayɛ apɔw-mu-teɛteɛ ama obiara, a mfe a wadi mfa ho. Nanso mmofra titiriw bu agorudi sɛ ade titiriw, na sɛ wɔde awofo ntam abusuabɔ pa ka ho a mfaso a efi mu ba no yɛ pii. Afei wunya abusua a anigye, ahoɔden ne biakoyɛ wom. Nanso dɛn na ɛde tebea yi ba? Kari a wubekari pɛ. Ɛsɛ sɛ agoru ahorow no yɛ nea wɔde gye wɔn ani ara kwa na ɛnyɛ nea ɛde akansi anaa mpaapaemu ba.

Ɔhonam mu Mmɔdenbɔ​—Mfaso wɔ So?

So Bible no de akwankyerɛ pa ma wɔ agorudi ho?

Nea edi kan no, momma yɛnhyɛ Bible no afotu titiriw a ɛsom bo no nsow: “Momma nnipa nyinaa nhu mo dwo [anaa ‘anidahɔ’]!” (Filipifo 4:5) Eyi kyerɛ adwene a ɛkari pɛ wɔ nneɛma nyinaa mu. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo a na ɔwɔ ne bere so Helafo a wɔpɛ ammirikatu mu akansi mu no, kyerɛw kɔmaa Kristoni aberantewaa bi sɛ: “Bɔ onyamesom pa ho mmɔden; na ɔhonam mu mmɔdenbɔ so mfaso sua, na onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu.” (1 Timoteo 4:7, 8) Nkyerɛase foforo de ba sɛ: “Honam mu mmɔdenbɔ de mfaso kakraa bi na ɛba.”​—The New English Bible.

Ɛnde, sɛ mfaso no sua de a, so nyansa wom sɛ wode agumadi bɛyɛ biribi a woahyira wo bere nyinaa so ama? So nneɛma a ɛsom bo ankasa wɔ asetra mu no gyina agumadi so? Na, dɛn, sɛ agoru no ne Kristofo nnyinasosɛm atitiriw bɔ abira, te sɛ ‘dɔ wo yɔnko sɛ wo ho’ anaasɛ ‘nea wopɛ sɛ afoforo nyɛ mma wo no wo nso yɛ wɔn saa ara’ nso ɛ? So ɛno bɛbrɛ wo honhom mu yiyedi ase? So Korintofo Nhoma a Edi Kan mma mmuae sɛ Yiw?​—“Momma wɔnnnaadaa mo! Nkɔmmɔ bɔne sɛe ɔbra pa.”

Bere a agoru a wɔde gye wɔn ani de “mfaso kakraa bi” na ɛba no, ɛsɛ sɛ obi ma n’ani da hɔ wɔ asiane ahorow a ebetumi aba bere a ɛyɛ biribi a anibere wom kɛse no ho. Bible no de akwankyerɛ ma wɔ eyi ho: “Mommma yɛmmpɛ anuonyanhunu nnyiyi yɛn ho abufuw nntentan yɛn ho.” (Galatifo 5:26) Yɛn asɛm a edi kan no kyerɛɛ sɛnea akansi a emu yɛ den betumi de basabasayɛ aba. Akansi honhom a ɛtra so sɛe anigye a ɛwɔ agoru mu no pii, efisɛ nkonim a wobedi bɛyɛ ade a ɛho hia titiriw.

Nkyerɛase afoforo de saa kyerɛwsɛm no ba sɛ: “Ɛnsɛ sɛ yɛhwehwɛ anuonyam a ɛho nhia.” (Barclay) “Ɛnde ɛho renhia sɛ yɛhwehwɛ anuonyam ne din.” (The Living Bible) Anigye a ɛwɔ nkonimdi wɔ agumadi mu no na ɛtwetwe mmofra kɔ mu. Wɔpɛ sɛ wogye din, wodi nkonim, wɔ nnipa no nyinaa mu. Wɔ pii fam no, ɛno yɛ ade a wɔn nsa ntumi nka. Wɔ kakraa a wotumi yɛ saa no fam no, nea efi mu ba no yɛ den, ɛtaa yɛ den dodo. Darryl Stingley a na anka ɔyɛ bɔɔlbɔfo wɔ Amerika no nso nim no saa yiye. Hyia a ɔne obi hyiaa mu wɔ August 1978 mu no na ama fi saa bere no wabubu fi ne kɔn besi fam no.

Heitor Amorim, Brazilni bɔɔlbɔfo a wagye din no da asɛm no adi sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wo werɛ fi sɛ ɛyɛ nnipa kakraa bi na wogye din na wonya nidi ahorow a nkonimdi de ba no. Sɛ onipa biako di nkonim a mpempem pii a aka no ho yeraw wɔn. Wogyae wɔn adesua ahorow, wodi nkogu wɔ agumadi no mu​—afei ɛka dɛn? Ɛnka hwee. Obiara mpɛ obi a wadi nkogu nnɛ.”

Enti, afei sɛnea ɛte no, dɛn ne afotu pa a ɛsɛ sɛ wodi akyi wɔ agumadi mu? Yɛbɛma kan Australiani bɔɔlbɔfo Peter Hanning (ɔde yɛɛ n’adwuma fi 1964-75 maa Swan Districts) ama saa asemmisa no ho mmuae: “Afotu a mede ma mmofra ne sɛ, Monyɛ nea mode teɛteɛ mo apɔw mu no ara.” Agumadi ahorow no yɛ agoru a ɛbɛma w’apɔw mu ayɛ den na ama woanya anigye. Nanso agoru a wɔde yɛ adwuma a wodi de gye akatua no nso yɛ asɛm foforo. Ɛsɛ sɛ wode wo ho nyinaa hyem, wo ho so koraa a wubehyira ama. Na nea ɛde ba no ho asɛm yɛ den​—abusuabɔ nyinaa, sɛ́ ɛyɛ nnipa ntam de anaasɛ Onyankopɔn de yɛ basaa. Wobɛyɛ obi a w’ani gye anuonyanhunu, abrabɔ bɔne, anibere, ahantan ne amim ho. Na woyɛ obi a wubetumi adi dɛm bere biara. Anaasɛ ebia nea ɛsen saa mpo wɔ obi a ɔwɔ ahonim fam no, obi foforo a wubepira no kɛse. Pira ahorow a m’ankasa mapira yɛ pii, nketewa ne akɛse. Na sɛ mede toto ebinom de ho a, mede no yɛ ketewaa bi!”

Enti bere a ɛyɛ nokware sɛ “mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden” (Mmebusɛm 20:29) no, ɛsɛ sɛ yɛkae nso sɛ asetra mu abusuabɔ ahorow nyɛ nea egyina ahoɔden so na mmom egyina nyansa so. Enti nya agoru ahorow mu anigye wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ so. Ma ɛnkanyan wo, nanso mma ennya wo so tumi. Ma ɛnteɛteɛ w’apɔw mu, nanso mma ɛmfa wo nnommum.

[Kratafa 10 mfoni]

“Bodily training is beneficial for a little.”—1 Timothy 4:8

“Ɔhonam mu mmɔdenbɔ so mfaso sua.”​—1 Timoteo 4:8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena