Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 9/1 kr. 4-7
  • Nokware Kristofo Di Wɔn a Mfe Akɔ Anim no Ni!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokware Kristofo Di Wɔn a Mfe Akɔ Anim no Ni!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Sɔre’ Wɔn A Wɔn Mfe Akɔ Anim No Anim
  • Di a Yebedi Wɔn Ni ‘Ma Aboro So’
  • Yehowa Dwen N’asomfo A Wɔn Mfe Akɔ Anim Ho Ɔdɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Kristofo Mmusua Boa Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Dwen Fɛ a Ɛyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nnipa A Wɔn Mfe Akɔ Anim A Yɛbɛhwɛ Wɔn—Kristofo Asɛyɛde
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 9/1 kr. 4-7

Nokware Kristofo Di Wɔn a Mfe Akɔ Anim no Ni!

NHWEHWƐMUFO Suzanne Steinmetz ka sɛ: “Wɔn a wɔn mfe akɔ anim no adu wɔn sikasɛm mu asetra a abasow wom, a ɛno so na yɛn amammerɛ gyina de kyerɛ sɛnea ankorankoro som bo na ɛma wɔde nidi, dibea, obu ne akatua ahorow ma wɔn no awiei.” Enti adwene a nnɛyi adesamma abusua no wɔ wɔ wɔn a wɔn mfe akɔ anim ho no nye. Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛtaa kenkan sɛ wobu ani gu wɔn so na wɔyɛ wɔn ayayade.

Nanso, adwene bɛn na Bible no wɔ wɔ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho? Onyankopɔn Asɛm no gye tom wɔ nokwarem sɛ nkwakoraabɔ anaasɛ mmerewabɔ yɛ ade a ɛyɛ den. Odwontofo no bɔɔ mpae sɛ: “Ntow me nkyene nkwakoraabere, na sɛ m’ahoɔden sa a, nnyaw me.” (Dwom 71:9) Wɔ ne nkwakoraaberem no, ɔtee nka sɛ ohia Yehowa mmoa kɛse sen bere biara. Na adwene a Bible no kura no ye bere a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛma yɛn ani kũ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ahiade ahorow ho no.

Ampa, Salomo ka nkwakoraabere ho asɛm sɛ “nna bɔne’” a obi ‘ani rennye ho.’ (Ɔsɛnkafo 12:1-3) Nanso wɔde “onyinkyɛ ne nkwa mfe” nso bata nhyira a efi Onyankopɔn hɔ ho wɔ Bible no mu. (Mmebusɛm 3:1, 2) Sɛ mfatoho no, Yehowa hyɛɛ Abraham bɔ sɛ: “ Na wo de, . . . wobesie wo nkwakoraabere pa mu.” (Genesis 15:15) Nokwarem no, na ɛnyɛ nea Onyankopɔn rebu ɔnokwafo Abraham fɔ akɔ “nna bɔne” a ɛyɛ awerɛhow mu a ɔrentumi ‘nnya anigye biara.’ Abraham nyaa asomdwoe ne anigye wɔ ne mfe a etwa to no mu na ɔde akomatɔyam buu kɔmpɔw hwɛɛ asetra a ɔde som Yehowa no. Otumi hwɛɛ “kurow a ɛwɔ nhyɛase” a ɛne Onyankopɔn Ahenni no nso kwan. (Hebrifo 11:10) Enti owui a na “wabɔ akwakoraa, na mfe amee no.”​—Genesis 25:8.

Ɛnde, dɛn nti na Salomo frɛɛ nkwakorabere sɛ “nna bɔne”? Na Salomo reka akwahosan a ɛkɔ so sɛe a ɛba wɔ nkwakoraberem ho asɛm. Nanso, nea ‘ɔnkae ne bɔfo ne mmerantebere mu’ no hu sɛ ne nkwa nna a etwa to no yɛ nea ɔhaw wom titiriw. (Ɔsɛnkafo12:1) Esiane sɛ obi a ne mfe akɔ anim a ɔte sɛɛ asɛe ne nkwa nti, ‘onni anigye’ wɔ ne nkwa nna a etwa to no mu. Ebia n’amumɔyɛ asetra kwan no ma ohyia nipadua mu ɔhaw a ɛma nkwakoraabere mu amanehunu ahorow yɛ kɛse no mpo. (Fa toto Mmebusɛm 5:3-11 ho.) Enti sɛ ɔhwɛ n’anim a, onhu daakye biara na mmom adamoa. Obi a ɔde ne nkwa asom Onyankopɔn nso hu “nna bɔne” bere a ne nipadua yɛ mmerɛw no. Nanso te sɛ Abraham no, obetumi anya anigye ne akomatɔyam wɔ ne nkwa a ɔde adi dwuma yiye ne n’ahoɔden a aka a ɔde redi dwuma wɔ Onyankopɔn som mu no mu, Bible no ka sɛ: “Abotiri a ɛyɛ fɛ ne dwen, wohu trenee kwan so.”​—Mmebusɛm 16:31.

Nokwarem no, mfaso bi wɔ nkwakoraabɔ so. Salomo ka sɛ: “Mmofraase ne mmerantebere yɛ ahuhude.” Bere a ebia mmofra wɔ apɔwmuden kɛse no, mpɛn pii wonni osuahu ne atɛmpa. Nanso, nkwakoraabɔ ma obi nya asetra a osuahu wom. Obi a ne mfe akɔ anim ‘ma awerɛhow pare ne honam’ esiane sɛ ɔnte sɛ abofra a ɔde nkate yɛ ade a ɔtaa de ahopere kɔhyɛn awerɛhow mu no nti. (Ɔsɛnkafo 11:10; 2 Timoteo 2:22) Esiane eyi nti, Salomo tumi kae sɛ: “Nkwakoraa ahoɔfɛ ne dwen.”​—Mmebusɛm 20:29.

Enti Bible no di wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ni. Ɔkwan bɛn so na eyi ka ɔkwan a Kristofo fa so ne wɔn di no?

‘Sɔre’ Wɔn A Wɔn Mfe Akɔ Anim No Anim

Onyankopɔn yɛɛ obu a wɔbɛkyerɛ ama wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ɔman ahyɛde wɔ Israel. Mose Mmara no kae sɛ: “Sɔre atifi dwen anim, na di akwakoraa anim ni.” (Leviticus 19:32) Ɛda adi sɛ akyiri yi Yudafo no buu mmara yi aniani. Ɔbenfo Samuel Burder ka wɔ ne nhoma a wɔfrɛ no Oriental Customs no mu sɛ: “Yudafo akyerɛwfo ka sɛ na ahyɛde no ne sɛ wɔbɛsɔre agyina hɔ bere a wɔadu baabi a ne tenten yɛ basafa anan; na sɛ wɔkɔ ara pɛ a, ɛsɛ sɛ wɔsan tra ase bio sɛnea ɛbɛyɛ te sɛ nea obu a wɔwɔ ma wɔn no nti na wɔsɔree.” Na ɛnyɛ nnipa a wɔwɔ dibea nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu a ɛte sɛɛ ma wɔn. Talmud kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma akwakoraa a onnim de.” Rabi bi kae sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu a ɛte sɛɛ ma akwakoraa a onni nimdeɛ na onnim nhoma no nso. Ɔkae sɛ: “Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wanyin akyɛ no bɛyɛ sɛ efi ne papayɛ bi nti.”​—The Jewish Encyclopedia.

Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nni Mose Mmara no mu ahyɛde ahorow no ase bio. (Romafo 7:6) Nanso eyi nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛ obu titiriw ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no. Eyi da adi wɔ afotu a ɔsomafo Paulo de maa Kristoni ɔhwɛfo Timoteo no mu: “Mpoopoo w’ani nkyerɛ ɔpanyin, na mmom tu no fo sɛ agya, . . . mmea mpanyin sɛ ɛnanom.” (1 Timoteo 5:1, 2) Paulo ka kyerɛɛ aberantewaa Timoteo sɛ ɔwɔ tumi sɛ ɔde “ahyɛde” ma. (1 Timoteo 1:3) Nanso, sɛ obi a wanyin sen no​—ne titiriw, obi a ɔsom sɛ ɔhwɛfo​—di mfomso wɔ atemmu mu anaasɛ ɔka asɛm bi a ɛnteɛ a, ɛnsɛ sɛ Timoteo ‘poopoo’ no sɛ obi a ɔba fam. Mmom no, na ɛsɛ sɛ ɔde obu “tu no fo sɛ agya.” Na ɛsɛ sɛ Timoteo da obu a ɛte sɛɛ ara adi kyerɛ mmea mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu no. Yiw, na ɛsɛ sɛ ɔkɔ so ara ‘sɔre atifi dwen anim.’

Enti Kristosom yɛ ɔsom a ɛkyerɛ obu ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no. Nanso nea ɛyɛ nwonwa no, ayayade a wɔyɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no pii kɔ so wɔ aman a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no mu. Nanso asomfo a wɔda so ara di Bible gyinapɛn ahorow so wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, Yehowa Adansefo ani gye wɔ a wɔn mfe akɔ anim no wɔ wɔn mu no ho; wommu wɔn sɛ adesoa anaasɛ ka. Bere a ebia apɔwmuden kɛse a wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔte sɛɛ nni no mma wontumi nyɛ wɔn ade te sɛ nea wɔyɛ bere bi no, wɔn mu pii wɔ Kristofo adwuma a wɔde nokwaredi ayɛ mfe pii ho kyerɛwtohɔ, na eyi hyɛ Adansefo nkumaa nkuran ma wosuasua wɔn gyidi.​—Fa toto Hebrifo 13:7 ho.

Nanso ɛnyɛ nea wɔhwɛ kwan sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no bɛtra hɔ kwa a wɔnyɛ hwee wɔ asafo no mu. Wɔhyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ nhwɛso pa wɔ ‘wɔn ani so a wɔbɛma ada hɔ, wɔn anim a wɔbɛma ayɛ duru, wɔn adwenem a wɔbɛma atew, den a wɔbɛyɛ wɔ gyidi mu no mu . . . na wommu wɔn bra sɛnea ɛfata nnipa kronkron’ na womfi wɔn pɛ mu mma afoforo nnya wɔn nimdeɛ ne wɔn osuahu no mu mfaso. (Tito 2:2, 3) Yoel hyɛɛ nkɔm sɛ ɛbɛyɛ nea “mpanyin” ka wɔn a wonya Bible mu asɛm a wɔbɔ ho dawuru no mu kyɛfa no ho. (Yoel 2:28) Akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ nea w’ankasa woahu sɛ Adansefo a wɔn mfe akɔ anim no mu pii ani da so ara gye asɛnka adwuma no mu kyɛfa kɛse a wobenya no ho.

Di a Yebedi Wɔn Ni ‘Ma Aboro So’

Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wobesusuw wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho titiriw wɔ akwan horow pii so. Sɛ nhwɛso no, wɔtaa yɛ nhyehyɛe ma wɔde nkongua sisi hɔ ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no wɔ wɔn nhyiam akɛse a wɔyɛ no afe afe no ase. Wosusuw wɔn ho nso sɛ ankorankoro. Wɔ Japan no, Ɔdansefo biako de wɔn abusua no mu kar akongua a ɔtra so ma sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbea bi a wadi mfe 87 no betumi atra kar no mu akɔ adesua. Ɛyɛ dɛn na n’ankasa tumi du nhyiam no ase. Ɔde baesekre. Bere nyinaa sɛnkafo bi a wadi mfe 92 wɔ Brazil. Nnipa a wɔnyɛ Adansefo bɔ amanneɛ sɛ Adansefo a wɔwɔ hɔ no “kyerɛ obu ma no, wɔne no bɔ nkɔmmɔ . . . Ɔyɛ asafo no muni a ne ho wɔ mfaso.”

Eyi nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yenya nkɔso wɔ wɔn a wɔn mfe akɔ anim a yebedi wɔn ni no mu. Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Tesalonika no sɛ: “Na onuadɔ ho de, . . . moyɛ saa nso anuanom nyinaa a wɔwɔ Makedonia nyinaa ho, Nanso, anuanom, yetu mo fo sɛ monkɔ so nyɛ mmoro sa.”​—1 Tesalonikafo 4:9, 10.

Akwan pii wɔ hɔ a Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no betumi afa so ayɛ eyi ma ‘aboro so.’ Kristofo nhyiam horow ma wonya hokwan a ɛbɛma ‘wɔatwetwe’ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ‘akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’ (Hebrifo 10:24, 25) Na bere a mmofra ne mpanyin nyinaa tumi ne wɔn ho wɔn ho bɔ wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so no, ebia wobetumi abɔ mmɔden kɛse wɔ eyi yɛ mu mpo. Sɛ nhwɛso no, awofo binom hyɛ wɔn mma nkuran wɔ obu kwan so sɛ wɔnkɔ asafo no mufo a wɔanyinyin no nkyɛn na wɔne wɔn nkɔbɔ nkɔmmɔ.

Wobetumi akɔ so adi wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ni wɔ bɔnnɔ so nso. Wobetumi abɔ mmɔden kɛse sɛ wobɛto nsa afrɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ma wɔaba apontow ahorow ase na ama ɛne nnyinasosɛm a Yesu ada no adi wɔ Luka 14:12-14 no ahyia. Sɛ wɔantumi amma mpo a, ɛda adi sɛ wɔn ani bɛsɔ kae a wɔakae wɔn no. Wɔkɔ so tu Kristofo fo sɛ “wɔmmɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden.” (Romafo 12:13) Ɛho nhia sɛ eyi yɛ biribi soronko anaasɛ nea ɛtra so. Ɔdansefo bi a ofi Germany hyɛ nyansa sɛ: “To nsa frɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ma wɔmmɛnom tii kuruwa biako na ma wɔnka wɔn osuahu ahorow a wɔanya wɔ bere a atwam no mu no nkyerɛ wo.”

Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Munni kan nnidi mo ho ni.” (Romafo 12:10) Wɔ Yehowa Adansefo mu no, asafo mu mpanyimfo a wɔapaw wɔn no titiriw na wodi kan di Kristofo a wɔn mfe akɔ anim no ni. Mpanyimfo no taa ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no nnwuma a ɛfata a wɔbɛyɛ te sɛ afoforofo a wɔbɛtete wɔn sɛ asɛnkafo anaasɛ Kristofo nhyiambea a wɔbɛboa ma wɔasiesie hɔ. Mmerante a wɔresom sɛ asafo mu mpanyimfo no di ahwɛfo a wɔn mfe akɔ anim no ni denam ahobrɛase a wɔde kɔ wɔn nkyɛn kogye afotu na wɔde nhumu di dwuma de nya wɔn adwene a ɛda onyin adi no mu ntease no so. (Mmebusɛm 20:5) Wɔ mpanyimfo a wɔte sɛɛ nhyiam horow ase no, wodi Bible mu nhwɛso a ɛfa aberantewaa Elihu ho no akyi na wɔde obu ma mmarima a wɔn mfe akɔ anim a wɔn ho akokwaw kɛse no kwan ma wonya hokwan de di kan kyerɛ wɔn adwene.​—Hiob 32:4.

Yegye tom sɛ ɛnyɛ den sɛ yɛbɛma yɛn bo afuw wɔn a wɔn mfe akɔ anim no esiane sɛ ebia wontumi nnantew anaasɛ wonsusuw nneɛma ho ntɛmntɛm te sɛ nea mmofra tumi yɛ no nti. Ɔbenfo Robert N. Butler ka ɔhaw ahorow a nkwakoraabɔ betumi de aba no bi ho asɛm sɛ: “Obi ahoɔden so huan, ɛnyɛ nea otumi yɛ ade te sɛ nea ɔyɛ kan no, na eyi betumi ayɛ ade a ɛyɛ hu kɛse. Obi betumi ahwere nkatede a ɛho hia te sɛ asɛm a ɔrentumi nte ne hu a ɔrentumi nhu ade. So ɛnsɛ sɛ hu a mmofra behu eyi no ma woyi ayamhyehye ne mmɔborohunu adi kyerɛ wɔn?​—1 Petro 3:8.

Yiw, wɔhyɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ sɛ wonyi nokware dɔ adi nkyerɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ wɔn mu no. Na wɔ Yehowa Adansefo mu no, wɔyɛ eyi wɔ ɔkwan pa so. Nanso dɛn na ɛba bere a Kristofo a wɔn mfe akɔ anim​—Kristofo awofo​—yare anaasɛ wodi hia no? Henanom na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔbɛhwɛ wɔn? Nsɛm a edidi so yi bɛhwehwɛ sɛnea Bible no bua nsemmisa yi no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow mu no, wɔn a wɔn mfe akɔ anim no nya adwuma a akomatɔyam kɛse wom yɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena