Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 12/1 kr. 5-7
  • Onyankopɔn Bɛn Na Ɛsɛ Sɛ Wosom No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Bɛn Na Ɛsɛ Sɛ Wosom No?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ɔhyɛ Atoro Anyame no Nyinaa Akyi
  • Aba a Ɔsom a Ɛmfata Asow
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wosom Yehowa Nyankopɔn?
  • Yɛn Adamfo Pa Wɔ Ahonhom Atrae
    Nyan!—1996
  • Henanom Na Wɔte Ahonhom Atenae Hɔ?
    Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa Mu No—So Woahu?
  • Henanom Som Na Onyankopɔn Gye Tom?
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Som Onyankopɔn Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 12/1 kr. 5-7

Onyankopɔn Bɛn Na Ɛsɛ Sɛ Wosom No?

NEA edi kan no, hena ne Onyankopɔn biako a ɔno nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔsom no no? Bible no de mmuae a emu da hɔ ma. Adiyisɛm nhoma no ka sɛ: “[Yehowa], wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.” (Adiyisɛm 4:11) Yiw, Yehowa, Ɔbɔadeɛ no, nkutoo ne Onyankopɔn a ɔfata sɛ yɛsom no. Dɛn ntia? Ɛrenkyɛ yɛbɛba saa asemmisa yi so. Nanso ma yenni kan nka anyame afoforo a adesamma som wɔn no ho asɛm.

Nea Ɔhyɛ Atoro Anyame no Nyinaa Akyi

Ɛwom sɛ nnipa som anyame pii de, nanso nokwasɛm no ne sɛ ɔsom nyinaa a wɔde ma anyame nyinaa wɔ amanaman no mu nyinaa​—wɔ ɔsom a wɔde ma Yehowa, ɔbɔadeɛ no akyi​—no di onyame biako pɛ atirimpɔw ho dwuma. Ɔkwan bɛn so? Kenkan ɔsomafo Paulo nsɛm a ɔka kyerɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Korinto no. Wɔ saa kuropɔn no mu no, na wɔsom anyame pii, efi Afrodito a ɔma abrabɔ biara ho kwan so kosi Aesculapio, wɔn ayaresa nyame no so. Nanso Paulo kyerɛɛ sɛ nokwarem no, tumi bɔne biako pɛ na na ɔhyɛ saa anyame no nyinaa akyi. Ɔkyerɛwee sɛ: “Afɔre a [amanaman no] bɔ no, wɔbɔ ma ahonhommɔne na ɛnyɛ Onyankopɔn.” (1 Korintofo 10:20) Yiw, na Korintofo abosonsomfo no som ahonhommɔne.

Ahonhommɔne no nyaa wɔn mfiase wɔ atuatew mu. Wɔn mu odikanfo ne ɔkɛse ne ɔbɔfo a ɔdaadaa Hawa ma obuu Onyankopɔn mmara so wɔ Eden turo mu no. (Genesis 3:1-6; Yohane 8:44) Wɔ saayɛ mu no, abɔde yi tew Ɔbɔadeɛ no tumidi so atua. Ɛno akyi no, wɔbɛfrɛɛ no Satan, a ɛkyerɛ “Ɔsɔretiafo.” Akyiri no, honhom abɔde afoforo bɛkaa ne ho wɔ atuatew no mu. Wɔn nso bɛyɛɛ ahonhommɔne, na wɔda Satan adi sɛ “ahonhommɔne panyin.” (Mateo 12:24, 26) Wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, wɔfrɛ saa ahonhommɔne yi sɛ Satan “abɔfo.” (Adiyisɛm 12:7) Enti ahonhommɔne som ne Satan som yɛ ade koro.

Satan wɔ nkɛntɛnso kɛse. Ɔsomafo Yohane kae sɛ “wiase nyinaa” da ne tumi mu, na Paulo frɛɛ no “wi yi ase nyame.” (1 Yohane 5:19; 2 Korintofo 4:4) Enti, Yehowa akyi no, ɔsom a wɔde ma onyame foforo biara no yɛ nea wɔde ma Satan. Anyɛ yiye koraa no, edi Satan atirimpɔw ahorow ho dwuma, efisɛ ne botae ne sɛ ɔbɛdaadaa Adam ne Hawa mma nyinaa ma wɔatew Yehowa so atua. Esiane sɛ Satan ‘redaadaa amanaman nyinaa’ nti, ɛda adi sɛ watumi adaadaa pii. (Adiyisɛm 12:9) Nanso ɛnyɛ nnipa nyinaa. Nnipa ɔpepem pii da so ara wɔ hɔ a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsom Yehowa. Dɛn ntia?

Aba a Ɔsom a Ɛmfata Asow

Ade biako ne sɛ wonim sɛ Yehowa akyi no, ɔsom a wɔde ma anyame afoforo, na ɛnyɛ Yehowa na wɔde ma no no gye pii sen nea wɔpɛ sɛ wɔde ma. Wohuu mmofra amusiei bi wɔ baabi a wotutui de hwehwɛɛ tetefo nneɛma wɔ tete Carthage wɔ Afrika Kusuu fam no. Na mmofra a wɔde wɔn bɔɔ afɔre maa Foinike nyame Baal nnompe wom. Mmofra a wɔde wɔn bɔ afɔre ne ade a ɛyɛ hu a saa Carthagefo no de mae wɔ Baal som mu. Mfinimfini Mmere no mu Katoleksom nso maa nkurɔfo tuaa biribi bere a ɛde amanehunu a enni ano bae wɔ mmeamudua akodi ne atirimɔden asenni a ɛde mogyahwiegu pii bae no mu no. Wokunkum ɔpepem pii amanne kwan so wɔ Incafo anyame no som a ɛkɔɔ so wɔ Amerika ansa na Colombus rekɔ hɔ no mu.

