Nidi a Wɔde Ma Awofo a Wɔabɔ Nkwakoraa ne Mmerewa so Akatua
ESIANE sɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo dɔ wɔn awofo a wɔabɔ nkwakoraa ne mmerewa nti, wobu wɔn, wodi wɔn ni, na wɔhwɛ wɔn. Ɛyɛ wɔn som no fã. Bible ka sɛ: “[Mma anaa mmanana] nsua onyamesom pa wɔn afie mu kan, na wɔnkɔ so mfa akatua a ɛsɛ mma wɔn awofo ne wɔn nananom, efisɛ eyi na ɛsɔ Onyankopɔn ani.” (1 Timoteo 5:4, NW) Sɛ́ yɛyɛ mmofra anaasɛ yɛanyinyin no, ɛfata sɛ yɛde “akatua a ɛsɛ” ma yɛn awofo ne yɛn nananom. Saa kwan yi so na yɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ wɔn dɔ, wɔn adwumaden, ne hwɛ a wɔhwɛɛ yɛn mfe pii no. Yɛde wɔn ka wɔ yɛn nkwa ho!
Hyɛ no nsow sɛ akatua a ɛsɛ a yɛde bɛma yɛn awofo ne yɛn nananom no ‘sɔ Onyankopɔn ani.’ Ɛne “Onyamesom pa” wɔ abusuabɔ. Enti sɛ yɛde afotu yi di dwuma a, yenya akatua, esiane sɛ yenim sɛ yɛreyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani nti. Ɛno ma yɛn ani gye.
Anigye wɔ ɔma mu, titiriw bere a yɛde ma wɔn a wofi ayamye mu ama yɛn bi no. (Asomafo no Nnwuma 20:35) Ɛnde, akatua bɛn ara na ɛwɔ Bible nnyinasosɛm yi a yɛde bedi dwuma no mu: “Ma w’agya ne wo na ani nnye, na nea ɔwoo wo no nni ahurusi”!—Mmebusɛm 23:25.
Ɔkwan bɛn so na yebetumi de akatua a ɛsɛ ama yɛn awofo ne yɛn nananom? Wɔ akwan abiɛsa so: honam fam, nkate fam, ne honhom fam. Emu biara wɔ n’akatua.
Honam Fam Nneɛma a Yɛde Bɛma
Wɔn a wɔsom Onyankopɔn nim sɛ ɛho hia sɛ wɔhwɛ wɔn abusuafo a wɔbɛn wɔn pɛɛ no honam fam. Ɔsomafo Paulo tuu fo sɛ: “Sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.”—1 Timoteo 5:8.
Tunji ne Joy te Afrika Atɔe. Ɛwom sɛ na wɔn ho kyere wɔn wɔ sika fam de, nanso wɔkɔfaa Joy awofo a wɔabɔ akwakoraa ne aberewa no bɛtraa wɔn nkyɛn. Na papa no yare, na bere bi akyi no, owui. Tunji ka sɛ: “Bere a Papa wui no, Mama bam me yere kae sɛ: ‘Woyɛɛ nea onipa betumi ayɛ biara. Ɛnsɛ sɛ wubu wo ho fɔ wɔ Papa wu no ho wɔ ɔkwan biara so.’ Ɛwom sɛ yɛahwere Papa de, nanso yenim sɛ yɛtɔɔ aduru a eye sen biara maa no, na yɛbɔɔ mmɔden bere nyinaa sɛ yɛbɛma wate nka sɛ yɛpɛ n’asɛm, na ne ho hia yɛn; yɛyɛɛ nea yebetumi biara de dii yɛn asɛyɛde a Onyankopɔn de ama yɛn no ho dwuma. Yɛwɔ abotɔyam a ɛte saa.”
Nokwarem no, ɛnyɛ obiara na obetumi aboa afoforo wɔ honam fam. Ɔbarima bi a ɔte Nigeria kae sɛ: “Sɛ onipa bi ntumi nhwɛ ne ho a, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi ahwɛ onipa foforo?” Wɔ nsase pii so no, ebia tebea no bɛsɛe koraa wɔ mfe a ɛreba no mu. Sɛnea nsɛm bi a Amanaman Nkabom aka asie kyerɛ no, ɛrenkyɛ na Afrika Sahara anafo famfo mu fã adi hia buruburoo.
Sɛ wudi hia wɔ sika fam a, wubetumi anya awerɛkyekye afi okunafo hiani bi asɛm a ɛyɛ paara no mu. Bere a na Yesu wɔ asase so no, ohui sɛ okunafo bi de ntoboa ketewaa bi regu asɔrefie tow adaka mu. Ɔmaa “mman abien” pɛ. Nanso, esiane sɛ na Yesu nim ne tebea nti, ɔkae sɛ: “Nokware mise mo sɛ, okunafo hiani yi de bebree abegu mu sen wɔn nyinaa. Na eyinom nyinaa fi nea wɔwɔ na aboro wɔn so no mu na wɔde bi abegu mu, na oyi de, ofi ne hia mu de n’asetrade a ɔwɔ nyinaa na abegu mu.”—Luka 21:1-4.
Saa ara na sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de hwɛ yɛn awofo anaa yɛn nananom honam fam a, Yehowa hu na n’ani sɔ, ɛwom sɛ ebia na esua de. Ɔnhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ aboro nea yentumi nyɛ. Ebia yɛn awofo anaa yɛn nananom nso bɛte nka saa ara.
Nkate Fam Mmoa a Yɛde Bɛma
Mmoa a yɛde bɛma yɛn awofo ne yɛn nananom no sen wɔn honam fam ahiade kɛkɛ a yɛde bɛma wɔn. Yɛn nyinaa wɔ nkate fam ahiade. Obiara, a nkwakoraa ne mmerewa ka ho, hwehwɛ sɛ wɔdɔ no, wɔpɛ n’asɛm, ne ho hia na wobu no sɛ obusuani a mfaso wɔ ne so.
Mary a ɔte Kenya, ahwɛ n’asebea a wabɔ aberewa mfe abiɛsa. Mary ka sɛ: “Sɛ ne honam fam ahiade a yɛde ma no da nkyɛn a, yɛne no bɔ nkɔmmɔ bere biara. Maame ntumi nyɛ pii wɔ fie, nanso yedi nkɔmmɔ, na yɛabɛyɛ nnamfo paa. Ɛtɔ mmere bi a yɛka Onyankopɔn ho asɛm, na mmere bi wɔ hɔ a yedi yɛn kurom hɔfo ho nkɔmmɔ. Ɛwom sɛ wadi boro mfe 90 de, nanso otumi kae ade yiye. Ɔkae bere a na ɔyɛ abeawa kumaa ansa na 1914 reba no, ka emu nsɛm.”
Mary kɔ so sɛ: “Akwakoraa anaa aberewa hwɛ nna fam, nanso yɛanya akatua pa pii wɔ tra a yɛne no atra no mu. Yɛwɔ asomdwoe ne biakoyɛ wɔ abusua no mu. Nea meyɛ ma no no aka abusua no mufo foforo ma wɔanya ɔma honhom. Me kunu anya obu kɛse ama me. Na sɛ Maame te sɛ obi rekasa kyerɛ me yayaaya a, ɔsɔ so ntɛm ara gyina m’akyi. Sɛ ɔwɔ hɔ a, obiara ntumi nka asɛm fõ biara nkyerɛ me!”
Honhom Fam Nneɛma a Yɛde Bɛma
Sɛnea obi a ɔde honam fam ne nkate fam nneɛma ma nya akatua horow no, saa ara na nea ɔma honhom fam nneɛma nso nya bi. Ɔsomafo Paulo kyerɛw Kristofo asafo a na ɛwɔ Roma no sɛ: “M’ani gyina sɛ mehu mo, na mede honhom dom akyɛde bi mabrɛ mo abɛhyɛ mo den, ɛne sɛ me ne mo benya awerɛkyekye a efi gyidi a mo ne me wɔ no mu ba no bi.”—Romafo 1:11, 12.
Saa ara na sɛ yɛredi nkwakoraa ne mmerewa a wɔsom Onyankopɔn honhom fam ahiade ho dwuma a, mpɛn pii no, nkuranhyɛ ho hia. Osondu a ɔte Nigeria ka sɛ: “Ade a m’ani gye ho wɔ me nananom ho sen biara ne tete nsɛm a wɔma me te no. Me nanabarima de anigye ka asasesin a na ɔyɛ mu adwuma sɛ bere nyinaa somfo wɔ 1950 ne 1960 mfe no mu ho asɛm. Ɔde asafo no nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ mprempren no toto nea na ɛwɔ hɔ bere a ɔbɛyɛɛ Ɔdansefo no ho. Osuahu ahorow yi boa me wɔ me som adwuma mu sɛ ɔkwampaefo.”
Kristofo asafo no mufo foforo nso betumi aboa nkwakoraa ne mmerewa no wɔ ɔma mu. Tunji a yedii kan kaa ne ho asɛm no, kyerɛkyerɛɛ nea esii n’asafo mu no mu: “Onua aberante kwampaefo bi a wɔmaa no dwumadi sɛ ɔmma baguam ɔkasa no de baa Papa hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbom asiesie. Ɔwɛn-Aban Adesua sohwɛfo no bɛka kyerɛɛ Papa sɛ: ‘Wowɔ osuahu. Dɛn na wubetumi aka de aboa me ma matu mpɔn.’ Papa tumi maa saa panyin no afotu a mfaso wɔ so. Anuanom bɔɔ Papa din wɔ asafo no mpaebɔ mu mpɛn pii. Eyinom nyinaa ma ɔtee nka sɛ ne ho hia.”
Ɔbra Pa Twe Nkurɔfo Ba Onyankopɔn Nkyɛn
Ɛtɔ mmere bi a, sɛ yedi yɛn awofo ne yɛn nananom ni na yɛdɔ wɔn a, yɛtwe nkurɔfo ba Onyankopɔn nkyɛn. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na nea wotwiri mo wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam.”—1 Petro 2:12.
Andrew, Kristoni panyin bi a ɔwɔ Afrika Atɔe twaa kwan kilomita 95 mprenu dapɛn biara kɔhwɛɛ ne papa a ɔyare a na ɔnyɛ gyidini no. Ɔka sɛ: “Bere a mebɛyɛɛ Yehowa Adansefo no mu biako no, me papa sɔre tiae denneennen. Nanso bere a ohui sɛnea na merehwɛ no bere a na ɔyare no, ɔkɔɔ so hyɛɛ me nuanom mmarima ne mmea nkuran sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ mokɔ mo nuabarima no asɔre no bi!’ Ɛno hyɛɛ wɔn nkuran, na seesei me papa mma baakron no nyinaa yɛ Yehowa Adansefo.”
Yɛn awofo a yebedi wɔn ni ahwɛ wɔn no betumi ayɛ asɛnnennen, titiriw wɔ mmere a sikasɛm mu ayɛ den yi mu. Nanso sɛ Kristofo bɔ mmɔden yɛ eyi a, wonya akatua pii. Nea ɛsen ne nyinaa no, wonya anigye ne abotɔyam bere a wonim sɛ wɔreyɛ nea ɛsɔ Yehowa Nyankopɔn, a ɔno ankasa ne ‘nnipa nyinaa Agya’ no, ani no.—Efesofo 4:6.
[Kratafa 6 adaka]
Afotu Pa Ma Wɔn a Wonya Mmoa ne Wɔn a Wɔde Ma
Hyɛ Nkuran: “Momma yɛn mu biara nsɔ ne yɔnko ani mma nea eye, na n’ase atim.”—Romafo 15:2.
Gyina Pintinn: “Mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.”—Galatifo 6:9.
Brɛ Wo Ho Ase: ‘Nnwen biribi atutupɛ anaa anuonyamhunupɛ so, na mmom fa ahobrɛase adwene bu wo yɔnkonom kyɛn w’ankasa wo ho.’—Filipifo 2:3.
Yɛ Ade Pa: “Obiara nnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, na mmom ɔnhwehwɛ nea ɛyɛ ne yɔnko de.”—1 Korintofo 10:24.
Nya Ntease: “Momma nnipa nyinaa nhu mo dwo [ntease, NW].”—Filipifo 4:5.
Nya Ayamhyehye: “Momma mo yam nyɛ yiye na ɛnhyehye mo mmoma mo ho, momfa mfirifiri mo ho.”—Efesofo 4:32.
[Kratafa 7 mfonini]
Mpanyimfo a wɔyɛ mmerante betumi anya nkwakoraa no suahu mu mfaso