Wɔ nnɛ mmere yi mu no, ɔsom ahorow ahorow akunkum nnipa pii wɔ India, na wɔama ammamui mu ɔhaw ahorow a anibere wom aba wɔ Mfinimfini Fam Apuei ne Northern Ireland. Ɛsɛ sɛ wɔde nneɛma ho nimdeɛ a wonni, gyidi hunu, ne ehu ka nea onipa atua wɔ anyame pii a ɔsom wɔn ho no ho.

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wosom Yehowa Nyankopɔn?

Ɔkwan foforo so no, Yehowa som de mfaso nkutoo na ɛba. Ade biako ne sɛ ɔne “nea ɔte ase daa daa a ɔbɔɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ mu ne asase ne nea ɛwɔ mu ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu no.” (Adiyisɛm 10:6) Enti ɛsɛ sɛ yɛsom no efisɛ ɔne yɛn Bɔfo.

Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛsom Yehowa efisɛ ne su horow no to nsa frɛ yɛn sɛ yɛnsom no. Ɔsomafo Yohane kae sɛ “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Ɔbarima ɔnokwafo Hiob kae sɛ ‘Onyankopɔn yɛ koma mu nyansafo ne tumi mu hoɔdenfo.’ (Hiob 9:4) Mose tow ne ho dwom sɛ: “Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.” (Deuteronomium 32:4) Hena na ɔbɛtwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn a ɔte sɛɛ?

Afei nso, Bible no ka sɛ: “Onyamesom pa [ahofama] ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.” (1 Timoteo 4:8) Eyi yɛ nokware dɛn ara! Yehowa hwehwɛ nea eye ma adesamma. Ɔde asase no maa n’abɔde sɛ wɔn fie fɛfɛ, na ɔyɛɛ nsiesiei a ɛdɔɔso sɛnea ɛbɛyɛ a asetra bɛyɛ nea anigye wom. Onipa atuatew nyinaa akyi no, Onyankopɔn akɔ so ama nkwa atra asase yi so, na ɔma adesamma nyinaa nya wɔn honam fam ahiade ahorow bere a “ɔma ne wia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔma osu tɔ gu wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ so.”​—Mateo 5:45.

Nanso ‘nkwa a ɛwɔ hɔ yi ho bɔhyɛ’ no kɔ akyiri. Onyankopɔn som ma ahotɔ ne akomatɔyam. Ɛno ne nea wɔbɔɔ yɛn sɛ yɛnyɛ. Na Onyankopɔn boa wɔn a wɔde nokwaredi som no no ma wodi yiye wɔ asetra mu. Ɔnam Bible no so de akwankyerɛ ma ahokwafo, awarefo, mmofra​—nnipa ahorow nyinaa. Ɔma yenya nyansa a wotumi de ho to so na ɛyɛ adwuma, na aboa wɔ tebea horow nyinaa mu ma yɛatumi adi nsɛnnennen a ɛba esiane sɛ yɛte wiase a ɛwɔ Satan nkɛntɛnso ase mu sɛ nnipa a wɔtɔ sin no nti no ho dwuma. Sɛ yɛsom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so a, yebetumi anya “asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no.”​—Filipifo 4:7.

Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow wɔ ha nso ne “nkwa a . . . ɛrebɛba no ho bɔhyɛ” no. Yesu ka kyerɛɛ Farisini Nikodemo sɛ: “Na sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Daa nkwa! Wɔ Yehowa akyi no, onyame bɛn na obetumi ahyɛ ade a ɛte saa ho bɔ na afei wadi ne bɔhyɛ so? Wɔde sɛnea wɔn a wɔn nsa bɛka saa akyɛde kɛse no tebea bɛyɛ awiei koraa no no nkyerɛkyerɛmu ma wɔ Adiyisɛm: “[Onyankopɔn] bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 21:4, 5) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ nkwa a ɛrebɛba no ho akwanhwɛ ahorow no ma yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛsom Yehowa!

Ɛnde, Onyankopɔn bɛn na ɛsɛ sɛ yɛsom no? Yehowa, Ɔbɔadeɛ no nkutoo. Anyame nyinaa mu no, ɔno nkutoo na nsɛm a edi so yi fa ne ho: “[Yehowa] Nyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ, wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa. Amanaman hene, w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware. [Yehowa], hena na ɔrensuro wo na ɔnhyɛ wo din anuonyam? Efisɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkotow w’anim, efisɛ w’asɛntrenee ada adi.” (Adiyisɛm 15:3, 4) Wɔn a wogye odwontofo no afotu a edi so yi so no yɛ anyansafo dɛn ara: “Mommra mma yemmutuw nkotow nsɔre [Yehowa], yɛn yɛfo anim”!​—Dwom 95:6.

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Anyame a Satan adaadaa adesamma ma wɔsom wɔn no binom

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Ɛsɛ sɛ nkwa a ɛrebɛba no ho akwanhwɛ ahorow ma yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛsom Yehowa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena